Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 November kr. 8-9
  • Ɛsɛ Sɛ Migyae Karka Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ Sɛ Migyae Karka Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUSUW HO HWƐ SƐ ƐFATA SƐ WOKƆ SO KA KAR ANAA
  • SUSUW BIBLE NNYINASOSƐM HO
  • Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow
    Nyan!—1988
  • Kar Akwanhyia Ahorow—So Wubetumi Afi Mu?
    Nyan!—2002
  • Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Ho Sɛ Mɛnom Nsa De Aka Kar?
    Nyan!—1986
  • Asanom Ne Afirika—Dɛn Na Wobetumi Ayɛ Wɔ Ho?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 November kr. 8-9
Onua bi a ne mfe akɔ anim te ne mpoma ano rehwɛ ne kar a esi abɔnten. Okura ne kar safoa na ɔredwinnwen.

Ɛsɛ Sɛ Migyae Karka Anaa?

EBIA woaka kar akyɛ paa, na w’ani gye ho sɛ wo ara wobɛka wo kar akɔ baabi a wopɛ biara. Nanso w’abusuafo ne wo nnamfo hu no sɛ seesei wo karka nkɔ yiye saa, enti ɛkaa wɔn nko a anka woagyae. Wo nso de, wunhu nea enti a wɔte nka saa.

Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, dɛn na ebetumi aboa wo ma woahu sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ so ka kar anaa ɛsɛ sɛ wugyae?

Aman bi so no, sɛ obi di mfe pɔtee bi na ɔpɛ sɛ tumi krataa a ɔde ka kar no okogye foforo a, aban no ahyɛ mmara sɛ ɛwɔ sɛ dɔkta hwɛ sɛ ɔfata ansa na ne nsa aka. Kristofo a wɔtete aman a ɛte saa so no, ɛwɔ sɛ wɔdi saa mmara no so. (Rom. 13:1) Ɔman biara a wote mu no, akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ahu sɛ ɛwɔ sɛ wokɔ so ka kar anaa ɛsɛ sɛ wugyae.

SUSUW HO HWƐ SƐ ƐFATA SƐ WOKƆ SO KA KAR ANAA

Adwumakuw bi a ɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nsɛm so kyerɛ sɛ, wubetumi abisa wo ho nsɛm a edidi so yi de ahwɛ sɛ ɛfata sɛ wokɔ so ka kar anaa:

  • Ahyɛnsode a esisi kwan ho a ɛkyerɛ sɛnea yɛka kar no, ɛyɛ den sɛ mehu no yiye, na edu anadwo nso a minhu ade yiye anaa?

  • Ɛyɛ den sɛ metwa me kɔn ahwɛ ahwehwɛ no mu ahu nea ɛrekɔ so wɔ m’akyi ne me nkyɛn mu?

  • Sɛ mihu asiane bi a, mitumi yi me nan fi gya no so tia breki no so ntɛm ara?

  • Meka kar nyaa dodo ma enti ɛyɛ a na mayɛ osiakwan anaa?

  • Ɛkaa dɛ ma anka mereyɛ anya akwanhyia, na biribi a ɛte saa ato me mpɛn pii anaa? Metaa de me kar pempem ma enti ɛho atwitwiw anaa ɛho amoamoa?

  • Sɛnea meka kar nti, polisini bi agyina me pɛn anaa?

  • Mada wɔ stia akyi pɛn?

  • Menom nnuru bi a ebetumi ama ayɛ den sɛ mɛka kar anaa?

  • M’abusuafo anaa me nnamfo aka kyerɛ me pɛn sɛ, asɛ wɔnhu me karka yiye anaa?

Nsɛmmisa a yɛabobɔ so yi, sɛ emu baako anaa mmienu fa wo ho a, ebia ɛho behia sɛ woyɛ wo karka mu nsakrae. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛwɔ sɛ wotew wo karka so, ɛnkanka anadwo. Ɛwom ara a, hwɛ sɛ wo karka te sɛn. Wubetumi abisa w’adamfo anaa wo busuani bi sɛ ohu wo karka sɛn. Wubetumi nso akɔ karka ho sukuu kakra aka ho. Nanso sɛ nsɛmmisa no bɛboro mmienu fa wo ho a, ɛnde, wo ara wo yiyedi nti, ebia ebehia sɛ wugyae karka.a

SUSUW BIBLE NNYINASOSƐM HO

Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛn ara yebehu sɛ yɛn karka resɛe. Afei nso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubegye atom sɛ ɛwɔ sɛ wugyae karka. Enti Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wo ma woasusuw nsɛm ho yiye na woasi gyinae pa? Yɛnhwɛ emu mmienu.

Brɛ wo ho ase. (Mmeb. 11:2) Yɛrenyin a na yɛn ani resɛe, na yɛn asom reyɛ den, na yɛn ntini mu nso regow. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, agorɔ bi wɔ hɔ a nnipa dodow no ara nyin a wɔgyae di, efisɛ wɔhu sɛ anhwɛ a wɔbepira. Yebetumi de wei atoto karka ho. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, sɛ ohu sɛ ɔno ara ne yiyedi nti ɛsɛ sɛ ogyae karka a, obegyae. (Mmeb. 22:3) Afei nso obi a ɔbrɛ ne ho ase no, sɛ afoforo hu sɛ ne karka nkɔ yiye na wɔka ho asɛm kyerɛ no a, obetie.—Fa toto 2 Samuel 21:​15-17 ho.

Hwɛ na woanni mogya ho fɔ. (Deut. 22:8) Kar yɛ afiri a ɛyɛ hu paa, na sɛ obi anka no yiye a, obetumi de adi awu. Sɛ obi karka sɛe na ɔkɔ so ka kar a, obetumi de ne nkwa ne afoforo deɛ ato asiane mu. Na sɛ okonya akwanhyia ma obi wu a, ɛnde obetumi adi mogya ho fɔ.

Yenim sɛ gyinae a wubesi sɛ wubegyae karka no nna fam. Nanso sɛ woresi saa gyinae no a, nnya adwene sɛ, sɛ wugyae karka a, obu a afoforo wɔ ma wo no so bɛtew. Yehowa dɔ wo, na sɛ ohu sɛ wobrɛ wo ho ase na wudwen afoforo nkwa ho a, ɛma n’ani gye paa. Afei nso, wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wo na wakyekye wo werɛ. (Yes. 46:4) Ɔrentow wo nkyene da. Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛkɔ so aka kar anaa wubegyae a, srɛ no sɛ ɔmma wo nyansa ne Bible mu akwankyerɛ a wode besisi gyinae pa.

Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

Sɛ obi a n’ani afi karka nkɔ yiye a, n’abusuafo paa na ebetumi ne no aka ho asɛm. Ebia onua a n’ani afi no yɛ w’adamfo na woate sɛ nkurɔfo reka ne karka ho asɛm. Nsɛm a ɛtete saa a nkurɔfo ka no, fa no aniberesɛm. Wopɛ koraa a wubetumi ama waka kar no na mode akɔ baabi na woahwɛ sɛnea ne karka te. Sɛ ɛho hia a, wo ne no nka ne karka no ho asɛm. Sɛ wo ne no rekasa a, bisa wo ho sɛ, wo na obi de afotu yi rema wo a, sɛn na anka ɔyɛ no a w’ani begye? Ntwiw n’anim, nanso ka nokwasɛm biara a ɛwom kyerɛ no. Mfa mfe a wadi no ho asɛm nhaw wo ho, na mmom sɛnea ne karka te no, ɛno mmom na ɛwɔ sɛ woka ho asɛm. Sɛ́ anka wobɛka akyerɛ no sɛ, “Seesei wo karka asɛe no,” wubetumi aka sɛ, “Sɛ woreka kar a, ɛyɛ a wo nkwa ho hia me paa; mempɛ sɛ asiane bi bɛto wo.” Ma onhu sɛ wowɔ ne mu ahotoso paa sɛ Bible nnyinasosɛm a yɛasusuw ho no, ɔde bɛyɛ adwuma.

Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae sɛ, sɛ obi a n’ani afi gyae karka a, ɛnyɛ mmerɛw mma no koraa. Obetumi ate nka sɛ nea ɔno ara pɛ sɛ ɔyɛ no, ontumi nyɛ bio. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa no? Bɔ mmɔden yɛ nneɛma pɔtee bi fa boa no. (Mmeb. 17:17) Ntwɛn mma ommisa wo sɛ fa no kɔ baabi, anyɛ saa a ɔbɛte nka sɛ ɔrehaw wo. Enti wubetumi ne no ayɛ nhyehyɛe sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ adesua, asɛnka, okodi gua, ɔkɔ ayaresabea ne nea ɛkeka ho a, wobɛba abɛfa no akɔ. Ma onnya awerɛhyem sɛ wopɛ sɛ wunya bere ma no, na w’ani begye ho sɛ wobɛyɛ saa nneɛma yi de aboa no.—Rom. 1:​11, 12.

a Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Kar Akwanhyia Ahorow—So Wubetumi Afi Mu?” Ɛwɔ August 22, 2002 Nyan! no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena