Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w23 July kr. 20-25
  • Suasua Yehowa Na Yɛ Fakaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suasua Yehowa Na Yɛ Fakaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YEHOWA NE YESU YƐ FAKAA
  • MMERE DANE A, WO NSO DANE WO HO
  • NKASA NTIA AFOFORO ADWENKYERƐ
  • SƐ YƐYƐ FAKAA A YEBENYA NHYIRA
  • Munnya Afoforo ho Ntease
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Wɔ Ntease!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Su Yɛ Fɛ​—Ne Yam Ye, Ɔwɔ Ntease
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo”​—Nanso Ɔbrɛ Ne Ho Ase
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
w23 July kr. 20-25

ADESUA ASƐM 32

Suasua Yehowa Na Yɛ Fakaa

“Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.”—FILIP. 4:5.

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira

NEA YƐREBESUAa

Ahum retu na yehu nnua mmienu bi. Esiane sɛ dua no baako sɔ nti, ammu, nanso nea ɛnsɔ no abu.

Wopɛ sɛ woyɛ dua yi mu nea ɛwɔ he? (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1. Ɔkwan bɛn so na Kristofo te sɛ dua? (Hwɛ mfoni no nso.)

“DUA a ɛsɔ no, mframa bɔ a, emmu.” Saa bɛ yi ma yehu nokwasɛm titiriw bi. Ɛne sɛ, sɛ dua bi yɛ fakaa, na sɛ mframa bɔ denneennen mpo a, emmu. Yɛn nso, sɛ yebetumi asom Yehowa ama yɛn ani agye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa. Yɛbɛyɛ no sɛn? Baabi a ɔbra no bekyim yɛn akosi biara, ɛsɛ sɛ yegye tom. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo adwenkyerɛ ne wɔn gyinaesi.

2. Baabi a ɔbra no bekyim yɛn akosi biara, su ahorow bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina ano, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa. Afei nso, yɛpɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yehu afoforo mmɔbɔ. Adesua yi mu no, Kristofo bi a ɔbra no kyim wɔn kosii baabi a na ɛyɛ den ma wɔn no, yɛbɛhwɛ sɛnea saa su ahorow yi boaa wɔn. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ sɛnea saa su ahorow yi betumi aboa yɛn nso. Nanso momma yenni kan nsua biribi mfi Yehowa ne Yesu hɔ, efisɛ obiara nni hɔ a ɔyɛ fakaa sen wɔn.

YEHOWA NE YESU YƐ FAKAA

3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa yɛ fakaa?

3 Bible ka sɛ Yehowa yɛ “Ɔbotan,” efisɛ onhinhim. (Deut. 32:4) Nanso ɔsan yɛ fakaa. Mmere dane a, Onyankopɔn nso dane ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma n’atirimpɔw aba mu. Yehowa bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, enti sɛ mmere dane a, yɛn nso yebetumi adane yɛn ho. Yɛhwɛ Bible mu a, yebenya nnyinasosɛm a ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa de agyina ɔhaw biara a yebehyia no ano. Nhwɛso a Yehowa ankasa ayɛ ne nnyinasosɛm a ɔde ama yɛn di adanse sɛ, ɛwom sɛ Yehowa yɛ “Ɔbotan,” nanso ɔsan yɛ fakaa.

4. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ fakaa? (Leviticus 5:7, 11)

4 Bere nyinaa, Yehowa pɛ sɛ yɛde nea edi mu ma no, nanso ɔnhwehwɛ nea ɛboro so mfi yɛn hɔ. Sɛ ɔne yɛn redi a, ɔnhyɛ yɛn ketee sɛ nea yenni mpo, yɛmfa mma no. Yɛnhwɛ sɛnea ɔne Israelfo no dii a ɛma yehu sɛ ɔyɛ fakaa. Wanka sɛ, bere nyinaa ɛsɛ sɛ asikafo ne ahiafo nyinaa bɔ afɔre pɛ. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔma kwan sɛ nea obiara nsa bɛso so no, ɛno na ɔmfa mmɛbɔ afɔre.—Kenkan Leviticus 5:7, 11.

5. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ Yehowa brɛ ne ho ase, na ɔwɔ mmɔborɔhunu.

5 Esiane sɛ Yehowa brɛ ne ho ase na ɔwɔ mmɔborɔhunu nti, ɔyɛ fakaa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ansa na Yehowa resɛe abɔnefo a ɛwɔ Sodom no, nea ɔyɛe no di adanse sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Yehowa somaa abɔfo ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔtreneeni Lot sɛ onguan nkɔ bepɔw bi so. Ná Lot suro sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔne n’abusua nkɔbɔ wɔn ho aguaa wɔ Soar mmom. Ná Soar yɛ kurow ketewa bi a Yehowa abɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛsɛe no. Anka Yehowa betumi ahyɛ Lot ketee sɛ ɔnyɛ nea waka no. Nanso, ɔyɛɛ Lot abisade no maa no, enti wansɛe Soar. (Gen. 19:18-22) Mfe pii akyi no, Yehowa huu Niniwefo no nso mmɔbɔ. Ɔsomaa odiyifo Yona sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔn bɔne nti, ɔrebɛsɛe wɔne wɔn kurow no nyinaa. Nanso bere a wɔsakrae no, Yehowa huu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe kurow no.—Yona 3:1, 10; 4:10, 11.

6. Sɛnea Yehowa yɛ fakaa no, ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ Yesu suasuae.

6 Sɛnea Yehowa yɛ fakaa no, Yesu suasuae. Yehowa somaa no baa asaase so sɛ ɔmmɛka asɛmpa no nkyerɛ “Israel fi nguan a wɔayera no.” Nanso bere a na ɔreyɛ saa adwuma no, ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ fakaa. Bere bi, ɔbea bi a na ɔnyɛ Israelni de ne babea a “ahonhommɔne reteetee” no baa ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔnsa no yare mma no. Yesu huu ɔbea no mmɔbɔ, na ɔsaa ne babea no yare. (Mat. 15:21-28) Yɛnhwɛ nhwɛso foforo. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔpo me . . .  no, me nso mɛpo no.” (Mat. 10:33) Nanso bere a Petro poo no mprɛnsa no, ɔno nso poo no anaa? Daabi. Yesu hui sɛ Petro anu ne ho, na ɔyɛ onipa pa. Bere a wɔnyan Yesu fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Petro, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no, na ɔda so ara dɔ no.—Luka 24:33, 34.

7. Sɛnea asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:5 kyerɛ no, sɛn na yɛpɛ sɛ afoforo hu yɛn?

7 Yɛahu sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo yɛ fakaa. Yɛn nso ɛ? Yehowa mpɛ sɛ yɛyɛ kyenkyenenn. (Kenkan Filipifo 4:5.) Bible bi kyerɛ saa nkyekyɛm yi ase sɛ: “Fa w’abrabɔ kyerɛ sɛ wote asɛm ase.” Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Nkurɔfo nim me sɛ, mete asɛm ase, migyaa nsɛm mu, na mitie afoforo adwenkyerɛ? Anaa wɔnim me sɛ meyɛ kyenkyenenn, m’asɛm yɛ den, na meyɛ katee? Ɔkwan a misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa so yɛ biribi no, ɛyɛ a mehyɛ afoforo ketee sɛ wɔn nso mfa saa kwan no ara so anaa? Anaa ɛyɛ a mitie afoforo adwenkyerɛ na sɛ ɛbɛyɛ yiye a mede nea wɔreka no ayɛ adwuma?’ Sɛ yɛamma yɛn asɛm anyɛ twann anaa yɛanyɛ kyenkyenenn a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa ne Yesu paa. Momma yɛnhwɛ tebea mmienu bi a yebetumi akɔ mu a ebehia sɛ yɛyɛ fakaa: Bere a ɔbra no akyim yɛn akosi baabi a ɛyɛ den ma yɛn, ne bere a afoforo adwenkyerɛ ne wɔn gyinaesi ne yɛn de nhyia.

MMERE DANE A, WO NSO DANE WO HO

8. Sɛ ɔbra no kyim yɛn kosi baabi a ɛyɛ den ma yɛn a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ fakaa? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

8 Sɛ ɔbra no kyim yɛn kosi baabi a ɛyɛ den ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa. Nsakrae a ɛte saa betumi akɔfa ɔhaw a yɛnhwɛ kwan abrɛ yɛn. Yare kɛse bi a yɛnhwɛ kwan betumi abɔ yɛn. Ɔman a yɛte mu no sikasɛm betumi asɛe prɛko pɛ. Afei nso, wɔbetumi asesa aban no mpofirim. Ɛba saa a, ebetumi ama yɛn ho akyere yɛn. (Ɔsɛnk. 9:11; 1 Kor. 7:31) Sɛ ahyehyɛde no sesa yɛn dwumadi a, ebetumi ayɛ sɔhwɛ ama yɛn. Ɔhaw biara a yebehyia no, sɛ yɛyɛ nneɛma nnan a edidi so yi a, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano: (1) gye tom sɛ mmere adane, (2) mma w’ani nnyɛ wo w’akyi w’akyi, (3) fa w’adwene si nneɛma pa a wubetumi ayɛ so, (4) boa afoforo.b Momma yɛnhwɛ sɛnea anuanom bi tuu saa anammɔn nnan yi, ne sɛnea ɛboaa wɔn.

9. Ɔkwan bɛn so na awarefo bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo gyinaa ɔhaw bi a na wɔnhwɛ kwan ano?

9 Gye tom sɛ mmere adane. Wɔmaa Emanuele ne Francesca kɔyɛɛ akwampaefo titiriw wɔ ɔman bi so. Bere a wɔyɛe sɛ wɔresua kasa no na wɔahu anuanom yiye ara pɛ na COVID-19 nsanyare no yii ne ti. Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ dan mu kakra. Prɛko pɛ na Francesca maame wui. Ná Francesca pɛ paa sɛ ɔkɔhwɛ n’abusuafo, nanso yare no nti, wantumi ankɔ. Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa saa ɔhaw yi nyinaa ano? Nea edi kan, nea ɛbɛyɛ na ɔhaw no ammene wɔn no, Emanuele ne Francesca boom bɔɔ mpae, na wɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn nyansa a wɔde bedi ɔhaw no ho dwuma nkakrankakra. Yehowa nam n’ahyehyɛde no so buaa wɔn mpaebɔ no bere a ɛfata paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, video bi a wɔhwɛe mu no, wɔbisabisaa onua bi nsɛm, na nea ɔkae no hyɛɛ wɔn nkuran. Onua no kaa sɛ: “Sɛ wugye tom sɛ seesei wo tebea asesa a, ɛbɛma anigye a na wowɔ kan no asan aba, na ɛbɛboa wo ma woakɔ so asom Yehowa na wode hokwan no mpo aboa afoforo.” c Nea ɛtɔ so mmienu, wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛyere wɔn ho ama wɔn ho akokwaw wɔ tɛlefon so adansedi mu, na wɔfii Bible adesua ase mpo. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, nkuranhyɛ ne mmoa a asafo no mufo de maa wɔn no, wɔfii wɔn koma nyinaa mu kyerɛɛ ho anisɔ. Onuawa bi kyerɛe sɛ odwen wɔn ho paa, enti da biara na ɔkyerɛw Bible mu asɛm tiawa bi de sɛnde wɔn; ɔyɛɛ saa ara afe baako. Yɛn nso, sɛ mmere dane, na yɛdane yɛn ho a, nea yebetumi ayɛ no bɛma yɛn koma atɔ yɛn yam.

10. Bere a nsakrae kɛse bi baa onuawa bi asetena mu no, dɛn na ɔyɛe a ɛma otumi gyinaa ano?

10 Mma w’ani nnyɛ wo w’akyi w’akyi, na fa w’adwene si nneɛma pa a wubetumi ayɛ so. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ofi Romania a ɔte Japan; ne din de Christina. Ɔwɔ asafo bi a wɔde Borɔfo kasa yɛ adesua mu. Bere a wɔguu saa asafo no, ɛhaw no paa. Nanso wamma n’ani anyɛ no n’akyi n’akyi. Mmom, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara wɔ asafo a wɔka Japan kasa no mu. Ɔka kyerɛɛ ɔbea bi a na kan no ɔne no yɛ adwuma sɛ ɔmmoa no mma onsua Japan kasa no yiye. Christina ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔmfa Bible no ne Wubetumi Anya Anigye Daa! nhomawa no mmoa no ma onsua Japan kasa no, na ɔno nso gye toom. Christina tumi kaa Japan kasa no yiye. Ɛno da nkyɛn a, ɔbea no nso ani fii ase gyee nokware no ho. Sɛ yɛamma yɛn ani anyɛ yɛn yɛ’akyi, yɛ’akyi, na yɛde yɛn adwene si nneɛma pa a yebetumi ayɛ so a, nsakrae a yɛnhwɛ kwan betumi ama yɛanya nhyira a yɛnhwɛ kwan.

11. Bere a awarefo bi sikasɛm yɛɛ basaa no, dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔtumi gyinaa ano?

11 Boa afoforo. Yɛnhwɛ awarefo bi a wɔte ɔman bi a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ mu. Wɔhyiaa sikasɛm mu ahokyere bere a ɔman no sikasɛm sɛee koraa no. Wɔyɛɛ dɛn na wɔtumi gyinaa ano? Nea edi kan, wɔbɔɔ mmɔden twitwaa nneɛma so. Afei, sɛ́ anka wɔde wɔn adwene besi wɔn haw so no, wɔsii gyinae sɛ wɔbɛboa afoforo, enti wɔyeree wɔn ho kaa asɛmpa no. (Aso. 20:35) Ɔbarima no kaa sɛ, “Esiane sɛ na yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no nti, na yɛntaa nnwinnwen yɛn haw no ho, na ɛma yenyaa bere pii de yɛɛ Onyankopɔn apɛde.” Sɛ nsakrae bi ba yɛn asetena mu a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛho hia paa sɛ yɛboa afoforo, na asɛnka adwuma no ne ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ayɛ saa.

12. Ɔkwan bɛn so na Paul nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ fakaa wɔ asɛnka adwuma no mu?

12 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa wɔ asɛnka adwuma no mu. Yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔn gyidi, wɔn suban ne wɔn amammerɛ gu ahorow. Ná ɔsomafo Paul yɛ fakaa, na yebetumi asuasua no. Yesu paw Paul sɛ ‘ɔnyɛ ɔsomafo mma amanaman no.’ (Rom. 11:13) Enti, Paul kaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo, Greekfo, animdefo, akuafo, atitiriw ne ahemfo. Nea ɛbɛyɛ na Paul atumi aka asɛm no akyerɛ nnipa ahorow-ahorow yi nyinaa no, ɔyɛɛ ‘biribiara maa nnipa ahorow nyinaa.’ (1 Kor. 9:19-23) Ɔde n’ani too fam hwɛɛ wɔn amammerɛ, baabi a wɔfi ne wɔn gyidi, na ɔno nso nwenee n’asɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔn ani agye ho. Yɛn nso, sɛ yɛyɛ fakaa na yɛhwɛ obiara tebea, pɛ asɛm a n’ani begye ho ka kyerɛ no a, ɛbɛma nkurɔfo atie asɛm a yɛka no.

NKASA NTIA AFOFORO ADWENKYERƐ

Dua a ɛsɔ a ɛwɔ mfoni a edi kan no mu no, ahum no tui no, akoa. Mfoni a ɛwowɔ ho no baako mu no, onua bi kura glas a bia wom, na onua a ogyina ne nkyɛn no de ani bi rehwɛ no.

Sɛ yɛyɛ fakaa a, yɛrenkasa ntia afoforo adwenkyerɛ (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Sɛ yɛankasa antia afoforo adwenkyerɛ a, asiane a ɛwɔ 1 Korintofo 8:9 bɛn na yɛbɛkwati?

13 Sɛ yɛanyɛ katee a, ɛbɛboa yɛn na yɛankasa antia afoforo adwenkyerɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anuanom mmea bi ani gye ho sɛ wɔbetwiw wɔn anim, na wɔaka wɔn ano, nanso wɔn mu binom mpɛ. Kristofo binom ani gye ho sɛ wɔbɛnom nsa kakra, nanso afoforo nso nnom koraa. Kristofo nyinaa pɛ sɛ wɔnya apɔwmuden, nanso ɛsono aduru a obiara pɛ. Sɛ yɛtwe no twann sɛ yɛn de paa na eye, na yɛde hyɛ anuanom a ɛwɔ asafo no mu so a, ebetumi ato afoforo hintidua, na ɛde mpaapaemu aba. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa da! (Kenkan 1 Korintofo 8:9; 10:23, 24) Momma yɛnhwɛ nhwɛso mmienu bi a ɛbɛma yɛahu sɛnea yebetumi de Bible nnyinasosɛm ayɛ adwuma na yɛayɛ fakaa. Wei bɛboa ma asomdwoe atena yɛn ntam.

Dua a ɛsɔ no, ahum no tui no, akoa. Mfoni a ɛwowɔ ho no baako mu no, anuanom a wɔfi mmeaemmeae abom retwa mfoni wɔ ɔmantam nhyiam bi ase. Ɛsono ataade a obiara hyɛ, nanso obiara de fata.

Sɛ yɛyɛ fakaa a, yɛrenkasa ntia afoforo adwenkyerɛ (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yehu ntaade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ, ne sɛnea yebesiesie yɛn ho?

14 Ntaadehyɛ ne ahosiesie. Sɛ́ anka Yehowa bɛkyerɛ ntaade pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no, wama yɛn nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma mmom. Ɛsɛ sɛ yɛn ntaadehyɛ ma ɛda adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Ɛnsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ kyenkyenenn, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase ne “adwene a emu da hɔ” siesie yɛn ho. (1 Tim. 2:9, 10; 1 Pet. 3:3) Enti yɛmpɛ sɛ yebesiesie yɛn ho wɔ kwan bi so a, sɛ yɛnam a na obiara rehwɛ yɛn. Bible nnyinasosɛm nso bɛboa asafo mu mpanyimfo ma wɔakwati sɛ wɔbɛhyehyɛ mmara; wɔrenkyerɛ ntaade pɔtee a ɛsɛ sɛ anuanom hyɛ anaa ti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ anaa wɔyi. Ɛho nhwɛso ni. Ná anuanom mmerante bi a ɛwɔ asafo bi mu resuasua ti yi bi a na aba so. Ná wɔtwa ma ɛkɔ fam, nanso na wɔgyaw wɔn ti ho basaa, enti na mpanyimfo no pɛ sɛ wɔboa wɔn. Ná mpanyimfo no bɛyɛ dɛn aboa mmerante no a wɔrenhyɛ mmara mma wɔn? Ɔmansin sohwɛfo no ka kyerɛɛ asafo no mu mpanyimfo sɛ, wɔnka nkyerɛ mmerante no sɛ, “Sɛ wugyina asɛnka agua so na w’ahosiesie no ara na w’atiefo rehwɛ sen sɛ wɔbetie nea woreka no a, ɛkyerɛ sɛ w’ahosiesie no nkɔ yiye.” Saa asɛm tiawa yi boaa mmerante no a na ɛho nhia sɛ mpanyimfo no hyɛ mmara ma wɔn.d

Dua a ɛsɔ no, ahum no tui no, akoa. Mfoni a ɛwowɔ ho no baako mu no, yehu nsa mmienu, na ɛsono aduru a ɛwɔ biara mu. Baako yɛ aborɔfoduru na nea ɛka ho no nso yɛ abibiduru ne toa bi a aduru wom.

Sɛ yɛyɛ fakaa a, yɛrenkasa ntia afoforo adwenkyerɛ (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Sɛ yɛpɛ sɛ yesi yɛn ayaresa ho gyinae a, mmara ne nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn? (Romafo 14:5)

15 Ayaresa. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara si n’ankasa ayaresa ho gyinae. (Gal. 6:5) Sɛ Kristofo resi wɔn ayaresa ho gyinae a, Bible mmara a ɛne sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ne ahonhonsɛm ho no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ di so. (Aso. 15:20; Gal. 5:19, 20) Wei kyerɛ sɛ, ayaresa biara a mogyasɛm anaa ahonhonsɛm nnim no, obiara betumi akyerɛ nea ɔpɛ. Ebinom yare a, ayaresabea nko ara na wɔpɛ sɛ wɔkɔ ma adɔktafo hwɛ wɔn. Afoforo nso fa kwan foforo so sa wɔn ho yare. Ebia yebetumi ate nka paa sɛ ayaresa pɔtee bi na eye anaa ayaresa pɔtee bi nye. Ne nyinaa mu no, sɛ anuanom ka sɛ wɔpɛ ayaresa pɔtee bi a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia wɔn. Wei nti, ɛba ayaresa a, ɛsɛ sɛ yɛma nsɛm a edidi so yi tena yɛn adwenem: (1) Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ama yɛanya ayaresa a edi mu, na ayi yare afi hɔ. (Yes. 33:24) (2) Sɛ Kristoni bi resi n’ayaresa ho gyinae a, nea eye ma no paa no, ɛsɛ sɛ ‘n’adwene si no pi’ wɔ ho. (Kenkan Romafo 14:5.) (3) Ɛnsɛ sɛ yebu afoforo atɛn wɔ gyinae a wɔsi ho, anaa yɛyɛ biribi a ɛbɛto wɔn hintidua. (Rom. 14:13) (4) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛremfa nea yɛpɛ ne nea yɛmpɛ nsɛe baakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no, efisɛ baakoyɛ a ɛte saa som bo paa. (Rom. 14:15, 19, 20) Sɛ yɛma saa nsɛntitiriw yi tena yɛn adwenem a, ɛbɛma ayɔnkofa a yɛne yɛn nuanom wɔ no mu akɔ so ayɛ den. Wei bɛma asomdwoe atena asafo no mu.

Dua a ɛsɔ no, ahum no tui no, akoa. Mfoni a ɛwowɔ ho no baako mu no, asafo mu mpanyimfo bi ahyia. Aberante baako rekasa, na wɔn a aka no retie.

Sɛ yɛyɛ fakaa a, yɛrenkasa ntia afoforo adwenkyerɛ (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛ ɔpanyin bi ne ne mfɛfo mpanyimfo resusuw asɛm bi ho a, ɔbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ n’asɛm nyɛ twann anaa ɔte asɛm ase? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma wɔn asɛm yɛ twann. (1 Tim. 3:2, 3) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ɔpanyin bi anyin sen mpanyimfo a aka no a, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ, ɛno ara nti asɛm biara a ɔbɛka no, ɛsɛ sɛ wɔfa. Ɛsɛ sɛ ohu sɛ Yehowa honhom betumi ama mpanyimfo no mu biara aka asɛm bi a ɛbɛboa ama wɔasi gyinae pa. Afei nso, sɛ asɛm bi ntia Bible nnyinasosɛm, na sɛ mpanyimfo dodow no ara adwene hyia wɔ ho a, mpanyimfo a aka a wɔntwe asɛm twann no, sɛ ɛnyɛ saa na wɔpɛ mpo a, wɔbegye atom.

SƐ YƐYƐ FAKAA A YEBENYA NHYIRA

17. Kristofo a wɔyɛ fakaa no, nhyira bɛn na wɔnya?

17 Sɛ yɛyɛ fakaa a, yenya nhyira pii. Ɛma yɛne yɛn nuanom ntam yɛ kama, na asomdwoe tena asafo no mu. Ɛwom, ɛsono sɛnea yɛn mu biara te ne yɛn amammerɛ, nanso yɛn nyinaa aka abom fɛfɛɛfɛ resom Yehowa. Wei ma yɛn ani gye paa. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛma yenya akomatɔyam, efisɛ yenim sɛ yɛresuasua Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ fakaa no.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Yesu yɛ fakaa no a, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

  • Sɛ mmere dane na yɛn nso yɛdane yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

  • Sɛ yɛyɛ fakaa a, sɛn na ɛboa ma asomdwoe tena asafo no mu?

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

a Yehowa ne Yesu yɛ fakaa, na wɔpɛ sɛ yesuasua wɔn. Sɛ yɛyɛ fakaa, na sɛ mmere dane a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛn nso yɛbɛdane yɛn ho. Ɛho nhwɛso ne bere a yare bi abɔ yɛn anaa yɛn sikasɛm ayɛ basaa. Afei nso, sɛ yɛyɛ fakaa a, ɛbɛboa ama asomdwoe ne koroyɛ atena asafo no mu.

b Hwɛ asɛm a yɛato din, “Sɛ Nneɛma Sesa a, Dɛn na Wobɛyɛ?” no. Ɛwɔ Nyan! No. 4 2016 de no mu.

c Hwɛ video a yɛato din Nsɛm a Wobisabisa—Dmitriy Mikhaylov a ɛwɔ asɛm a yɛato din “Yehowa Maa Ɔtaa Danee Adansedi” mu no. Ɛwɔ March-April 2021 Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma no mu.

d Sɛ wopɛ ntaadehyɛ ne ahosiesie ho nsɛm foforo a, hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 52 no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena