Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 108
  • Ɛdɛn Ne Nkɔmhyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛdɛn Ne Nkɔmhyɛ?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Ma Wɔkyerɛw Bible No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Wobetumi Asakra Wo Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Momma Yennye Mose Ɔkɛseɛ No Ntom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Honhom Kronkron Kaa Wɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 108
Osuboni Yohane

Ɛdɛn Ne Nkɔmhyɛ?

Nea Bible ka

Yɛka nkɔmhyɛ a, ɛyɛ asɛm a efi Onyankopɔn hɔ, anaa asɛm a Onyankopɔn ayi akyerɛ. Bible ka sɛ, ‘Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa adiyifo no kasae.’ (2 Petro 1:20, 21) Enti yɛka odiyifo a, ɔyɛ obi a otie asɛm fi Onyankopɔn hɔ, na ɔka kyerɛ nkurɔfo.—Asomafo Nnwuma 3:18.

Adiyifo no yɛɛ dɛn nyaa nsɛm fii Onyankopɔn hɔ?

Onyankopɔn nam akwan pii so na ɔde ne nsɛm maa n’adiyifo. Ebi na edidi so yi:

  • Onyankopɔn ankasa kyerɛw nsɛm no bi maa wɔn. Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn faa saa kwan yi so pɛnkoro. Ɛno ne bere a ɔno ankasa kyerɛw n’asɛm maa Mose no. Asɛm a ɔkyerɛw maa Mose no, ɛno na yɛfrɛ no Mmara Nsɛm Du no.—Exodus 31:18.

  • Onyankopɔn nam abɔfo so kaa n’asɛm kyerɛɛ wɔn. Ebi ni: Onyankopɔn maa ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Mose sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsoma no ma ɔkɔka n’asɛm kyerɛ Egypt hene Farao. (Exodus 3:2-4, 10) Ɛtɔ mmere bi na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔka asɛm pɔtee bi kyerɛ nnipa a, na ɔma abɔfo no ka n’asɛm no kyerɛ adiyifo. Afei, na adiyifo no nso aka asɛm no tẽẽ akyerɛ nnipa. Ɛho nhwɛso ne nea ɔmaa ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Mose no. Ɔbɔfo no kaa sɛ: “Kyerɛw nsɛm yi to hɔ, efisɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”—Exodus 34:27.a

  • Anisoadehu. Ɛtɔ da a, na adiyifo no nya anisoadehu bere a wɔn ani gu so a wɔnnae. (Yesaia 1:1; Habakuk 1:1) Ná anisoadehu no bi kɔ so te sɛ biribi a ɛresi paa ma enti na adiyifo no tumi de wɔn ano to nea ɛrekɔ so no mu, kyerɛ sɛ, nea ɛrekɔ so no, na wɔtumi ka bi. (Luka 9:28-36; Adiyisɛm 1:10-17) Ɛtɔ da a, bere a onipa no benya anisoadehu no, na ayɛ sɛ nea ade atɔ ne so. (Asomafo Nnwuma 10:10, 11; 22:17-21) Afei nso, Onyankopɔn de ne nsɛm maa adiyifo no wɔ daeso mu.—Daniel 7:1; Asomafo Nnwuma 16:9, 10.

  • Onyankopɔn de ne nsɛm hyɛɛ adiyifo no tirim. Bible ka wɔ 2 Timoteo 3:16 sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” Nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛ, Onyankopɔn de ne nsɛm hyɛɛ n’adiyifo no tirim ma wɔkyerɛwee, anaa ɔma wɔka kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛno nti, asɛm a ɛne sɛ Kyerɛwnsɛm no “fi Onyankopɔn honhom mu” no, wɔtumi kyerɛ ase nso sɛ, efi “Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16; Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe) Onyankopɔn nam honhom kronkron, anaa ne tumi a ɔde yɛ adwuma no so ‘homee’ ne tirim asɛm guu n’asomfo no adwene mu. Asɛm no de, ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, nanso adiyifo no de wɔn ankasa nsɛm na ɛkyerɛwee.—2 Samuel 23:1, 2.

Sɛ yɛka nkɔmhyɛ a, bere nyinaa, ɛfa nsɛm a ebesisi daakye ho anaa?

Daabi, sɛ Bible ka nkɔmhyɛ a, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛfa nsɛm a ebesisi daakye ho. Nanso, nsɛm a Onyankopɔn nam n’adiyifo so kae no, na dodow no ara fa nea ɛbɛto nkurɔfo daakye ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Onyankopɔn adiyifo no kaa no mpɛn pii kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ, wɔnnyae bɔne a wɔreyɛ no. Bere a adiyifo no rebɔ Israelfo no kɔkɔ no, wɔkaa nhyira pɔtee a sɛ Israelfo no gyae bɔne a wɔreyɛ no a wɔbenya, ɛnna wɔkyerɛɛ nnome pɔtee a sɛ wɔannyae nso a ɛbɛba wɔn so. (Yeremia 25:4-6) Nea Israelfo no bɛyɛ no, ɛno na na ɛbɛkyerɛ nea wɔbenya anaa nea ɛbɛto wɔn.—Deuteronomium 30:19, 20.

Bible nkɔmhyɛ a na ɛmfa nsɛm a ebesisi daakye ho

  • Bere bi, Israelfo no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn, enti Onyankopɔn somaa odiyifo bi kɔɔ wɔn nkyɛn. Odiyifo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔn asoɔden nti na na Onyankopɔn ayi n’ani afi wɔn so no.—Atemmufo 6:6-10.

  • Bere a Yesu ne Samariani bea bi rekasa no, Yesu kaa nneɛma bi a na ɔbea no ayɛ kyerɛɛ no. Nea Yesu kae no, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na oyi kyerɛɛ no a, anka ɔrentumi nhu da. Ɛwom sɛ ɛnyɛ biribi a na ebesi daakye na Yesu kae de, nanso ɔbea no hui sɛ Yesu yɛ odiyifo.—Yohane 4:17-19.

  • Bere a Yesu atamfo redi n’asɛm no, wɔde ade kataa n’anim, wɔbobɔɔ no, na afei wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hyɛ nkɔm! Hwan na ɔbɔɔ woɔ?” Ɛnyɛ sɛ na wɔreka akyerɛ Yesu sɛ ɔnkyerɛ wɔn biribi a ebesi daakye, mmom nea na wɔreka ne sɛ, sɛ Yesu se ɔwɔ Onyankopɔn tumi a, ɔnkyerɛ wɔn onii a ɔbɔɔ no no.—Luka 22:63, 64, Asante Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

a Wɔ saa asɛm yi mu no, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ Onyankopɔn na ɔkasa kyerɛɛ Mose tẽẽ, nanso Bible ma yehu sɛ, Onyankopɔn nam abɔfo so na ɔde Mose Mmara apam no mae.—Asomafo Nnwuma 7:53; Galatifo 3:19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena