Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 November kr. 31
  • Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woasua Ade Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woasua Ade Daa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bible Sua Ho Anigye?
    Nyan!—2012
  • Abusua Nhyehyɛe—Abusua Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ma Wo Gyidi Nyɛ Den Denam Kokoam Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsusuw sɛ Wuntumi Nyɛ​—Sɛnea Wubenya Bere Ayɛ
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 November kr. 31
Onuawa bi de laptop ne Bible resua ade, na nhoma bi a ɔbɛkyerɛkyerɛw mu nso da pon no so. Nsɛm a wɔahyehyɛ a n’asɛmti ne “Tumidi a Daniel Hyɛɛ Nkɔm Sɛ Ebedi Akoten Wɔ Wiase” no, ɛno na ɔresua. Ɛwɔ Nkekaho B9 wɔ “Wiase Foforo Nkyerɛase” no mu no.

Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woasua Ade Daa

ƐYƐ den ma wo sɛ wubesua Bible no daa, na ɛtɔ da mpo a adesua no nyɛ wo dɛ anaa? Ɛtɔ da a, yɛn nyinaa tumi te nka saa. Nneɛma bi te sɛ aguare nso, yɛyɛ no daa. Sɛ yɛreguare a, egye bere ne mmɔdenbɔ, nanso yebewie no na yɛn ho asisi yɛn ho so! Sɛnea yeguare a yɛn ho tumi sisi yɛn ho so no, saa ara na yesua Onyankopɔn Asɛm no a, ebetumi ama yɛn ani agye. (Efe. 5:26) Yɛnhwɛ nyansahyɛ ahorow bi a ebetumi aboa wo:

  • Yɛ nhyehyɛe. “Nneɛma a ehia paa” a ɛnsɛ sɛ Kristoni bu n’ani gu so no, Bible a yebesua no ka ho. (Filip. 1:10) Nea ɛbɛboa wo ma woatumi adi wo nhyehyɛe no so no, wubetumi de abɔ baabi a wubehu no ntɛm te sɛ wo frigye ho. Wopɛ nso a, wubetumi asɛɛte alaam wɔ wo fon anaa wo tablɛt so, na sɛ bere a wode besua ade no du a, akae wo.

  • Yɛ nhyehyɛe no sɛnea ɛbɛboa wo. Wusua ade kyɛ a na ɛboa wo, anaa woyɛ no nkakrankakra a na ɛyɛ ma wo? Wo na wunim wo ho. Enti yɛ nhyehyɛe no sɛnea ɛbɛboa wo. Sɛ bere a wode besua ade no du, na asɛ w’ani ahaw a, wubetumi ayɛ no simma du pɛ. Sɛ wusua ade bere tiaa bi mpo a, eye sen sɛ worensua koraa; ketewa biara nsua. Wohyɛ ase a, nkakrankakra, ebia wubehu ara ne sɛ aso wo dɛ mu.—Filip. 2:13.

  • Di kan paw nea wubesua. Sɛ wotena ase ansa na woadwen nea wubesua ho a, ebia wobɛsɛe bere. (Efe. 5:16) Wubetumi akyerɛkyerɛw nneɛma a wopɛ sɛ wusua no ato hɔ. Bere biara a asɛmmisa bi bɛba wo tirim no, wubetumi akyerɛw ato hɔ. Afei nso, sɛ wusua ade wie biara a, biribi foforo biara a wopɛ sɛ wusua ho ade no, wubetumi akyerɛw aka nea wowɔ no ho.

  • Yɛ fakaa. Mma wo nhyehyɛe no nnyɛ kyenkyenenn. Bere dodow a wode sua ade ne nneɛma a wusua no, wubetumi asakra mu. Ɛnyɛ nea ehia ne bere a wode besua ade, bere tenten a adesua no bedi, anaa nea wubesua, mmom nea ehia ne sɛ wobɛyɛ no daa.

Sɛ yesua ade daa a, yenya so mfaso paa. Ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa, ɛma yesisi gyinae pa, na ɛhyɛ yɛn den.—Yos. 1:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena