Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 32
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Senaherib behunahunaa Yerusalem (1-8)

      • Senaherib buu Yehowa animtiaa (9-19)

      • Ɔbɔfo baako kum Asiria asraafo (20-23)

      • Ɔyare bɔɔ Hesekia; ɔmaa ne ho so (24-26)

      • Nneɛma a Hesekia tumi yɛe ne ne wu (27-33)

2 Beresosɛm 32:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 31:20
  • +2Ah 18:7, 13; Yes 36:1

2 Beresosɛm 32:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 20:20

2 Beresosɛm 32:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagyaw.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:9; 1Ah 9:24; 11:27; 2Ah 12:20

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1997, kr. 10-11

2 Beresosɛm 32:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 19:6
  • +De 31:6, 8; Yos 1:6, 9; 2Ah 6:16, 17; 2Be 20:15

2 Beresosɛm 32:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “nnipa ahoɔden.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:9; De 20:1, 4; Yos 10:42; Yer 17:5
  • +2Be 20:20

2 Beresosɛm 32:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “n’asraafo ne ne mpanyimfo.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 37:8
  • +2Ah 18:17; Yes 36:2

2 Beresosɛm 32:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:19; Yes 36:4

2 Beresosɛm 32:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:29, 30; 19:10

2 Beresosɛm 32:12

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ne sorɔnsorɔmmea.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:1, 4
  • +2Be 31:1
  • +2Ah 18:22; Yes 36:7

2 Beresosɛm 32:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 15:29; 17:5; Yes 37:12
  • +2Ah 18:33, 34; 19:17, 18

2 Beresosɛm 32:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:3; 15:9

2 Beresosɛm 32:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:29
  • +Ex 5:2; De 32:27; Da 3:14, 15

2 Beresosɛm 32:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 19:14
  • +Yes 37:29
  • +2Ah 17:6; 19:12

2 Beresosɛm 32:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:26, 28; Yes 36:11, 13

2 Beresosɛm 32:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 19:2, 20; Yes 37:2
  • +2Ah 19:14, 15; 2Be 14:11

2 Beresosɛm 32:21

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “n’abosom dan mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 76:5
  • +2Ah 19:35-37; Yes 37:37, 38

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1993, kr. 6

2 Beresosɛm 32:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 4:21; 2Be 17:1, 5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Yesaia Nkɔmhyɛ I, kr. 396

2 Beresosɛm 32:24

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “anwonwade.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 20:1, 2; Yes 38:1, 2
  • +2Ah 20:5, 9; 2Be 32:31; Yes 38:8

2 Beresosɛm 32:25

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    3/2017, kr. 26

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2005, kr. 25

2 Beresosɛm 32:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 26:18, 19
  • +2Ah 20:19

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Yesaia Nkɔmhyɛ I, kr. 397

2 Beresosɛm 32:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 1:11, 12; 17:1, 5
  • +1Ah 9:17-19

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Yesaia Nkɔmhyɛ I, kr. 396

2 Beresosɛm 32:28

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

2 Beresosɛm 32:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 1:33, 45
  • +2Be 32:4
  • +2Sa 5:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    “Asase Pa,” kr. 20-21

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1997, kr. 9-10

    8/15/1996, kr. 5-6

    Nyan!,

    6/8/1996, kr. 30

2 Beresosɛm 32:31

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “anwonwade.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 20:8-11; Yes 38:8
  • +2Ah 20:12; Yes 39:1
  • +Ge 22:1
  • +De 8:2; Dw 7:9; 139:23

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    3/2017, kr. 26

2 Beresosɛm 32:32

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 31:20, 21
  • +Yes 1:1
  • +2Ah 20:20

2 Beresosɛm 32:33

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:43

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 32:12Be 31:20
2 Be. 32:12Ah 18:7, 13; Yes 36:1
2 Be. 32:32Ah 20:20
2 Be. 32:52Sa 5:9; 1Ah 9:24; 11:27; 2Ah 12:20
2 Be. 32:72Ah 19:6
2 Be. 32:7De 31:6, 8; Yos 1:6, 9; 2Ah 6:16, 17; 2Be 20:15
2 Be. 32:8Nu 14:9; De 20:1, 4; Yos 10:42; Yer 17:5
2 Be. 32:82Be 20:20
2 Be. 32:9Yes 37:8
2 Be. 32:92Ah 18:17; Yes 36:2
2 Be. 32:102Ah 18:19; Yes 36:4
2 Be. 32:112Ah 18:29, 30; 19:10
2 Be. 32:122Ah 18:1, 4
2 Be. 32:122Be 31:1
2 Be. 32:122Ah 18:22; Yes 36:7
2 Be. 32:132Ah 15:29; 17:5; Yes 37:12
2 Be. 32:132Ah 18:33, 34; 19:17, 18
2 Be. 32:14Ex 14:3; 15:9
2 Be. 32:152Ah 18:29
2 Be. 32:15Ex 5:2; De 32:27; Da 3:14, 15
2 Be. 32:172Ah 19:14
2 Be. 32:17Yes 37:29
2 Be. 32:172Ah 17:6; 19:12
2 Be. 32:182Ah 18:26, 28; Yes 36:11, 13
2 Be. 32:202Ah 19:2, 20; Yes 37:2
2 Be. 32:202Ah 19:14, 15; 2Be 14:11
2 Be. 32:21Dw 76:5
2 Be. 32:212Ah 19:35-37; Yes 37:37, 38
2 Be. 32:231Ah 4:21; 2Be 17:1, 5
2 Be. 32:242Ah 20:1, 2; Yes 38:1, 2
2 Be. 32:242Ah 20:5, 9; 2Be 32:31; Yes 38:8
2 Be. 32:26Yer 26:18, 19
2 Be. 32:262Ah 20:19
2 Be. 32:272Be 1:11, 12; 17:1, 5
2 Be. 32:271Ah 9:17-19
2 Be. 32:302Sa 5:9
2 Be. 32:301Ah 1:33, 45
2 Be. 32:302Be 32:4
2 Be. 32:312Ah 20:8-11; Yes 38:8
2 Be. 32:312Ah 20:12; Yes 39:1
2 Be. 32:31Ge 22:1
2 Be. 32:31De 8:2; Dw 7:9; 139:23
2 Be. 32:322Be 31:20, 21
2 Be. 32:32Yes 1:1
2 Be. 32:322Ah 20:20
2 Be. 32:331Ah 11:43
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 32:1-33

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

32 Nsɛm yi ne Hesekia nokwaredi akyi no,+ Asiria hene Senaherib baa Yuda so, na otwaa nkurow a wɔabɔ ho ban no ho hyiae; ná wayɛ n’adwene sɛ obebubu afasu no akɔ mu na wagye afa.+

2 Bere a Hesekia hui sɛ Senaherib aba, na ɔpɛ sɛ ɔne Yerusalem bɛko no, 3 ɔne ne mpanyimfo ne n’akatakyi no faa adwene, na osii gyinae sɛ obesisiw nsuwansuwa a ɛwowɔ kurow no akyi+ no, na wɔboaa no. 4 Nnipa bebree behyiae, na wosisiw asuti ne nsubɔnten a ɛsen fa asaase no so nyinaa; wɔkae sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo ba benya nsu pii wɔ ha?”

5 Bio nso, omiaa n’ani san too ɔfasu no afã a adwiriw agu no nyinaa, na osisii abantenten wɔ so; ɔsan too ɔfasu foforo wɔ kurow no akyi, na osiesiee Esiw*+ a ɛwɔ Dawid Kurow mu no; afei ɔyeyɛɛ akode ne akyɛm bebree. 6 Ɛnna ɔde asahene sisii ɔman no so, na ɔboaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn wɔ petee mu wɔ kurow no pon ano, na ɔkaa wɔn koma too wɔn yam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 7 “Munnya akokoduru na momma mo ho nyɛ den. Munnsuro, na mommmɔ hu esiane Asiria hene+ ne ne dɔm a wɔka ne ho no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho.+ 8 Ɔno de, ɔhonam basa* na ɛka ne ho, na yɛn de, Yehowa, yɛn Nyankopɔn na ɔka yɛn ho; ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn.”+ Enti Yuda hene Hesekia nsɛm no hyɛɛ ɔman no nkuran.+

9 Eyi akyi, bere a Asiria hene Senaherib ne ne dɔm* nyinaa wɔ Lakis+ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔka kyerɛɛ Yuda hene Hesekia ne Yudeafo a wɔtete Yerusalem+ nyinaa sɛ:

10 “Nea Asiria hene Senaherib aka ni, ‘Yerusalem na wɔatwa ho ahyia yi, enti dɛn na mode mo ho ato so a moda so ara te mu yi?+ 11 Sɛ Hesekia ka sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn na obegye yɛn afi Asiria hene nsam”+ a, ɛnyɛ nnaadaa na ɔredaadaa mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo? 12 Ɛnyɛ Hesekia koro yi ara na oyiyii mo Nyankopɔn sorɔnsorɔmmea*+ ne n’afɔremuka+ na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: “Afɔremuka baako anim na monkotow, na ɛno ara so na monhyew afɔrebɔde”+ no? 13 Enti munnim nea me ne m’agyanom de yɛɛ nsaase no so aman nyinaa?+ Nsaase no so aman no anyame tumi gyee wɔn nsaase fii me nsam anaa?+ 14 Amanaman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame no mu hena na otumi gyee ne nkurɔfo fii me nsam? Mo Nyankopɔn no na obetumi agye mo afi me nsam anaa?+ 15 Mommma Hesekia nnnaadaa mo nnto mo brada saa.+ Munnnye no nnni, efisɛ ɔman anaa ahenni biara nni hɔ a ne nyame tumi gyee ne nkurɔfo fii me ne m’agyanom nsam. Mo Nyankopɔn no na obetumi agye mo afi me nsam anaa?’”+

16 Ne nkoa nso kasa tiaa nokware Nyankopɔn Yehowa ne n’akoa Hesekia. 17 Ɔkyerɛw nkrataa nso+ de yeyaw Israel Nyankopɔn Yehowa,+ na ɔkasa tiaa no sɛ: “Sɛnea nsaase no so aman no anyame antumi annye wɔn nkurɔfo amfi me nsam no,+ saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso rentumi nnye ne nkurɔfo mfi me nsam.” 18 Wɔde nne kɛse teɛɛm wɔ Yudafo kasa mu kyerɛɛ Yerusalemfo a wɔwɔ afasu no so no de bɔɔ wɔn hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn koma betu, na wɔatumi afa kurow no.+ 19 Wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn sɛnea wɔkasa tiaa asaase so aman no anyame a wɔde nnipa nsa na ɛyɛe no. 20 Nanso Ɔhene Hesekia ne Amus ba odiyifo Yesaia+ kɔɔ so bɔɔ ho mpae, na wosu frɛɛ ɔsoro Nyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn.+

21 Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfo bi kɔɔ Asiria hene asoɛe hɔ, na okunkum akatakyi,+ mpanyimfo, ne asahene no nyinaa, na Asiria hene de animguase san kɔɔ n’asaase so. Akyiri yi, ɔkɔɔ ne nyame fi,* na ɔno ara ne mma de sekan kum no.+ 22 Enti Yehowa gyee Hesekia ne Yerusalemfo fii Asiria hene Senaherib ne wɔn a wɔaka nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho dwoo wɔn wɔ baabiara a wɔwɔ. 23 Na nnipa pii de akyɛde brɛɛ Yehowa wɔ Yerusalem, na wɔbrɛɛ Yuda hene Hesekia+ nneɛma a ɛsom bo; akyiri yi onyaa nidi wɔ aman nyinaa anim.

24 Saa nna no mu no, Hesekia yaree ma anka ɔreyɛ awu, na ɔbɔɔ Yehowa mpae+ ma otiee no, na ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne* bi maa no.+ 25 Papa a wɔyɛɛ Hesekia nyinaa akyi no, n’ani ansɔ; mmom ne koma maa ne ho so; eyi maa Onyankopɔn bo fuw ɔne Yuda ne Yerusalem. 26 Nanso Hesekia yii ahomaso no fii ne koma mu brɛɛ ne ho ase;+ ɔne Yerusalemfo. Na Yehowa abufuw amma wɔn so wɔ Hesekia bere so.+

27 Hesekia nyaa ahonyade ne anuonyam pii;+ osisii adekora adan+ de dwetɛ, sika kɔkɔɔ, aboɔden abo, balsam ngo, akyɛm ne nneɛma a ɛsom bo nyinaa guu mu. 28 Osisii adekora adan nso de hwiit* ne bobesa foforo ne ngo guu mu, na osisii adan maa nyɛmmoa ahorow nyinaa bi ne ne nguan. 29 Afei nso, onyaa nkurow, nyɛmmoa, nguan, ne anantwi bebree, efisɛ Onyankopɔn ma onyaa ne ho paa. 30 Hesekia na osiw Gihon+ nsu no ano wɔ atifi fam,+ na ɔdan ani kyerɛɛ atɔe fam kɔɔ Dawid Kurow mu.+ Nnwuma a Hesekia yɛe nyinaa, esii no yiye. 31 Ne nyinaa mu no, bere a Babilon mpanyimfo somaa wɔn ananmusifo baa ne nkyɛn bebisaa no sɛnkyerɛnne*+ a asi asaase no so+ no, nokware Nyankopɔn no gyaw no de sɔɔ no hwɛe,+ na ama wahu nea ɛwɔ ne koma mu nyinaa.+

32 Hesekia ho nsɛm a aka ne ɔdɔ a enni huammɔ a ɔdaa no adi+ no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Amus ba odiyifo Yesaia anisoadehu mu+ wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nhoma no mu.+ 33 Hesekia ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ koko so, beae a ɛkɔ Dawid mma amusiei+ no; owui no, Yuda ne Yerusalemfo nyinaa dii no ni. Na ne ba Manase bedii n’ade.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena