Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 72
  • Nokware—Ɛho Da So Hia Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware—Ɛho Da So Hia Anaa?
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi wɔ hɔ a yɛfrɛ no nokware anaa?
  • Wobɛyɛ dɛn ahu nokware no?
  • Ɛhe na atoro fi bae?
  • Adɛn nti na atorodi abu so saa?
  • Adɛn nti na nokware ho hia?
  • Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ mihu nokware no?
  • Onyankopɔn betu atorodi ase da bi?
  • Onyankopɔn Nokwaredifo No A Yebesuasua No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Nokware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 72
Amanyɔni bi gyina nnipadɔm anim wɔ rally bi ase. Ɔrekeka nsɛm bi, na nnipadɔm no rebɔ gye ne so.

Nokware—Ɛho Da So Hia Anaa?

Nnansa yi ɛyɛ den ma wo sɛ wubehu nsonsonoe a ɛwɔ nokwasɛm ne atosɛm ntam anaa? Ɛnnɛ, sɛ nkurɔfo begye biribi adi a, ɛyɛ sɛnea wɔte nka wɔ ho ne sɛnea wɔn adwene yɛ wɔn wɔ ho na wɔgyina so gye di. Sɛ́ biribi yɛ nokware anaa ɛwɔ nnyinaso mpo de, wɔnhwɛ hɔ mpo. Wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii ka sɛ, nokware biara nni baabiara.

Ɛnyɛ nnɛ na nkurɔfo fii ase nyaa saa adwene no. Bɛyɛ mfe 2,000 ni no, Roma Amrado, Pontio Pilato bisaa Yesu asɛm bi a ɛma yehu sɛ na onnye nea Yesu aka akyerɛ no no nni. Obisaa Yesu sɛ: “Dɛn ne nokware?” (Yohane 18:38) Ɛwom sɛ Pilato antwɛn amma Yesu amma mmuae, nanso na n’asɛmmisa no ho hia. Bible ma saa asɛm no ho mmuae a ɛtɔ asom, na ebetumi aboa wo ama woahu nea ɛyɛ nokware ne nea ɛyɛ atoro wɔ saa wiase a nnipa adwene atu afra yi mu.

Biribi wɔ hɔ a yɛfrɛ no nokware anaa?

Aane. Bible mu no, nea asɛmfua “nokware” kyerɛ ne biribi a ɛwɔ hɔ ankasa na ɛwɔ nnyinaso. Ɛsan kyerɛ biribi a ɛyɛ papa wɔ abrabɔ fam. Bible san ma yehu sɛ, nokware paa de, Yehowaa Nyankopɔn hɔ na efi, na ɛno nti ɛfrɛ no “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Nokware a efi Onyankopɔn hɔ no, Bible mu na ɛwɔ. Bible de saa nokware no toto kanea ho, efisɛ ebetumi akyerɛ yɛn kwan wɔ wiase a nnipa adwene atu afra yi mu.—Dwom 43:3; Yohane 17:17.

Wobɛyɛ dɛn ahu nokware no?

Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo a ‘yɛtee medaase aberaw ara, na yɛama yɛn kora so.’ Enti nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɔpɛ sɛ yedwen ho yiye ansa na yɛagye adi. Ɔmpɛ sɛ yegyina sɛnea yɛte nka ne sɛnea yɛn adwene yɛ yɛn so gye Bible mu nokwasɛm di. Mmom, ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ‘adwene yɛ adwuma susuw nneɛma ho.’ (Romafo 12:1) Yehowa pɛ sɛ yɛde ‘yɛn adwene nyinaa’ hu no, na yɛdɔ no. Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ, nea yesua fi Bible mu no, yennye bere nhwehwɛ mu nhu sɛ ɛno ne nokware no.—Mateo 22:37, 38; Asomafo Nnwuma 17:11.

Ɛhe na atoro fi bae?

Bible ka sɛ, Onyankopɔn tamfo Satan Ɔbonsam na ofii ase dii atoro. Ɔno na Bible frɛ no “atoro agya.” (Yohane 8:44) Odii Onyankopɔn ho atoro kyerɛɛ nnipa a wɔdi kan no. (Genesis 3:1-6, 13, 17-19; 5:5) Efi saa bere no, Satan akɔ so adi atoro pii afa Onyankopɔn ho, na ɔmma nkurɔfo nhu Onyankopɔn ho nokwasɛm.—Adiyisɛm 12:9.

Adɛn nti na atorodi abu so saa?

Mmere a yɛte mu yi, Bible frɛ no “awiei mmere.” Awiei mmere yi mu no, sɛnea Satan redaadaa nkurɔfo na onya wɔn so tumi no akɔ n’anim paa. Nkurɔfo taa di atoro sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdaadaa afoforo na wɔadidi wɔn ho. (2 Timoteo 3:1, 13) Ɔsom a ɛwɔ hɔ nnɛ nso, dodow no ara, atorodi ayɛ wɔn mã twom. Saa ara na Bible kaa sɛ ɛbɛkɔ so wɔ yɛn mmere yi mu. Ɛkaa sɛ, nnipa ‘bɛpɛ akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ,’ na “wɔrentie nokware no bio.”—2 Timoteo 4:3, 4.

Ɔsɔfo bi kura Bible gyina nnipadɔm bi anim. Ɔreka nsɛm bi, na nnipadɔm no rebɔ wɔn nsam.

Adɛn nti na nokware ho hia?

Sɛ obi betumi agye ne yɔnko adi a, gye sɛ wɔn mu biara ka nokware. Amma saa a, ɛbɛyɛ den sɛ obi begye ne yɔnko adi. Atorodi sɛe nnamfo ntam, na ɛmma obiara nnye ne yɔnko nni. Bible ka sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛsom no nokware mu. Ɛka sɛ: “Wɔn a wɔsom [Onyankopɔn] no, ɛsɛ sɛ wɔsom no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Bible mu nokwasɛm betumi aboa wo ama woahu atosɛm a ɔsom ahorow kyerɛkyerɛ na wotwe wo ho a, kenkan nsɛm a ɛtoatoa so a yɛato din “Atosɛm a Ɛmma Nnipa Ntumi Mmɛn Onyankopɔn.”

Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ mihu nokware no?

Onyankopɔn pɛ sɛ ogye wo nkwa. Wubenya saa nkwagye yi a, gye sɛ wusua ne ho nokwasɛm. (1 Timoteo 2:4) Sɛ wusua Onyankopɔn ho ade na wubehu nneɛma a ɔka sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne, na wode bɔ wo bra a, wobɛba abɛyɛ n’adamfo paa. (Dwom 15:1, 2) Onyankopɔn somaa Yesu baa asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi asua nokware no. Onyankopɔn pɛ sɛ yetie nneɛma a Yesu akyerɛkyerɛ no.—Mateo 17:5; Yohane 18:37.

Onyankopɔn betu atorodi ase da bi?

Aane. Sɛ nkurɔfo di atoro kyerɛ afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbedidi wɔn ho a, Onyankopɔn kyi. Wahyɛ bɔ sɛ, wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ so adi atoro no, ɔbɛsɛe wɔn afi asaase so. (Dwom 5:6) Sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, ɛbɛma ne bɔhyɛ yi nso aba mu: “Ano a ɛka nokware betim hɔ daa.”—Mmebusɛm 12:19.

Nea Bible ka fa nokware ne atorodi ho

Yohane 8:44: “[Ɔbonsam yɛ] ɔtorofo ne atoro agya.”

Nea ɛkyerɛ: Satan Ɔbonsam na otwaa atoro a edi kan, na ɔno na atorodi nyinaa fi no.

Mmebusɛm 12:22: “Ano a ɛnka nokware yɛ Yehowa akyiwade.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ okyi atorodi sɛnea Yehowa kyi no.

Yohane 4:24: “Wɔn a wɔsom [Onyankopɔn] no, ɛsɛ sɛ wɔsom no honhom ne nokware mu.”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn pɛ sɛ yehu ne ho nokwasɛm na yegyina so som no.

Yohane 8:32: “Nokware no beyi mo afi nkoasom mu.”

Nea ɛkyerɛ: Nokwasɛm a Yesu kyerɛkyerɛe no betumi ama yɛade yɛn ho afi gyidihunu, ne atoro nkyerɛkyerɛ, ne nneɛma afoforo pii ho, na ɛremma yɛrentu anammɔn bi nnu yɛn ho daakye. Hwɛ asɛm a yɛato din “Nokware no Bɛma Moade Mo Ho”—Ɔkwan Bɛn So?”

1 Timoteo 2:4: “[Onyankopɔn pɛ] sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa na wonya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn pɛ sɛ yesua ne ho nokwasɛm sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn nkwa.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena