Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/1 kr. 15-19
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛne Onyankopɔn Ntam Asomdwoe​—Sɛnea Ɛyerae
  • Asomdwoe a Wonyae wɔ Nitan Wiase bi Mu
  • Asomdwoe Nnyinaso Pa
  • Asomdwoe Apam
  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Sɛnea Wubetumi Anya Ɔsoro Asomdwoe a Ɛdɔɔso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyiri”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/1 kr. 15-19

Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So

“[Yehowa] mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoe.”​—NUMERI 6:26.

1. Dɛn na Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo bere tiaa bi ansa na ɔrewu, na ɔdaa dɛn adi?

AFE 65 Y.B. mu no, na ɔsomafo Paulo yɛ odeduani wɔ Roma. Ɛwom sɛ na ɛrenkyɛ na wawu yayaayaw wɔ Romani ɔbrafo nsam de, nanso na Paulo wɔ asomdwoe. Eyi da adi wɔ nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa ne yɔnko kumaa Timoteo no mu, bere a ɔkae sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie. Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no sɛ akatua.”​—2 Timoteo 4:7, 8.

2. Dɛn na ɛhwɛɛ Paulo koma so wɔ n’asetra a nsɛm pii sisii wom kosi ne wu mu no mu?

2 Ɛyɛɛ dɛn na Paulo tumi nyaa kommyɛ sɛɛ bere a na owu da n’anim? Efisɛ na “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no” hwɛ ne koma so. (Filipifo 4:7) Na asomdwoe koro yi ara abɔ ne ho ban wɔ mfe a ɔde yɛɛ adwuma pii no nyinaa mu fi bere a ɔsakra bɛyɛɛ Kristoni no. Na aboa no ma wagyina nnipakuw ntua, afiasenna, ɔhwe, ne abosiw ano. Na ahyɛ no den bere a ɔko tiaa ɔwae ne Yudasom nkɛntɛnso ahorow no. Na na aboa no ma ɔne adaemone dɔm ahorow a aniwa nhu wɔn ako. Ɛda adi sɛ ɛhyɛɛ no den koduu awiei pɛɛ.​—2 Korintofo 10:4, 5; 11:21-27; Efesofo 6:11, 12.

3. Onyankopɔn asomdwoe ho nsemmisa bɛn na ɛsɔre?

3 Tumi a ahoɔden wom bɛn ara na Paulo hui sɛ saa asomdwoe yi yɛ sɛɛ yi! So yebetumi ahu dekode a ɛyɛ nnɛ? So ɛbɛhwɛ yɛn koma so na ahyɛ yɛn den bere a yɛko “gyidi ko pa no” wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu anaa?​—1 Timothy 6:12; 2 Timoteo 3:1.

Yɛne Onyankopɔn Ntam Asomdwoe​—Sɛnea Ɛyerae

4. Dɛn ne asɛmfua “asomdwoe” a ɛwɔ Bible no mu nkyerɛase ahorow bi?

4 Bible mu no, asɛmfua “asomdwoe” kyerɛ nneɛma pii. Ebi na edidi so yi, sɛnea wɔahyehyɛ wɔ The New International Dictonary of New Testament Theology mu no: “A[pam] D[edaw] no mu nyinaa no, [sha·lohmʹ] (asomdwoe) kyerɛ ahotɔ wɔ ntease ahorow pii mu. (Ate. 19:20); yiyedi (Dw. 73:3), wɔde di dwuma ma abɔnefo mpo; honam mu akwahosan (Yes. 57:18[, 19]; Dw. 38:3); abotɔyam . . . (Gen. 15:15 ne nea ɛkeka ho); nnipa ne aman ntam abusuabɔ pa (Ate. 4:17; 1 Ber. 12:17, 18); nkwagye ( . . Yer. 29:11; fa toto Yer. 14:13 ho).” Nea ɛho hia sen biara ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a asomdwoe wom, a sɛ ɛno nni hɔ a, aboro so koraa no, asomdwoe foforo biara mpo yɛ bere tiaa mu de na esua no.​—2 Korintofo 13:11.

5. Ɔkwan bɛn so na wɔsɛee Onyankopɔn abɔde asomdwoe mfiase no?

5 Mfiase no, na asomdwoe a edi mũ wɔ abɔde nyinaa ne Yehowa ntam. Onyankopɔn fi ntease pa mu kae sɛ n’abɔde nnwuma nyinaa ye papa. Nokwarem no, ɔsoro abɔfo bɔɔ ose bere a wohuu n’abɔde no. (Genesis 1:31; Hiob 38:4-7) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ saa amansan nyinaa asomdwoe no antra hɔ ankyɛ. Ɛsɛee bere a honhom abɔde a mprempren wɔfrɛ no Satan daadaa Onyankopɔn abɔde a wɔwɔ nyansa mu ɔfoforofo koraa, Hawa, ma wantie Onyankopɔn no. Hawa kunu Adam dii n’akyi, na bere a afei atuatewfo baasa ayera no, ntotoe baa amansan no mu.​—Genesis 3:1-6.

6. Adesamma ne Onyankopɔn ntam asomdwoe a ɛyerae no de dɛn na ɛbaa adesamma so?

6 Wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe a ɛyerae no de ɔhaw baa Adam ne Hawa so, na wɔn honam a ɛsɛee nkakrankakra no ma wowuwui. Sɛ anka Adam benya Paradise asomdwoe mu anigye no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ Eden akyi asase a wonsiesiee so no so adwumaden na watumi anya aduan ama n’abusua a wɔredɔɔso no. Sɛ anka Hawa de abotɔyam bɛwo adesamma abusua a wɔyɛ pɛ no, ɔde yaw ne amanehunu woo mma a wɔtɔ sin. Nnipa ne Onyankopɔn ntam asomdwoe a ɛyerae no de ahoɔyaw ne basabasayɛ baa adesamma mu. Kain kum ne nua Habel, na ebeduu Nsuyiri bere no so no, na basabasayɛ ahyɛ asase no so ma. (Genesis 3:7-4:16; 5:5; 6:11, 12) Bere a yɛn awofo a wodi kan no wui no, nokwarem no, wɔamfa abotɔyam ankɔ wɔn ada mu wɔ “asomdwoe mu,” te sɛ Abraham a ɔtraa ase mfe pii akyi no.​—Genesis 15:15.

7. (a) Nkɔm a ɛkyerɛe sɛ wɔbɛsan de asomdwoe a edi mu aba bɛn na Onyankopɔn hyɛe? (b) Nkɛntɛnso bɛn na Onyankopɔn tamfo Satan benyae?

7 Asomdwoe bɔɔ Adam ne Hawa akyi no, yehu sɛ wɔbɔ ɔtan din nea edi kan wɔ Bible no mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Bere kɔɔ so no, Satan nkɛntɛnso yɛɛ kɛse araa ma na ɔsomafo Yohane betumi aka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Nokwarem no, asomdwoe nni wiase a ɛhyɛ Satan ase no ne Onyankopɔn ntam. Enti, ɔsomafo Yakobo bɔɔ Kristofo kɔkɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn?”​—Yakobo 4:4.

Asomdwoe a Wonyae wɔ Nitan Wiase bi Mu

8, 9. Adam yɛɛ bɔne akyi no, na ɔkwan bɛn so na asomdwoe betumi aba nnipa ne Onyankopɔn ntam?

8 Wɔ Eden, bere a Onyankopɔn kaa asɛmfua “ɔtan” ho asɛm nea edi kan no. ɔkae sɛnea abɔde bɛsan anya asomdwoe a edi mu bio ho asɛm siei. Onyankopɔn ɔbea no aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛbɔ asomdwoe sɛefo a odi kan no ti. Efi Eden bere so reba no, wɔn a wɔkyerɛɛ saa bɔhyɛ no mu gyidi no ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ a asomdwoe wom. Abraham fam no, eyi yɛɛ adamfofa.​—2 Beresosɛm 20:7; Yakobo 2:23.

9 Mose bere so no, Yehowa de Abraham banana Israel mma yɛɛ ɔman. Ɔde n’asomdwoe maa ɔman yi, sɛnea ɛwɔ nhyira bi a Aaron, ɔsɔfo panyin no pae mu ka kyerɛɛ wɔn no mu no: ‘Yehowa nhyira wo, na ɔnhwɛ wo. Yehowa ntew n’anim nkyerɛ wo. Yehowa mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoe.’ (Numeri 6:24-26) Na Yehowa asomdwoe de akatua a ɛsom bo bɛba, nanso na ogyina biribi so na ɔde ma.

10, 11. Israelfo no fam no, na wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe gyina dɛn so, na na dɛn na ebefi mu aba?

10 Yehowa ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Sɛ mofa m’ahyɛde so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a, ɛnde mɛma osu atotɔ ama mo ne bere mu, na asase no ama ne nnɔbae, na mfuw mu nnua asow aba. Na mɛma [asomdwoe] aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa asase no so. Na mɛnantew mo mu, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman.” (Leviticus 26:3, 4, 6, 12) Na Israel betumi anya asomdwoe efisɛ na wɔbɔ wɔn ho ban fi wɔn atamfo nsam, wobenya honam fam ade pii, ne wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso na eyi begyina Yehowa Mmara sodi so.​—Dwom 119:165.

11 Ɔman no abakɔsɛm nyinaa mu no, Israelfo a wɔde nokwaredi bɔɔ mmɔden sɛ wobedi Yehowa ahyɛde so no ne no ntam baa asomdwoe, na na ɛde nhyira afoforo pii brɛ wɔn mpɛn pii. Ɔhene Salomo nniso mfe a edi kan mu no, wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe de honam fam yiyedi brɛɛ Israel na wɔne aman a ɛbemmɛn wɔn no anko. Bible no ka saa bere no ho asɛm sɛ: “Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.” (1 Ahene 4:25) Bere a akodi sii wɔne aman a ɛbemmɛn no ntam mpo no, na Israelfo anokwafo da so ara wɔ asomdwoe a ɛho hia ankasa, a ɛne wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe no. Enti, Ɔhene Dawid, ɔkofoni a wonim no yiye no kyerɛwee sɛ: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, [Yehowa], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.”​—Dwom 4:8.

Asomdwoe Nnyinaso Pa

12. Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no Israel powee wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe?

12 Akyiri yi, Aseni a ɔde asomdwoe a edi mu bɛsan aba, a ɔne Yesu no bae, na wɔwoo no no, abɔfo too dwom sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.” (Luka 2:14) Yesu baa Israel, nanso ɛmfa ho sɛ na saa ɔman no wɔ Onyankopɔn apam ase no, wɔpow no na wɔde no maa Romafo ma wokum no. Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, otwaa Yerusalem ho adwo sɛ: “Sɛ wo nso anka ɛnnɛ wunim nea ɛfa asomdwoe ho ɛ!​—Nanso afei, wɔde ahintaw wo.” (Luka 19:42; Yohane 1:11) Esiane sɛ wɔpowee Yesu nti, Israel yeraa wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe korakora.

13. Ɔkwan foforo bɛn na Yehowa de mae sɛ onipa mfa so ne No nnya asomdwoe?

13 Nanso, Onyankopɔn atirimpɔw ahorow anyɛ ɔkwa. Wonyan Yesu fii awufo mu na ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no bo a ɛsom maa Yehowa sɛ agyede maa nnipa komapafo. (Hebrifo 9:11-14) Yesu afɔrebɔ no bɛyɛɛ ɔkwan foforo a eye a nnipa​—honam fam Israelfo ne Amanaman mufo nyinaa​—nam so ne Onyankopɔn benya asomdwoe. Paulo kae wɔ nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Roma Kristofo no mu sɛ: “Bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam.” (Romafo 5:10) Afeha a edi kan no mu no, wɔde honhom kronkron sraa wɔn a wɔnam saa kwan yi so ma asomdwoe baa wɔne Onyankopɔn ntam no na ama wɔagye wɔn sɛ Onyankopɔn mma ne honhom mu ɔman foforo a wɔfrɛ no “Onyankopɔn Israel” mufo.​—Galatifo 6:16; Yohane 1:12, 13; 2 Korintofo 1:21, 22; 1 Petro 2:9.

14, 15. Kyerɛ sɛnea Onyankopɔn asomdwoe te, na fa sɛnea sɛ Satan tan Kristofo mpo a, ɛbɔ wɔn ho ban ho nkyerɛkyerɛmu ma?

14 Satan ne ne wiase no bɛtan honhom mu Israelfo afoforofo yi. (Yohane 17:14) Nanso, wobenya ‘asomdwoe afi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo’ hɔ. (2 Timoteo 1:2) Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.”​—Yohane 16:33.

15 Eyi ne asomdwoe a ɛboaa Paulo ne ne mfɛfo Kristofo ma wonyaa boasetɔ wɔ amanehunu a wohyiae nyinaa no akyi. Ɛda obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a asomdwoe ne biakoyɛ wom a Yesu afɔrebɔ de ba no adi. Ɛma nea ɔwɔ no nya adwenem asomdwoe ne abotɔyam bere a ohu sɛ Yehowa dwen ne ho no. Abofra a ɔda agya a ɔwɔ ɔdɔ nsam no te asomdwoe a ɛte saa ara nka, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ obi a odwen ne ho rehwɛ ne so. Paulo hyɛɛ Filipifo no nkuran sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”​—Filipifo 4:6, 7.

16. Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan Kristofo no ne Onyankopɔn ntam asomdwoe kaa wɔne wɔn ho wɔn ho ntam abusuabɔ?

16 Ade biako a nnipa ne Onyankopɔn ntam asomdwoe a ɛyerae de aba ne nitan ne mpaapaemu. Afeha a edi kan Kristofo no fam no, wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe a wonyae de nea ɛne eyi bɔ abira koraa na ɛbae: wɔn ho wɔn ho ntam asomdwoe ne biakoyɛ, nea Paulo frɛɛ no ‘asomdwoe biakoyɛ hama no.’ (Efesofo 4:3) ‘Wɔdwenee ade koro na wɔtrae asomdwoe mu, na na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne wɔn wɔ hɔ.’ Bio nso, wɔkaa “asomdwoe ho asɛmpa” a na ɛyɛ nkwagye ho asɛmpa ma ‘wɔn a wɔpɛ asomdwoe,’ wɔn a wotie asɛmpa no.​—2 Korintofo 13:11; Asomafo no Nnwuma 10:36; Luka 10:5, 6.

Asomdwoe Apam

17. Dɛn na Onyankopɔn ne ne nkurɔfo ayɛ wɔ yɛn nna yi mu?

17 So yebetumi ahu asomdwoe a ɛte sɛɛ nnɛ? Yiw, yebetumi ahu. Efi bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no ase 1914 mu no. Yehowa aboaboa Onyankopɔn Israel nkaefo no ano afi wiase yi mu na ɔne wɔn ayɛ asomdwoe apam. Ɔnam eyi so adi ne bɔhyɛ a ɔnam odiyifo Hesekiel so de mae no so: “Me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam; ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na mɛma wɔatim na mama wɔafɛe, na mede me kronkronbea mesi wɔn mu akosi daa.” (Hesekiel 37:26) Yehowa ne Kristofo a wɔasra wɔn a, te sɛ wɔn nuanom wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔkyerɛ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi no na ɛyɛɛ apam yi. Bere a wɔatew wɔn ho afi honhom mu fi ho no, wɔahyira wɔn ho so ama wɔn soro Agya no na wɔyere wɔn ho di n’ahyɛde ahorow so, ne titiriw, denam Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa a wodi anim ma wɔka wɔ wiase nyinaa no so.​—Mateo 24:14.

18. Amanaman mufo binom hui sɛ Onyankopɔn din da Onyankopɔn Israel so no, wɔyɛɛ dɛn wɔ ho?

18 Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Na me trabea besi wɔn so, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman, na amanaman no ahu sɛ mene [Yehowa] a metew Israel ho.” (Hesekiel 37:27, 28) Nea ɛne eyi hyia no, nnipa ɔpehaha pii, yiw, ɔpepem pii a wofi “amanaman no” mu abehu sɛ Yehowa din da Onyankopɔn Israel so. (Sakaria 8:23) Wofi aman nyinaa mu aba sɛ wɔne saa honhom fam ɔman no rebɛsom Yehowa, na wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a wohuu wɔn siei wɔ Adiyisɛm no. Esiane sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” nti, wobetwa ahohiahia kɛse no akɔ wiase foforo bi a asomdwoe wom mu.​—Adiyisɛm 7:9, 14.

19. Asomdwoe bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo anya nnɛ?

19 Onyankopɔn Israel ne nnipakuw kɛse no nyinaa nya honhom mu asomdwoe a wobetumi de atoto asomdwoe a Israel nyae wɔ Ɔhene Salomo nniso ase no ho. Mika hyɛɛ wɔn ho nkɔm sɛ: “Na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.” (Mika 4:3, 4; Yesaia 2:2-4) Nea ɛne eyi hyia no, wɔagyae akodi ne basabasayɛ, de wɔn mfoa abobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Enti wɔanya onuayɛ kuw bi a asomdwoe wom wɔ amanaman no mu nyinaa, a ɔman a wofi so, wɔn kasa, abusua a wofi mu, anaa wɔn asetra mu nsɛm tebea mfa ho. Na wonya anigye wɔ Yehowa ahobammɔ ho awerehyem a wɔwɔ no mu. ‘Obiara nnyi wɔn hu.’ Ampa, ‘Yehowa ankasa ama ne man ahoɔden, Yehowa ankasa de asomdwoe ahyira ne man.’​—Dwom 29:11.

20, 21. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛakura yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe no mu? (b) Dɛn na yebetumi aka wɔ Satan mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo asomdwoe no ho?

20 Nanso, te sɛ afeha a edi kan no mu no, Onyankopɔn nkoa asomdwoe no ama Satan atan wɔn. Wɔpam no fii soro bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 akyi no, Satan “ne [ɔbea no] asefo nkae no” adi ako afi saa bere no. (Adiyisɛm 12:17) Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ ne bere so mpo sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne . . . ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:12) Esiane sɛ asase so ha nkutoo na Satan wɔ afei nti, saa kɔkɔbɔ no ho hia yiye.

21 Satan afa akwan a onim nyinaa so wɔ ne mmɔdenbɔ sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo asomdwoe no mu, nanso wadi nkogu. Wɔ 1919 mu no, na wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no nnu 10,000 mpo. Nnɛ nnipa bɛboro ɔpepem anan na wɔnam wɔn gyidi so redi wiase no so nkonim. (1 Yohane 5:4) Eyinom fam no, bere a wogyina Satan ne n’asefo nitan ano mpo no, wohu sɛ wɔne Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho ntam asomdwoe yɛ paara. Nanso esiane nitan yi, ne yɛn ankasa sintɔ ne “mmere a emu yɛ den” a yɛwom yi nti, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛatumi akura yɛn asomdwoe no mu. (2 Timoteo 3:1) Yebehu nea eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn nti na mfiase no onipa yeraa ɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe?

◻ FIsrael fam mo, na wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe gyina dɛn so?

◻ Yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe gyina dɛn so nnɛ?

◻ Dɛn ne “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛhwɛ yɛn koma so no?

◻ Sɛ asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ntam a, nhyira bɛn na yɛkɔ so nya?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena