Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 25
  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Asomdwoe Aba Asase So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Asomdwoe Aba Asase So?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Ɔko Nni hɔ Bio
    Nyan!—1999
  • Sɛnea Wɔbɛma Wiase no Ayɛ Biako
    Nyan!—1994
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 25
Nnipa bi a ɛsono baabi a wɔn mu biara fi

Ɛbɛyɛ Dɛn Na Asomdwoe Aba Asase So?

Nea Bible ka

Ɛnyɛ nnipa na wɔde asomdwoe bɛba asase so. Mmom no, Onyankopɔn Ahenni na ɛde bɛba. Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ soro, na Kristo Yesu na odi so hene. Nea Bible ka fa saa anidaso nwonwaso yi ho ni:

  1. Onyankopɔn bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano.’ Ɛno bɛma ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma “nnipa a wɔsɔ n’ani anya asomdwoe wɔ asase so” no aba mu.—Dwom 46:9; Luka 2:14, Good News Translation.

  2. Onyankopɔn Ahenni no wɔ soro, nanso ebedi asase nyinaa so tumi. (Daniel 7:14) Ade baako a ɛtaa de ɔko ba ne ɔdɔ a obi wɔ ma ne man. Sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ aban a ebedi wiase nyinaa so no ba a, ebetu ɔdɔ a obi wɔ ma ne man ase korakora.

  3. Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene no, wɔfrɛ no “Asomdwoe Hene.” Enti ɔbɛhwɛ ama ‘asomdwoe a enni awiei aba.’—Yesaia 9:6, 7.

  4. Wɔn a wɔmpɛ sɛ wogyae akodi no rennya Onyankopɔn Ahenni no, efisɛ “obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Onyankopɔn] kra kyi no koraa.”—Dwom 11:5; Mmebusɛm 2:22.

  5. Onyankopɔn kyerɛkyerɛ n’asomfo ma wohu sɛnea wɔbɛtena asomdwoe mu. Bible ka mfaso a saa nkyerɛkyerɛ no de bɛba no ho asɛm. Ɛka sɛ: “Wɔde wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi. Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:3, 4.

Seesei mpo, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ama Onyankopɔn rekyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. (Mateo 5:9) Ɛwom, ɛsono abusuakuw a yɛn mu biara fi mu, na yɛte aman bɛboro 230 so. Nanso, yɛmpene so sɛ yɛbɛfa akode na yɛne yɛn yɔnko nnipa akɔko.

Yehowa Adansefo resua sɛnea wɔne nnipa bɛtena asomdwoe mu nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena