Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 13 kr. 72-76
  • Wɔn a Wɔbɛyɛɛ Yesu Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wɔbɛyɛɛ Yesu Asuafo
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Asuafo A Wodi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yesu Fii Ase Pɛɛ Asuafo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Yii Asomafo Dumienu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Bepɔw So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 13 kr. 72-76

Ti 13

Wɔn a Wɔbɛyɛɛ Yesu Asuafo

HENA ne Onyankopɔn somfo a oye sen biara a watra ase pɛn?— Yesu Kristo, ɛyɛ nokware. So wususuw sɛ yebetumi ayɛ sɛ ɔno?— Wiɛ, Bible ka sɛ ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn sɛ yenni akyi. Na ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ n’asuafo.

So wunim nea Yesu suani a obi bɛyɛ no kyerɛ?— Ɛkyerɛ nneɛma pii. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yesuasua no. Nanso ɛnyɛ ne nyinaa ne no. Ɛsɛ sɛ yegye nea ɔka no di ankasa. Sɛ yegye di a, yɛbɛyɛ nea ɔka kyerɛ yɛn no.

Nnipa pii ka sɛ wogye Yesu di. Wugye di sɛ wɔn nyinaa yɛ n’asuafo ampa?— Dabi, wɔn mu dodow no ara nyɛ n’asuafo. Ebia wɔkɔ asɔre. Nanso wɔn mu dodow no ara nnyee bere mfa nsuaa nea Yesu kyerɛkyerɛe no. Nokwarem no, wɔn a wodi Yesu nhwɛso akyi nkutoo na wɔyɛ n’asuafo.

Ma yɛnka wɔn a wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo bere a na ɔyɛ onipa wɔ asase so no binom ho asɛm. Nnipa a wodii kan bɛyɛɛ n’asuafo no mu biako ne Filipo. Filipo kɔ kɔfrɛɛ n’adamfo Natanael (a wɔsan frɛ no Bartolomeo), a wuhu sɛ ɔte dua bi ase no. Bere a Natanael duu Yesu nkyɛn no, Yesu kae sɛ: “Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!” Ɛyɛɛ Natanael nwonwa ma obisae sɛ: “Ɛdɛn na wode huu me?”

Yesu kae sɛ: “Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma dua no ase no na mihuu wo.” Natanael ho dwiriw no sɛ Yesu huu baabi pɔtee a na ɔwɔ, enti Natanael kae sɛ: “Wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene.”—Yohane 1:49.

Afoforo bɛyɛɛ Yesu asuafo ansa na ade rebɛkye ma Yesu ahu Filipo ne Natanael. Eyinom ne Andrea ne ne nua Petro ne afei Yohane ne ebia Yohane nuabarima, Yakobo. (Yohane 1:35-51) Nanso bere tiaa bi akyi no, wɔsan kɔyɛɛ wɔn mpataayi adwuma no. Afei da bi a na Yesu nenam Galilea Mpoano no, ohuu Petro ne Andrea sɛ wɔregu asawu wɔ po no mu. Yesu frɛɛ wɔn sɛ: “Mommedi m’akyi.”

Yesu kɔɔ n’anim kakra no, ohuu Yakobo ne Yohane. Ná wɔne wɔn papa te ahyɛmma mu resiesie wɔn asawu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wommedi n’akyi. Sɛ wo na Yesu frɛɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn? So anka wubedi n’akyi ntɛmpa ara?— Mmarima yi nim onii ko a Yesu yɛ. Wonim sɛ Onyankopɔn na asoma no. Enti ntɛm ara na wogyaw wɔn mpataayi adwuma no kodii Yesu akyi.—Mateo 4:18-22.

Bere a mmarima yi bɛyɛɛ Yesu akyidifo no, so ɛkyerɛ sɛ ɛno akyi no wɔbɛyɛɛ nea ɛteɛ nkutoo?— Dabi. Ebia wobɛkae sɛ mmarima yi gyee nea na ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse ho akyinnye. Nanso wotiee Yesu asɛm, na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae. Sɛ yɛn nso yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsakra a, yebetumi abɛyɛ Yesu asuafo.

Yesu too nsa frɛɛ nnipa ahorow nyinaa bi sɛ wɔmmɛyɛ n’asuafo. Bere bi aberante sikani bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no ɔkwan a ɔbɛfa so anya daa nkwa. Bere a sodifo sikani no kae sɛ ofi ne mmofraase na wadi Onyankopɔn mmara so no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bedi m’akyi.” Wunim nea esii?—

Wiɛ, bere a ɔbarima no hui sɛ Yesu suani a ɔbɛyɛ no ho hia pii sen sɛ ɔbɛyɛ osikani no, n’ani annye koraa. Wammɛyɛ Yesu suani, efisɛ na ɔdɔ ne sika no sen Onyankopɔn.—Luka 18:18-25.

Bere a Yesu kaa asɛm bɛboro afe biako ne fã akyi no, ɔpaw n’asuafo no mu 12 ma wɔbɛyɛɛ asomafo. Asomafo no yɛ mmarima a na ɔsoma wɔn ma wɔkɔyɛ adwuma titiriw. So wunim wɔn din?— Ma yɛnhwɛ sɛ yebetumi asua a. Hwɛ wɔn mfonini wɔ ha, na hwɛ sɛ wubetumi abobɔ wɔn din anaa. Na afei bɔ mmɔden sɛ wubefi wo tirim abobɔ wɔn din.

Bere bi akyi no, asomafo 12 no mu biako bɛyɛɛ ɔbɔnefo. Ɔne Yuda Iskariot. Ɛno akyi no, wɔpaw osuani foforo ma ɔbɛyɛɛ ɔsomafo. So wunim ne din?— Ɛyɛ Matia. Akyiri yi, Paulo ne Barnaba nso bɛyɛɛ asomafo, nanso na wɔnka 12 no ho.—Asomafo no Nnwuma 1:23-26; 14:14.

Sɛnea yesuae wɔ nhoma yi Ti 1 no, Yesu kyerɛɛ mmofra ho anigye. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa?— Efisɛ na onim sɛ wɔn nso betumi abɛyɛ n’asuafo. Nokwarem no, mmofra betumi aka nsɛm bi wɔ ɔkwan bi so a mpanyimfo mpo betumi atie na wɔanya ɔpɛ sɛ wobetie Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no.

Mmea pii nso bɛyɛɛ Yesu asuafo. Afoforo dii n’akyi ne no tuu kwan bere a ɔkɔɔ nkurow afoforo so kɔkaa asɛm no. Maria Magdalene, Yohana, ne Susana yɛɛ saa. Ebia wɔboa ma wɔnoaa n’aduan na wɔhoroo ne ntade nso.—Luka 8:1-3.

So wopɛ sɛ woyɛ Yesu suani?— Kae sɛ, ka a yɛbɛka kɛkɛ sɛ yɛyɛ n’asuafo no nkyerɛ sɛ yɛyɛ asuafo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ n’asuafo no mu bi wɔ baabiara a yɛwɔ, na ɛnyɛ bere a yɛkɔ Kristofo nhyiam ase nko. So wubetumi asusuw mmeae a ehia sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ Yesu asuafo no bi ho?—

Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ fie. Baabi foforo nso a ehia ne sukuu mu. Nea ɛnsɛ sɛ me ne wo werɛ fi da ne sɛ sɛ yebetumi ayɛ Yesu nokware asuafo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛnea ɔyɛe no da biara da, ɛmfa ho baabi a yɛwɔ.

Afei mommom nkenkan nea Bible ka fa Yesu asuafo ho wɔ Mateo 28:19, 20; Luka 6:13-16; Yohane 8:31, 32; ne 1 Petro 2:21 no.

[Mfonini wɔ kratafa 72]

Hena ne saa ɔbarima yi, na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ Yesu suani?

[Mfonini wɔ kratafa 73]

Hena na Yesu refrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ne suani yi?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 75]

Petro

Andrea

Yakobo (Yohane nua)

Yohane

Filipo

Natanael

Mateo

Toma

Yakobo (Alfeo ba)

Simon

Yuda (wɔsan frɛ no Tadeo)

Yuda Iskariot

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 76]

Henanom ne saa mmea yi a wɔboaa Yesu bere a ɔkɔkaa asɛm no?

[Mfonini wɔ kratafa 76]

Ɛhefa na ehia sɛ woyɛ w’ade te sɛ Yesu suani?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena