Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 April kr. 2-7
  • “Mompaw Nea Mobɛsom No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mompaw Nea Mobɛsom No”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A YESU KAA SƐ ƆBƐSOM YEHOWA
  • NEA ENTI A ƐFATA SƐ YƐSOM YEHOWA
  • NEA ENTI A YƐASI GYINAE SƐ YƐBƐSOM YEHOWA
  • KƆ SO SOM YEHOWA
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • ‘Wɔn a Wɔn Koma Abubu No, Yehowa Sa Wɔn Yare’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 April kr. 2-7

ADESUA ASƐM 14

DWOM 8 Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea

“Mompaw Nea Mobɛsom No”

“Me ne me fifo de, yɛbɛsom Yehowa.”—YOS. 24:15.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛbɛkae yɛn nea enti a yɛasi gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa.

1. Sɛ yɛn ani begye paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia? (Yesaia 48:​17, 18)

YƐN soro Agya no dɔ yɛn paa, na ɔpɛ sɛ yenya anigye nnɛ ne daakye. (Ɔsɛnk. 3:​12, 13) Yehowa ama yɛn ɔdom akyɛde pii, nanso wamma nipa kwan sɛ onni ne yɔnko nipa so, anaa ɔnkyerɛ sɛnea ɔno ara bɛbɔ ne bra. (Ɔsɛnk. 8:9; Yer. 10:23) Onim sɛ, sɛ yɛn ani betumi agye paa a, ɛsɛ sɛ yɛsom no, na yedi ne mmara so.—Kenkan Yesaia 48:​17, 18.

2. Atosɛm bɛn na Satan pɛ sɛ yegye di, na dɛn na Yehowa ayɛ wɔ ho?

2 Satan pɛ sɛ yegye di sɛ, sɛ yeyi Yehowa si nkyɛn na yɛma yɛn yɔnko nipa di yɛn so a, yɛn ani betumi agye. (Gen. 3:​4, 5) Nea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛma ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo no, Yehowa ama nipa kwan sɛ onni ne yɔnko nipa so kakra. Ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ nnipa amammu adi nkogu pɔtɔɔ. Nanso, sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yebehu mmea ne mmarima pii a wɔsom Yehowa maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam. Nea odi mu akoten paa ne Yesu Kristo. Momma yenni kan nhwɛ nea enti a Yesu kaa sɛ ɔbɛsom Yehowa. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛfata sɛ yɛsom yɛn soro Agya no. Ne korakora no, nea enti a yɛasi gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa no, yebesusuw bi ho.

NEA ENTI A YESU KAA SƐ ƆBƐSOM YEHOWA

3. Dɛn na Satan kaa sɛ ɔde bɛma Yesu, na dɛn na Yesu nso yɛe?

3 Bere a na Yesu wɔ asaase so no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ onii a ɔbɛsom no. N’asubɔ akyi pɛɛ no, Satan ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔbɔ ne mu ase baako pɛ som no a, ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ: ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’” (Mat. 4:​8-10) Adɛn nti na Yesu kaa saa? Momma yɛnhwɛ nea enti a ɔkaa saa no bi.

4-5. Nea enti a Yesu kaa sɛ ɔbɛsom Yehowa no, ebi ne sɛn?

4 Ade titiriw nti a Yesu kaa sɛ ɔbɛsom Yehowa ne sɛ, na ɔdɔ n’Agya no papaapa. (Yoh. 14:31) Afei nso, Yesu nim sɛ ɛfata sɛ ɔsom Yehowa. (Yoh. 8:​28, 29; Adi. 4:11) Onim sɛ Yehowa ne Nkwamafo, ne yam ye, na yebetumi de yɛn ho ato no so. (Dw. 33:4; 36:9; Yak. 1:17) Nea Yesu wɔ biara, Yehowa na ɔde maa no, na Yehowa nnii atoro nkyerɛɛ no da. (Yoh. 1:14) Nanso Satan de, owu na wakɔfa abɛsɛn yɛn kɔn mu. Ɔyɛ ɔtorofo ne oniberefo a pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma. (Yoh. 8:44) Esiane sɛ na Yesu nim nokwasɛm yi nyinaa nti, amma ne tirim da sɛ obesuasua Satan na watew Yehowa so atua.—Filip. 2:​5-8.

5 Ade foforo nti a Yesu som Yehowa ne sɛ, na onim sɛ, sɛ ɔyere ne ho som Yehowa kosi awiei a, ɛde nhyira pii bɛba. (Heb. 12:2) Ná onim sɛ, sɛ ɔkɔ so di nokware ma Yehowa a, ɛbɛtew Yehowa din ho, na ɔnam ne wu no so ayi amanehunu a Ɔbonsam akɔfa aba no nyinaa afi hɔ.

NEA ENTI A ƐFATA SƐ YƐSOM YEHOWA

6-7. Ɛnnɛ, adɛn nti na nnipa pii nsom Yehowa, nanso adɛn nti na ɛfata sɛ yɛsom no?

6 Ɛnnɛ, nnipa pii nsom Yehowa efisɛ wɔnnya mmehuu ne su ahorow a ɛyɛ fɛ no. Afei nso, wɔnnim sɛ wayɛ nneɛma bebree ama wɔn. Wɔte sɛ wɔn a ɔsomafo Paul kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn wɔ Atene no.—Aso. 17:​19, 20, 30, 34.

7 Paul kyerɛɛ mu kyerɛɛ n’atiefo sɛ nokware Nyankopɔn no na “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho.” Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ a “ɔmaa aman nyinaa mu nnipa fii onipa baako mu” no. Enti, ɔno na ɛfata sɛ yɛsom no.—Aso. 17:​25, 26, 28.

8. Dɛn na Yehowa renyɛ da? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Yehowa ne Ɔbɔadeɛ ne Amansan Hene no, enti obetumi ahyɛ yɛn sɛ yɛnsom no. Nanso Yehowa renyɛ saa da. Mmom, wama yɛn adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ na ɔdɔ yɛn mu biara papaapa. Ne yam a, anka nnipa nyinaa abɛyɛ ne nnamfo. (1 Tim. 2:​3, 4) Ɛno nti, nneɛma pa a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adasamma daakye no, watete yɛn sɛ yɛnka ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo. (Mat. 10:​11-13; 28:​19, 20) Waboaboa yɛn ano wɔ nsafo ahorow mu, na wama yɛn asafo mu mpanyimfo a wɔboa yɛn.—Aso. 20:28.

9. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ nnipa nyinaa?

9 Wɔn a wɔnnye nni sɛ Yehowa wɔ hɔ no mpo, ɔyɛ nneɛma pii ma wɔn de kyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn. Momma yɛnhwɛ nokwasɛm yi: Efi teteete nyinaa, nnipa ɔpepepem pii ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɔ bra biara a wɔpɛ. Ne nyinaa mu no, Yehowa yi ne yam ma wɔn nea wɔhia ma wɔn ani gye. (Mat. 5:​44, 45; Aso. 14:​16, 17) Wama wɔn kwan ma wɔtumi nya nnamfo pa, wɔwo mma, na wɔyɛ adwuma nya nea wɔde bɛhwɛ wɔn ho ma wɔn ani gye. (Dw. 127:3; Ɔsɛnk. 2:24) Biribiara kyerɛ sɛ yɛn soro Agya no dɔ nnipa nyinaa. (Ex. 34:6) Afei, nea enti a yɛasi gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa ne nhyira a ɔde bɛma yɛn no, momma yɛnhwɛ bi.

NEA ENTI A YƐASI GYINAE SƐ YƐBƐSOM YEHOWA

10. (a) Ade titiriw bɛn nti na yɛsom Yehowa? (Mateo 22:37) (b) Sɛnea Yehowa anya nnipa ho abotare no, aboa wo sɛn? (Dwom 103:​13, 14)

10 Ɔdɔ a na Yesu wɔ ma Yehowa no nti na ɔsom no. Yɛn nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no, ɛno ne ade titiriw nti a yɛsom no. (Kenkan Mateo 22:37.) Sɛ yesua Yehowa su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho ade a, ɛtwe yɛn bɛn no. Wo de, yɛmfa abotare a Yehowa anya ama yɛn no nyɛ wei ho nhwɛso. Bere a Israelfo no yɛɛ Yehowa so asoɔden no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ: ‘Wɔntwe wɔn ho mfi wɔn akwammɔne ho.’ (Yer. 18:11) Yehowa nim sɛ yɛtɔ sin; ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturu. (Kenkan Dwom 103:​13, 14.) Abotare a Yehowa anya ama nnipa, ne ne su ahorow a ɛyɛ fɛ no, sɛ wudwinnwen ho a, wunhu sɛ ɛsɛ sɛ ɛka wo ma wosom no daa?

11. Dɛn bio nti na yɛasi gyinae sɛ yɛbɛsom yɛn soro Agya no?

11 Ade foforo a ɛkanyan yɛn ma yɛsom Yehowa ne sɛ, yenim sɛ ɛfata sɛ yɛsom no. (Mat. 4:10) Afei nso, yenim sɛ, sɛ yɛyere yɛn ho som Yehowa kosi awiei a, ɛde nhyira pii bɛba. Sɛ yɛkɔ so di nokware ma Yehowa a, ɛbɛtew ne din ho, ɛbɛma ada adi sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo, na ɛbɛma Yehowa ani agye. Afei nso, sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa nnɛ a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛsom no daa!—Yoh. 17:3.

12-13. Dɛn na yesua fi Jane ne Pam suahu no mu?

12 Sɛ yɛyɛ mmofra mpo a, yebetumi anya ɔdɔ a emu yɛ den ama Yehowa, na bere a yɛrenyin no, saa ɔdɔ no bɛkɔ so ayɛ kɛse. Yɛnhwɛ mmea mmienu bi, obi ne ne nua. Wɔn din de Jane ne Pam.a Bere a wɔfii ase sɛ wɔresua Bible no, na Jane adi mfe 11, na na Pam nso adi mfe 10. Ná wɔn awofo ani nnye ho sɛ wɔbesua Bible no bi. Nanso wɔka kyerɛɛ Jane ne Pam sɛ, sɛ wɔne abusua no bɛbom akɔ asɔre a, ɛnde wɔbɛma wɔn kwan ma wɔne Adansefo no asua ade. Jane ka sɛ: “Ná me mfɛfo sukuufo bebree nom nnubɔne na na wɔbu brabɔne, nanso nneɛma a misua fii Adansefo no hɔ wɔ Bible mu no, ɛboaa me ma meko tiaa atipɛnfo nhyɛso a ɛte saa.”

13 Aka kakra ma mmea mmienu yi adi mfe 20 no, wɔbɛyɛɛ adawurubɔfo. Akyiri yi, bere a wɔrehwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin no, wɔbɛyɛɛ akwampaefo. Jane hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Sɛnea 2 Timoteo 2:19 ka sɛ ‘Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne dea’ no, mahu paa sɛ Yehowa yi ne yam hwɛ ne nnamfo.” Wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔhwɛ wɔn.

14. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn kasa ne yɛn nneyɛe atew Yehowa din ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Yɛpɛ sɛ yɛboa ma Yehowa din ho tew. Yɛmfa no sɛ wowɔ yɔnko berɛbo bi a odwen nnipa ho, ne yam ye, na ɔde bɔne kyɛ. Wei na da bi, wotee sɛ obi rebɔ w’adamfo no sobo sɛ ne tirim yɛ den na ɔnka nokware. Anka dɛn na wobɛyɛ? Sɛ́ wobɛka bi ama no? Satan ne n’akyitaafo nso keka Yehowa ho atosɛm de sɛe ne din. Enti yɛn nso yɛka Yehowa ho nokwasɛm kyerɛ afoforo de kyerɛ sɛ yɛtaa n’akyi. (Dw. 34:1; Yes. 43:10) Yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa.

Lewini bi gyina kɔbere afɔremuka no ne abantenten a ɛwɔ asɔredan no anim no ntam.

Wobɛboa ama Yehowa din ho atew anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 14)b


15. Nsakrae a ɔsomafo Paul yɛe wɔ n’asetenam no, ɛboaa no sɛn? (Filipifo 3:​7, 8)

15 Yefi yɛn pɛ mu yɛ nsakrae wɔ yɛn asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asom Yehowa yiye anaa yɛayɛ pii wɔ ne som mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na ɔsomafo Paul wɔ dibea kɛse wɔ Yudasom mu, nanso ɔde too hɔ bedii Kristo akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asom Yehowa. (Gal. 1:14) Wei nti, onyaa akomatɔyam wɔ asetenam, na ɛma onyaa hokwan sɛ ɔne Kristo bedi ade wɔ soro. Gyinae a Paul sii sɛ ɔbɛsom Yehowa no, wannu ne ho da, yɛn nso yɛrennu yɛn ho da.—Kenkan Filipifo 3:​7, 8.

16. Dɛn na yesua fi Julia suahu no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Sɛ yɛde Yehowa som di kan wɔ yɛn asetenam a, yebetumi anya akomatɔyam nnɛ ne daakye. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ɔde Julia. Ɔyɛ abofra no na ofii ase too nnwom wɔ n’asɔre mu. Obi a onim nnwom to paa hui sɛ Julia wɔ nnwonto dom akyɛde, na ɔfaa no tetee no ma obehuu to yiye. Ankyɛ koraa na obegyee din sɛ obi a wakwadare nnwonto mu, na na ɔkɔ mmeae a agye din kɔto nnwom. Bere a na ɔkɔ nnwonto sukuu bi a agye din no, ne sukuuni bi fii ase ne no bɔɔ Onyankopɔn ho nkɔmmɔ, na ɔkyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Julia fii ase suaa Bible no mprenu nnawɔtwe biara. Akyiri yi, osii gyinae sɛ ɔremfa nnwonto nsi n’ani so, mmom ɔde ne bere ne n’ahoɔden bɛsom Yehowa. Ná saa gyinaesi no nna fam. Julia ka sɛ: “Nnipa pii ka kyerɛɛ me sɛ meresɛe me dom akyɛde, nanso na mepɛ sɛ miyi me yam som Yehowa.” Gyinae a osii bɛyɛ mfe 30 a atwam no, seesei ɔte nka sɛn wɔ ho? Ɔka sɛ: “Mewɔ asomdwoe, na mewɔ Yehowa mu ahotoso sɛ, nea ɛda me koma so biara, daakye ɔbɛma me nsa aka.”—Dw. 145:16.

Mfoni: Julia suahu no ho ɔyɛkyerɛ na yehu wɔ ha yi. 1. Ogyina nnipadɔm bi anim reto dwom. 2. Ɔne ne kunu reto dwom wɔ adesua ase.

Sɛ yɛde Yehowa som di kan wɔ yɛn asetenam a, yebetumi anya akomatɔyam nnɛ ne daakye (Hwɛ nkyekyɛm 16)c


KƆ SO SOM YEHOWA

17. Sɛnea awiei no abɛn no, wɔn a wɔasi gyinae sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnya nyɛɛ saa no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔsua fi mu?

17 Yɛte awiei mmere mu. Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “‘Aka kakraa bi’ na ‘nea ɔreba no abedu, na ɔrenkyɛ.’” (Heb. 10:37) Dɛn na yesua fi wei mu? Ɛma yehu sɛ, wɔn a wɔnnyaa nsii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa no, bere a aka sɛ wɔde besi gyinae no sua. (1 Kor. 7:29) Afei nso, yɛn a yɛasi gyinae sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn no, sɛ yehyia sɔhwɛ mpo a, yenim sɛ ɛrentena hɔ nkyɛ.

18. Dɛn na Yesu ne Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

18 Yesu hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmmɛyɛ n’asuafo na wɔnkɔ so nni n’akyi. (Mat. 16:24) Sɛ yɛasom Yehowa mfe pii mpo a, momma yensi yɛn bo sɛ yɛrentew ntena. Gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛsom Yehowa no, ɔpɛ sɛ yɛkɔ so kura mu. Ebia ɛnyɛ daa na ɛbɛyɛ mmerɛw, nanso ɛnnɛ mpo, nhyira ne akomatɔyam a yebetumi anya no, ɛnyɛ ano bi ni!—Dw. 35:27.

19. Dɛn na yesua fi Gene asɛm no mu?

19 Ebinom te nka sɛ Yehowa som yɛ kyenkyenenn dodo. Sɛ woyɛ aberante anaa ababaawa a, ɛyɛ a wote nka sɛ Yehowa som nti wuntumi nnye w’ani anaa? Onua aberante bi a ne din de Gene ka sɛ: “Ná mete nka sɛ, Yehowa Danseni a meyɛ no akyekyere me dodo. Me mfɛfo a me ne wɔn nyinii no, na wɔtumi kɔ paati, twe mpena, na na wɔbɔ video geem a awudisɛm wom. Nanso me de, na ɛsɛ sɛ mede me bere nyinaa kɔ adesua ne asɛnka.” Saa adwene a Gene nyae no, ekowiee sɛn? Ɔka sɛ: “Nneɛma bɔne a na me mfɛfo no yɛ no, me nso mehyɛɛ ase yɛɛ bi wɔ sum ase, na migyee m’ani kakra. Nanso me komam paa de, na m’ani nnye. Bible mu nokwasɛm a na mapia ato nkyɛn no, afei de mifii ase dwinnwen ho, na misii gyinae sɛ mede me koma nyinaa bɛsom Yehowa. Efi saa bere no, mitumi hu sɛ mpae biara a mɛbɔ no, Yehowa tie.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

20 Odwontofo Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Anigye ne onipa a wopaw no na woma ɔba wo nkyɛn bɛtena wo fi adiwo.” (Dw. 65:4) Enti momma yensi yɛn bo sɛ yebesuasua Yosua. Ɔkaa sɛ: “Me ne me fifo de, yɛbɛsom Yehowa.”—Yos. 24:15.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na Yesu kaa sɛ ɔbɛsom Yehowa?

  • Adɛn nti na ɛfata sɛ yɛsom Yehowa?

  • Adɛn nti na woasi gyinae sɛ wobɛsom Yehowa

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

a Wɔasesa edin no bi.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbea bi retwam wɔ baabi a anuanom reyɛ nhyiam, na wahu sɛ asɔretiafo bi gyinagyina hɔ rekeka yɛn ho nsɛmmɔne. Nanso watwe abɛn anuanom bi a wɔgyina baguam adansedi trɔk ho, na ɔretie Bible mu nokwasɛm.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Gyinae a Julia sii sɛ ɔde Yehowa som bedi kan wɔ n’asetenam no, ɛho ɔyɛkyerɛ na yehu wɔ ha yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena