Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 3 kr. 14-15
  • Abɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔfo
  • Nyan!—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛka abɔfo a, wɔyɛ henanom?
  • Tete no, adwuma bɛn na abɔfo yɛe?
  • Seesei adwuma bɛn na abɔfo reyɛ?
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Abɔfo Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2017
g17 nɔma 3 kr. 14-15
Ɔbɔfo bi ayi ne ho adi akyerɛ Mose wɔ nwura a ɛredɛw no mu

BIBLE NO ADWENE

Abɔfo

Sɛ yɛhwɛ nhoma ahorow, mfonini a nkurɔfo adrɔdrɔ, ne sini mu a, yehu abɔfo ho nsɛm pii. Nanso yɛka abɔfo a, wɔyɛ henanom? Adwuma bɛn na wɔyɛ?

Yɛka abɔfo a, wɔyɛ henanom?

NEA BIBLE AKA

Ansa na Onyankopɔn rebɔ ɔsoro ne asase ne nnipa a wodi kan no, na wabɔ abɔfo dedaw. Sɛ yɛde nnipa toto abɔfo ho a, nnipa mmɛn wɔn koraa. Abɔfo wɔ tumi sen nnipa koraa. Abɔfo deɛ, wɔne Onyankopɔn ankasa na ɛte. Wɔwɔ ahonhom atenae a nnipa ntumi mfa wɔn ani nhu, na wɔrentumi nkɔ hɔ nso. (Hiob 38:4, 7) Bible frɛ abɔde a wɔkorɔn yi “ahonhom” ne “abɔfo.”​—Dwom 104:4.a

Abɔfo dodow yɛ sɛn? Wɔdɔɔso paa. Abɔfo a wɔatwa Onyankopɔn ahengua ho ahyia no, wɔn dodow yɛ “ɔpedudu,” anaa “mpempem huhaa.” (Adiyisɛm 5:11) Sɛ yɛbɛfa asɛm yi sɛnea Bible aka yi ara a, ɛnde yɛbɛka sɛ abɔfo no dodow yɛ ɔpepehaha pii!

‘Mihuu abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ho ahyia, na na wɔn dodow yɛ ɔpedudu ne mpempem huhaa.’​—Adiyisɛm 5:11.

Tete no, adwuma bɛn na abɔfo yɛe?

NEA BIBLE AKA

Ná Onyankopɔn taa ma abɔfo kasa ma no anaa ɔsoma wɔn.b Afei nso, Bible ma yehu sɛ na Onyankopɔn ma wɔyɛ anwonwadwuma. Onyankopɔn somaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔka kyerɛɛ Abraham sɛ mma ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre. Bio nso, Onyankopɔn maa ɔbɔfo no hyiraa Abraham. (Genesis 22:11-18) Ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ nwura bi a na ɛredɛw mu. Ɔbɛkaa asɛm bi kyerɛɛ Mose, na ɛmaa n’asetena sesae koraa. (Exodus 3:1, 2) Bere a wɔde odiyifo Daniel kɔtoo agyata amena mu no, ‘Onyankopɔn somaa ne bɔfo ma okomuamuaa agyata no ano.’​—Daniel 6:22.

“Afei Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ [Mose] wɔ nkyɛkyerɛ bi a ɛredɛw mu.”​—Exodus 3:2.

Seesei adwuma bɛn na abɔfo reyɛ?

NEA BIBLE AKA

Adwuma a nnɛ abɔfo reyɛ no, ɛnyɛ ne nyinaa na yebetumi ahu. Nanso, Bible kyerɛ sɛ, wɔreboa ama nnipa a wɔwɔ adwempa ahu Onyankopɔn yiye.​—Asomafo Nnwuma 8:26-35; 10:1-22; Adiyisɛm 14:6, 7.

Yehowa maa agyapanyin Yakob soo dae bi. Yakob huu sɛ abɔfo redi aforosian wɔ “antweri” anaa atwedeɛ bi so. Ná atwedeɛ no si asase so, na na n’atifi kɔpem soro. (Genesis 28:10-12) Ɛbɛyɛ sɛ Yakob nyaa adwene sɛ Yehowa Nyankopɔn soma abɔfo ma wɔba asase so bɛboa nnipa anokwafo a wohia Yehowa mmoa. Adwene a Yakob nyae no, yɛn nso yebetumi anya bi.​—Genesis 24:40; Exodus 14:19; Dwom 34:7.

“Ohui sɛ antweri bi si asase so na n’atifi kɔpem soro; na ohui sɛ Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ so.”​—Genesis 28:12.

a Bible kyerɛ sɛ abɔfo bi yɛɛ asoɔden sɔre tiaa Onyankopɔn tumidi. Enti Bible frɛ saa abɔfo bɔne no sɛ “adaemone.”​—Luka 10:17-20.

b Nokwasɛm ne sɛ, Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ Bible mu sɛ ‘ɔbɔfo’ no, ne nyinaa kyerɛ ‘obi a yɛsoma no.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena