ASETENAM NSƐM
‘Baabiara a Wɔduaa Yɛn No,’ Yehowa Boaa Yɛn Ma ‘Yefifii’
“BAABI a wɔbedua wo biara, fifi.” Sɛ obi de saa afotu no ma wo a, ebia ɛbɛyɛ wo nwanwa kakra. Nanso yɛnhwɛ awarefo bi a wɔfi Sweden a wɔn din de Mats ne Ann-Catrin; ‘wɔduaa’ wɔn mpɛn pii. Ɔkwan bɛn so, na sɛn na saa afotu a ɛne sɛ “baabi a wɔbedua wo biara, fifi” no boaa wɔn?
Mats ne Ann-Catrin Kassholm kɔɔ Gilead sukuu afe 1979. Efi saa bere no, ‘wɔadua’ wɔn wɔ Iran, Mauritius, Myanmar, Tanzania, Uganda, ne Zaire, kyerɛ sɛ, wɔama wɔakɔsom wɔ saa aman yi so. Bere a wɔwɔ Gilead no na Jack Redford a na ɔkyerɛ wɔn ade no de afotu a yɛkaa ho asɛm mfiase no maa wɔn. Saa afotu no boaa wɔn paa, efisɛ ‘wɔdua wɔn wɔ ha a, na wɔatu wɔn ase asan akodua wɔn wɔ baabi foforo.’ Yɛmma wɔn ankasa nkyerɛkyerɛ mu.
Yɛsrɛ mo, monka nea ɛyɛe a muhuu nokware no nkyerɛ yɛn.
Mats: Bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no gyina mu no, na me papa wɔ Poland; ohui sɛ nyaatwom ahyɛ Katolek Asɔre no ma. Nanso na ɔtaa ka sɛ, “Migye di sɛ nokware bi wɔ baabi!” Akyiri yi, me ara mibehui sɛ nokware bi wɔ baabi ampa. Ná metɔ nhoma pii kenkan. Ná nhoma no baako yɛ bruu, na na asɛmti a ɛda so ne Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. M’ani bɔɔ asɛmti no so ara na m’adwene kɔɔ so; ɛda a metɔɔ nhoma no, mekan ne nyinaa wiei anadwo no ara. Ade kyee no, me ara mihui sɛ mahu nokware no!
Efi April 1972 rekɔ no, mekenkan Yehowa Adansefo nhoma bebree, na minyaa Bible ho nsɛmmisa a na mewɔ ho mmuae. Metee nka te sɛ oguadini a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no; bere a ohuu abohene baako a ne bo yɛ den no, ɔtɔn ne ho biribiara de kɔtɔe. Ná mede asi m’ani so sɛ mɛkɔ sukuupɔn na mabɛyɛ dɔkta, nanso sɛ mɛka a, “metɔn” de kɔtɔɔ nokware a ɛte sɛ “abohene” a na mahu no. (Mat. 13:45, 46) Mebɔɔ asu December 10, 1972.
M’awofo ne me nuabarima kumaa nso suaa Bible no, na wɔbɔɔ asu afe baako ntam. July 1973 no, mifii daa akwampae adwuma ase. Akwampaefo a na wɔwɔ yɛn asafo mu a wɔbɔ wɔn ho mmɔden paa no, na onuawa hoɔfɛfo bi a ne din de Ann-Catrin ka ho; ná ɔdɔ Yehowa paa. Yɛn mu biara twe maa ne yɔnko, na yɛwaree afe 1975. Mfe nnan a edi hɔ no, yɛtenaa Strömsund a ɛwɔ Sweden; ná ɛhɔ yɛ fɛ, na na nkurɔfo ɛwɔ hɔ no pii ani gye ho sɛ wɔbesua Bible.
Ann-Catrin: Aka kakra ma me papa awie sukuupɔn wɔ Stockholm no na ohuu nokware no. Saa bere no, na madi abosome mmiɛnsa pɛ, nanso sɛ ɔrekɔ adesua ne asɛnka a, na onnyaw me wɔ fie. Ná me maame ani nnye ho koraa, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma me papa ahu sɛ Adansefo no yɛ atorofo. Nanso wantumi, enti bere bi akyi no, ɔno nso bɔɔ asu. Midii mfe 13 no, mebɔɔ asu, na midii mfe 16 no, mifii akwampae adwuma ase. Mekɔsomee wɔ Umeå, efisɛ na adawurubɔfo nnɔɔso wɔ hɔ. Ɛno akyi no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw.
Me ne Mats waree akyi no, yenyaa hokwan boaa nnipa pii ma wɔbehuu nokware no. Wɔn mu baako ne ababaa bi a ne din de Maivor; na ɔpɛ sɛ ɔkɔ n’anim wɔ agokansi mu. Nanso wanyɛ, na akyiri yi ɔne me nuabea kumaa boom yɛɛ akwampae adwuma no. Wɔn mmienu nyinaa kɔɔ Gilead afe 1984, na wɔresom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Ecuador.
Mmeae ahorow a mosomee sɛ asɛmpatrɛwfo no, afotu a ɛne sɛ “baabi a wɔbedua wo biara, fifi” no, sɛn na mode yɛɛ adwuma?
Mats: Ná wɔtaa ‘tu yɛn ase kodua’ yɛn wɔ baabi foforo, kyerɛ sɛ, na wɔtaa sesa yɛn dwumadi. Nanso yɛbɔɔ mmɔden sɛ ‘yebegye ntini’ wɔ Yesu mu, kyerɛ sɛ, yɛyɛɛ nea yebetumi biara suasuaa no, ɛnkanka n’ahobrɛase. (Kol. 2:6, 7) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, mmeae a yɛkɔe no, yɛanhwɛ kwan sɛ anuanom a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ wɔn ade te sɛ yɛn, mmom nea enti a wɔyɛ nneɛma bi no, yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛte ase. Ná yɛpɛ sɛ yɛte sɛnea wɔdwen ne wɔn amammerɛ ase. Yesu a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yebesuasua no nti, yɛtee nka sɛ ‘wɔadua yɛn wɔ nsu ho,’ enti baabiara a yɛkɔe no, na ɛnyɛ den sɛ yebefifi.—Dw. 1:2, 3.
Yɛwɔ Zaire no, na yɛtaa tutu akwan kɔsrasra nsafo no
Ann-Catrin: Sɛ wɔtu dua bi kodua wɔ baabi foforo a, ehia awia na atumi anyin yiye. Yehowa yɛɛ te sɛ “owia” maa yɛn bere nyinaa. (Dw. 84:11) Ɔma yenyaa anuanom mmarima ne mmea pii a wɔdɔ yɛn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, asafo ketewa a na yɛwom wɔ Tehran a ɛwɔ Iran no, ahɔhoyɛ a ebinom daa no adi wɔ Bible mu no, anuanom daa bi adi kyerɛɛ yɛn paa. Iran de, yenyae a anka yɛamfi hɔ da, nanso July afe 1980 no, aban no baraa Yehowa Adansefo wɔ ɔman no mu, na wɔmaa yɛn nnɔnhwerew 48 sɛ yɛmfa mfi hɔ. Wɔmaa yɛn dwumadi foforo wɔ Zaire (a seesei wɔfrɛ hɔ Congo) wɔ Afrika.
Yɛkaakae bere a na yɛwɔ Zaire no a, ɛma yɛn ani gye; afe 1982
Bere a metee sɛ wɔde yɛn rekɔ Afrika no, misui. Ná mate sɛ awɔ (mmoateaa) ne nyarewa wɔ Afrika, enti ɛbɔɔ me hu. Awarefo bi a wɔyɛ yɛn nnamfo a na wɔasom akyɛ wɔ Afrika ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Ade yi, munnya nkɔɔ hɔ! Mo de, monkɔsɔ nhwɛ, na mubehu sɛ Afrika bɛyɛ mo dɛ.” Ɛhɔ yɛɛ yɛn dɛ nso ampa! Anuanom a ɛwɔ hɔ no wɔ ɔdɔ, na wɔpɛ nnipa paa. Mfe nsia akyi no, na ɛsɛ sɛ yefi Zaire, efisɛ wɔbaraa yɛn som no wɔ ɔman a na yɛwom no mu. Afei de, me na merebɔ Yehowa mpae sɛ, ‘ɔmma yɛntena Afrika’ yi! Me koraa na ɛyɛ me serew mpo.
Mfe pii yi nyinaa, nhyira bɛn na moanya?
Yɛn kar a na ɛsan yɛ dan a yɛda mu wɔ Tanzania, afe 1988
Mats: Asɛmpatrɛw adwuma no nti, asɛmpatrɛwfo a wɔfi aman ahorow so ne mmusua ahorow mu abɛyɛ yɛn nnamfo paa. Afei nso, mmeae a yɛkɔe no bi wɔ hɔ a, na yetumi ne nkurɔfo bebree sua Bible; ɛtɔ mmere bi mpo a, na yɛn mu biara tumi nya Bible asuafo bɛyɛ 20! Wei maa yɛn ani gyei paa. Ɔdɔ ne ahɔhoyɛ a anuanom a ɛwɔ Afrika no da no adi no nso, me werɛ remfi da. Yɛwɔ Tanzania no, sɛ yɛkɔsrasra nsafo no a, yɛn kar a ɛsan yɛ yɛn dan no, ɛno ara na na yɛda mu, na na anuanom no yɛ nea “ɛboro wɔn ahoɔden so” de da ahɔhoyɛ adi kyerɛ yɛn. (2 Kor. 8:3) Ná yɛwɔ biribi a yɛfrɛ no “nkɔmmɔ bere,” na na yenni ho agorɔ koraa. Nea na yɛyɛ ne sɛ, sɛ da no kɔ n’awiei a, na me ne Ann-Catrin tena ase bɔ nea ɛkɔɔ so wɔ da no mu ho nkɔmmɔ, na yɛda Yehowa ase sɛ waboa yɛn.
Ann-Catrin: Me de, ade baako a ɛma m’ani gye paa ne sɛ, mahyia anuanom bebree a wɔfi wiase baabiara. Yesuaa kasa foforo pii; ebi ne Farsi, French, Luganda, ne Swahili. Bere koro no ara nso, yesuaa amammerɛ ahorow pii. Yɛtetee wɔn a na wɔaba asafo no mu foforo no, yenyaa nnamfo pa, na yɛne wɔn de baakoyɛ som Yehowa.—Sef. 3:9.
Bio nso, yehui sɛ Yehowa abɔde gu ahorow, na ɛyɛ fɛ. Bere biara a Yehowa asafo no bɛma yɛn dwumadi foforo no, na yɛte nka sɛ yɛne Yehowa nam, na ɔno ne yɛn Kwankyerɛfo. Osuahu pii a wama yɛanya no, sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka yɛrekonya no wɔ he?
Yɛreka asɛmpa no akyerɛ nnipa ahorow ahorow wɔ Tanzania
Ɔhaw bɛn na moahyia, na sɛn na mudii ho dwuma?
Mats: Ɛtɔ da a na yare bɔ yɛn; emu baako ne atiridii. Mmere bi wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ Ann-Catrin yɛ oprehyen mpofirim. Ná yɛn awofo renyinyin, enti na ɛno nso ho asɛm haw yɛn. Nanso yɛn honam fam nuanom fa too wɔn ho so sɛ wɔbɛhwɛ wɔn, na yɛda wɔn ase paa. Wɔde abotare, anigye, ne ɔdɔ hwɛɛ yɛn awofo kama. (1 Tim. 5:4) Ɛwom sɛ na yɛwɔ akyirikyiri de, nanso yɛyɛɛ nea yebetumi biara de boaa wɔn. Ne nyinaa mu no, na ɛhaw yɛn sɛ yenni hɔ a yebeso wɔn mu.
Ann-Catrin: Afe 1983 bere a na yɛresom wɔ Zaire no, minyaa kɔlera, na na emu yɛ den paa. Dɔkta no ka kyerɛɛ Mats sɛ, “Fa no fi ɔman yi mu nnɛ yi ara!” Wimhyɛn baako pɛ a na yebenya de afi ɔman no mu no, na ɛyɛ nea ɛfa nneɛma nko ara. Enti ade kyee no, yɛkɔforoe de yɛn ani kyerɛɛ Sweden.
Mats: Ná ɛyɛ yɛn sɛ yɛn asɛmpatrɛw adwuma no aba awiei, enti yesui papaapa. Ɛwom sɛ na dɔkta no adwene yɛ no sɛ Ann-Catrin ho rentɔ no, nanso ne ho tɔɔ no. Enti afe baako akyi no, yetumi san kɔɔ Zaire, nanso saa bere yi de, yɛkɔɔ Swahili asafo ketewa bi mu wɔ Lubumbashi.
Ann-Catrin: Bere a yɛwɔ Lubumbashi no, minyinsɛnee, nanso ɛsɛee. Ɛwom sɛ na yɛnyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛwo mma, nanso yɛn ba no a owui no, na ɛnna fam mma me koraa. Saa awerɛhobere no mu mpo, yenyaa nhyira bi fii Yehowa hɔ a na yɛnhwɛ kwan. Yenyaa Bible asuafo pii a na yennyaa bi saa da. Ná adawurubɔfo a ɛwɔ asafo no mu yɛ 35, nanso annu afe baako mpo na ehuruw kɔɔ 70. Afei nso, kan no na nnipa 40 na ɛba adesua, nanso ɛno nso huruw kɔɔ 220. Yɛyeree yɛn ho yɛɛ asɛnka adwuma no paa, na Yehowa hyiraa yɛn. Wei kyekyee me werɛ. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, yɛtaa dwen yɛn ba no ho, na ɛyɛ a yɛbɔ ne ho nkɔmmɔ. Enti yɛretwɛn denneennen sɛ Yehowa beyi yaw a yɛredi biara afi hɔ.
Mats: Eduu baabi no, Ann-Catrin tee nka sɛ wabrɛ paa. Bere koro no ara nso, adɔktafo hui sɛ manya kansa, enti na ehia sɛ wɔyɛ me oprehyɛn kɛse bi efisɛ na kansa no atrɛw. Nanso seesei me ho yɛ, na Ann-Catrin nso reyɛ nea obetumi biara wɔ Yehowa som mu.
Yɛabehu sɛ ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛrehyia sɔhwɛ. Akunkumakunkum bebrebe a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda afe 1994 akyi no, yɛkɔsraa anuanom pii wɔ atubrafo atenae ahorow. Gyidi, animia, ne ahɔhoyɛ a yehui sɛ wɔreda no adi no, ɛkyerɛɛ yɛn sɛ sɔhwɛ biara a Yehowa nkurɔfo behyia no, ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa wɔn ma wɔagyina ano.—Dw. 55:22.
Ann-Catrin: Bere a wɔrehyira Uganda Betel so afe 2007 no, yɛkɔɔ bi, na yehyiaa ɔhaw foforo. Dwumadi no baa awiei no, na yɛne asɛmpatrɛwfo ne Betelfo a na yɛyɛ bɛyɛ 25 te kar baako mu rekɔ Nairobi, Kenya. Ansa na yɛredu Kenya bɔda no so no, kar kɛse bi a na ɛreba tew sii yɛn kwan no mu de bɛbɔɔ yɛn kar no mu. Drɔbani no ne anuanom nnum wui amonom hɔ ara; akyiri yi, onuawa baako nso wui wɔ ayaresabea. Yɛn ani agyina saa anuanom no paa!—Hiob 14:13-15.
Me nso mipirae, na nkakrankakra me ho tɔɔ me. Nanso akyiri yi, me ne Mats ne anuanom a na yɛte kar no mu no, yɛn mu bi wɔ hɔ a, nea esii no ho adwinnwen hyɛɛ yɛn so paa. Me de, edu anadwo a na nea esii no soso me dae. Ɛba saa a, na m’ani so atetew me, na ayɛ sɛ nea me koma retew no. Ná ɛyɛ hu paa. Nanso yefii yɛn komam bɔɔ Yehowa mpae, na kyerɛwnsɛm a ɛda yɛn koma so no bi nso kyekyee yɛn werɛ; ɛno boaa yɛn ma yetumi gyinaa ano. Afei nso, yekohuu adɔktafo, na wɔn nso boa yɛn paa. Seesei dadwen no so atew, na ɛyɛ a yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn ma yɛnkyekye afoforo a wɔrefa ɔhaw a ɛte saa mu no werɛ.
Bere a moreka sɛnea moatumi agyina ɔhaw ano no, mokaa sɛ Yehowa kuraa mo “te sɛ kosua.” Ná mopɛ sɛ mokyerɛ sɛn?
Mats: Saa asɛm no fi Swahilifo bɛ yi mu: “Tumebebwa kama mayai mabichi.” Nea ɛkyerɛ ne, “Wɔkuraa yɛn te sɛ kosua.” Sɛ obi kura kosua a, oso mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremmɔ. Yɛn nso, Yehowa ayi ne yam akurakura yɛn wɔ yɛn dwumadi biara mu. Biribiara a yehia no, yɛn nsa ka no bere nyinaa, ɛtɔ da a yenya ma ɛboro so mpo. Sɛnea Akwankyerɛ Kuw no nya tema ma yɛn no, ɛno yɛ ade baako a ɛma yehu paa sɛ Yehowa dɔ yɛn na ɔboa yɛn.
Ann-Catrin: Sɛnea Yehowa yi ne yam boa yɛn no, mepɛ sɛ meka baako ho asɛm. Da bi, obi frɛɛ me wɔ fon so ka kyerɛɛ me sɛ me papa a ɔwɔ Sweden yare denneennen da ayaresabea. Ná Mats anya atiridii, na afei ara na na ne ho retɔ no. Afei nso, na yenni sika a yɛde bɛtɔ tekiti aforo wimhyɛn akɔ fie. Enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛtɔn yɛn kar no. Ɛhɔ ara na awarefo bi a na wɔate nea asi no frɛɛ yɛn wɔ fon so sɛ wɔpɛ sɛ wɔtwa yɛn mu baako tekiti ma no. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim nso frɛɛ yɛn wɔ fon so; ná wasie sika wɔ adaka bi mu, na na wɔakyerɛw wɔ ho sɛ “Obi a ohia mmoa dea.” Wo de hwɛ oo, anni gyina koraa na Yehowa twitwa gyee yɛn!—Heb. 13:6.
Mfe 50 a mode ayɛ bere nyinaa som adwuma no, sɛ mutwa mo ani hwɛ mo akyi a, dɛn na moasua?
Seesei yɛwɔ Myanmar
Ann-Catrin: Mabehu sɛ, sɛ ‘yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛn koma antu a,’ ɛma yenya ahoɔden. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔko yɛn ko ma yɛn. (Yes. 30:15; 2 Be. 20:15, 17) Esiane sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de som Yehowa wɔ baabiara a yɛkɔ nti, yɛanya nhyira pii. Sɛ yɛyɛɛ biribi foforo biara a, anka yɛrennya saa nhyira no.
Mats: Ade titiriw a masua ne sɛ, ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so wɔ tebea biara mu na mehwɛ sɛnea obedi aboa me. (Dw. 37:5) Onnii me huammɔ da koro koraa da. Seesei yɛwɔ Myanmar Betel, na yɛda so ara hu sɛ Yehowa reboa yɛn.
Mmaabun pii a wɔpɛ sɛ wɔtrɛw wɔn som mu no, yɛn mpaebɔ ne sɛ ɔdɔ a enni huammɔ a Yehowa ada no adi kyerɛ yɛn no, ɔnna bi adi nkyerɛ wɔn nso. Baabiara a wɔbedua wɔn no, sɛ wɔma Yehowa boa wɔn ma wɔfifi a, yegye di sɛ wɔn ani begye paa.