ADESUA ASƐM 29
Woasiesie Wo Ho Ama Ahohiahia Kɛse No Anaa?
“Monyɛ krado.”—MAT. 24:44.
DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa
NEA YƐREBESUAa
1. Adɛn nti na ehia sɛ yesiesie yɛn ho ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi?
SƐ YESIESIE yɛn ho a, etumi gye yɛn nkwa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔn a wɔsiesie wɔn ho ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi no, wɔn na wɔtaa nya nkwa, na wɔtumi boa afoforo. Adɔekuw bi a ɛwɔ Europe ka sɛ: “Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ebetumi ama yɛanya yɛn ti adidi mu.”
2. Adɛn nti na ehia sɛ yesiesie yɛn ho ansa na ahohiahia kɛse no aba? (Mateo 24:44)
2 “Ahohiahia kɛse” no bɛba mpofirim. (Mat. 24:21) Atoyerɛnkyɛm pii wɔ hɔ a, esisi bere a nnipa ani nna. Nanso ahohiahia kɛse no de, ɛnyɛ obiara na ebefu no mu. Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam no, Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ wɔnsiesie wɔn ho ansa na saa da no aba. (Kenkan Mateo 24:44.) Sɛ yesiesie yɛn ho a, mmere bɔne a ɛda yɛn anim no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛfa mu, na yɛaboa afoforo nso ma wɔayɛ saa.—Luka 21:36.
3. Sɛn na animia, tema ne ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama ahohiahia kɛse no?
3 Momma yɛnhwɛ su ahorow mmiɛnsa a ebetumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama ahohiahia kɛse no. Sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnka atemmusɛm a ano yɛ hyew, na atamfo sɔre tia yɛn a, dɛn na yɛbɛyɛ? (Adi. 16:21) Ebehia sɛ yemia yɛn ani na yɛatumi atie Yehowa, na yɛanya ahotoso sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛn nuanom hwere wɔn nneɛma bi anaa wɔn nneɛma nyinaa a, dɛn na yɛbɛyɛ? (Hab. 3:17, 18) Ebehia sɛ yenya tema na yɛatumi aboa wɔn ama wɔn nsa aka nea wɔhia. Sɛ aman bi a wɔaka wɔn ho abom no tow hyɛ yɛn so, na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom tena bom kakra a, dɛn na yɛbɛyɛ? (Hes. 38:10-12) Ebehia sɛ yenya ɔdɔ kɛse ma wɔn, na aboa yɛn ma yɛatumi afa saa mmere bɔne no mu.
4. Ɔkwan bɛn so na Bible no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so mia yɛn ani, yɛda tema adi, na yɛkɔ so da ɔdɔ adi?
4 Onyankopɔn Asɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ, yɛnkɔ so mmia yɛn ani, yɛnna tema adi, na yɛnkɔ so nna ɔdɔ adi. Luka 21:19 ka sɛ: “Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.” Kolosefo 3:12 ka sɛ: “Momfa ayamhyehye . . . nyɛ ataade nhyɛ.” Tesalonikafo nhoma a edi kan 4:9, 10 nso ka sɛ: “Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho. . . . Nanso anuanom, yetu mo fo sɛ, monkɔ so nyɛ no kɛse.” Saa nsɛm yi nyinaa, asuafo a na wɔamia wɔn ani agyina sɔhwɛ mu, na wɔada tema ne ɔdɔ adi na wɔkyerɛw kɔmaa wɔn. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara da saa su ahorow yi adi. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa no, yɛbɛhwɛ sɛnea tete Kristofo no daa saa su ahorow yi mu biara adi. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebesuasua saa asuafo no. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama ahohiahia kɛse no.
KƆ SO ARA MIA W’ANI
5. Sɛn na tete Kristofo no miaa wɔn ani gyinaa sɔhwɛ mu?
5 Ná ehia sɛ tete Kristofo no mia wɔn ani gyina sɔhwɛ mu. (Heb. 10:36) Ɔhaw a nnipa nyinaa hyia bi no da nkyɛn a, na wɔhyia ɔhaw afoforo nso. Wɔn mu bebree wɔ hɔ a, ɛnyɛ Yudasom mu mpanyimfo ne Roma aban no nko na ɛtan wɔn ani, na mmom wɔn ankasa abusuafo nso. (Mat. 10:21) Asafo no mu nso, ɛtɔ da a, na ɛsɛ sɛ wɔko tia awaefo nkyerɛkyerɛ a na ebetumi de mpaapaemu aba no. (Aso. 20:29, 30) Nanso saa Kristofo no miaa wɔn ani gyinaa mu. (Adi. 2:3) Wɔyɛɛ no sɛn? Nnipa bi te sɛ Hiob a wɔmiaa wɔn ani gyinaa sɔhwɛ mu a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, wɔdwinnwen nea wɔyɛe no ho. (Yak. 5:10, 11) Wɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn ahoɔden. (Aso. 4:29-31) Afei nso, sɛ wɔmia wɔn ani gyina sɔhwɛ mu a, nhyira a wɔbenya no, wɔdwinnwen ho.—Aso. 5:41.
6. Nea Merita yɛe a ɛma otumi gyinaa ɔsɔretia ano no, dɛn na wusua fi mu?
6 Wɔn a wɔmiaa wɔn ani gyinaa sɔhwɛ mu a wɔn ho asɛm wɔ Bible ne asafo nhoma mu no, sɛ yɛtaa sua wɔn ho ade na yedwinnwen wɔn nhwɛso no ho a, yɛn nso yebetumi agyina sɔhwɛ ano. Onuawa bi a ɔwɔ Albania a ne din de Merita yɛɛ saa, na ɛboaa no ma ɔsɔretia a emu yɛ den a n’abusuafo de baa no so no, otumi gyinaa ano. Ɔka sɛ: “Bere a misuaa Hiob ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛkaa me koma paa. Ohuu amane paa, nso na onnim nea ɔhyɛ akyi. Ne nyinaa mu no, ɔkaa sɛ: ‘Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu!’ (Hiob 27:5) Sɛ mede me haw no toto Hiob de no ho a, na mihu sɛ me de no nnu baabiara. Hiob de, na onnim nea ɔhyɛ ne sɔhwɛ no akyi, nanso me de minim.”
7. Sɛ yennya nhyiaa sɔhwɛ kɛse bi mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei?
7 Sɛ yɛtaa bɔ Yehowa mpae na yɛka yɛn haw nyinaa kyerɛ no a, ɛno nso betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ara amia yɛn ani. (Filip. 4:6; 1 Tes. 5:17) Yɛrekasa yi, ebia wunnya nhyiaa sɔhwɛ kɛse biara. Nanso bere biara a wobɛte nka sɛ biribi haw wo, w’adwene atu afra anaa biribi hyɛ wo so no, ɛyɛ a wohwehwɛ Yehowa akwankyerɛ anaa? Ɔhaw nketenkete a wuhyia wɔ asetena mu nnɛ no, sɛ wotaa hwehwɛ Onyankopɔn mmoa de di ho dwuma a, daakye nso sɛ wuhyia ɔhaw akɛseakɛse a, worentwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ ne mmoa. Ɛba saa a, wubenya ahotoso sɛ onim bere pɔtee ne ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so aboa wo.—Dw. 27:1, 3.
ANIMIA
Sɔhwɛ biara a yebegyina ano no, ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina foforo a ɛbɛba no ano (Hwɛ nkyekyɛm 8)
8. Ɔkwan bɛn so na Mira nhwɛso no ma yehu sɛ, sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu nnɛ a, ebetumi aboa yɛn daakye? (Yakobo 1:2-4) (Hwɛ mfoni no nso.)
8 Yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu nnɛ a, ɛda adi sɛ ahohiahia kɛse no ba a, yebetumi agyina mu. (Rom. 5:3) Adɛn nti na yebetumi aka saa? Anuanom bebree ahu sɛ, sɛ sɔhwɛ bi ba wɔn so na wɔtumi gyina ano a, ɛboa wɔn ma foforo a ɛbɛsan aba no, wɔtumi gyina ano. Sɛ wɔtumi gyina sɔhwɛ mu a, esiesie wɔn, ɛhyɛ wɔn gyidi den, na ɛma wɔhu sɛ Yehowa ayɛ krado, na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Afei, gyidi a wɔwɔ no boa wɔn ma wɔtumi gyina sɔhwɛ foforo a ɛbɛba no ano. (Kenkan Yakobo 1:2-4.) Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Albania a ne din de Mira ahu sɛ, sɔhwɛ a ohyiae a omiaa n’ani gyinaa mu no, aboa no ma nea ɔrehyia no nnɛ no, otumi gyina ano. Ɔka sɛ ɛtɔ da a ɔte nka sɛ ne haw so kyɛn obiara de. Ɛba saa a, ɔkae sɛnea Yehowa akurakura no mfe 20 a atwam no, na ɔka kyerɛ ne ho sɛ: ‘Hwɛ so di nokware. Ɔhaw bebrebe a Yehowa aboa wo ma woadi so saa mfe yi mu nyinaa no, enti worebɛma ayɛ kwa?’ Wo nso, sɛnea Yehowa aboa wo ma woagyina sɔhwɛ ano no, wubetumi adwinnwen ho. Nya awerɛhyem sɛ, bere biara a wubemia w’ani agyina sɔhwɛ bi ano no, ohu, na obetua wo ka. (Mat. 5:10-12) Afei ahohiahia kɛse no befi ase no, na woahu sɛnea wubemia w’ani agyina sɔhwɛ ano, na ɛbɛboa wo ma woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so agyina mu.
DA TEMA ADI
9. Antiokia asafo a na ɛwɔ Siria no, ɔkwan bɛn so na wɔdaa tema adi?
9 Bere a ɔkɔm kɛse bi sii Yudea no, Antiokia asafo a na ɛwɔ Siria no, yɛnhwɛ nea wɔyɛe. Wɔtee ɔkɔm no ho asɛm no, ɛda adi sɛ wɔnyaa tema maa wɔn nuanom a ɛwɔ Yudea no. Nanso, wɔannya tema kɛkɛ, na mmom, wɔyɛɛ biribi de boaa wɔn nuanom no. Antiokia asafo no “yɛɛ adwene sɛ, nea obiara betumi biara, ɔde bɛba ama wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no.” (Aso. 11:27-30) Ɛwom sɛ na anuanom a wɔredi kɔm no te akyirikyiri, nanso na Kristofo a ɛwɔ Antiokia no asi wɔn bo sɛ wɔbɛboa wɔn.—1 Yoh. 3:17, 18.
TEMA
Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, ɛma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yɛwɔ tema (Hwɛ nkyekyɛm 10)
10. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si na yɛn nuanom ho ka a, nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ tema? (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Yɛn nso, sɛ atoyerɛnkyɛm bi si, na yɛte sɛ yɛn nuanom ho aka a, ntɛm ara, yebetumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ yɛwɔ tema. Ebia yebetumi abisa asafo mu mpanyimfo no sɛ biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de aboa anaa. Yebetumi nso ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no, anaa yebetumi nso abɔ mpae ama wɔn a atoyerɛnkyɛm no ama wɔn ho aka no.b (Mmeb. 17:17) Ɛho nhwɛso ni. Afe 2020 no, Boayikuw a Ɛde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu no, wɔtew 950 wɔ wiase nyinaa sɛ wɔmmoa wɔn a COVID-19 nsanyare no dii wɔn nya no. Yɛda anuanom a wɔde mmoa ma wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu no ase paa. Esiane sɛ wɔwɔ tema ma wɔn nuanom nti, wɔde nneɛma a wɔhia kɔma wɔn, na wɔboa wɔn ma wɔkɔ so som Yehowa. Ɛtɔ da nso a, anuanom afie ne mmeae a yehyiam som a ɛsɛee no, wɔsiesie anaa wɔsan si no foforo.—Fa toto 2 Korintofo 8:1-4 ho.
11. Sɛ yɛda tema adi a, sɛn na ɛhyɛ yɛn soro Agya no anuonyam?
11 Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si na yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛwɔ tema a, afoforo hu mmoa a yɛde ma no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, afe 2019 no, mframa gyampantrudu bi sɛee Ahenni Asa bi wɔ Bahamas. Bere a anuanom resan asi Ahenni Asa no, wɔka kyerɛɛ kɔntrata bi a ɔnyɛ Ɔdansefo sɛ ɔmmɛyɛ adwuma bi mma wɔn, na wɔbisaa no nea obegye. Ɔka kyerɛɛ anuanom no sɛ: “Me ara mede me mfiri ne nneɛma biara a ehia bɛba abɛyɛ adwuma no ama mo, . . . na merennye mo hwee. . . . Mepɛ sɛ meyɛ wei de boa mo ahyehyɛde no. Sɛnea mudwen mo nuanom ho no, ɛyɛ me fɛ paa.” Nnipa a ɛwɔ wiase no, wɔn mu dodow no ara nnim Yehowa. Nanso wɔn mu bebree hu nea Yehowa Adansefo yɛ de boa afoforo no. Nneɛma a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ tema no, sɛ yehu sɛ ɛtwe nkurɔfo bɛn Onyankopɔn a ne “mmɔborɔhunu dɔɔso” no a, ɛma yɛn ani gye paa!—Efe. 2:4.
12. Sɛ yɛda tema adi nnɛ a, sɛn na ɛbɛboa yɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu? (Adiyisɛm 13:16, 17)
12 Adɛn nti na ebehia sɛ yɛda tema adi wɔ ahohiahia kɛse no mu? Bible ma yehu sɛ, wɔn a wɔmfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu no, wɔbehyia ɔhaw nnɛ ne bere a ahohiahia kɛse no aba no. (Kenkan Adiyisɛm 13:16, 17.) Ebia ɛho behia sɛ yɛboa yɛn nuanom ma wɔn nsa ka nneɛma a wɔhia. Sɛ bere so na yɛn Hene, Kristo Yesu rebebu atɛn a, yɛpɛ sɛ ɔba behu sɛ yɛyɛ nnipa a yɛwɔ tema, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde ‘Ahenni no bɛma’ yɛn.—Mat. 25:34-40.
MA WO DƆ MU NYƐ DEN
13. Sɛnea Romafo 15:7 kyerɛ no, sɛn na tete Kristofo no hyɛɛ wɔn dɔ mu den?
13 Ná ɛnyɛ den sɛ obiara behu sɛ tete Kristofo no dodɔ wɔn ho. Nanso wohwɛ a, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho? Asafo a ɛwɔ Roma no, na emu nnipa gu ahorow. Ɛnyɛ Yudafo a na wɔde Mose Mmara no atete wɔn nko ara na na ɛwom, na mmom, na Amanaman mufo a ɛsono wɔn amammerɛ koraa nso wom. Ɛbɛyɛ sɛ na Kristofo no bi yɛ nkoa, ɛnna ebinom nso yɛ adehye. Ebetumi mpo aba sɛ na ebinom wɔ nkoa a wɔhyɛ wɔn ase. Ɛmfa ho sɛ na Kristofo no gu ahorow no, dɛn na wɔyɛe de hyɛɛ wɔn dɔ mu den? Ɔsomafo Paul hyɛɛ wɔn nkuran sɛ “obiara nnye ne yɔnko ntom.” (Kenkan Romafo 15:7.) Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Asɛm a wɔkyerɛɛ ase “obiara nnye ne yɔnko ntom” no, nea ɛkyerɛ ne sɛ yebegye afoforo fɛw so anaa yɛbɛsom wɔn hɔho. Ebi ne sɛ yɛbɛma wɔaba yɛn fie anaa yɛbɛfa wɔn nnamfo. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Paul ka kyerɛɛ Filemon sɛ, n’akoa Onesimo a oguanee no, ‘onnye no fɛw so.’ (Filem. 17) Afei nso, Apolo a na onnim Kristo nkyerɛkyerɛ papa no, Priskila ne Akwila a na wɔnim Kristo nkyerɛkyerɛ yiye no gyee no toom, na “wɔfaa no kaa wɔn ho.” (Aso. 18:26) Kristofo no amma sɛnea na wɔn mu biara yɛ soronko no ampaapae wɔn mu, mmom obiara gyee ne yɔnko toom.
ƆDƆ
Ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom nyinaa (Hwɛ nkyekyɛm 15)
14. Dɛn na Anna ne ne kunu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔdɔ wɔn nuanom?
14 Yɛn nso, sɛ yegye yɛn nuanom tom sɛ yɛn nnamfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Yɛyɛ saa a, mpɛn pii no, wɔn nso bɛdɔ yɛn. (2 Kor. 6:11-13) Momma yɛnhwɛ Anna ne ne kunu a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo no. Bere a wɔde wɔn kɔɔ Afrika Atɔe no, ankyɛ koraa na COVID-19 nsanyare no yii ne ti. Ɛno nti, wɔantumi ne asafo no mufo anhyia. Ɛnde, na awarefo yi bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wɔdɔ anuanom? Wɔfaa video so ne anuanom no dii nkitaho, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔpɛ paa sɛ wɔhu wɔn yiye. Mmusua a ɛwɔ asafo no mu no ani gyei paa, enti na wɔtaa frɛ wɔn, na na wɔsɛnde wɔn mɛsegye. Adɛn nti na awarefo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbehu anuanom? Anna ka sɛ, “Ɔdɔ a ebinom ayi no adi akyerɛ me ne m’abusua wɔ mmere pa ne mmere bɔne mu no, ɛnyɛ ade a me werɛ befi da, na ɛkanyan me ma me nso meda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo.”
15. Nea Vanessa yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ anuanom nyinaa no, dɛn na wusua fi mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, nsafo a yɛwɔ mu no, ɛsono sɛnea obiara te ne sɛnea obiara yɛ n’ade. Sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn mu biara suban pa so a, ɛbɛboa ama ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu ayɛ den. Onuawa bi a ne din de Vanessa a ɔsom wɔ New Zealand no, kan no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔne anuanom bi a ɛwɔ n’asafo mu bɛbɔ. Nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ, sɛ anka ɔbɛtwe ne ho afi anuanom a wɔn ho yɛ no ahi ho no, ɔbɛfa wɔn nnamfo mmom. Ɔyɛɛ saa no, ɛboaa no ma ohuu nea Yehowa pɛ wɔ saa anuanom no ho. Ɔka sɛ: “Efi bere a me kunu bɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo no, daa yehyia anuanom bebree a ɛsono sɛnea obiara te, na ɛnyɛ den sɛ me ne wɔn bɛbɔ. Sɛnea obiara te no, seesei ɛyɛ me fɛ paa. Ɛda adi sɛ Yehowa nso pɛ no saa, efisɛ ɔno na watwe anuanom a ɛsono sɛnea obiara te yi nyinaa aba ne nkyɛn.” Sɛ yɛbɔ mmɔden hu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.—2 Kor. 8:24.
Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ yɛkɔ so ne yɛn nuanom Kristofo bɔ a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛbɔ yɛn ho ban (Hwɛ nkyekyɛm 16)
16. Ahohiahia kɛse no ba a, adɛn nti na ebehia paa sɛ yɛdɔ anuanom? (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Ahohiahia kɛse no ba a, ebehia paa sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, ɛhe na yebenya ahobammɔ? Bere a atamfo tow hyɛɛ Babilon so no, momma yɛnhwɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnyɛ. Ɔkaa sɛ: “Me man, monkɔ, monkɔhyɛ mo mpia mu na monto mo apon mu wɔ mo akyi. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” (Yes. 26:20) Sɛ ahohiahia kɛse no ba a, yɛn nso ebia ebehia sɛ yetie saa akwankyerɛ no. Ebia “mpia” no begyina hɔ ama yɛn nsafo a yɛwɔ mu no. Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ yɛkɔ so ne yɛn nuanom Kristofo bɔ a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛfa yɛn nuanom saa ara kɛkɛ, na mmom saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho dɔ wɔn. Ebia ɛno na ebegye yɛn nkwa!
SIESIE WO HO NNƐ
17. Sɛ yesiesie yɛn ho nnɛ a, ahohiahia kɛse no mu no, dɛn na yebetumi ayɛ?
17 “Yehowa da kɛse no” ba a, nnipa ho behiahia wɔn paa. (Sef. 1:14, 15) Yehowa asomfo nso ho bɛkyere wɔn. Nanso sɛ yesiesie yɛn ho nnɛ a, yɛremmɔ hu, na yebetumi aboa afoforo. Ɔhaw biara a yebehyia no, yebetumi amia yɛn ani agyina mu. Sɛ yɛn mfɛfo agyidifo ho kyere wɔn a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de nea wɔhia ama wɔn de akyerɛ sɛ yɛwɔ tema. Afei nso, sɛ yɛyere yɛn ho dɔ yɛn nuanom nnɛ a, ahohiahia kɛse no mu no, yɛne wɔn ntam rentetew. Yɛyɛ saa a, Yehowa bɛma yɛn daa nkwa wɔ wiase foforo no mu. Saa wiase no mu no, atoyerɛnkyɛm oo, ahohiahia oo, emu biara ho asɛm remmesi yɛn tirim bio.—Yes. 65:17.
DWOM 144 Fa W’ani Si Botae no So!
a Ɛrenkyɛ koraa ahohiahia kɛse no befi ase. Nsɛm akɛseakɛse a ebi nsii da rebesisi. Enti ehia sɛ yemia yɛn ani, yenya tema ne ɔdɔ na aboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho. Momma yɛnhwɛ sɛnea tete Kristofo no nyaa saa su no, ne sɛnea yebetumi asuasua wɔn nnɛ. Afei yɛbɛhwɛ sɛnea saa su ahorow no bɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama ahohiahia kɛse no.
b Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si na obi pɛ sɛ ɔkɔboa a, ɛsɛ sɛ odi kan hyehyɛ Local Design/Construction Volunteer Application (DC-50) anaa Application for Volunteer Program (A-19) no, na ɔtwɛn kosi sɛ wɔbɛfrɛ no.