Dɛn Na Bible Ka Fa Ponografi Ho? Nna Ho Nkɔmmɔ a Wɔbɔ Wɔ Intanɛt So—Ɛyɛ Bɔne Anaa?
Nea Bible Ka
Nneɛma bi te sɛ ponografi, nna ho nkɔmmɔ a wɔbɔ wɔ Intanɛt so (anaa nea wɔfrɛ no cybersex no), ne nea ɛkeka ho no, Bible mmɔ din pɔtee. Nanso, nneyɛe biara a etumi piapia obi ma ɔne ɔbea anaa ɔbarima bi a ɔnwaree no da, ne adwene a ɛmfata a nkurɔfo wɔ wɔ nna ho de, Bible ma yehu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ ho pefee. Wo de, ma yɛnhwɛ Bible mu nsɛm a edidi so yi:
“Enti, munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asaase so no sɛnea ɛbɛyɛ a aguamammɔ, ɔbra fĩ, nna ho akɔnnɔ a wontumi nhyɛ so . . . renni mo so.” (Kolosefo 3:5) Sɛ obi hwɛ ponografi a, ɛremma ɔrentumi nkum akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ ne mu no; ɛbɛma emu ayɛ den mmom. Obi yɛ saa a, ɛma ne ho gu fĩ, anaa ɔbɛyɛ obi a ne ho ntew wɔ Onyankopɔn ani so.
“Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mateo 5:28) Sɛ obi hwɛ aguamansɛm ho mfoni anaa sini a, ɛma onya adwene a ɛntene, na ɛma otumi yɛ bɔne.
“Aguamammɔ ne ɔbra fĩ biara anaa adifudepɛ de, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu, efisɛ ɛmfata nnipa kronkron.” (Efesofo 5:3) Ɛnsɛ sɛ yɛka aguamansɛm de gyigye yɛn ani mpo na kampɛsɛ yɛahwɛ anaa yɛakenkan ho ade.
“Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛno ne aguamammɔ, ɔbra fĩ, . . . ne nneɛma a ɛtete saa. Saa nneɛma yi ho na merebɔ mo kɔkɔ sɛnea madi kan abɔ mo kɔkɔ no; ɛne sɛ, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn Ahenni no.” (Galatifo 5:19-21) Onyankopɔn bu nkurɔfo a wɔyɛ nea edidi so yi sɛ wɔn ho agu fĩ, na wɔn abrabɔ ho ntew: Wɔn a wɔhwɛ ponografi, anaa wɔbɔ nna ho nkɔmmɔ wɔ Intanɛt ne fon so, ne wɔn a wɔde nna ho nsɛm ne mfoni fa fon so mena nkurɔfo. Sɛ yɛkɔ so yɛ nneɛma a ɛtete saa a, yɛne Onyankopɔn ntam betumi asɛe koraa.