Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
Nkaebɔ
Seesei yɛanya nhomakorabea yi bi wɔ Mbum kasa mu
  • Ɛnnɛ

Wukuda, July 30

Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.—Aso. 4:20.

Sɛ aban bi mpo hyɛ mmara sɛ yennyae asɛm no ka a, yebetumi asuasua asomafo no na yɛakɔ so aka. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no. Enti, bɔ Yehowa mpae srɛ akokoduru ne nyansa, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunnyina wo haw ano. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yare anaa biribi foforo reteetee yɛn, yɛn dɔfo bi awu, ɔhaw bi asɔre wɔ yɛn abusua mu, nkurɔfo retan yɛn ani, anaa yɛrehyia ɔhaw foforo. Saa ɔhaw yi mu pii wɔ hɔ a, yare kodiawu ne akodi a ɛrekɔ so wɔ wiase no ama ayɛ den paa sɛ yebegyina ano. Sɛ worehyia saa ɔhaw yi bi a, ka wo koma mu asɛm kyerɛ Yehowa. Fa no sɛ Yehowa yɛ wo yɔnko berɛbo, na ka wo haw no ho asɛm kyerɛ no. Nya awerɛhyem sɛ “obeso wo mu.” (Dw. 37:​3, 5) Sɛ yɛbɔ mpae daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina amanehunu mu.’ (Rom. 12:12) Yehowa nim nea n’asomfo refa mu, enti “otie wɔn sufrɛ.”—Dw. 145:​18, 19. w23.05 5-6 ¶12-15

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025

Yawda, July 31

Monhwɛ nhu sɛ nea moyɛ nyinaa sɔ Awurade ani.—Efe. 5:10.

Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu ‘hu Yehowa apɛde,’ na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. (Efe. 5:17) Sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa yɛn tebea bi ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛrehwehwɛ Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho. Afei, sɛ yɛde n’afotu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. Yɛn tamfo Satan, “ɔbɔnefo no” mpɛ sɛ yenya yɛn ho atwaye koraa; ɔpɛ sɛ yɛde wiase no kyekyere yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yennya bere mpo mfa nsom Onyankopɔn. (1 Yoh. 5:19) Hokwan pii wɔ hɔ a Kristoni betumi anya de ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ Kristoni bɛma sikapɛ, adwuma a ɔbɛyɛ, anaa sukuu a ɔbɛkɔ abɛyɛ ade titiriw mmom wɔ n’asetena mu. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wama wiase adwene rekyerɛ no kwan. Ɛwom, saa nneɛma no nhyɛ da nyɛ bɔne, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetenam. w24.03 24 ¶16-17

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025

Fida, August 1

Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso, nanso Yehowa gye no fi ne nyinaa mu. —Dw. 34:19.

Hyɛ nsɛntitiriw mmienu a ɛwɔ dwom no mu no nsow: (1) Atreneefo mfaa wɔn ho nnii; wɔn nso hyia ɔhaw. (2) Yɛkɔ sɔhwɛ mu a, Yehowa twitwa gye yɛn. Ɔyɛ no sɛn? Ɔkwan baako a ɔfa so yɛ saa ne sɛ, ɔboa yɛn ma yehu sɛnea asetena te ankasa. Ɛwom sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ yɛsom no a yɛn ani begye, nanso ɔnhyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔkwan biara so biribiara bɛkɔ tɔɔtee. (Yes. 66:14) Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛbɔ a wahyɛ yɛn sɛ daakye yebegye yɛn ani afebɔɔ no, ɛno na yɛmfa yɛn adwene nsi so. (2 Kor. 4:​16-18) Nanso seesei de, ɔboa yɛn da biara ma yɛkɔ so som no. (Kwa. 3:​22-24) Yehowa asomfo anokwafo bi a wɔn nhwɛso wɔ Bible mu ne yɛn bere yi so no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? Yebetumi ahyia ɔhaw a yɛnhwɛ kwan. Nanso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa yɛn bere nyinaa.—Dw. 55:22. w23.04 14-15 ¶3-4

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena