Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien
11 Bere a Rehoboam beduu Yerusalem no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda ne Benyamin fi+ akatakyi a wonim ko* ano sɛ wɔne Israel rekɔko na wɔasan adan ahenni no ama Rehoboam; ná wɔyɛ akatakyi 180,000.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa Semaia+ sɛ: 3 “Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam a ɔyɛ Yuda hene no ne Israelfo a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ, 4 ‘Nea Yehowa aka ni: “Monhwɛ na mo ne mo nuanom ankɔko. Obiara nsan nkɔ ne fi, na me na mama aba saa.”’”+ Enti wotiee Yehowa asɛm, na wɔne Yeroboam ankɔko.
5 Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔkyekyee nkurow a ɛyɛ den wɔ Yuda. 6 Nkurow a osiesie ma ɛyɛɛ den no ni: Betlehem,+ Etam, Tekoa,+ 7 Bet-Sur, Soko,+ Adulam,+ 8 Gat,+ Maresa, Sif,+ 9 Adoraim, Lakis,+ Aseka,+ 10 Sora, Ayalon,+ ne Hebron;+ ne nyinaa yɛ nkurow a wɔabɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin nsaase so. 11 Afei nso, osiesiee nkurow no ma ɛyɛɛ den, na ɔde asahene kɔɔ hɔ, na ɔmaa wɔn aduan, ngo ne nsã* wɔ hɔ, 12 na ɔde akyɛm akɛse ne mpeaw guu nkurow a aka no nyinaa nso mu; ɔmaa nkurow no yɛɛ den paa. Yuda ne Benyamin de, na ɔda so di wɔn so.
13 Na asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ Israel nyinaa fii wɔn nkurow mu baa n’afã. 14 Lewifo no gyaw wɔn nsaase a mmoa didi so ne wɔn agyapade,+ na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, efisɛ na Yeroboam ne ne mma apam wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa asɔfo bio.+ 15 Afei Yeroboam paw n’ankasa asɔfo maa sorɔnsorɔmmea*+ no ne abosom a wɔte sɛ mpɔnkye*+ ne nantwi mma ahoni a wayɛ no.+ 16 Na wɔn a wɔde wɔn koma mae sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no fi Israel mmusuakuw nyinaa mu dii wɔn akyi baa Yerusalem sɛ wɔrebɛbɔ afɔre ama Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn.+ 17 Wogyinaa Solomon ba Rehoboam akyi mfe abiɛsa, na wɔmaa Yuda ahenni yɛɛ den, efisɛ wɔnantew Dawid ne Solomon kwan so mfe abiɛsa.
18 Afei Rehoboam waree Mahalat; ná ɔyɛ Dawid ba Yerimot babea. Ná Yerimot yere ne Mahalat maame Abihail. Yese ba Eliab+ na ɔwoo Abihail. 19 Bere bi akyi no, wɔwoo* Yeus, Semaria, ne Saham. 20 Ɛno akyi no, ɔwaree Absalom+ banana Maaka, na ɔne no woo Abia,+ Atai, Sisa, ne Selomit. 21 Rehoboam dɔɔ Absalom banana Maaka sen ne yerenom ne ne mpenafo*+ a wɔaka no nyinaa; onyaa yerenom 18 ne mpenafo 60, na ɔwoo mma mmarima 28 ne mma mmea 60. 22 Enti Rehoboam yɛɛ Maaka ba Abia panyin wɔ ne nuanom so sɛ onni wɔn anim, efisɛ na wabɔ ne tirim sɛ obesi no hene. 23 Nanso ɔyɛɛ n’ade nyansam de ne mma no binom nso totoo Yuda ne Benyamin nsaase ne nkurow a wɔabɔ ho ban nyinaa+ ano, na ɔmaa wɔn nnuan pii, na ɔwarewaree yerenom bebree maa wɔn.