Benada, July 29
Magye wo atom.—Luka 3:22.
Sɛ yehu sɛ Yehowa gye n’asomfo nyinaa tom a, ɛma yɛn ani gye paa! Bible ka sɛ: “Yehowa ani gye ne man ho.” (Dw. 149:4) Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebinom abam bu ara ma wɔbisa wɔn ho sɛ, ‘Enti Yehowa gye me tom?’ Yehowa asomfo anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛtɔ da a, na wɔn mu bi tumi nya adwene a ɛte saa. (1 Sam. 1:6-10; Hiob 29:2, 4; Dw. 51:11) Bible ma yehu pefee sɛ Yehowa betumi agye nnipa a bɔne wɔ wɔn ho atom. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye? Ɛsɛ sɛ yenya Yesu Kristo mu gyidi na yɛbɔ asu. (Yoh. 3:16) Yɛyɛ saa a, yɛma nkurɔfo hu sɛ yɛanu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho, na yɛahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. (Aso. 2:38; 3:19) Sɛ yetu anammɔn a ɛte saa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa bɛfa adamfo a, ɛma n’ani gye paa. Ɛbɔ a yɛahyɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa daa no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara di so a, Yehowa begye yɛn atom na wabu yɛn sɛ ne nnamfo a onni yɛn ho agorɔ.—Dw. 25:14. w24.03 26 ¶1-2
Wukuda, July 30
Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.—Aso. 4:20.
Sɛ aban bi mpo hyɛ mmara sɛ yennyae asɛm no ka a, yebetumi asuasua asomafo no na yɛakɔ so aka. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no. Enti, bɔ Yehowa mpae srɛ akokoduru ne nyansa, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunnyina wo haw ano. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yare anaa biribi foforo reteetee yɛn, yɛn dɔfo bi awu, ɔhaw bi asɔre wɔ yɛn abusua mu, nkurɔfo retan yɛn ani, anaa yɛrehyia ɔhaw foforo. Saa ɔhaw yi mu pii wɔ hɔ a, yare kodiawu ne akodi a ɛrekɔ so wɔ wiase no ama ayɛ den paa sɛ yebegyina ano. Sɛ worehyia saa ɔhaw yi bi a, ka wo koma mu asɛm kyerɛ Yehowa. Fa no sɛ Yehowa yɛ wo yɔnko berɛbo, na ka wo haw no ho asɛm kyerɛ no. Nya awerɛhyem sɛ “obeso wo mu.” (Dw. 37:3, 5) Sɛ yɛbɔ mpae daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina amanehunu mu.’ (Rom. 12:12) Yehowa nim nea n’asomfo refa mu, enti “otie wɔn sufrɛ.”—Dw. 145:18, 19. w23.05 5-6 ¶12-15
Yawda, July 31
Monhwɛ nhu sɛ nea moyɛ nyinaa sɔ Awurade ani.—Efe. 5:10.
Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu ‘hu Yehowa apɛde,’ na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. (Efe. 5:17) Sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa yɛn tebea bi ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛrehwehwɛ Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho. Afei, sɛ yɛde n’afotu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. Yɛn tamfo Satan, “ɔbɔnefo no” mpɛ sɛ yenya yɛn ho atwaye koraa; ɔpɛ sɛ yɛde wiase no kyekyere yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yennya bere mpo mfa nsom Onyankopɔn. (1 Yoh. 5:19) Hokwan pii wɔ hɔ a Kristoni betumi anya de ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ Kristoni bɛma sikapɛ, adwuma a ɔbɛyɛ, anaa sukuu a ɔbɛkɔ abɛyɛ ade titiriw mmom wɔ n’asetena mu. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wama wiase adwene rekyerɛ no kwan. Ɛwom, saa nneɛma no nhyɛ da nyɛ bɔne, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetenam. w24.03 24 ¶16-17