Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien
4 Afei ɔyɛɛ kɔbere afɔremuka no;+ ne tenten yɛ basafa 20, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na efi soro besi fam yɛ basafa 10.
2 Ɔde dade yɛɛ ɔsɛn kɛse a wɔde nsu begu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ efi ano kosi ano yɛ basafa 10. Ɔsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na efi soro besi fam yɛ basafa 5. Hama a ne tenten yɛ basafa 30 na etumi twa ho hyia.+ 3 Ɛrekɔ ase no, ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agude nkuruwankuruwa+ bi wɔ Ɛpo no ho nyinaa hyiae; basafa baako biara, edu na ɛwom. Ebi wɔ soro na ebi wɔ fam. Wɔyɛɛ ɛno ne ɔsɛn no nyinaa boom. 4 Wɔde sii kɔbere anantwi 12 so;+ anantwi no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔe fam, 3 ani kyerɛ anaafo fam, na 3 ani kyerɛ apuei fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase. 5 Ɔsɛn no pipiripi te sɛ nsayam;* ná ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apae. Ná etumi fa nsu* bat susuhina* 3,000.
6 Afei nso, ɔyɛɛ asɛn du a wɔde bɛhohoro nneɛma ho. Ɔde anum sisii nifa so, na ɔde anum nso sisii benkum so.+ Ná wɔde bɛhohoro nneɛma a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no ho.+ Ɛpo no de, na asɔfo no de bɛhohoro wɔn ho.+
7 Afei ɔyɛɛ sika kɔkɔɔ nkaneadua+ du sɛnea onyaa ho akwankyerɛ no,+ na ɔde sisii asɔredan no mu; anum wɔ nifa so, na anum nso wɔ benkum so.+
8 Bio nso, ɔyɛɛ apon du, na ɔde sisii asɔredan no mu; anum wɔ nifa so, na anum nso wɔ benkum so,+ na ɔyɛɛ sika nkankyee 100.
9 Ɔyɛɛ asɔfo no adiwo+ ne adiwo kɛse+ no ne n’apon, na ɔde kɔbere faa apon no ho. 10 Ɔde Ɛpo no sii nifa so, ɛrekɔ apuei fam.+
11 Hiram san yɛɛ ade a wɔde sesaw nsõ ne sofi ne nkankyee no.+
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ nokware Nyankopɔn no fi ho+ no: 12 Ɔyɛɛ adum abien+ ne ntaaso nkuruwankuruwa a esi adum abien no so, ne atena abien+ a ɛkata adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho; 13 ɛne atena abien no ho granate akutu* 400+ no, atena no biara ho granate akutu no sa so abien, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho;+ 14 ɛne trɔk du a wɔde twe nsu ne asɛn du a esisi trɔk no so;+ 15 ɛne Ɛpo no ne anantwi 12 a esi wɔn so no;+ 16 ɛne nea wɔde sesaw nsõ, sofi, adinam,+ ne ɛho nneɛma nyinaa. Eyinom nyinaa Hiram-Abif+ yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fi no ho; ɔde kɔbere a wɔatwiw ho na ɛyɛe. 17 Yordan mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ogui wɔ dɔte* mu wɔ Sukot+ ne Sereda ntam. 18 Solomon yɛɛ saa nneɛma yi pii, na wɔammu kɔbere no dodow ano.+
19 Solomon yeyɛɛ nokware Nyankopɔn no fi hɔ nneɛma nyinaa:+ sika kɔkɔɔ afɔremuka,+ apon+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no+ wɔ so, 20 nkaneadua no ne ɛho sika kɔkɔɔ amapa+ nkanea a wɔbɛsɔ wɔ pia mu pia no anim sɛnea mmara no kyerɛ no; 21 ɛne nhwiren, nkanea, ne nneɛma a wɔde fa ogya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe, kyerɛ sɛ, sika kɔkɔɔ amapa; 22 ɛne adumgya, nkankyee, nkuruwa, ne nkankyee a wɔde ogya gu mu a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛe; ɛne ofi no ano kwan, Kronkron Mu Kronkronbea apon+ ne asɔredan no apon a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe no nyinaa.+