-
‘N’akwan Nyinaa Tene’Bɛn Yehowa
-
-
TI 11
‘N’akwan Nyinaa Tene’
1, 2. (a) Ntɛnkyea yayaayaw bɛn na wɔbuu Yosef? (b) Ɛdɛn na Yehowa yɛe wɔ ntɛnkyea no ho?
WƆBUU aberante no ntɛnkyea yayaayaw. Ná aberante no ho yɛ fɛ, na na ɔnyɛɛ bɔne biara. Nanso wɔbɔɔ no kwaadu sɛ anka ɔrekɔto ɔbea bi mmonnaa. Wei nti, wɔde no too afiase. Aberante a yɛreka ne ho asɛm yi, ɔno ne Yosef. Ná ɛnyɛ wei ne nea edi kan a wɔabu no ntɛnkyea. Bere a odii mfe 17 no, ɔno ara ne nuanom yii no mae, na ɛkaa dɛ anka wɔkum no. Ne nuanom tɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ obi man so. Bere a ɔkɔɔ hɔ no, ne wura yere de ne ho hyehyɛɛ no sɛ ɔne no nna, nanso wampene. Wei nti, ne wura yere no twaa atoro too ne so, ɛno nti na wɔde no too afiase no. Ná Yosef asɛm no yɛ awerɛhow paa. Wohwɛ a, na ɛte sɛ nea onni kamafo biara.
2 Nanso nea ɛrekɔ so nyinaa, na Onyankopɔn a “ɔdɔ trenee ne atɛntrenee” no rehwɛ. (Dwom 33:5) Yehowa dii Yosef asɛm maa no, na ɔhwɛ ma wɔyii no fii afiase. Anso hɔ ara. Bere a Yosef fii afiase no, Yehowa pagyaw no ma onyaa dibea kɛse wɔ aban mu; ɛmaa no nyaa anuonyam paa. (Genesis 40:15; 41:41-43; Dwom 105:17, 18) Ɛmaa obiara hui sɛ Yosef nyɛɛ bɔne biara, na ɔde dibea kɛse a onyae no gyee Onyankopɔn nkurɔfo nkwa.—Genesis 45:5-8.
Wɔbuu Yosef ntɛnkyea de no too afiase
3. Adɛn nti na obiara mpɛ sɛ yebu no ntɛnkyea?
3 Yosef asɛm no ka koma paa, ɛnte saa? Yɛn mu hena na onhui sɛ wɔabu obi ntɛnkyea da, na yɛn mu hena nso na yɛmfaa bi nnii no da? Nokwasɛm ne sɛ, obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ yebu no ntɛnkyea anaa yesisi no. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa bɔɔ yɛn no, ɔde ne suban no bi duaa yɛn mu, na ne suban atitiriw no, baako ne atɛntrenee. (Genesis 1:27) Sɛ yebetumi ahu Yehowa yiye a, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea atɛntrenee ho hia no. Ɛbɛma yɛn ani agye sɛnea ɔyɛ n’ade ho paa, na aka yɛn ama yɛatwe abɛn no kɛse.
Dɛn Ne Atɛntrenee?
4. Nnipa fam de, yɛka atɛntrenee a, ɛtaa kyerɛ sɛn?
4 Nnipa fam de, yɛka atɛntrenee a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, nea mmara ka no, saa pɛpɛɛpɛ na atumfoɔ de bɛyɛ adwuma ama obiara. Nhoma bi ka sɛ “yɛka atɛntrenee a, ɛfa mmara ho, ɛfa nea nkurɔfo wɔ hokwan sɛ wɔyɛ, ne wɔn asɛde ho. Nea ɛfa ho bio ne sɛ, sɛ obi fata abasobɔ a, ɛsɛ sɛ yɛde ma no, na sɛ obi fata asotwe nso a, ɛsɛ sɛ yɛde ma no.” (Right and Reason—Ethics in Theory and Practice) Nanso ɛnyɛ saa na Yehowa atɛntrenee te. Ɛnyɛ sɛ ɔwɔ hokwan sɛ obu atɛn ara nti, obi yɛ biribi ketekete biara a na wama mmara no ne no adi no ferenkyemm.
5, 6. (a) Hebri ne Greek nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “atɛntrenee” no, ɛkyerɛ sɛn? (b) Sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee a, ɛkyerɛ sɛn?
5 Sɛ yebetumi ate biribiara a ɛfa Yehowa atɛntrenee ho ase yiye a, gye sɛ yɛhwɛ Hebri ne Greek nsɛmfua a wɔdii kan de yɛɛ adwuma bere a wɔkyerɛw Bible no. Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde nsɛmfua atitiriw mmiɛnsa na egyinaa hɔ maa atɛntrenee. Asɛmfua no baako a wɔtaa kyerɛ ase “atɛntrenee” no, wɔtumi nso kyerɛ ase “nea ɛteɛ.” (Genesis 18:25) Nsɛmfua mmienu a ɛka ho no nso wɔtaa kyerɛ ase “trenee.” Wokɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu a, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “trenee” no, wɔkyerɛ ase “ade a ɛteɛ anaa atɛntrenee.” Enti yɛbɛka paa a, trenee ne atɛntrenee reyɛ akyerɛ ade koro.—Amos 5:24.
6 Enti sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee a, na ɛreka akyerɛ yɛn sɛ ɔyɛ nea ɛtene, na nea ade da no, ɔde to hɔ. Saa na ɔyɛ ma obiara; ɔnyɛ nyiyim. (Romafo 2:11) Enti, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn bɛyɛ ade a ɛntene da. Ɔnokwafo Elihu kaa sɛ: “Ɛrentumi mma da sɛ nokware Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne! Na ɛrentumi mma da sɛ ade nyinaa so Tumfo no bɛyɛ adebɔne!” (Hiob 34:10) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa rentumi mmu ntɛnkyea da. Adɛn nti na yɛreka saa? Nneɛma atititiw mmienu bi ntia.
7, 8. (a) Adɛn nti na Yehowa ntumi mmu ntɛnkyea? (b) Sɛ Yehowa ne afoforo reyɛ biribi a, ɛdɛn na ɛma ɔyɛ adetrenee, na obu atɛntrenee?
7 Nea edi kan, Yehowa yɛ kronkron. Yehui wɔ nhoma yi Ti 3 sɛ, Yehowa ho tew, ɔtene, na efĩ ne nkekaawa biara nni ne ho. Enti, ɛnyɛ ade a obetumi ayɛ biribi a ɛntene, na ɔrentumi mmu ntɛnkyea nso da. Yɛnhwɛ nea ɛno kyerɛ. Esiane sɛ yɛn soro Agya no yɛ kronkron nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, ɔrenyɛ ne mma basabasa da. Ná Yesu wɔ Yehowa mu awerɛhyem a ɛte saa. Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya Kronkron, wo ara wo din . . . nti, hwɛ wɔn [asuafo no] so.” (Yohane 17:11) Yɛhwɛ Kyerɛwnsɛm no mu a, Yehowa nko ara na yɛfrɛ no “Agya Kronkron.” Ɛfata sɛ yɛfrɛ no saa, efisɛ agya biara nni hɔ a ɔyɛ kronkron te sɛ Yehowa. Ná Yesu wɔ awerɛhyem paa sɛ n’Agya bɛbɔ n’asuafo no ho ban, efisɛ n’Agya no yɛ kronkron, ne ho tew, na bɔne biara nni ne ho.—Mateo 23:9.
8 Nea ɛtɔ so mmienu, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ne dɔ yɛ kɛse paa, na pɛsɛmenkominya biara nni ne mu. Sɛ ɔne afoforo reyɛ biribiara a, ɔdɔ a ɛte saa ma ɔyɛ adetrenee, na obu atɛntrenee. Yɛka ntɛnkyea a, egu ahorow. Ebi ne nnipa mu nyiyim ne animhwɛ. Mpɛn pii no, adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya na ɛma nkurɔfo bu ntɛnkyea. Ɛnkyerɛ ɔdɔ koraa. Nanso, Bible ka ɔdɔ Nyankopɔn no ho asɛm sɛ: “Yehowa teɛ, na ɔdɔ adetrenee.” (Dwom 11:7) Yehowa ka ɔno ara ne ho asɛm sɛ: “Me, Yehowa, medɔ atɛntrenee.” (Yesaia 61:8) Sɛnea yɛabehu sɛ Onyankopɔn pɛ adetrenee na obu atɛntrenee no, ɛmma wunnya awerɛkyekye anaa?—Yeremia 9:24.
Yehowa Wɔ Mmɔborɔhunu, Na N’atɛntrenee Wie Pɛyɛ
9-11. (a) Sɛn na Yehowa de n’atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu bom yɛ adwuma? (b) Sɛnea Yehowa ne nnipa abɔnefo di no, sɛn na ɛma yehu sɛ obu atɛntrenee, na ɔwɔ mmɔborɔhunu nso?
9 Yehowa atɛntrenee wie pɛyɛ te sɛ ne suban afoforo a aka a ɛyɛ fɛ no; n’atɛntrenee di mu akwan nyinaa mu. Mose kamfoo Yehowa sɛ: “Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, na n’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.” (Deuteronomium 32:3, 4) Asɛm biara nni Yehowa atɛntrenee ho. Ɔnyere mu denneennen, ɛnna ɔngow mu bebree nso.
10 Yehowa de atɛntrenee reyɛ adwuma a, ɔde mmɔborɔhunu ka ho. Dwom 116:5 ka sɛ: “Yehowa wɔ ayamhyehye na ɔyɛ ɔtreneeni [“obu atɛntrenee,” The New American Bible]; yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo.” Ampa, Yehowa bu atɛntrenee, na ɔwɔ mmɔborɔhunu nso. Yɛka sɛ Yehowa bu atɛntrenee a, ɛnkyerɛ sɛ onni mmɔborɔhunu, ɛnna yɛka sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu nso a, ɛnkyerɛ sɛ ommu atɛntrenee. Sɛ Yehowa da mmɔborɔhunu adi a, ɛnkyerɛ sɛ wagow n’atɛntrenee mu dodo. Afei nso, ɛnkyerɛ sɛ n’atɛntrenee mu yɛ den dodo nti na ehia sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi. Mmom, ɔtaa de n’atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu bom yɛ adwuma bere nyinaa. Ma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso.
11 Wɔde bɔne awo nnipa nyinaa, na esiane sɛ bɔne akatua ne owu nti, yɛn nyinaa fata owu. (Romafo 5:12) Nanso, Yehowa ani nnye ɔbɔnefo wu ho. Ɔyɛ ‘Onyankopɔn a oyi ne yam de bɔne kyɛ, ɔwɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.’ (Nehemia 9:17) Nanso, esiane sɛ ɔyɛ kronkron nti, ɔnsosɔ bɔne so. Ɛnde, nnipa a wɔde bɔne awo yɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada mmɔborɔhunu adi akyerɛ yɛn? Nokwasɛm bi wɔ Bible mu a ɛho hia paa, na ɛno na ɛma yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛne sɛ: Agyede a wɔnam so begye nnipa nkwa no, Yehowa atua. Saa ntotoe a Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ ama yɛn yi, sɛ yedu nhoma yi Ti 14 a, yebesua ho ade pii. Agyede no ma yehu sɛ Yehowa atɛntrenee di mu, na ne mmɔborɔhunu nso dɔɔso paa. Agyede no nti, abɔnefo a wɔanu wɔn ho no, Yehowa betumi ahu wɔn mmɔbɔ. Nanso, ɔreyɛ saa nyinaa no, n’atɛntrenee no de, ɔntoto no ase, na ɔngow mu.—Romafo 3:21-26.
Yehowa Atɛntrenee Ma Yɛtwe Bɛn No
12, 13. (a) Adɛn nti na Yehowa atɛntrenee ma yɛtwe bɛn no? (b) Ɛdɛn na Dawid hu faa Yehowa atɛntrenee ho, na sɛn na ebetumi akyekye yɛn werɛ?
12 Yehowa atɛntrenee mpam yɛn mfi ne ho, mmom ɛtwe yɛn bɛn no. Bible ma yehu paa sɛ, sɛ Yehowa rebu atɛntrenee a, ɔde ɔdɔ ne ayamhyehye ka ho. Ma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso, na ɛbɛka yɛn koma paa.
13 Yehowa atɛntrenee wie pɛyɛ, enti odi n’asomfo nokware, na ɔbata wɔn ho bere nyinaa. Yehowa atɛntrenee nti, sɛnea odi n’asomfo nokware na ɔbata wɔn ho no, odwontofo Dawid hui wɔ ɔno ara n’asetena mu. Dawid hui sɛ Yehowa yɛ adamfo a ɔbata ne ho, ɛnna ohuu sɛnea Yehowa ne afoforo nso faa adamfo. Ɛno nti, Dawid kaa sɛ: “Yehowa dɔ atɛntrenee, na ɔrennyaw n’anokwafo. Ɔbɛhwɛ wɔn so daa.” (Dwom 37:28) Saa asɛm yi ma yɛn koma tɔ yɛn yam paa! Wɔn a wɔdi yɛn Nyankopɔn no nokware no, ɔrennyaw wɔn mu da. Yehowa atɛntrenee nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbata yɛn ho, na ɔma n’ani ku yɛn ho.—Mmebusɛm 2:7, 8.
14. Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ma yehu sɛ odwen mmɔborɔwafo ho. Ɛdɛn na ɛkyerɛ saa?
14 Onyankopɔn de n’atɛntrenee di ma mmɔborɔwafo. Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ma yehu sɛnea odwen mmɔborɔwafo ho. Wo de hwɛ, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe fɛfɛɛfɛ bi wɔ Mose Mmara no mu, na ɛmaa nnyanka ne akunafo nsa kaa nneɛma a wɔhia. (Deuteronomium 24:17-21) Yehowa hui sɛ na asetena betumi ayɛ den ama nnyanka ne akunafo, enti ɔno ankasa bɛyɛɛ wɔn Agya bɔɔ wɔn ho ban. Na ‘obuu atɛntrenee maa nnyanka ne akunafo.’a (Deuteronomium 10:18; Dwom 68:5) Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔsisi mmea ne nkwadaa a wɔnni kamafo, na wɔsu frɛ no a, obetie wɔn sufrɛ. Ɔkaa sɛ: “M’abufuw bɛdɛw.” (Exodus 22:22-24) Ɛwom sɛ Yehowa ntaa mfa abufuw, nanso sɛ obi hyɛ da sisi nkurɔfo, ɛnkanka, mmɔborɔwafo ne wɔn a wɔnni kamafo a, ɛma ne bo fuw, na sɛ ne bo fuw a, ɛfata.—Dwom 103:6.
15, 16. Ade baako bɛn paa na ɛkyerɛ sɛ Yehowa nhwɛ nnipa anim?
15 Yehowa ama yɛn awerɛhyem nso sɛ “ɔnyɛ nyiyim na onnye adanmude” anaa braeb. (Deuteronomium 10:17) Nnipa a ɛwɔ tumi wɔ wiase yi mu no, wɔtaa di ma asikafo ne wɔn a wɔwɔ din. Yehowa de, ɔnte saa koraa. Ɔnhwɛ nnipa anim, na ɔnyɛ nyiyim nso. Ma yɛnhwɛ ade baako bi a ɛkyerɛ paa sɛ Yehowa nhwɛ nnipa anim. Ɛne sɛ, kwan a Onyankopɔn abue ama yɛn sɛ yɛmmɛsom no na yennya daa nkwa no, ɛnyɛ nnipa atitiriw bi nko ara na ɛwɔ hɔ ma wɔn. Mmom no, Bible ka sɛ “ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Saa hokwan kamakama yi, Yehowa abue ama obi biara. Sɛ onipa no te sɛn oo, ɔte sɛn oo, ɔyɛ tuntum oo, ɔyɛ kɔkɔɔ oo, ofi he oo, ofi he oo, hokwan no wɔ hɔ ma obiara. Enti sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim na ɔnyɛ nyiyim a, ɛnyɛ nokware anaa?
16 Ma yɛnhwɛ ade foforo a Yehowa de n’atɛntrenee yɛ: ɛno ne sɛnea ɔne wɔn a wɔbu ne mmara so di.
Ɔremma Nea Odi Fɔ Mfa Ne Ho Nni
17. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ntɛnkyea a abu so wɔ wiase yi mu no nkyerɛ sɛ Yehowa mmu atɛntrenee?
17 Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘Sɛ Yehowa nsosɔ bɔne so a, ɛnde adɛn nti na ntɛnkyea abu so ama nnipa bebree rehu amane, na nnipa abrabɔ aporɔw wɔ wiase saa?’ Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no nkyerɛ sɛ Yehowa mmu atɛntrenee. Bɔne a nnipa nya fii Adam hɔ no na akɔfa ntɛnkyea pii a ɛrekɔ so wɔ wiase bɔne yi mu no aba. Afei nso, nnipa pii wɔ wiase yi mu a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie Yehowa asɛm, na ne nyinaa ka ho bi na ntɛnkyea abu so saa no. Nanso ɛrenkyɛ, ne nyinaa to betwa.—Deuteronomium 32:5.
18, 19. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔn a wɔhyɛ da bu Yehowa mmara so no, ɔremma wɔmfa wɔn ho nni?
18 Ampa, nnipa a wɔwɔ koma pa na wɔpɛ sɛ wɔtwe bɛn Yehowa no, oyi mmɔborɔhunu kɛse adi kyerɛ wɔn, nanso ɔrenhwɛ mma nnipa ngu ne din kronkron no ho fĩ afebɔɔ. (Dwom 74:10, 22, 23) Atɛntrenee Nyankopɔn no nyɛ obi a yedi ne ho fɛw, na nkurɔfo a wɔasi wɔn bo sɛ bɔne ara na wɔbedi no, ɔbɛma wɔanya asotwe a ɛfata wɔn. Yehowa yɛ “Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso. . . . Nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni da.” (Exodus 34:6, 7) Saa asɛm yi nti, wɔn a wɔhyɛ da bu Yehowa mmara so no, ɛyɛ a Yehowa taa twe wɔn aso.
19 Wo de, yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn ne tete Israel man no dii. Bere a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asase no so mpo no, wɔkɔɔ so yɛɛ Yehowa so asoɔden mpɛn pii. Ɛwom sɛ nneɛma bɔne a wɔyɛe no maa Yehowa “werɛ howee” de, nanso wampo wɔn prɛko pɛ. (Dwom 78:38-41) Mmom, ohuu wɔn mmɔbɔ, na ɔmaa wɔn akwannya sɛ wɔmfa nsesa wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’ani nnye ɔbɔnefo wu ho; nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bɛsesa n’akwan na wanya nkwa. Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so. O Israel fi, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ muwuwu?” (Hesekiel 33:11) Esiane sɛ nkwa som bo ma Yehowa nti, ɔsomaa n’adiyifo kɔɔ Israelfo no nkyɛn mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbegyae nneɛma bɔne a na wɔreyɛ no. Nanso, na wɔn mu dodow no ara asen wɔn kɔn, enti wɔantie Yehowa asɛm ansakra wɔn adwene. Esiane sɛ Yehowa din kronkron no ho hia no nti, eduu baabi no, ɔmaa kwan maa Israelfo no atamfo dii wɔn so nkonim.—Nehemia 9:26-30.
20. (a) Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii no, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne ho? (b) Adɛn nti na ɛfata sɛ Bible de gyata gyina hɔ ma Nyankopɔn atɛntrenee?
20 Yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii a, ɛdɛn na yehu fa ne ho? Ade baako a yehu ne sɛ, Yehowa ani hu biribiara, enti nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ no, ohu ne nyinaa, na etumi ma ne werɛ how paa. (Mmebusɛm 15:3) Yehu nso sɛ, abɔnefo a wɔnu wɔn ho no, ɛyɛ a ohu wɔn mmɔbɔ, na ɛno ma yenya awerɛkyekye. Afei nso, yɛahu sɛ ɔmpere ne ho mmu atɛn. Yehowa abotare nti, ɛyɛ a nnipa bebree nya adwene sɛ, ɔrentwe abɔnefo aso da. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware, efisɛ sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo no dii no ma yehu sɛ n’abotare wɔ baabi a ekosi. Yehowa nte sɛ nnipa a ɛtɔ da a wɔsuro sɛ wɔbebu atɛntrenee no. Ɔno de, ɔwɔ akokoduru a ɔde bu atɛntrenee. Ɛno nti na Bible de gyata gyina hɔ ma akokoduru a Yehowa de bu atɛntrenee no. Ɛfata sɛ yɛde gyata ka Onyankopɔn tenabea ne n’ahengua ho asɛm. Efisɛ gyata gyina hɔ ma akokoduru a yɛde bu atɛntrenee.b (Hesekiel 1:10; Adiyisɛm 4:7) Wei nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, ɛbɔ a wahyɛ sɛ obetu ntɛnkyea ne nsisi afi asase so no, obedi so. Enti, sɛnea Yehowa bu atɛn no, yebetumi abɔ no mmua sɛ: sɛ ehia sɛ ɔde ne nan si fam a, ɔyɛ, na sɛ ehia sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi nso a, ɔyɛ saa.—2 Petro 3:9.
Twe Bɛn Atɛntrenee Nyankopɔn No
21. Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa bu atɛntrenee ho a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ne ho, na adɛn ntia?
21 Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa bu atɛntrenee ho a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔyɛ ɔtemmufo a onni tema a n’asɛm yɛ den a nea ɔretwɛn ara ne sɛ obi bɛyɛ bɔne na watwe n’aso. Mmom, ɛsɛ sɛ yehu no sɛ Agya a ɔdɔ ne mma, na sɛ ehia sɛ ɔde ne nan si fam yɛ biribi a, ɔyɛ no saa; nea ɔyɛ biara nso boa ne mma. Yehowa yɛ Agya a obu atɛntrenee, na ɔde ne nan si fam yɛ nea ɛtene, nanso sɛ ne mma a wɔwɔ asaase so hia ne mmoa anaa ehia sɛ ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn a, ohu wɔn mmɔbɔ.—Dwom 103:10, 13.
22. Anidaso papa bɛn na Yehowa ama yɛanya, na ɛdɛn na ama yɛanya saa anidaso no?
22 Sɛ yɛka sɛ Yehowa bu atɛntrenee a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso; wei ma yɛn ani gye paa! N’atɛntrenee no nso ama yɛanya anidaso papa bi. Ɛno ne daa nkwa, aane, nkwa a edi mu a yebenya wɔ wiase a “trenee bɛtena” mu no. (2 Petro 3:13) Wei ma yehu sɛ Onyankopɔn atɛntrenee ma ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa agye nnipa nkwa, na ɛnyɛ akwan a ɔbɛfa so atwe yɛn aso. Momma yɛnka, sɛ yɛte Yehowa atɛntrenee ase yiye a, ɛtwe yɛn bɛn no! Sɛnea Yehowa bu atɛntrenee no, yɛbɛto yɛn bo ase ahwehwɛ mu yiye wɔ eti a edidi so no mu.
a Asɛmfua “nnyanka” a ɛwɔ ha no kyerɛ sɛ, ɛnyɛ mmarimaa a wɔn papanom awuwu nko ara na Yehowa dwen wɔn ho, mmom odwen mmaayewa a wɔn papanom awuwu nso ho. Selofehad woo mmea nko ara; wanwo ɔbabarima. Nanso bere a owui no, Yehowa kaa sɛ wɔmfa n’agyapade mma ne mma mmea no. Gyinae a Yehowa sii no, ɔma wɔde hyɛɛ Mose Mmara no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ mmaayewa a wɔn papanom awuwu nyinaa ho ban.—Numeri 27:1-8.
b Bere bi a Yehowa rebu Israelfo a wɔanni nokware no atɛn no, ɔde ne ho totoo gyata ho.—Yeremia 25:38; Hosea 5:14.
-
-
‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’Bɛn Yehowa
-
-
TI 12
‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’
1. Sɛ nkurɔfo sisi yɛn anaa wɔsisi obi a, ɛyɛ a ɛka yɛn sɛn?
NKURƆFO bi asisi aberewa kunafo bi agye ne sika a waboaboa ano ne nkwa nna nyinaa. Maame bi a onni abadae atow ne ba a wawo no tɛkyɛɛ akyene. Wɔde ɔbarima bi akɔto afiase sɛ wayɛ bɔne, nanso ɔnyɛɛ hwee. Wote nsɛm a ɛte saa a, ɛyɛ a ɛka wo sɛn? Yegye di sɛ etumi haw wo paa. Na sɛ ɛhaw wo a, ɛyɛ ne kwan so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nnipa de, sɛ biribi rekɔ so na eye a, yɛn ani gye, na sɛ enye nso a, etumi haw yɛn. Ɛno nti, sɛ obi sisi obi anaa obu no ntɛnkyea a, ebetumi ama yɛn bo afuw paa. Nea obi adi no bɔne no, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛpata no, na nea ɔyɛɛ bɔne no de, yɛpɛ sɛ mmara ne no di paa. Sɛ atɛntrenee anyɛ adwuma a, ebia yebebisa sɛ: ‘Enti nea ɛrekɔ so yi, Onyankopɔn nhu? Na sɛ ohu a, adɛn nti na ɔnyɛɛ ho hwee?’
2. Bere a Habakuk huu ntɛnkyea a ɛrekɔ so no, ɛdɛn na ɔyɛe, na adɛn nti na Yehowa bo amfuw no?
2 Efi tete besi nnɛ nyinaa, Yehowa asomfo anokwafo bi abisa nsɛm a ɛte saa. Wo de, yɛnhwɛ obi te sɛ odiyifo Habakuk. Ɔbɔɔ mpae bisaa Onyankopɔn sɛ: “Adɛn nti na woma mehwɛ ntɛnkyea a ɛyɛ asefem saa? Adɛn nti na woama awudisɛm, mmarato, nsɛmmɔnedi, ne atirimɔdensɛm abu so wɔ baabiara?” (Habakuk 1:3, Contemporary English Version) Bere a Habakuk bisaa saa asɛm no, Yehowa bo amfuw no. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa ankasa na ɔde atɛntrenee duaa nnipa mu. Ampa, Yehowa de n’atɛntrenee no bi ahyɛ yɛn mu.
Yehowa Kyi Ntɛnkyea
3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ntɛnkyea a ɛrekɔ so no, Yehowa hu sen yɛn?
3 Ntɛnkyea a ɛrekɔ so nyinaa, Yehowa ani tua; ohu biribiara. Bible ka nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so ho asɛm sɛ: “Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na nea osusuw ho wɔ ne komam nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.” (Genesis 6:5) Wo de, susuw saa asɛm no ho hwɛ. Yɛn de, ntɛnkyea kakra a yɛate ho asɛm anaa nea nkurɔfo de adi yɛn no, ɛno na yenim. Nanso Yehowa de, ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase baabiara no, ohu. Baako koraa nni hɔ a, onhu! Nea ɛsen saa no, otumi hu nsusuwii bɔne a ɛwɔ nnipa koma mu a ɛma yɛyɛ nneɛma bɔne no.—Yeremia 17:10.
4, 5. (a) Bible mu asɛm bɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa dwen wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no ho? (b) Yehowa ankasa nso, sɛn na wɔde ntɛnkyea no bi adi no?
4 Ɛnyɛ ntɛnkyea a ɛrekɔ so no nko ara na Yehowa hu. Mmom, wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no, Yehowa dwen wɔn ho paa. Bere a aman bi tuu wɔn ani sii Yehowa nkurɔfo so teetee wɔn no, ɛyɛɛ Yehowa yaw sɛ “nkurɔfo dii wɔn ani na wɔteetee wɔn ma wɔtew nisu.” (Atemmufo 2:18) Ebia woahyɛ no nsow sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a sɛ wɔhu sɛ ntɛnkyea pii rekɔ so a, ebedu baabi no, sɛ wɔhu bi a, ɛnhaw wɔn bio. Nanso Yehowa de, ɔnte saa koraa! Ntɛnkyea a ɛkɔɔ twi kɔɔ berɛman nyinaa, wahu bi. Wahu no saa bɛyɛ mfe 6,000 ni. Nanso, ɔda so ara kyi ntɛnkyea kɔkɔɔkɔ. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa kyi nneɛma te sɛ “tɛkrɛma a edi atoro,” “nsa a ehwie mogya a edi bem gu,” ne “ɔdansekurumfo a otwa nkontompo.”—Mmebusɛm 6:16-19.
5 Wo de, yɛnhwɛ ade foforo nso a ɛkyerɛ sɛ Yehowa kyi ntɛnkyea. Bere a na Israel akannifo rebu ntɛnkyea no, Yehowa kasa tiaa wɔn denneennen. Ɔde ne honhom kaa odiyifo bi ma obisaa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ mo na anka ɛsɛ sɛ muhu nea ɛteɛ?” Sɛnea na saa mmarima a wɔn bra asɛe no de wɔn tumi resisi nkurɔfo no, Yehowa kaa ho asɛm; wamfa biribiara ansie. Owiei no, ɔkyerɛɛ nea ɛbɛba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Wobesu afrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn, nanso ɔremmua wɔn. Ɔde n’anim behintaw wɔn saa bere no, wɔn nneyɛe bɔne nti.” (Mika 3:1-4) Wei ma yehu sɛ Yehowa kyi ntɛnkyea ampa! Ɔno ankasa mpo, wɔde bi adi no! Mfe mpempem pii ni na Satan atwa Yehowa adapaa, nanso nsɛm a wakeka afa Yehowa ho no, baako koraa nyɛ nokware. (Mmebusɛm 27:11) Afei nso, yɛreka ntɛnkyea a emu yɛ yaw paa a ɛmaa Yehowa dii yaw a, ɛno ne ntɛnkyea a wɔbuu ne Ba no. Ne Ba no ‘anyɛ bɔne biara,’ nanso wɔkum no sɛ ɔdebɔneyɛni. (1 Petro 2:22; Yesaia 53:9) Enti yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no, Yehowa hu ne nyinaa, na odwen wɔn ho papaapa.
6. Sɛ nkurɔfo bu yɛn ntɛnkyea a, anhwɛ a yɛbɛyɛ yɛn ade sɛn, na adɛn ntia?
6 Yenim sɛnea Yehowa te nka wɔ ntɛnkyea ho, nanso sɛ nkurɔfo bu yɛn ntɛnkyea anaa obi bu obi ntɛnkyea a, yɛn bo nnwo so koraa. Sɛ ɛba saa a, ɛnyɛ nwanwa. Efisɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so, na ntɛnkyea nso de, ɛne Yehowa suban biara nhyia. (Genesis 1:27) Ɛnde, adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ama ntɛnkyea rekɔ so?
Asɛm Bi a Ɛho Hia
7. Asɛm bɛn na Satan ka faa Yehowa ho wɔ Eden turo no mu?
7 Sɛ yebehu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ama ntɛnkyea rekɔ so a, ma yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ Eden turo no mu. Yɛahu sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hokwan sɛ odi asaase ne wɔn a wɔte so nyinaa so. (Dwom 24:1; Adiyisɛm 4:11) Nanso, bere a Yehowa bɔɔ nnipa no, ankyɛ koraa na obi sɛee Yehowa din. Ɔsan nso kaa sɛ sɛnea Yehowa di ne tumi no nyɛ papa. Ɛdɛn na ɛkɔfaa wei bae? Nea ɛte ne sɛ, bere a Yehowa bɔɔ Adam, onipa a odi kan no, ɔde no tenaa Paradise, na na dua bi si turo mu hɔ. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ odi saa dua no so aba. Sɛ wantie a, ɛdɛn na na ɛbɛto no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Ahyɛde a Onyankopɔn de maa Adam ne ne yere Hawa no, na ɛnyɛ den sɛ wɔbedi so. Nanso, Satan yɛe ara maa Hawa begye dii sɛ Onyankopɔn yɛ katee dodo. Ɛdɛn na Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ odi dua no so aba a obenya? Satan twaa atoro kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu. Mmom Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Genesis 3:1-5.
8. (a) Asɛm a Satan ka kyerɛɛ Hawa no, adwene bɛn na na ɔpɛ sɛ Hawa nya? (b) Nsɛm bɛn na Satan keka faa Onyankopɔn din ne ne tumidi ho?
8 Asɛm a Satan kae no, nea na ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ Yehowa de biribi a ɛsɛ sɛ Hawa hu asie no. Afei nso, na Satan repɛ akyerɛ sɛ Yehowa anka nokware ankyerɛ Hawa. Nea Satan yɛe no nti, Hawa nyaa adwene sɛ onii a yɛfrɛ no Yehowa no, ɔnyɛ onipa papa. Nea Satan yɛe no sɛee Onyankopɔn din paa. Afei nso, ɔkasa tiaa ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no. Satan anka sɛ ɛnyɛ Yehowa na odi nneɛma nyinaa so tumi; ɛno de, wannye ho kyim koraa. Mmom, nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, Yehowa mfata sɛ odi nnipa so, na ɔkwan a ɔfa so di tumi no nso nyɛ papa; ɛmmoa wɔn a odi wɔn so no.
9. (a) Asoɔden a Adam ne Hawa yɛe no, ɛdɛn na efii mu bae, na nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na ɛkɔtwetwe bae? (b) Adɛn nti na Yehowa ankum Adam, Hawa, ne Satan amonom hɔ ara?
9 Bere bi akyi no, Adam ne Hawa nyinaa yɛɛ Yehowa so asoɔden. Dua a Yehowa kaa sɛ mma wɔnnni so aba no, wɔdii. Ná Onyankopɔn aka sɛ wɔdi bi a wɔbewu, na wɔdii no, wɔwui nso. Atoro a Satan dii no kɔtwetwee nsɛmmisa bi a ɛho hia bae. Ebi ne sɛ: Enti Yehowa na ɔwɔ hokwan paa sɛ odi nnipa so, anaa onipa na ɛsɛ sɛ odi ne yɔnko nipa so? Tumi a Yehowa redi no, ɔredi no yiye anaa? Ná anka Yehowa betumi de ne tumi a ɛkyɛn tumi biara no akum Adam ne Hawa ne Satan nyinaa amonom hɔ ara. Nanso yɛnhyɛ no nsow sɛ, Satan anka sɛ Onyankopɔn nni tumi. Mmom, Onyankopɔn din ne ɔkwan a ɔfa so di tumi na ɔkaa ho asɛm. Enti sɛ Onyankopɔn kum Adam ne Hawa ne Satan a, anka ɛno remma obiara nhu sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛyɛ papa. Mmom, anka ɛno bɛma nkurɔfo anya adwene sɛ nea Satan kae nyinaa yɛ nokware. Yemmisa sɛ, sɛ nnipa yi Onyankopɔn si nkyɛn na onipa di ne yɔnko nipa so a, ebesi wɔn yiye anaa ɛrensi wɔn yiye? Ɛno de, na ɛsɛ sɛ ɛbere gu mu ansa na yɛahu nokware a ɛwɔ mu.
10. Efi tete besi nnɛ nyinaa, ɛdɛn na afi nnipa amammu mu aba?
10 Efi bere a atuatew no kɔɔ so wɔ Eden besi nnɛ, mfe mpempem pii atwam. Ɛdɛn na yɛahu? Nnipa asɔ amammu pii ahwɛ; ebi ne kankabi amammu, ka-bi-ma-menka-bi amammu, kwasafo amammu, ne komunis amammu. Ɛdɛn na afi mu aba? Nea Bible aka no, ɛno pɛpɛɛpɛ na yehu. Ɛne sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ odiyifo Yeremia kaa sɛ: “O Yehowa, minim sɛ onipa kwan nni ne nsam. Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.”—Yeremia 10:23.
11. Adɛn nti na Yehowa ama kwan ama nnipa rehu amane?
11 Ná Yehowa nim dedaadaw sɛ, sɛ nnipa yi no si nkyɛn, na onipa di ne yɔnko nipa so a, ɛde ɔhaw ne amanehunu na ɛbɛbrɛ yɛn. Ɛnde, ma a Yehowa ama kwan ama onipa adi ne yɔnko nipa so a akɔfa amanehunu aba yi, ɛkyerɛ sɛ ɔntene anaa? Ɛnte saa koraa! Wo de, yɛnyɛ mfatoho yi: Fa no sɛ yare bi abɔ wo ba, na yɛanyɛ no oprehyɛn a, ebetumi akum no. Wunim sɛ yɛyɛ no oprehyɛn a, ɛbɛyɛ no yaw paa, na wudwen ho a na wo werɛ ahow. Wunim nso sɛ, sɛ yɛyɛ wo ba no oprehyɛn no a, ne yare no bɛkɔ na wanya apɔwmuden. Onyankopɔn nso nim sɛ ma a wama kwan ama onipa redi ne yɔnko nipa so no, ɛbɛma yɛadi yaw na yɛahu amane, na na Yehowa aka ato hɔ dedaw mpo sɛ saa na ɛbɛba. (Genesis 3:16-19) Ná onim nso sɛ, sɛ obetumi ayi ɛyaw ne amanehunu nyinaa afi hɔ a, gye sɛ ɔma nnipa nyinaa hu nsunsuanso bɔne a atuatew no de aba no. Ɔyɛ saa a, ɛnna asɛm a Ɔbonsam ama aba ne tumidi ho no, obesiesie no korakora, a ɛho asɛm rensɔre bio.
Nea Enti a Nnipa Som Onyankopɔn
12. Yɛhwɛ Hiob asɛm no a, sobo bɛn na Satan abɔ nnipa?
12 Bere a Satan kaa sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi nnipa so, na ɔkwan a ɔfa so di tumi nso nyɛ papa no, ɛnyɛ Onyankopɔn din nko na ɔsɛee no; ɔkaa ne tumidi nso ho asɛmmɔne. Afei nso, otwaa atoro too Onyankopɔn asomfo so. Ɔkaa sɛ ɛnyɛ adwempa na wɔde som no. Wei ho nhwɛso ne asɛm a Satan ka faa ɔtreneeni Hiob ho kyerɛɛ Yehowa no. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Woahyira ne nsa ano adwuma so, na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛw asaase so. Wopɛ a, teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”—Hiob 1:10, 11.
13. Bere a Satan bɔɔ Hiob sobo no, ɛdɛn paa na na ɔrepɛ akyerɛ, na wei fa nnipa nyinaa ho sɛn?
13 Satan kyerɛe sɛ nea ama Hiob resom Yehowa ne sɛ, Yehowa de ne tumi na abɔ ne ho ban, kyerɛ sɛ, ɔde ne tumi na atɔ Hiob. Nea na Satan reka ara ne sɛ, nneɛma pa a Hiob nya fi Onyankopɔn hɔ nti na ɔresom no. Satan kyerɛe sɛ, sɛ nneɛma a Onyankopɔn de ama Hiob no fi ne nsa a, ɔbɛdome Onyankopɔn. Ná Satan nim sɛ, sɛ yɛreka obi a “ɔyɛ onipa a ɔteɛ a n’abrabɔ di mu, osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho” a,a Hiob da mu fua. Enti, na Satan adwene ne sɛ, sɛ otumi ma Hiob sɔre tia Onyankopɔn a, obetumi ama onipa biara nso ayɛ saa. Nea na Satan reka ara ne sɛ, wɔn a wɔsom Onyankopɔn nyinaa, nea wɔnya fi ne hɔ nti na wɔsom no. Asɛm a edi hɔ a Satan ka kyerɛɛ Yehowa no na ɛma yehu saa. Ɔkaa sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.”—Hiob 1:8; 2:4.
14. Sobo a Satan de abɔ nnipa nyinaa akyi no, ɛdɛn na abɛda adi?
14 Nea Satan kekae nyinaa akyi, abɛda adi sɛ nnipa pii akɔ amanehunu mu, nanso wɔakɔ so asom Yehowa nokware mu te sɛ Hiob. Nokwaredi a wɔde asom Yehowa no ama ne koma atɔ ne yam. Wei nti, Yehowa betumi de ne nsa akyerɛ wɔn so aka akyerɛ Satan sɛ, ahomaso a ɔde kaa sɛ, sɛ nnipa kɔ amanehunu mu a wɔbegyae Onyankopɔn som no, ɛyɛ atoro. (Hebrifo 11:4-38) Ampa, nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn nnanee wɔn akyi nkyerɛɛ no. Sɛ ɔhaw a emu yɛ den to wɔn, na wɔn ani so tan wɔn mpo a, wɔde wɔn ho nyinaa to Yehowa so hwehwɛ ahoɔden a wɔde begyina mu.—2 Korintofo 4:7-10.
15. Atɛn a Yehowa buu no tete ne nea obebu no daakye no, ɛdɛn na ebia ebinom bebisa afa ho?
15 Yehowa ama yɛahu sɛ ɔfata sɛ odi nnipa so. Yɛabehu nso sɛ ɛnyɛ nneɛma a ɔde ma yɛn nti na yɛsom no. Bible ma yehu sɛ ɔkwan a Yehowa faa so dii saa nsɛm yi ho dwuma no kyerɛ sɛ obu atɛntrenee, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ adetrenee bere nyinaa. Bible ma yehu sɛ tete no, Yehowa buu nnipa bi ne aman bi atɛn. Bible san ma yehu sɛ Yehowa bebu nnipa atɛn daakye. Ɛdɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ atɛn a Yehowa buu no tete no fata, na atɛn a obebu no daakye nso bɛyɛ atɛntrenee?
Onyankopɔn Atɛntrenee Di Mu
Yehowa ‘rempra atreneefo nka abɔnefo ho’ da
16, 17. Sɛ asɛm bi si a, ɛnyɛ bere nyinaa na nea nnipa bɛka afa ho no yɛ nokware. Adɛn ntia?
16 Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “N’akwan nyinaa teɛ.” (Deuteronomium 32:4) Saa asɛm no yɛ nokware. Onipa biara nni hɔ a obetumi aka sɛ n’akwan nyinaa tene. Efisɛ sɛ asɛm bi si a, mpɛn pii no, ɛyɛ a yentumi nhu asɛm no mu nyinaa, enti nea yɛka no ntaa nyɛ nokware. Wo de, hwɛ obi te sɛ Abraham. Bɔne bebrebe a na ɛrekɔ so wɔ Sodom nyinaa akyi no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ mma ɔnnsɛe kurow no. Obisaa Yehowa sɛ: “Enti ampa ara sɛ wobɛpra atreneefo aka abɔnefo ho?” (Genesis 18:23-33) Biribiara kyerɛ sɛ, na Yehowa renyɛ saa da. Ɔtreneeni Lot ne ne mma mmea no koduu Soar kurow no mu asomdwoe mu ansa na Yehowa ‘rema sɔfe ne ogya atɔ afi soro agu Sodom so.’ (Genesis 19:22-24) Nanso Yona de, bere a Onyankopɔn huu Niniwefo mmɔbɔ no, ne “bo fuwii yiye.” Ná Yona adi kan aka akyerɛ Niniwefo no sɛ wɔn bɔne nti Yehowa bɛsɛe wɔn. Bere a wɔnuu wɔn ho na Yehowa huu wɔn mmɔbɔ no, Yona bo fuwii sɛ Yehowa ansɛe wɔn.—Yona 3:10–4:1.
17 Yehowa maa Abraham awerɛhyem sɛ obu atɛntrenee. Ɛno nti, sɛ ɔsɛe abɔnefo a, obegye atreneefo nkwa. Nanso Yona de, na ɛsɛ sɛ Yehowa ma ohu sɛ ɔno Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo. Sɛ abɔnefo sakra wɔn akwan a, ‘oyi ne yam de wɔn bɔne kyɛ wɔn.’ (Dwom 86:5) Nnipa binom twe nkurɔfo aso denneennen de kyerɛ sɛ wɔwɔ tumi. Ebinom nso suro sɛ, sɛ wɔhu nnipa mmɔbɔ a, nkurɔfo bɛka sɛ wɔyɛ mmerɛw. Nanso Yehowa de, ɔnte saa koraa. Ɔno de, sɛ ehia sɛ ohu nnipa mmɔbɔ a, ohu wɔn mmɔbɔ.—Yesaia 55:7; Hesekiel 18:23.
18. Bible mu asɛm bɛn na ɛma yehu sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa fitii ara na ɔrebu atɛn?
18 Yehowa wɔ mmɔborɔhunu de, nanso ommu n’ani ngu bɔne so. Bere a Yehowa nkurɔfo de wɔn ho hyɛɛ abosonsom mu fee no, ɔkaa no denneennen sɛ: “Mebu wo atɛn sɛnea w’akwan te na mama woabu w’akyiwade nyinaa ho akontaa. Merenhu wo mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wo; mɛma w’akwan adan aba wo so.” (Hesekiel 7:3, 4) Enti sɛ nnipa yɛ asoɔden na wɔkɔ so yɛ bɔne a, Yehowa bebu wɔn atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Nanso, Yehowa mmu atɛn kwa. Ansa na obebu atɛn no, na ɔwɔ nnyinaso. Enti, osũ ne nteɛm denneennen a Sodom ne Gomora ma ɛbae no, bere a eduu Yehowa asom no, ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ osũ ne nteɛm a mate no, saa na wɔreyɛ anaa.” (Genesis 18:20, 21) Nnipa de, sɛ yɛte asɛm a, yɛntaa nhwehwɛ mu nwie ansa na yɛabu atɛn; yɛtee medaase abraw ara na yɛama yɛn koraa so. Nanso Yehowa de, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ ɔnte saa! Ampa, sɛnea Bible ka Yehowa ho asɛm no, “ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu.”—Deuteronomium 32:4.
Nya Awerɛhyem Sɛ Yehowa Bu Atɛntrenee
19. Sɛ Yehowa bu ankorankoro anaa nnipakuw bi atɛn na sɛ yɛnte ase a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ?
19 Ɛnyɛ bere nyinaa na Bible ka nea enti a Yehowa buu nnipa bi atɛn, na saa ara nso na ɛnka atemmu pɔtee a Yehowa de bɛba ankorankoro anaa nnipakuw bi so daakye. Sɛ yɛkan Bible mu asɛm bi anaa nkɔmhyɛ bi na yɛannya ho nkyerɛkyerɛmu nyinaa a, yebetumi asuasua odiyifo nokwafo Mika. Ɔkyerɛw sɛ: “Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.”—Mika 7:7.
20, 21. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛyɛ nea ɛtene bere nyinaa?
20 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara mu no, Yehowa bɛyɛ nea ɛtene. Sɛ ntɛnkyea rekɔ so, na ɛte sɛ nea nnipa nyɛ ho hwee mpo a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka.” (Romafo 12:19) Sɛ yɛde ntoboase twɛn Yehowa a, ɛbɛkyerɛ sɛ awerɛhyem a na ɔsomafo Paul wɔ no, yɛn nso yɛwɔ bi. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn nteɛ anaa? Daabida!”—Romafo 9:14.
21 Saa bere yi de, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Ntɛnkyea, ne “nneɛma a nkurɔfo yɛ de hyɛ nnipa so” ama nnipa pii rehu amane. (Ɔsɛnkafo 4:1) Nanso, Yehowa nsesae. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, okyi ntɛnkyea, na wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no, odwen wɔn ho paa. Sɛ yɛkɔ so gyina Yehowa ne ne tumidi akyi a, ɔbɛhyɛ yɛn den ama yɛamia yɛn ani agyina mu akodu bere a n’Ahenni no bɛba ama wayi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ.—1 Petro 5:6, 7.
-
-
“Yehowa Mmara Di Mu”Bɛn Yehowa
-
-
TI 13
“Yehowa Mmara Di Mu”
1, 2. Adɛn nti na nnipa pii mfa nnipa mmara nyɛ hwee? Sɛ obi sua Onyankopɔn mmara a ɔbɛba abehu no sɛn?
ƐNNƐ sɛ wokɔ aman pii so a, nkurɔfo mfa mmara nyɛ hwee bio. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mpɛn pii no, nkurɔfo nte mmara no ase koraa. Afei nso, ebia na aban no yɛ nyiyim. Sɛ nkurɔfo de wɔn asɛm kɔ kɔɔto sɛ enni asɛm no mma wɔn a, mpɛn pii no, ɛkyɛ, na wɔsɛe wɔn ho sika nyinaa.
2 Nanso bɛyɛ mfe 2,700 ni, hwɛ asɛm a obi a ɔkyerɛw Bible no bi kae. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!” (Dwom 119:97) Ɛdɛn na ɛmaa odwontofo no de anigye kaa saa asɛm no? Ɛne sɛ, mmara a ɔkaa ho asɛm fɛfɛɛfɛ saa no, ɛnyɛ wiase atumfoɔ mmara; mmom ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn mmara. Bere a wugu so resua Yehowa mmara no, ebia wo nso, nkakrankakra w’ani begye Yehowa mmara ho te sɛ odwontofo no. Ɛbɛma woahu mmarahyɛfo kunini ne ɔtemmufo kunini no adwene.
Mmarahyɛfo Kunini No
3, 4. Ɛdɛn ne dɛn na Yehowa ayɛ a ɛma yehu sɛ ɔyɛ Mmarahyɛfo?
3 Bible ka sɛ: “Mmarahyɛfo ne Ɔtemmufo baako pɛ na yɛwɔ.” (Yakobo 4:12) Ampa, Yehowa nko ara na ɔfata sɛ ɔhyɛ mmara ma yɛn. Nsoromma, bosome, awia, okyinnsoromma, ne nea ɛkeka ho a ɛnenam wim mpo, ‘wim mmara’ a Yehowa ahyehyɛ no na ɛkyerɛ wɔn kwan. (Hiob 38:33) Yehowa abɔfo kronkron mpempem pii no nso, Yehowa mmara na ɛkyerɛ wɔn kwan. Wahyehyɛ wɔn akuwakuw. Ekuw biara ne ne dibea ne adwuma a Yehowa de ama wɔn.—Dwom 104:4; Hebrifo 1:7, 14.
4 Nnipa nso, Yehowa ama yɛn mmara. Yɛn mu biara wɔ ahonim anaa tiboa. Ɛte sɛ mmara bi a yɛakyerɛw wɔ yɛn mu a ɛma yehu nneɛma a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Romafo 2:14) Ahonim anaa tiboa a Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa no, na ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ, enti na wɔnhia mmara pii. (Genesis 2:15-17) Nanso, nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi de, yehia mmara pii na ama yɛatumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ. Yehowa Nyankopɔn de ne mmara maa agyanom te sɛ Noa, Abraham, ne Yakob, na wɔn nso de mmara no maa wɔn fiefo. (Genesis 6:22; 9:3-6; 18:19; 26:4, 5) Mose bere so no, Yehowa bɛyɛɛ Mmarahyɛfo wɔ ɔkwan foforo so. Saa bere no, ɔnam Mose so de mmara dodow bi maa Israel man no nyinaa. Ɛno na yɛfrɛ no Mose Mmara no. Nneɛma a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne no, saa mmara no ma yehu mu kɔ akyiri.
Mose Mmara No—N’apɔw So N’apɔw So
5. Mose Mmara no, na ɛyɛ den sɛ nnipa betumi ate ase anaa? Adɛn nti na woreka saa?
5 Ebetumi aba sɛ nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ na Mose Mmara no yɛ hwanyann, na na ɛyɛ den sɛ obi bɛte ase na ɔde ayɛ adwuma. Nanso, ɛnte saa koraa. Mose Mmara no nyinaa, ne dodow bɛyɛ 600 ne kakra. Woanhwɛ a, wobɛka sɛ ɛdɔɔso ara ma, nanso wo de hwɛ: Afe 2000 mu hɔ baabi no, na United States mmara dɔɔso ara ma sɛ wɔrekyerɛw a, mmara nhoma a wɔbenya no, ɛbɛboro nkratafa 150,000. Mfe mmienu biara, wɔde mmara foforo bɛyɛ 600 ka ho! Enti sɛ yɛde mmara bebrebe a nnipa ahyehyɛ toto Mose Mmara no ho a, na Mose Mmara no sua koraa. Nanso, ɛmaa Israelfo no akwankyerɛ wɔ nneɛma bi ho; saa nneɛma no, mmara a nnipa ahyehyɛ no nnɛ nka ho hwee mpo. Ma yɛnhwɛ saa nneɛma no bi.
6, 7. (a) Adɛn nti na mmara biara nni hɔ a ɛte sɛ Mose Mmara no? Asɛm bɛn na ɛho hia paa wɔ Mose Mmara no mu? (b) Ɛdɛn na na Israelfo no bɛyɛ de akyerɛ sɛ Yehowa na ɔyɛ wɔn sodifo?
6 Mose Mmara no maa Israelfo no hui sɛ Yehowa ne sodifo a ɛsɛ sɛ wɔtie no. Ɛno nti, mmara a nnipa ahyehyɛ biara nni hɔ a ɛte sɛ Mose Mmara no. Mose Mmara no mu asɛm a ɛho hia paa ne wei: “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako. Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” Ɛdɛn na na Israelfo no bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn? Ná ɛsɛ sɛ wɔsom no, kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔtie no, efisɛ ɔno ne wɔn sodifo.—Deuteronomium 6:4, 5; 11:13.
7 Sɛ Israelni tie wɔn a Yehowa ama wɔn tumi no a, na ɛkyerɛ sɛ, ogye tom sɛ Yehowa na ɔyɛ ne sodifo. Wɔn a Yehowa maa wɔn tumi no, ebi ne awofo, ɔman no mu mpanyimfo, atemmufo, asɔfo, ɛnna akyiri yi, ahemfo no nso bɛkaa ho. Yehowa kaa sɛ, sɛ obi tew atua tia saa mpanyimfo yi a, na ɛyɛ ɔno Yehowa na onipa no atew atua atia no. Wɔn a wɔdi tumi no nso, sɛ wɔde wɔn tumi sisi Israelfo no, anaa wɔmema wɔn ho so wɔ Israelfo no so a, na Yehowa bo befuw saa mpanyimfo no, anaa ɔbɛtwe wɔn aso. (Exodus 20:12; 22:28; Deuteronomium 1:16, 17; 17:8-20; 19:16, 17) Enti Israelfo nyinaa, sɛ wɔdi tumi oo, wɔhyɛ obi tumi ase oo, na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔtie Onyankopɔn sɛ ɔno na ɔyɛ wɔn sodifo.
8. Sɛn na Mose Mmara no boaa Israelfo no ma wɔyɛɛ kronkron?
8 Mose Mmara no maa Israelfo hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron. Nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kronkron” ne “kronkronyɛ” no pue bɛboro mpɛn 280 wɔ Mose Mmara no mu. Mose Mmara no boaa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔhuu ade a ɛho tew ne nea ɛho ntew. Ɛkyerɛɛ nneɛma bɛboro 70 a na ebetumi ama Israelni ho agu fĩ. Nneɛma a mmara no de ho akwankyerɛ mae no, ebi ne sɛnea wɔbedi wɔn ho ni, nnuan a ɛsɛ sɛ wɔdi ne nea ɛnsɛ sɛ wɔdi, ne ɔkwan pa a wɔbɛfa so ato nwura mpo agu. Mmara a ɛte saa no boae paa maa Israelfo no nyaa apɔwmuden.a Nanso, na biribi wɔ hɔ a ɛho hia kyɛn apɔwmuden. Mmara no boaa Israelfo no maa nneɛma bɔne a na aman a atwa wɔn ho ahyia no reyɛ no, wɔtwee wɔn ho fii ho. Ɛno nti, wɔkɔɔ so yɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi.
9, 10. Ɔbea ne ɔbarima nna ne awo ho mmara bɛn na Yehowa de maa Israelfo no? Mfaso bɛn na na ɛwɔ saa mmara no so?
9 Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ ɔbarima ne ɔbea da a, wɔn ho begu fĩ akosi bere bi. Sɛ wɔyɛ awarefo mpo na sɛ wɔda a, wɔn ho begu fĩ akosi bere bi. Afei nso, sɛ ɔbea wo a, na ne ho agu fĩ, gye sɛ nna bi twam ansa na ne ho atew. (Leviticus 12:2-4; 15:16-18) Saa mmara no nkyerɛ sɛ, sɛ ɔbarima ne ne yere da a, wɔayɛ biribi a ɛho ntew wɔ Onyankopɔn anim. Saa ara nso na sɛ ɔbea wo a, ɛnkyerɛ sɛ ne ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn anim. (Genesis 1:28; 2:18-25) Mmom, Yehowa de saa mmara no maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔbɛtwe wɔn ho afi atorosom ho, na wɔn ho atew wɔ Yehowa anim. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, aman a na atwa Israel ho ahyia no, wɔde ɔbea ne ɔbarima nna ne awo ho amanne bi frafraa wɔn som mu. Nneɛma a na Kaananfo yɛ wɔ wɔn som mu no, ebi ne mmea ne mmarima a na wɔsi tuutuu. Wei maa nnipa bebree yɛɛ nneɛma a ɛyɛ aniwu na ɛyɛ tan paa. Mose Mmara no amma kwan amma Israelfo no amfa nna ho nsɛm amfrafra Yehowa som mu ketekete koraa.b Mmara a Yehowa de maa Israelfo wɔ nna ne awo ho no, ɛboaa wɔn wɔ akwan foforo pii so.
10 Saa mmara no maa Israelfo no huu asɛm bi a ɛho hia paa.c Ɛwom, ɔbea ne ɔbarima nna ne awo yɛ akyɛde a ɛho tew a Onyankopɔn de ama nnipa. Nanso kae sɛ, ɛno na ɛnam so ama Adam bɔne no bi aka nnipa nyinaa. (Romafo 5:12) Enti, Onyankopɔn Mmara no maa Israelfo no kaee bere nyinaa sɛ wɔyɛ abɔnefo. Asɛm no ne sɛ, wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. (Dwom 51:5) Sɛ yebetumi atwe abɛn yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no a, gye sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn na ogye yɛn.
11, 12. (a) Atɛntrenee ho ade bɛn na ɛwɔ Mose Mmara no mu? (b) Nneɛma bɛn na wɔde guu akwan mu wɔ Mose Mmara no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu ntɛnkyea?
11 Mose Mmara no maa Israelfo no hui sɛ Yehowa atɛntrenee wie pɛyɛ. Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ bɔne a ɔyɛe no ho na wɔma no ho asotwe. Sɛ yɛka atɛntrenee a, saa na ɛkyerɛ. Enti, Mmara no kaa sɛ: “Nkwa nsi nkwa ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.” (Deuteronomium 19:21) Enti sɛ obi di bɔne a, na ɛnsɛ sɛ wɔtwe n’aso ma no boro bɔne a odii no so. Ná Onyankopɔn atɛntrenee yi di akoten wɔ Mose Mmara no nyinaa mu. Enti sɛ yɛte saa asɛm yi ase a, ɛnna yɛbɛte Kristo Yesu agyede afɔre no nso ase. Yebehu wei ho nsɛm pii wɔ nhoma yi Ti 14.—1 Timoteo 2:5, 6.
12 Adwuma baako nso a Mose Mmara no yɛe ne sɛ, ɛde nneɛma bi guu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a atemmufo no remmu ntɛnkyea. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ obi bɔ obi sobo sɛ wayɛ bɔne a, anyɛ yiye koraa no, na ɛsɛ sɛ wɔnya adansefo mmienu wɔ asɛm no ho ansa na wɔagye atom sɛ asɛm no yɛ nokware. Sɛ obi twa asɛm to obi so a, na wɔtwe n’aso denneennen. (Deuteronomium 19:15, 18, 19) Nneɛma bi te sɛ nyansakorɔno, kɛtɛasehyɛ anaa braeb nso, na Mose Mmara no bara no denneennen. (Exodus 23:8; Deuteronomium 27:25) Aguadi mu mpo, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hwɛ sɛ wɔde Yehowa atɛntrenee bɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ, kyerɛ sɛ, wɔrensisi obiara. (Leviticus 19:35, 36; Deuteronomium 23:19, 20) Biribiara kyerɛ sɛ, na Mose Mmara no ye, ɛmaa biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ, na ɛboaa Israelfo no paa!
Mmɔborɔhunu Ne Atɛntrenee Dii Akoten Wɔ Mmara No Mu
13, 14. Ɛdɛn na ɛwɔ Mose Mmara no mu a ɛkyerɛ sɛ, korɔmfo ne nea wɔawia n’ade no nyinaa, obiara nya atɛntrenee?
13 Mose Mmara no, wohwɛ a na emu yɛ den dodo, na na mmɔborɔhunu biara nni mu anaa? Ɛnte saa koraa! Onyankopɔn honhom maa Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa mmara di mu.” (Dwom 19:7) Ná Dawid nim paa sɛ Mose Mmara no kyerɛkyerɛ sɛ yenhu nnipa mmɔbɔ, yɛnnhwɛ nnipa anim, na yennsisi obiara. Ɛdɛn na ɛwɔ Mmara no mu a ɛma yehu saa?
14 Ɛnnɛ wokɔ aman bi so a, wubehu sɛ ɛhɔ mmara di boa abɔnefo mmom kyɛn wɔn a yɛadi wɔn bɔne no. Ebi ne sɛ, sɛ obi wia ade a, wɔtumi de no to afiase. Nanso nea yewiaa ne nneɛma no, ebia ne nsa renka nneɛma no bio, nso ɔbɛkɔ so atua tow ama yɛde atɔ aduan ama korɔmfo no adi, na yɛde bi nso atua dan a ɔda mu no ka. Afiase adan a ɛwɔ hɔ nnɛ no, na ebi nni tete Israel. Israelfo no, sɛ obi yɛ bɔne na ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso a, na Mose Mmara no kyerɛ asotwe a ɛsɛ sɛ wɔde ma no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremmoro so. (Deuteronomium 25:1-3) Sɛ obi wia ade a, na ɛsɛ sɛ ɔde ade a owiae no ara bi kɔma ne wura. Afei nso, na ɛsɛ sɛ ɔde bi ka ho ma ne wura no. Sɛn na na ɛsɛ sɛ ɔde ka ho? Asɛm no na ɛbɛkyerɛ. Ebetumi aba sɛ Mmara no maa atemmufo no tumi sɛ wɔn ankasa nhwɛ sɛnea asɛm no te na wɔnhu nea wɔbɛyɛ. Ebia wɔbɛhwɛ sɛnea korɔmfo no anu ne ho na wɔakyerɛ nea ɛsɛ sɛ otua ka ho. Ɛno nti na sɛ wohwɛ nea Exodus 22:7 ka sɛ korɔmfo no ntua nka ho a, ɛdɔɔso paa sen nea Leviticus 6:1-7 ka sɛ ɔntua no.
15. Sɛ obi kum nipa na wanhyɛ da a, sɛn na na Mmara no ma no nya mmɔborɔhunu ne atɛntrenee?
15 Mose Mmara no ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa kaa no wɔ Mmara no mu sɛ, bɔne a nnipa yɛ no, ɛnyɛ ne nyinaa na wɔhyɛ da. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ obi kum nipa na wanhyɛ da, na sɛ oguan kɔ guankɔbea nkurow a na ɛwowɔ Israel mmeaemmeae no baako mu sɛnea Mmara no kyerɛ a, na wɔrenkum no. Sɛ okodu guankɔbea kurow no mu a, na wɔma atemmufo a wɔfata hwehwɛ n’asɛm no mu. Sɛ atemmufo no wie a, na ɛsɛ sɛ onipa no tena kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu. Sɛ ɔsɔfo panyin no wu a, ɛnde na obetumi akɔtena baabiara a ɔpɛ. Enti sɛ obi kum nipa na sɛ wanhyɛ da a, na Onyankopɔn hu no mmɔbɔ. Saa mmara no ara nso maa Israelfo no hui sɛ nnipa nkwa som bo paa ma Yehowa.—Numeri 15:30, 31; 35:12-25.
16. Ɛdɛn na na ɛwɔ Mmara no mu a ɛkyerɛ sɛ obi ntumi ntiatia obi fahodi so?
16 Mose Mmara no san maa Israelfo no hui sɛ ɛnsɛ sɛ obiara tiatia obi fahodi so. Wo de, hwɛ sɛnea Mmara no twitwa gyee wɔn a na wɔde ka. Mmara no kaa sɛ, sɛ obi de wo ka a, enni kwan sɛ wobɔ wura onipa no fie kogye ne biribi de si awowa. Mmom, ɛsɛ sɛ wugyina abɔnten ma nea ɔde wo ka no de nea ɔde resi awowa no brɛ wo. Enti, na obi ntumi mmɔ nwura obi fie sɛnea ɔpɛ. Sɛ obi de wo ka na wugye ne ntama si awowa a, na ɛsɛ sɛ wode ne ntama no kɔma no ansa na ade asa, efisɛ na obehia de akata ne ho anadwo na awɔw anne no.—Deuteronomium 24:10-14.
17, 18. Sɛ yɛreka ɔko ho asɛm a, sɛn na na ɛsono Israelfo no wɔ aman a aka no ho? Adɛn ntia?
17 Sɛ Israelfo rekɔ ɔko a, ɛno mpo na Mmara no kyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea enni sɛ wɔyɛ. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no kɔ ɔko a, ɛnyɛ tumidi anaa nkonimdi kɛkɛ nti na na wɔkɔ. Mmom, na wɔko ma Onyankopɔn, efisɛ na ɔko no yɛ “Yehowa Akodi.” (Numeri 21:14) Sɛ Israelfo ne kurow bi rekɔko a, nea na wɔtaa yɛ ne sɛ, wɔdi kan ka kyerɛ kurow no mufo sɛ wɔnyɛ nea ɛde asomdwoe bɛba. Sɛ kurow no mufo ampene a, ɛnde na Israelfo no betumi atwa kurow no ho ahyia aka wɔn ahyem. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ. Israelfo asraafo de, sɛ wɔkɔ ko a, na enni sɛ wɔto mmea mmonnaa anaa wɔkunkum nkurɔfo basabasa te sɛ nea asraafo pii ayɛ fi tete no. Ɔdomankoma agyapade a na ɛwɔ atamfo no asaase so mpo, na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka, na na ɛnsɛ sɛ wɔtwitwa nnua a yedi so aba.d Asraafo a na ɛwɔ aman foforo so de, na wɔnni mmara biara a ɛte saa.—Deuteronomium 20:10-15, 19, 20; 21:10-13.
18 Sɛ wote sɛ aman bi mu no, nkwadaa kɔ sogya a, ɛnyɛ wo ahometew anaa? Tete Israel no, ɔbarima biara a onnii mfe 20 no, na wɔmma no nkɔ sogya. (Numeri 1:2, 3) Sɛ ɔbarima di boro mfe 20 mpo, na sɛ osuro sɛ ɔbɛkɔ ɔko a, na wɔmma no nkɔ bi. Sɛ ɔbarima ware foforo a, edi afe ansa na wɔama no akɔ ɔko. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ɛbɛma watumi awo n’abakan ansa na wakɔ ɔko de ne nkwa akɔto asiane mu. Mmara no ka sɛ, na saa nhyehyɛe yi bɛma aberante a waware foforo no ‘atena fie na wama ne yere ani agye.’—Deuteronomium 20:5, 6, 8; 24:5.
19. Nhyehyɛe bɛn na na ɛwɔ mmara no mu a ɛbɔɔ mmea, nkwadaa, mmusua, ne akunafo ho ban?
19 Mmea, nkwadaa, ne mmusua nso, Mose Mmara no bɔɔ wɔn ho ban. Afei nso, nhyehyɛe bi wɔ Mmara no mu a ɛma wɔnyaa nea wɔhia. Mmara no kaa sɛ awofo mma wɔn ani nkɔ wɔn mma ho bere nyinaa, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔnhu Yehowa. (Deuteronomium 6:6, 7) Mmara no san kaa sɛ, ɛyɛ bɔne paa sɛ obi ne ne busuani bɛda, na obiara a ɔbɛyɛ saa bɔne no, wɔnkum no. (Leviticus, ti 18) Afei nso, Mmara no baraa awaresɛe. Awaresɛe de, ɛtaa tetew abusua mu, na ɛma abusua no mufo di yaw, na wɔhu amane paa. Mmara no hwɛe sɛ akunafo ne nnyanka nsa bɛka nneɛma a wɔhia. Ɛsan kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ obiara teetee akunafo ne nnyanka. Obiara a ɔbɛteetee wɔn no, na Onyankopɔn bɛtwe n’aso paa.—Exodus 20:14; 22:22-24.
20, 21. (a) Adɛn nti na Mose Mmara no maa Israelfo kwan ma wɔwaree mmea bebree? (b)Adɛn nti na Yehowa maa awaregyae ho kwan kakra?
20 Esiane sɛ na Mmara no bɔ mmea, nkwadaa, ne mmusua ho ban nti, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na Mmara no penee so maa mmarima waree mmea bebree?’ (Deuteronomium 21:15-17) Sɛ yɛkae sɛ ɛsono Israelfo no amammerɛ ne sɛnea na wɔyɛ wɔn nneɛma, ɛnna ɛsono yɛn amammerɛ ne sɛnea yɛyɛ yɛn nneɛma nnɛ a, ɛno na ɛbɛma yɛahu nea enti a Mmara no maa kwan maa mmarima waree mmea bebree no. (Mmebusɛm 18:13) Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa wɔ Eden no, ɔkaa sɛ ɔbea baako ne ɔbarima baako na ɛsɛ sɛ wɔware, na na ɛsɛ sɛ wɔtena wɔn nkwa nna nyinaa. (Genesis 2:18, 20-24) Nanso, bere a Yehowa de Mose Mmara no maa Israelfo no, na awaredodow ase atim wɔ Israelfo no mu akyɛ. Ná Yehowa nim paa sɛ, ne mmara atitiriw te sɛ nea ɛkasa tia abosonsom no mpo, ne ‘nkurɔfo a wɔn aso yɛ den’ no bebu so mpɛn pii. (Exodus 32:9) Enti Yehowa hui sɛ ne nhyehyɛe a ɛfa aware ho a na Israelfo no amane afi ho no, ɛnyɛ saa bere no na na ɔbɛtenetene ne nyinaa. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ Yehowa na ɔkaa sɛ Israelfo no nware mmea bebree. Mmom, Yehowa hwɛe sɛ Mose Mmara no bɛbɔ mmea ho ban, na wɔn kununom anyɛ wɔn basabasa.
21 Ebinom nso nhu nea enti a Mose Mmara no maa kwan sɛ, sɛ ɔbea yɛ biribi a ɛyɛ asefem a, ne kunu betumi agyaa no. (Deuteronomium 24:1-4) Yesu kaa sɛ Yudafo no “komaden nti” na Onyankopɔn maa kwan ma wɔgyaa wɔn yerenom. Nanso, Yehowa amma saa ade no ankɔ so ankyɛ. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnni aware ho mmara a Yehowa de maa yɛn mfiase no so.—Mateo 19:8.
Mmara No Hyɛɛ Ɔdɔ Ho Nkuran
22. Sɛn na Mose Mmara no hyɛɛ ɔdɔ ho nkuran, na henanom na na ɛsɛ sɛ Israelfo no dɔ wɔn?
22 Ɔman bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ a atumi ahyɛ mmara sɛ ɔmanfo no nnodɔ wɔn ho? Ebi nni hɔ. Nanso Mose Mmara no de, ade a ɛhyɛɛ ho nkuran paa ne ɔdɔ. Sɛ yɛhwɛ Deuteronomium nhoma no nko ara mu a, yebehu sɛ wɔde “ɔdɔ” aka nsɛm wɔ akwan horow so bɛboro mpɛn 20. Mmara no nyinaa mu no, nea ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ kɛse ne “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18; Mateo 22:37-40) Ɛnyɛ Israelni nko ara na na ɛsɛ sɛ Israelfo no dɔ no, na mmom na ɛsɛ sɛ wɔdɔ ahɔho a wɔabɛtena wɔn mu nso. Yehowa kaee Israelfo no sɛ wɔn nso ayɛ ahɔho wɔ obi man so pɛn. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo dɔ ahiafo ne mmɔborɔwafo, na wɔboa wɔn ma wɔn nsa ka nneɛma a wɔhia. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wɔsisi wɔn. Mmoa a wɔde nneɛma soa wɔn mpo, na ɛsɛ sɛ wɔnya tema bi ma wɔn. Ná ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn basabasa.—Exodus 23:6; Leviticus 19:14, 33, 34; Deuteronomium 22:4, 10; 24:17, 18.
23. Nea ɔkyerɛw Dwom 119 no, ɛdɛn na ɔyɛe? Yɛn nso, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ?
23 Ɔman biara nni mmara a ɛboa ɔmanfo no te sɛ nea Yehowa de maa Israelfo no. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!” Ɔdɔ a na odwontofo no wɔ ma Yehowa mmara no, ɛnyɛ atenka bi a na ɛwɔ ne mu kɛkɛ. Mmom otiee saa mmara no, na ɔyeree ne ho de bɔɔ ne bra. Afei, ɔtoaa so sɛ: “Da mu nyinaa, ɛno na midwen ho.” (Dwom 119:11, 97) Ampa, na ogye bere sua Yehowa mmara no daa. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a ɔresua Onyankopɔn mmara no nyinaa, na ɔdɔ a ɔwɔ ma mmara no nso reyɛ kɛse. Ɛnyɛ ɛno nko. Yehowa Nyankopɔn a ɔhyɛɛ mmara no nso, onyaa ɔdɔ kɛse maa no. Wo nso, sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn mmara a, ɛbɛma woatwe abɛn Yehowa a ɔyɛ Mmarahyɛfo Kɛse ne atɛntrenee Nyankopɔn no kɛse.
a Wo de hwɛ, na mmara no hwehwɛ sɛ wɔkata tiafi so yiye, wɔyi ayarefo kogu baabi, na obiara a ne ho aka funu nso guare. Mfe mpempem pii akyi ansa na abɔde mu nyansapɛfo rete ase.—Leviticus 13:4-8; Numeri 19:11-13, 17-19; Deuteronomium 23:13, 14.
b Wohwɛ Kaananfo asɔrefie a, na wɔahyɛ da ayi adan bi a mmea ne mmarima a wɔkɔsom wɔ hɔ no si tuutuu wom. Nanso Mose Mmara no de, ɛkaa sɛ, sɛ ɔbarima ne ɔbea da a, wɔn ho begu fĩ akosi bere bi, enti ɛba saa a, na wɔrentumi nwura asɔrefie hɔ mpo. Ɛno nti sɛ Israelfo no di saa mmara no so a, na ɛrentumi mma da sɛ bere a wɔresom wɔ Yehowa asɔrefie hɔ no, wɔne obi bɛkɔ akɔda wɔ hɔ.
c Botae paa a wɔde yɛɛ Mose Mmara no ne sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ Israelfo no. Nhoma bi mpo ka sɛ Hebri asɛmfua toh·rahʹ a wɔkyerɛɛ ase “mmara” no, nea ɛkyerɛ ne “nkyerɛkyerɛ.”—Encyclopaedia Judaica.
d Mmara no yii anim bisae sɛ: “Adɛn, dua yɛ onipa na woaka no ahyem?” (Deuteronomium 20:19) Yudani nimdefo bi a yɛfrɛ no Philo, a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no faa Bible mu asɛm yi kaa n’asɛm. Ɔkaa sɛ, Onyankopɔn adwene ne sɛ, “ɛnyɛ papa sɛ, sɛ nnipa bo fuw wɔn yɔnko nnipa a, wɔde wɔn anibere bɛkɔ akɔsoɛ nneɛma a ɛnyɛɛ wɔn bɔne biara so.”
-
-
Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”Bɛn Yehowa
-
-
TI 14
Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”
1, 2. Sɛn na Bible ma yehu sɛ nnipa asɛm yɛ mmɔbɔ, na ɛdɛn na ɛbɛma yɛatumi afi amanehunu no mu?
BIBLE ka sɛ: “Abɔde nyinaa abom repenepene, na wɔahu amane.” (Romafo 8:22) Ɔsomafo Paul asɛm yi ma yehu sɛ yɛn asɛm yɛ mmɔbɔ. Amanehunu, bɔne, ne owu a abɛsensɛn yɛn kɔn mu yi, nnipa ani so de, asɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee; asɛ anidaso nyinaa asa. Nanso Yehowa de, ɔnte sɛ nnipa; biribiara nni hɔ a ɔrentumi nyɛ. (Numeri 23:19) Atɛntrenee Nyankopɔn no ayɛ biribi a ɔde begye yɛn afi yɛn amanehunu mu. Ɛno ne agyede no.
2 Nneɛma a Yehowa de akyɛ nnipa nyinaa, kɛse a ɛwom paa ne agyede no. Agyede no nti, obetumi agye yɛn afi bɔne ne owu mu. (Efesofo 1:7) Agyede no na ɛma yenya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ soro anaa paradise asaase so. (Luka 23:43; Yohane 3:16; 1 Petro 1:4) Ɛdɛn koraa na yɛfrɛ no agyede no? Sɛn na agyede no ma yehu sɛ Yehowa atɛntrenee di mu paa?
Nea Ɛyɛe a Agyede Ho Behiae
3. (a) Ɛyɛɛ dɛn na agyede no ho behiae? (b) Adɛn nti na na Onyankopɔn ntumi mmu n’ani ngu Adam bɔne no so na ɔmma n’asefo ntena ase daa?
3 Adam bɔne nti na agyede no ho behiae. Bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, nea ɔde gyaw n’asefo ne yare, awerɛhow, ɛyaw, ne owu. (Genesis 2:17; Romafo 8:20) Nea Adam yɛe no, na Onyankopɔn ntumi mmu n’ani ngu so na ɔmma Adam asefo ntena ase daa wɔ wɔn bɔne mu saa. Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔno ara n’asɛm a ɔkaa sɛ “bɔne akatua ne owu” no, wamfa anyɛ adwuma. (Romafo 6:23) Sɛ Yehowa amfa ɔno ara ne mmara anyɛ adwuma a, anka ɔsoro ne asaase so nyinaa, obiara bɛyɛ nea ɔpɛ ama biribiara ayɛ basaa; anka obiara remfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee!
4, 5. (a) Ɛdɛn na Satan yɛ de sɛee Onyankopɔn din, na adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yehowa ma obiara hu sɛ nsɛm a Satan kekae no nyɛ nokware? (b) Asɛm bɛn na Satan ka too Yehowa asomfo anokwafo so?
4 Yehui wɔ nhoma yi Ti 12 sɛ bere a Satan, Adam, ne Hawa tew Yehowa so atua wɔ Eden no, ɛkɔtwetwee nsɛmmisa bi a ɛho hia bae. Satan guu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ pɔtɔɔ. Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo, ne tirim yɛ den, ɔde ne tumi hyɛ nnipa so, na ɔmma yennya fahodi biara. (Genesis 3:1-5) Bere a Satan maa Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, Satan maa no kɔyɛɛ sɛ Onyankopɔn tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛma atreneefo ahyɛ asaase so ma no, wantumi anni so. (Genesis 1:28; Yesaia 55:10, 11) Sɛ Yehowa anyɛ asɛm no ho hwee a, anka ɛbɛma abɔfo ne nnipa pii anya adwene sɛ gyama Yehowa tumidi nyɛ papa.
5 Yehowa asomfo anokwafo nso, Satan twaa atoro too wɔn so. Ɔkaa sɛ nea wɔnya fi Yehowa hɔ nti na wɔsom no, na sɛ wɔhu amane a, baako mpo nni hɔ a ɔbɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware. (Hiob 1:9-11) Atoro a Satan twa too Onyankopɔn ne n’asomfo so no, ɔkwan a na Onyankopɔn bɛfa so ama yɛahu emu nokware no, na ɛno ho hia koraa sen gye a obegye nnipa afi amanehunu mu. Ɛno nti, sobo a na Satan abɔ Yehowa de asɛe ne din no, Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ ɔyɛ ho biribi ma nokware da adi. Ɛnde, ɛdɛn na na Yehowa bɛyɛ ama nokware ada adi, na wagye nnipa afi amanehunu mu nso?
Wɔde Agyede No Tuaa Nea Ɛyerae No Pɛpɛɛpɛ
6. Ɔkwan a Onyankopɔn faa so gyee nnipa no, Bible ka ho asɛm akwan horow so. Ebi ne sɛn?
6 Ɔkwan a Yehowa faa so dii asɛm no ho dwuma no kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu paa, na n’atɛntrenee nso di mu. Onipa biara nni hɔ a anka obetumi ayɛ no saa. Nanso Onyankopɔn de, anyɛ den amma no koraa, na sɛnea odii ho dwuma no nso, nyansa wom paa. Ɔkwan a Yehowa faa so gyee nnipa no, Bible ka ho asɛm akwan horow so. Etumi ka no sɛ wɔagye yɛn, wɔapata ama yɛn, anaa wɔatɔ yɛn. (Dwom 49:8, ase hɔ asɛm; Daniel 9:24; Galatifo 3:13; Kolosefo 1:20; Hebrifo 2:17) Nanso, asɛm a etumi kyerɛkyerɛ mu yiye paa ne nea Yesu ankasa kae no. Ɔkaa sɛ: “Onipa Ba no . . . ; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa ayɛ agyede [Greek, lyʹtron] de agye nnipa bebree.”—Mateo 20:28.
7, 8. (a) Wokɔ Kyerɛwnsɛm no mu a, “agyede” kyerɛ sɛn? (b) Ɛdɛn na ɛma yehu sɛ agyede kyerɛ biribi a ɛne biribi yɛ pɛ?
7 Ɛdɛn ne agyede? Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase agyede no, adeyɛ asɛm a efi mu no kyerɛ “gyaa no anaa sane no.” Ná wɔde saa asɛm no kyerɛ sika a wɔtua ma wɔgyaa nkurɔfo a wɔakyere wɔn wɔ ɔko mu de wɔn agu afiase. Enti yebetumi akyerɛ agyede ase sɛ, biribi a yetua de gye biribi a akodi baabi. Yɛkɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, “agyede” (koʹpher) fi adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “kata so” mu. Yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa amane ‘nyeyɛ’ adaka no ho, anaa ɔmfa ‘nkata’ adaka no ho. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “agyede” no, asɛmfua a ɛte saa ara na wɔkyerɛɛ ase ‘fa yeyɛ’ anaa ‘fa kata’ ho no. (Genesis 6:14) Wei boa yɛn ma yehu sɛ agyede san kyerɛ kata bɔne so.—Dwom 65:3.
8 Nhoma bi ka sɛ asɛmfua “agyede” (koʹpher) no, bere nyinaa ɛkyerɛ “biribi a ɛne biribi yɛ pɛ.” (Theological Dictionary of the New Testament) Enti sɛ wɔbetumi agye obi afi bɔne mu anaa wɔakata ne bɔne so a, ɛsɛ sɛ wɔtua biribi. Ade a wɔbetua no, ɛsɛ sɛ ɛne nea bɔne no ama asɛe no yɛ pɛpɛɛpɛ anaa etua ho ka nyinaa. Ɛno nti, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kaa sɛ: “Nkwa nsi nkwa ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.”—Deuteronomium 19:21.
9. Adɛn nti na nnipa a ɛwɔ Yehowa mu gyidi de mmoa bɔɔ afɔre, na Yehowa buu wɔn afɔre no sɛn?
9 Efi Habel bere so na nnipa a ɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi de mmoa bɔɔ afɔre maa Nyankopɔn. Afɔre a wɔbɔe no kyerɛ sɛ, na wɔgye tom sɛ wɔyɛ abɔnefo, na ehia sɛ wɔgye wɔn fi wɔn bɔne mu. Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔnam ‘aseni’ bi so begye wɔn, na wɔgyee saa asɛm no nso dii. (Genesis 3:15; 4:1-4; Leviticus 17:11; Hebrifo 11:4) Yehowa ani sɔɔ afɔre a wɔbɔe no, na ogyee wɔn toom sɛ n’asomfo. Nanso mmoa a wɔde bɔɔ afɔre no antumi ankata wɔn bɔne so, efisɛ nnipa som bo sen mmoa. (Dwom 8:4-8) Ɛno nti, Bible ka sɛ: “Anantwinini ne mpɔnkye mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.” (Hebrifo 10:1-4) Mmoa a wɔde bɔɔ afɔre no, na ɛyɛ agyede afɔre a wɔbɛbɔ no daakye no ho mfoni kɛkɛ.
“Agyede a Ɛfata”
10. (a) Nea obetua agyede no, hena na na ɛsɛ sɛ ɔne no yɛ pɛ, na adɛn ntia? (b) Adɛn nti na na onipa baako pɛ na ehia sɛ wɔde no bɔ afɔre?
10 Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Obiara rewu wɔ Adam mu.” (1 Korintofo 15:22) Enti onipa a bɔne biara nni ne ho te sɛ Adam na na ɛsɛ sɛ ɔde ne nkwa gye yɛn. (Romafo 5:14) Abɔde foforo biara nni hɔ a na obetumi atua agyede no sɛnea Yehowa atɛntrenee hwehwɛ, gye obi a ne nkwa wie pɛyɛ a owu ne Adam bɔne no bi anka no. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, obi a ne nkwa wie pɛyɛ te sɛ Adam, na na obetumi atua ‘agyede a ɛfata ama obiara.’ (1 Timoteo 2:6) Ná enhia sɛ wɔde nnipa mpempem pii bɔ afɔre de gye Adam asefo nyinaa. Ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa baako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.” (Romafo 5:12) Esiane sɛ ‘ɛnam onipa baako so na owu bae’ nti, Onyankopɔn nso ‘nam onipa’ baako pɛ so na egyee nnipa nyinaa fii bɔne ne owu mu. (1 Korintofo 15:21) Onyankopɔn yɛɛ no sɛn?
‘Agyede a ɛfata obiara’
11. (a) Nea obetua agyede no, sɛn na na ‘ɔbɛka owu ahwɛ ama obiara’? (b) Adɛn nti na agyede no so mfaso no, Adam ne Hawa rentumi nnya bi? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
11 Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa onipa a bɔne biara nni ne ho fii ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre. Romafo 6:23 ka sɛ: “Bɔne akatua ne owu.” Nea na obefi ne pɛ mu de ne nkwa atua agyede no, na ‘ɔbɛka owu ahwɛ ama obiara.’ Enti yɛbɛka a, na ɛkyerɛ sɛ obetua Adam bɔne no ho ka. (Hebrifo 2:9; 2 Korintofo 5:21; 1 Petro 2:24) Ná wei de mfaso kɛse na ɛbɛba, efisɛ agyede no nti, Adam asefo a wɔbɛsom Nyankopɔn no, na wɔbeyi owu afi wɔn so. Ɛba saa a, na wɔbɛtetew wɔn ho afi bɔne ne owu ho.a—Romafo 5:16.
12. Sɛ yetua ɛka baako a, nnipa pii nya so mfaso. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
12 Yɛnyɛ mfatoho yi: Fa no sɛ kurow a wote mu no, emu nnipa dodow no ara yɛ adwuma wɔ faktri kɛse bi mu. Mo a moyɛ adwuma no bi no, yetua mo ka yiye, enti munya nea mopɛ biara. Afei yɛnkɔda nsɔre a, adwuma yi na yɛato mu yi. Ɛbaa no sɛn a, yɛse ɔpanyin a ɔda adwuma no ano adi sika ama ɛka kɛse abɛtɔ hɔ. Wei nti, mo adwuma afi mo nsa, na muntumi ntua mo ho aka. Onipa baako korɔno nti, awarefo, nkwadaa, ne wɔn a adwuma no de wɔn ka nyinaa rehu amane. Wohwɛ a anidaso bi wɔ hɔ? Aane! Sikani bi a ne yam ye yɛe sɛ obetwitwa agye mo. Onim sɛ faktri no boa kurom hɔfo paa. Afei nso, wɔn a na ɛyɛ adwuma wɔ faktri no mu ne wɔn mmusua asɛm yɛ no mmɔbɔ. Enti okotuaa ɛka a adwuma no de no, na ɔsan buee adwuma no bio. Ɛka a otuae no nti, adwumayɛfo bebree ne wɔn mmusua ne wɔn a na adwuma no de wɔn ka nyaa ahotɔ. Saa ara na bere a Yesu tuaa Adam bɔne no ho ka no, nnipa mpempem nso nya mfaso pii.
Hena Na Otuaa Agyede No?
13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de agyede no maa adasamma? (b) Hena na wɔtuaa agyede no maa no, na adɛn nti na na ɛho hia sɛ wɔtua biribi a ɛte saa?
13 Yehowa nko ara na na obetumi de ‘Oguammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no’ ama yɛn. (Yohane 1:29) Nanso, ɛnyɛ ɔbɔfo biara kɛkɛ na Onyankopɔn somaa no sɛ ommegye nnipa. Nea ɛwom ne sɛ, na Satan atwa atoro ato Yehowa asomfo so sɛ, nea wɔnya fi Yehowa hɔ nti na wɔsom no. Enti nea Yehowa somaa no no, ɔno na na obetumi ama nokware a ɛwom ada adi paa, a ɛho asɛm rensɔre bio. Ampa, Yehowa bɔɔ afɔre kɛse paa. Ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no, ne Ba a ‘na ɔpɛ n’asɛm yiye’ no maa no bewu maa yɛn. (Mmebusɛm 8:30) Onyankopɔn Ba no fi ne pɛ mu “maa biribiara fii ne nsa,” kyerɛ sɛ, ogyaw biribiara a na ɔwɔ wɔ soro. (Filipifo 2:7) Yehowa yɛɛ anwanwade bi. Ɛne sɛ, oyii n’Abakan no nkwa fii soro bɛhyɛɛ Yudani baabun Maria yam. (Luka 1:27, 35) Sɛ ɔbɛyɛ onipa a, na wɔbɛfrɛ no Yesu. Nanso, edin foforo a Bible de frɛ no ne Adam a ɔtɔ so mmienu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na bɔne biara nni ne ho te sɛ Adam; na ɔte sɛ Adam pɛpɛɛpɛ. (1 Korintofo 15:45, 47) Ɛno nti, na Yesu betumi de ne nkwa a ewie pɛyɛ no abɔ afɔre de atua agyede no ama nnipa abɔnefo.
14 Hena na na Yesu betua saa agyede no ama no? Dwom 49:7 ka sɛ, otuaa agyede no ‘maa Onyankopɔn.’ Nanso yemmisa sɛ, ɛnyɛ Yehowa no ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔntua agyede no anaa? Ɛyɛ ɔno a. Wohwɛ nea Yehowa yɛe no a, yebetumi aka sɛ, ade a ɛyɛ ne dea na ɔno ara asan atɔ anaa? Enti agyede no nsom bo anaa? Ɛnte saa koraa. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, agyede no ma yesua biribi titiriw fa Yehowa atɛntrenee ho. Bere a Yehowa de ne Ba a ɔdɔ no no tuaa agyede no, ɔkyerɛe sɛ ɔno ankasa nso de n’atɛntrenee a edi mu no yɛ adwuma. Sɛ ɛbɛma wafa ɛyaw mu sɛ dɛn mpo a, ɔde yɛ adwuma.—Genesis 22:7, 8, 11-13; Hebrifo 11:17; Yakobo 1:17.
15. Adɛn nti na na ehia sɛ Yesu hu amane na owu?
15 Afe 33 Y.B. mu mfiase no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu Kristo betumi atua agyede no nti, ɔyɛɛ komm maa atamfo teetee no. Ɔmaa kwan maa wɔkyeree no, wɔtwaa atoro too ne so, wɔdii n’asɛm buu no fɔ, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Wohwɛ a, na ehia paa sɛ Yesu hu amane pii saa anaa? Aane, efisɛ asɛm a Satan kaa sɛ Onyankopɔn somfo biara nni hɔ a ɔbɛsom no akosi awiei no, na ɛsɛ sɛ Yesu ma no da adi sɛ saa asɛm no nyɛ nokware. Yesu nkwadaaberem no, Onyankopɔn amma kwan amma Herode ankum no. (Mateo 2:13-18) Nanso, bere a Yesu nyinii a Satan de sɔhwɛ baa ne so no, na Yesu te nea ɛrekɔ so no ase paa. Otumi gyinaa pintinn maa obiara hui sɛ nsɛm a Satan kekae no nyɛ nokware.b Ɛwom sɛ atamfo teetee Yesu paa, nanso esiane sɛ na “odi nokware, bɔne nni ne mu, efĩ nni ne ho, wɔatew no afi abɔnefo ho” nti, otumi ma ɛdaa adi paa sɛ Yehowa wɔ asomfo a sɔhwɛ biara a wɔbehyia no, wɔbɛsom no akosi awiei. (Hebrifo 7:26) Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ aka kakra ama Yesu awu no, ɔteɛɛm sɛ: “Asa!”—Yohane 19:30.
Sɛnea Yesu Wiee Ne Nkwagye Adwuma No
16, 17. (a) Yesu wusɔre akyi no, sɛn na ɔtoaa so yɛɛ ne nkwagye adwuma no? (b) Adɛn nti na na ehia sɛ Yesu ‘kopue Onyankopɔn anim ma yɛn’?
16 Yesu kaa sɛ “asa,” nanso na onnya nwiee ne nkwagye adwuma no. Yesu wui no, ne nnansa so na Yehowa nyanee no fii awufo mu. (Asomafo Nnwuma 3:15; 10:40) Nokware a Yesu di maa Yehowa nti, Yehowa nyanee no fii awufo mu. Afei nso, Yehowa nyanee ne Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya kwan abɛyɛ Onyankopɔn Sɔfo Panyin na wawie ne nkwagye adwuma no. (Romafo 1:4; 1 Korintofo 15:3-8) Ɔsomafo Paul kaa sɛ: ‘Bere a Kristo bae sɛ sɔfo panyin no, okowuraa kronkronbea hɔ prɛko, na okonyaa nkwagye a ɛwɔ hɔ daa maa yɛn. Nanso ɛnyɛ mpɔnkye ne anantwi mogya na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom ɔno ankasa ne mogya. Na Kristo ankɔ kronkronbea a wɔde nsa yɛe, a na egyina hɔ ma kronkronbea paa no mu, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa. Ɛno nti seesei wakopue Onyankopɔn anim ama yɛn.’—Hebrifo 9:11, 12, 24.
17 Ná Kristo ntumi mfa ne mogya paa nkɔ soro. (1 Korintofo 15:50) Mmom, nea na mogya no kyerɛ no, ɛno na ɔde kɔe: ɛno ne ne nkwa a ewie pɛyɛ a ɔde bɔɔ afɔre bere a na ɔyɛ onipa no. Afei, okopuee Onyankopɔn anim, na ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ onnye afɔre a ɔbɔe no ntom na ɔmfa nnye nnipa abɔnefo nkwa. Afɔre a Yesu bɔe no, Yehowa gye toom anaa? Aane, ogye toom. Nea ɛma yehu sɛ ogye toom ne nea ɛkɔɔ so Pentekoste 33 Y.B. no. Saa bere no, wɔhwiee honhom kronkron guu asuafo bɛyɛ 120 so wɔ Yerusalem. (Asomafo Nnwuma 2:1-4) Saa asɛm no maa asuafo no ani gyei; ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Nanso, nneɛma akɛse bebree a na agyede bɛma Onyankopɔn nkurɔfo anya no, na wei yɛ ne mfiase kwa.
Agyede No So Mfaso
18, 19. (a) Akuw mmienu bɛn na agyede no maa asomdwoe baa wɔne Onyankopɔn ntam? (b) “Nnipakuw kɛse” no, seesei agyede no boa wɔn sɛn, na daakye nso ɛbɛboa wɔn sɛn?
18 Paul krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no, ɔkaa wom sɛ Yesu mogya a ohwie gui wɔ asɛndua no so nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam Kristo so bɛka nneɛma nyinaa abom, kyerɛ sɛ, Nyankopɔn bɛma asomdwoe aba ɔno Nyankopɔn ne nnipa ntam. Paul san kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, akuw mmienu, kyerɛ sɛ, “ɔsoro nneɛma” ne “asaase so nneɛma,” na Onyankopɔn bɛma asomdwoe aba ɔne wɔn ntam. (Kolosefo 1:19, 20; Efesofo 1:10) Ekuw a edi kan no yɛ Kristofo 144,000 a wɔama wɔn anidaso sɛ wɔne Kristo Yesu bɛyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro, na wɔbedi asaase so. (Adiyisɛm 5:9, 10; 7:4; 14:1-3) Wɔne Yesu bɛbom ayɛ adwuma de aboa ahobrɛasefo a ɛwɔ asaase so ama wɔanya agyede no so mfaso nkakrankakra akosi mfe apem no awiei.—1 Korintofo 15:24-26; Adiyisɛm 20:6; 21:3, 4.
19 “Asaase so nneɛma” no, ɛno ne nnipa a ɛwɔ anidaso sɛ wɔbenya asetena a ewie pɛyɛ wɔ Paradise wɔ asaase so. Adiyisɛm 7:9-17 ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a wɔbenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu. Nanso, seesei a saa bere no nnya mmae mpo no, agyede no boa wɔn paa. Bible ka sɛ: “Wɔahoro wɔn ntaade na wɔama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu” dedaw. Esiane sɛ wɔwɔ gyidi wɔ agyede no mu nti, seesei mpo agyede no boa wɔn ma wɔtumi twe bɛn Onyankopɔn. Ɛho nhwɛso ni. Onyankopɔn abu wɔn atreneefo, na wɔyɛ ne nnamfo! (Yakobo 2:23) Yesu afɔre no nti, wɔtumi de ‘ahotoso ba adom ahengua no anim.’ (Hebrifo 4:14-16) Sɛ wɔyɛ bɔne na Onyankopɔn de kyɛ wɔn a, na ɔde akyɛ wɔn koraa. (Efesofo 1:7) Ɛwom, bɔne da so wɔ wɔn ho, nanso wɔwɔ ahonim pa. (Hebrifo 9:9; 10:22; 1 Petro 3:21) Enti ɛnyɛ daakye na wɔrehwɛ kwan sɛ asomdwoe bɛba wɔne Onyankopɔn ntam; seesei mpo, asomdwoe wɔ wɔn ntam! (2 Korintofo 5:19, 20) Mfe Apem no mu no, wɔde nkakrankakra ‘benya ahofadi afi ɔporɔw a ɛde wɔn ayɛ nkoa no mu,’ na akowie sɛ wɔbenya “anuonyam ahofadi a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no.”—Romafo 8:21.
20. Sɛ woto wo bo ase dwen agyede no ho yiye paa a, ɛka wo sɛn?
20 Agyede no nti, yɛka sɛ “aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn”! (Romafo 7:25) Agyede no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase, nanso emu dɔ, na ɛsom bo paa ma ɛyɛ nwanwa. (Romafo 11:33) Sɛ yɛto yɛn bo ase dwen agyede no ho yiye paa a, ɛka yɛn koma, na ɛtwe yɛn bɛn atɛntrenee Nyankopɔn no bere nyinaa. Nea Yehowa, Onyankopɔn a “ɔdɔ trenee ne atɛntrenee” no ayɛ ama yɛn nyinaa nti, ɛsɛ sɛ yɛkamfo no sɛnea odwontofo no yɛe no.—Dwom 33:5.
a Adam ne Hawa de, na wɔrentumi nnya agyede no so mfaso. Mose Mmara no kaa biribi faa onipa a ɔhyɛ da kum obi ho. Ɛkaa sɛ: “Owudifo a ɔfata owu de, ɛnsɛ sɛ mugye agyede biara de gye no nkwa.” (Numeri 35:31) Ná Adam ne Hawa nim nea Onyankopɔn aka, nanso wɔboapa buu so. Enti na ɛfata sɛ wɔwu. Asoɔden a wɔyɛe nti, anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no, ɛbɔɔ wɔn.
b Efi Yesu nkwadaaberem besi bere a onyin nyinaa, na bɔne biara nni ne ho. Nanso sɛ na obetumi awu agye yɛn afi bɔne a Adam de bae no mu a, na ɛsɛ sɛ onyin ansa, na ɛnyɛ bere a na ɔyɛ akwadaa no. Kae sɛ, Adam hyɛɛ da na obuu Onyankopɔn mmara so. Ná onim paa sɛ nea ɔreyɛ no yɛ bɔne, na na onim nsunsuanso a ɛde bɛba nso. Wei nti, sɛ Yesu betumi abɛyɛ “Adam a odi akyiri,” na watumi akata Adam bɔne no so a, na ɛsɛ sɛ onyin bɛyɛ obi a onim nea ɔreyɛ na ama watumi asi gyinae adi nokware ama Yehowa. (1 Korintofo 15:45, 47) Enti nokware a Yesu dii wɔ n’asetenam, ne ne nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no nyinaa, Bible ka ho asɛm sɛ “adetrenee baako” a ɛmaa Onyankopɔn buu nnipa atreneefo.—Romafo 5:18, 19.
-
-
Yesu De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So”Bɛn Yehowa
-
-
TI 15
Yesu De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So”
1, 2. Bere bɛn na Yesu bo fuwii, na ɛdɛn na ɛmaa ne bo fuwii?
WOHWƐ Yesu anim a, na wutumi hu sɛ ne bo afuw, na na ntease wom. Ebia ɛbɛyɛ wo nwanwa sɛ wobɛte sɛ Yesu bo afuw, efisɛ na odwo. (Mateo 21:5) Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu yɛ obi a otumi hyɛ ne ho so biribiara mu, enti n’abufuw no, na ɛyɛ abufuw papa; ɔde yɛɛ adetrenee.a Nanso, ɔbarima a ɔpɛ asomdwoe sei de, ɛdɛn koraa na ɛmaa ne bo fuw saa? Adebɔne bi paa a na ɛrekɔ so ntia.
2 Asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no, na ɛda Yesu koma so paa. Wiase nyinaa, ɛhɔ nko ara ne baabi a na ɛyɛ kronkron a nkurɔfo som n’Agya a ɔwɔ soro no. Ná Yudafo no twa kwantenten fi aman pii so ba hɔ bɛsom Yehowa. Amanaman mufo a wɔsuro Nyankopɔn no mpo, na wɔba asɔrefie no adiwo hɔ, baabi a na wɔayi ama wɔn no bɛsom Yehowa. Nanso, bere a Yesu hyɛɛ ne som adwuma ase no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na nea okohui wɔ hɔ de, na ɛyɛ asefem paa. Ná wɔayɛ asɔrefie hɔ sɛ gua so, na na ɛnsɛ baabi a wɔsom Yehowa koraa! Ɛne sɛ, na nkurɔfo a ɛretɔn mmoa ne wɔn a ɛresesa sika agye asɔrefie hɔ abɔ so. Nea na wɔreyɛ no, bɔne anaa ntɛnkyea bɛn na na ɛwom? Bɔne a ɛwom ne sɛ, na nkurɔfo no de Onyankopɔn asɔrefie hɔ ayɛ baabi a wɔbɔ apoo anaa baabi a wɔbɔ korɔno mpo. Adɛn nti na yɛreka saa?—Yohane 2:14.
3, 4. Apoobɔ ne nsisi bɛn na na ɛrekɔ so wɔ Yehowa fie, na ɛdɛn na Yesu yɛe wɔ ho?
3 Ná nyamesom mpanyimfo no ahyɛ mmara sɛ, sika (coin) pɔtee bi na ɛsɛ sɛ wɔde tua asɔrefie tow no. Enti na ɛsɛ sɛ nkurɔfo a wɔatwa kwan aba hɔ no sesa wɔn sika ansa na wɔatumi anya saa sika pɔtee no bi. Asɔrefie hɔ pɛɛ na wɔn a ɛsesa sika no de wɔn apon kosisii, na sika biara a wɔbɛsesa no, na wɔgye ho biribi. Wɔn a na wɔtɔn mmoa wɔ hɔ nso, na wɔnya mfaso paa. Sɛ wɔn a wɔatwa kwan aba hɔ no pɛ sɛ wɔbɔ afɔre a, na wɔbetumi atɔ mmoa no bi afi kurom hɔni biara hɔ. Nanso, sɛ wɔde ba asɔrefie hɔ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre a, na asɔrefie mpanyimfo no betumi aka sɛ saa aboa no mfata. Sɛ wɔtɔ aboa no wɔ asɔrefie hɔ dea, sɛnea ɛte biara, wɔbegye atom. Esiane sɛ na nkurɔfo no nsa hyɛ aguadifo no anom nti, ɛtɔ da a, na aguadifo no tɔn mmoa no atwameneboɔ.b Ná wei nyɛ apoo kɛkɛ; ná ɛyɛ korɔno fitaa!
4 Ná Yesu ntumi nhwɛ mma saa asisisɛm no nkɔ so wɔ asɔrefie hɔ. Ná ɛhɔ yɛ ɔno ara ne Papa fie! Ɔde nhama yɛɛ abaa, na ɔde pamoo anantwi ne nguan no fii asɔrefie hɔ. Afei ɔkɔɔ baabi a nkurɔfo a na wɔsesa sika no wɔ no. Ɔkaa wɔn apon butubutuwii maa wɔn sika no hwie guu fam. Ɛfam hɔ nso, abo a ɛte sɛ ahwehwɛ a ɛso yɛ toro na na wɔde ayɛ hɔ. Enti wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ sika no bɔ petee fam hɔ! Wɔn a na wɔretɔn mmuruburuw no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ: “Momfa eyinom mfi ha nkɔ!” (Yohane 2:15, 16) Wohwɛ akokoduru a Yesu de yɛɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ obiara ammɔ ne ho mmusu sɛ obesiw no kwan.
“Momfa eyinom mfi ha nkɔ!”
Ná Yesu Te Sɛ Ne Papa
5-7. (a) Bere a Yesu de tenaa soro ansa na ɔreba asaase so no, ɛdɛn na ɛboaa no ma ohuu nea ɛyɛ atɛntrenee wɔ Yehowa ani so? Sɛ yɛhwɛ no sua no a, ɛdɛn na yebehu? (b) Atosɛm a Satan keka faa Yehowa ne nnipa ho no, ɛdɛn na Yesu ayɛ de asiesie, na ɛdɛn na ɔbɛyɛ wɔ ho daakye?
5 Aguadifo no san baa asɔrefie hɔ. Bɛyɛ mfe mmiɛnsa akyi no, Yesu san bɛpamoo wɔn fii hɔ. Bere bi, Yehowa kasa tiaa nkurɔfo a na wɔde ne fie ayɛ “baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw” no. Nkurɔfo a na wɔtɔn mmoa wɔ asɔrefie hɔ no, Yesu kaa saa asɛm no ara de twiw wɔn anim. (Yeremia 7:11; Mateo 21:13) Aane, bere a Yesu hui sɛnea nkurɔfo rebɔ apoo ne sɛnea wɔregu Onyankopɔn asɔrefie no ho fĩ no, ɔtee nka te sɛ ne Papa. Ɛnyɛ nwanwa koraa sɛ ɔtee nka saa! Efisɛ, mfe mpempem pii a na Yesu de atena soro no nyinaa, na ne Papa akyerɛkyerɛ no. Ɛno nti, nea ɛyɛ atɛntrenee wɔ Yehowa ani so, ne nea ɛnyɛ atɛntrenee wɔ n’ani so no, na Yesu nim ne nyinaa. Sɛ yɛbɛka a, na Yesu te sɛ ne Papa. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea Yehowa atɛntrenee te paa a, gye sɛ yɛhwɛ nea Yesu Kristo yɛe.—Yohane 14:9, 10.
6 Bere a Satan kaa sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔtorofo, na ɔmfata sɛ odi yɛn so no, na Yehowa Ba a ɔwoo no koro no wɔ hɔ. Hwɛ sɛnea Satan sɛee Yehowa din! Yesu tee nso sɛ, Satan reka sɛ onipa biara nni hɔ a, ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa nti na obeyi ne yam asom no. Yebetumi aka sɛ, saa atosɛm yi yɛɛ Yesu yaw paa, efisɛ ne koma ntumi bɔne. Wei nti, bere a Yesu behui sɛ ɔno paa na na Yehowa de no bɛyɛ adwuma ama obiara ahu sɛ nsɛm a Satan kekae no nyinaa yɛ atoro no, wo de, hwɛ sɛnea na Yesu ani begye afa! (2 Korintofo 1:20) Ná Yesu bɛyɛ no sɛn?
7 Yehui wɔ nhoma yi Ti 14 sɛ, Yesu Kristo ama obiara ahu sɛ sobo a Satan bɔe sɛ nea Yehowa asomfo nya fi ne hɔ nti na wɔsom no no, nokware biara nnim. Onyankopɔn din kronkron Yehowa a na Satan agu ho fĩ no, nea Yesu yɛe no bɔɔ kwan a Onyankopɔn de bɛtew ne din no ho. Afei nso, Onyankopɔn nam nea Yesu yɛe no so bɛma obiara ahu sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛyɛ papa. Yesu na ɔyɛ Yehowa Safohene, na ɔno na ɔbɛma Onyankopɔn atɛntrenee atim wɔ ɔsoro ne asaase so. (Asomafo Nnwuma 5:31) Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔde Onyankopɔn atɛntrenee yɛɛ adwuma wɔ biribiara mu. Yehowa kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Mehwie me honhom agu no so, na ɔbɛma amanaman no ahu nea atɛntrenee kyerɛ pefee.” (Mateo 12:18) Sɛn na Yesu maa saa asɛm no baa mu?
‘Nea Atɛntrenee Kyerɛ’ No, Yesu Maa Emu Daa Hɔ
8-10. (a) Mmara a Yudasom mpanyimfo hyehyɛe no, ɛmaa nkurɔfo buu wɔn a wɔnyɛ Yudafo ne mmea animtiaa. Adɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na mmara a Yudasom mpanyimfo hyehyɛe no maa Homeda ho mmara a Yehowa hyɛe no bɛyɛɛ adesoa?
8 Ná Yesu ani gye Yehowa Mmara ho, na ɔde bɔɔ ne bra bere nyinaa. Nanso, nyamesom mpanyimfo a na wɔwɔ ne bere so no de, wɔkyeaa Mmara no, na wɔamfa anyɛ adwuma yiye. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! . . . Mmara no mu nsɛm a ehia paa a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no de, momfa nyɛ hwee.” (Mateo 23:23) Biribiara kyerɛ sɛ, nyamesom mpanyimfo a na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Mmara no mu kyerɛ nkurɔfo ma wohu “nea atɛntrenee kyerɛ” no, wɔanyɛ saa. Mmom, wɔmaa no yɛɛ den maa nkurɔfo sɛ wɔbehu nea Onyankopɔn atɛntrenee kyerɛ. Ɛdɛn na wɔyɛe a ɛkyerɛ saa? Yɛnhwɛ nea wɔyɛe no bi.
9 Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ, aman a wɔsom abosom a wɔatwa wɔn ho ahyia no, wɔntwe wɔn ho mfi wɔn ho. (1 Ahene 11:1, 2) Nanso, nyamesom mpanyimfo a na Yudasom adi wɔn ti no, ebinom kyerɛkyerɛe sɛ, obiara a ɔnyɛ Yudani no, ɛsɛ sɛ wɔtan no. Yudafo no mmara nhoma bi a yɛfrɛ no Mishnah no, na mmara bi mpo wom a ɛka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wugyaw wo nantwi wɔ amanaman muni biara ahɔhodan mu, efisɛ anhwɛ a ɔne aboa no bɛda.” Saa adwemmɔne a na wɔwɔ wɔ nnipa a wɔnyɛ Yudafo ho no, na ɛmfata koraa. Mose Mmara no mpo kasa tiaa nnipa ho adwemmɔne a ɛte saa. (Leviticus 19:34) Nyamesom mpanyimfo no hyehyɛɛ mmara foforo a na ebu mmea animtiaa. Saa mmara no bi ne sɛ, sɛ ɔbea ne ne kunu nam a, ɛnsɛ sɛ odi ne kunu no nkyɛnmu, na mmom ɛsɛ sɛ odi n’akyi. Mmara no baako nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea bɔ nkɔmmɔ wɔ abɔnten; sɛ ɔyɛ ne yere mpo a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa. Afei nso, na mmea nni kwan sɛ wɔdi adanse wɔ asɛnnibea sɛnea na nkoa nso nni kwan sɛ wɔdi adanse wɔ asɛnnibea no. Ná nyamesom mpanyimfo no bɔ mpae mpo da Onyankopɔn ase sɛ wammɔ wɔn mmea.
10 Nyamesom mpanyimfo no hyehyɛɛ mmara bebree, enti na nkurɔfo no ntumi nhu nea ɛyɛ Onyankopɔn Mmara paa. Yɛhwɛ Homeda mmara no sei a, nea na ɛka ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ Israelfo no yɛ adwuma Homeda, mmom na ɛsɛ sɛ wɔde saa da no som Onyankopɔn na wɔde home. Nanso, Farisifo no maa saa mmara no bɛyɛɛ adesoa maa Israelfo no. Wɔn ankasa yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyerɛ ade pɔtee a sɛ obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wayɛ “adwuma.” Wɔkyerɛɛ nneɛma 39 a sɛ obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wayɛ adwuma. Ebi ne sɛ obi betwa n’afuw mu nnɔbae, anaasɛ ɔbɛkɔ ahayɔ. Homeda ho mmara bebree a wɔhyehyɛe no kɔfaa nsɛmmisa pii bae. Ebi ne sɛ, sɛ obi kum sommɔre Homeda a, ɛkyerɛ sɛ wakɔ ahayɔ anaa? Sɛ obi nam kwan so na ɔtew awi anaa ayuo kakra sɛ ɔrewe a, ɛkyerɛ sɛ ɔretwa nnɔbae anaa? Sɛ obi sa obi yare a, ɛkyerɛ sɛ ɔreyɛ adwuma anaa? Ɛdɛn na nyamesom mpanyimfo no de yii saa nsɛmmisa yi ano? Nea wɔyɛe ne sɛ, wɔsan hyehyɛɛ mmara bawee a wunhu ne ti nhu ne nkɔn mpo de pii so.
11, 12. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ Farisifo no nkyerɛkyerɛ nyɛ nokware?
11 Nnipa a na wɔde saa mmara yi akyerɛkyerɛ wɔn no, na Yesu bɛyɛ dɛn aboa ama wɔahu nea atɛntrenee kyerɛ? Yesu nkyerɛkyerɛ ne n’abrabɔ nyinaa mu no, ɔde akokoduru maa nyamesom mpanyimfo no hui sɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. Ma yenni kan nhwɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no bi. Mmara bebree a na nyamesom mpanyimfo no ahyehyɛ no, Yesu kaa ho asɛm, na ɔka sii wɔn anim sɛ: “Mode mo amammerɛ a mokyerɛkyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm.”—Marko 7:13.
12 Yesu kaa no denneennen sɛ nea na Farisifo no reka fa Homeda mmara no ho no nyɛ nokware, na nea enti a Onyankopɔn de saa mmara no mae no, wɔante ase. Yesu kaa sɛ ɔno ne Mesia no, na ɔno ne “Homeda Wura.” Enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔsa nkurɔfo yare Homeda. (Mateo 12:8) Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo ahu sɛ nea ɔreka no yɛ nokware nti, ɔsaa yare Homeda maa obiara hui. (Luka 6:7-10) Nkurɔfo a Yesu saa wɔn yare no, na ɔde rema yɛahu sɛ daakye sɛ obedi ade wɔ Mfe Apem Ahenni no mu a, ɔbɛsa yare wɔ wiase nyinaa. Saa Mfe Apem no, ɛno ne Homeda kɛse paa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, bɔne ne owu a abɛsensɛn yɛn kɔn mu de yɛn ayɛ nkoa mfe bebree no, saa bere no, nnipa anokwafo bɛtetew wɔn ho afi ho ama obiara ho atɔ no.
13. Mmara foforo bɛn na Kristo de maa n’asuafo no, na nsonsonoe bɛn na ɛwɔ saa mmara no ne Mose Mmara no mu?
13 Yesu san yɛɛ biribi foforo maa n’asuafo no huu nea atɛntrenee kyerɛ. Ɛne sɛ, ɔmaa wɔn mmara foforo bi. Saa mmara no ne “Kristo mmara no.” Bere a Yesu wiee n’adwuma wɔ asaase so no, saa bere no na mmara foforo no fii ase yɛɛ adwuma. (Galatifo 6:2) Mose Mmara a na ɛwɔ hɔ no, na ɛyɛ mmara bebree a wɔakyerɛw, nanso Kristo mmara no nte saa. Ɛno de, egyina nnyinasosɛm so. Nanso, Kristo mmara no, ahyɛde pɔtee bi hyehyɛ mu. Saa ahyɛde no, Yesu frɛɛ baako “ahyɛde foforo.” Ɛne sɛ, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo nyinaa sɛ wɔnnodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. (Yohane 13:34, 35) Enti, wɔn a wɔde “Kristo mmara” no bɔ wɔn bra no, ɛsɛ sɛ wɔyi wɔn komam dodɔ wɔn ho, anaa wɔkum wɔn ho ma wɔn nuanom Kristofo.
Yesu Abrabɔ Ma Yehu Nea Atɛntrenee Kyerɛ
14, 15. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ biribiara na ɔwɔ ho tumi, na gyidi bɛn na wei ma yenya wɔ Yesu mu?
14 Ɛnyɛ Yesu ano nko na ɔde kaa ɔdɔ ho asɛm. Mmom, ɔde “Kristo mmara” no bɔɔ ne bra. Ɔyɛɛ ne biribiara ɔdɔ mu. Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no, ɛma yehu nea atɛntrenee kyerɛ paa. Ma yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a ɔfaa so yɛɛ saa.
15 Nea edi kan, Yesu hwɛɛ yiye paa sɛ ɔrenyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ ommu atɛntrenee. Ebia woahyɛ no nsow sɛ, nnipa a wɔyɛ ahantan no, wɔntaa mmu atɛntrenee, na wɔyɛ nneɛma a wɔnni kwan sɛ wɔyɛ. Yesu de, wanyɛ biribiara a ɛte saa. Bere bi, ɔbarima bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade no.” Ɛdɛn na Yesu ka kyerɛɛ no? Ɔkaa sɛ: “Damfo, hena na oyii me sɛ menyɛ mo temmufo anaa obi a obesiesie mo ntam?” (Luka 12:13, 14) Asɛm a Yesu bisae yi, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne ho? Yesu nimdeɛ, ne nyansa, ɛne tumi a Onyankopɔn de ama no no, ɛsen onipa biara de, nanso wamfa n’ano anto asɛm no mu, efisɛ na Onyankopɔn mmaa no saa tumi no. Yesu de, nea onni kwan sɛ ɔyɛ no, ɔnyɛ; saa ara na ɔte. Mfe mpempem bebree mpo a ɔtenaa soro ansa na ɔreba asaase so no, wamfa ne pɛ anyɛ biribiara a onni kwan sɛ ɔyɛ. (Yuda 9) Ɛyɛ anuonyam ma Yesu sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma Yehowa kyerɛ no nea ɛtene.
16, 17. (a) Bere a Yesu reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔde atɛntrenee yɛɛ adwuma? (b) Nneɛma bɛn na na Yesu taa yɛ de kyerɛ sɛ ɔpɛ atɛntrenee?
16 Nea ɛtɔ so mmienu, Yesu de atɛntrenee yɛɛ adwuma bere a ɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Wanyɛ nyiyim. Mmom, oyii ne koma mu yɛɛ nea obetumi biara kaa asɛmpa no bi kyerɛɛ nnipa ahorow nyinaa bi, asikafo ne ahiafo nyinaa. Nanso Farisifo no de, na wɔmmu ahiafo ne mmɔborɔwafo, na na wɔmpɛ sɛ wɔbɛn wɔn mpo. Wɔbuu wɔn animtiaa, na wɔfrɛɛ wɔn ʽam-ha·ʼaʹrets, kyerɛ sɛ, “fam nnipa.” Nanso Yesu de, ɔde akokoduru yɛɛ nea ɛtene. Ɛne sɛ, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn, ɔne wɔn too nsa didii, ɔmaa wɔn aduan, ɔsaa wɔn yare, na onyanee ebinom mpo fii awufo mu. Saa nneɛma a ɔyɛe no nyinaa kyerɛ sɛ, ɔde atɛntrenee yɛ adwuma te sɛ ne papa Yehowa a “ɔpɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa” no.c—1 Timoteo 2:4.
17 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, mmɔborɔhunu kɛse a na Yesu wɔ no nso ma yehu sɛ ɔpɛ atɛntrenee. Ɔtwe bɛn abɔnefo kɔboaa wɔn. (Mateo 9:11-13) Ná Yesu wɔ hɔ ma wɔn a wɔnni kamafo. Wo de hwɛ, na nyamesom mpanyimfo no akyerɛkyerɛ Yudafo no sɛ mma wɔnnnye Amanaman muni biara nnni. Yesu ne wɔn anyɛ adwene koraa. Ɛwom, Yudafo titiriw nti na Yesu baa asaase so, nanso ne mmɔborɔhunu nti, ɔboaa Amanaman mufo no bi, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Bere a Romani sraani panyin bi srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa n’akoa bi yare no, ɔpenee so saa no yare, na ɔkaa sɛ: “Obiara nni Israel a mahu gyidi a ɛso saa wɔ ne mu.”—Mateo 8:5-13.
18, 19. (a) Ɛdɛn na Yesu yɛe de dii mmea ni? (b) Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛma yehu sɛ yehia akokoduru na ama yɛatumi abu atɛntrenee?
18 Afei nso, sɛnea na nkurɔfo bu mmea animtiaa no, na Yesu ne wɔn nyɛ adwene koraa. Mmom, ɔde akokoduru yɛɛ nea ɛtene. Ná Yudafo no bu Samariafo mmea sɛ wɔn ho ntew te sɛ nea Amanaman mufo ho ntew no. Nanso Yesu de, wannwene ho mmienu koraa ɛnna ɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariani bea no wɔ Sikar abura no ho. Nea ɛwom mpo ne sɛ, saa Samariani bea no ne onipa a odi kan a Yesu hyɛɛ da ka kyerɛɛ no sɛ ɔno ne Mesia no. (Yohane 4:6, 25, 26) Farisifo no kaa sɛ mmea de, ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Mmara. Nanso Yesu de ne bere ne n’ahoɔden pii kyerɛkyerɛɛ mmea. (Luka 10:38-42) Nyamesom mpanyimfo no kyerɛkyerɛe sɛ asɛm bi si a, mmea nni kwan sɛ wɔdi ho adanse, nanso Yesu de, bere a onyan fii awufo mu no, mmea na odii kan yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn mpo sɛ, wɔnkɔka asɛnhia yi nkyerɛ n’asuafo mmarima no!—Mateo 28:1-10.
19 Ampa, Yesu maa amanaman no huu nea atɛntrenee kyerɛ paa. Saa ade a ɔyɛe no nti, ɛde ne nkwa too asiane mu mpɛn pii. Nea Yesu yɛe no ma yehu sɛ yehia akokoduru na ama yɛatumi abu atɛntrenee sɛnea Yehowa pɛ. Ɛno nti na Bible frɛ Yesu sɛ “Yuda abusuakuw mu Gyata” no. (Adiyisɛm 5:5) Kae sɛ, gyata yɛ aboa a ɔwɔ akokoduru, na wɔde no gyina hɔ ma atɛntrenee. Ɛrenkyɛ, Yesu de atɛntrenee mu atɛntrenee bɛba. Ɔde “atɛntrenee bɛba asaase so” baabiara.—Yesaia 42:4.
Onyankopɔn Ahenni No So Hene No De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So’’
20, 21. Yɛn bere yi so no, sɛn na Onyankopɔn Ahenni no so hene no ahwɛ ama atɛntrenee rekɔ so wɔ asaase so ne Kristofo asafo no mu?
20 Efi bere a Yesu bɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene afe 1914 no, wayere ne ho de atɛntrenee aba asaase so. Sɛn na wayɛ no? Nkɔm a ɔno ankasa hyɛe wɔ Mateo 24:14 no, wahwɛ ama no aba mu. Yesu akyidifo a ɛwɔ asaase so no aka Yehowa Ahenni no ho asɛm akyerɛ nnipa a ɛwɔ asaase so baabiara. Wɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa nyinaa, wɔnyɛ nyiyim sɛnea Yesu anyɛ nyiyim no. Nkwadaa oo, mpanyin oo, asikafo oo, ahiafo oo, mmea oo, mmarima oo, wɔka asɛmpa no kyerɛ obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehu Yehowa, Onyankopɔn a obu atɛntrenee no.
21 Yesu na ɔyɛ Kristofo asafo no Ti. Ɔrehwɛ ama atɛntrenee ayɛ adwuma wɔ asafo no mu nso. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, ‘ɔde nnipa ayɛ akyɛde’ ama yɛn. Saa akyɛde no ne Kristofo asafo mu mpanyimfo anokwafo a wɔdi asafo no anim no. (Efesofo 4:8-12) Yesu Kristo de, Onyankopɔn guan biara som bo ma no. Ɔpɛ sɛ mpanyimfo no suasua no na wɔbu atɛntrenee ma asafo no muni biara. Sɛ ɔyɛ sikani oo, ɔyɛ ohiani oo, wagye din oo, onnyee din oo, Yesu pɛ sɛ mpanyimfo no bu atɛntrenee ma no.
22. Ntɛnkyea pii a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu no, ɛka Yehowa sɛn, na ɛdɛn na ɔde ahyɛ ne Ba no nsa sɛ ɔnyɛ?
22 Ɛrenkyɛ Yesu de atɛntrenee a edi mu paa bɛba asaase nyinaa so. Wiase bɔne yi mu de, ntɛnkyea abu so wɔ baabiara. Wo de hwɛ, ɔkɔm kunkum nkwadaa. Nanso wobɛhwɛ no, na aman bebree resɛe sika pii wɔ akode ho. Nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya nso, wobɛhwɛ na wɔresɛe sika pii de gye wɔn ani; wuhu sɛ entwa yiye koraa. Nnipa mpempem pii a wɔwu afe biara no, emu bebree wɔ hɔ a, anka yebetumi asiw ano. Sɛ Yehowa hwɛ weinom nyinaa ne ntɛnkyea foforo bebree a ɛrekɔ so a, ɛhyɛ no abufuw paa. Yehowa de ahyɛ ne Ba no nsa sɛ, ɔnko ntia nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu, na ontu ntɛnkyea ase korakora.—Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-15.
23. Sɛ Armagedon ko no ba awiei a, ɛdɛn na Kristo bɛyɛ ama atɛntrenee aba wiase afebɔɔ?
23 Nneɛma a Yehowa bɛyɛ ama atɛntrenee aba asaase so no, baako ne abɔnefo a ɔbɛsɛe wɔn. Nea ɛka ho nso ne sɛ, wayi ne Ba no sɛ ɔnyɛ “Asomdwoe Hene.” Sɛ Armagedon ko no ba awiei a, Yesu ahenni no de asomdwoe bɛba asaase nyinaa so, na ɔde “atɛntrenee” na ebedi ade. (Yesaia 9:6, 7) Afei ntɛnkyea a ɛde ɔhaw ne amanehunu pii aba wiase no nyinaa, Yesu de anigye beyi afi hɔ. Ɔde Yehowa atɛntrenee a edi mu no bɛyɛ adwuma afebɔɔ. Enti ɛnnɛ paa na ehia sɛ yesuasua Yehowa atɛntrenee. Ma yɛnhwɛ sɛnea yɛbɛyɛ no.
a Yesu bo a efuwii no, na ɛyɛ abufuw papa; enti, na ɔde resuasua n’agya Yehowa. Adebɔne de, Yehowa ‘ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda n’abufuw adi’ wɔ ho. (Nahum 1:2) Ɛho nhwɛso ni. Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo asoɔdenfo no sɛ wɔayɛ ne fie “baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.” Bere a ɔkaa saa wiei no, ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mehwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu ha.’—Yeremia 7:11, 20.
b Nhoma bi a yɛfrɛ no Mishnah ka sɛ, mfe bi akyi no, mmuruburuw a na wɔtɔn no aboɔden wɔ asɔrefie hɔ no nti, nkurɔfo bo fuwii ma wɔyɛɛ ho dede. Ɛbaa saa no, ɛhɔ ara na wɔtew ɛboɔ no so hwi; wɔtew so bɛyɛ ɔha mu nkyem 99! Mmoa a na wɔtɔn wɔ asɔrefie hɔ no, henanom na wɔnyaa so mfaso kɛse? Abakɔsɛm akyerɛwfo bi ka sɛ, asɔrefie hɔ gua no, Ɔsɔfo Panyin Anas fiefo na na ɛyɛ wɔn dea, enti ɔsɔfo no abusuafo nyaa wɔn ho sei tam.—Yohane 18:13.
c Ná Farisifo no adwene ne sɛ, mmɔborɔwafo a wɔnnim Mmara no, “wɔadome” wɔn. (Yohane 7:49) Wɔkaa sɛ, nnipa a wɔte saa de, enni sɛ obiara kyerɛkyerɛ wɔn, enni sɛ obiara ne wɔn di gua, enni sɛ obiara ne wɔn didi, na enni sɛ obiara ne wɔn bɔ mpae. Sɛ woma wuram mmoa kyere wo babea we a, eye sen sɛ wode no bɛma saa nkurɔfo no bi aware no. Ná wɔbu mmɔborɔwafo no sɛ, wɔmfata sɛ wɔbenya owusɔre.
-
-
‘Di Asɛntrenee’ Wɔ Wo Ne Onyankopɔn Nantew MuBɛn Yehowa
-
-
TI 16
‘Di Asɛntrenee’ Wɔ Wo Ne Onyankopɔn Nantew Mu
1-3. (a) Yɛbɛka a, adɛn nti na yɛde Yehowa ka? (b) Ɛdɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?
WO DE, fa no sɛ wote po so hyɛn mu na ɛremem. Ɛyɛɛ wo sɛ, anidaso nyinaa asa. Ɛhɔ ara na obi baa hɔ beyii wo, na ɔde wo kɔɔ baabi a ɛhɔ ye. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Ɛha de, biribiara renyɛ wo wae.” Hwɛ sɛnea anka wo koma bɛtɔ wo yam! Nea onipa no ayɛ ama wo no, anka wo werɛ remfi da, ɛnte saa? Ɛka a anka wobɛde saa onipa no de, anka worentumi ntua da, efisɛ sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka wo wuo mu ara ne no.
2 Biribi saa na Yehowa nso ayɛ ama yɛn. Nea wayɛ ama yɛn no, yɛn werɛ remfi da; yɛbɛka a, yɛde no ka mpo. Ɔno na watua agyede no ama yɛn, na ɔnam so agye yɛn afi bɔne ne owu mu. Sɛ yenya agyede afɔre no mu gyidi nko ara de a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na yɛanya daa nkwa. (1 Yohane 1:7; 4:9) Yehui wɔ nhoma yi Ti 14 sɛ, agyede no yɛ adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn, na ɔdɔ yɛn. Nea Yehowa ayɛ ama yɛn no, ɛdɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ?
3 Ɛfata sɛ yɛma yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no ankasa kyerɛ yɛn nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Yehowa nam odiyifo Mika so kaa sɛ: “O onipa, waka nea eye akyerɛ wo. Na dɛn na Yehowa rehwehwɛ afi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee, na woama nokwaredi ada wo koma so, na woabrɛ wo ho ase ne wo Nyankopɔn anantew!” (Mika 6:8) Hyɛ no nsow sɛ ade baako a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ ‘yebedi asɛntrenee.’ Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?
Momma Yenni ‘Trenee a Edi Mũ’ Akyi
4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa ne bɔne no, ɛno na ɔpɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra?
4 Nea Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa no, ɔpɛ sɛ yɛn nso yebu no papa, na nea obu no sɛ ɛyɛ bɔne no, ɔpɛ sɛ yɛn nso yebu no bɔne. Esiane sɛ Yehowa akwankyerɛ tene na ɛyɛ papa nti, sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛkyerɛ sɛ yɛredi asɛntrenee anaa atɛntrenee ne trenee akyi. Yesaia 1:17 ka sɛ: “Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee.” Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnhwehwɛ trenee.’ (Sefania 2:3) Ɛsan tu yɛn fo sɛ ‘yɛnhyɛ suban foforo a Onyankopɔn bɔɔ no sɛnea ɔpɛ no, suban a egyina trenee a edi mũ so.’ (Efesofo 4:24) Nea Yehowa bu no sɛ ɛtene no, sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, yɛbɛtwe yɛn ho afi awudisɛm, ɔbrafĩ ne ɔbrasɛe biara ho, efisɛ saa nneɛma no tia nea Yehowa bu no sɛ ɛyɛ kronkron.—Dwom 11:5; Efesofo 5:3-5.
5, 6. (a) Nea Yehowa ka sɛ ɛyɛ papa anaa ɛtene no, adɛn nti na ɛnyɛ den dodo sɛ yɛde bɛbɔ yɛn bra? (b) Ɛdɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ, adetrenee a yɛbɛyɛ no, ɛnyɛ da koro asɛm?
5 Nea Yehowa ka sɛ ɛyɛ papa anaa ɛtene no, wohwɛ a ɛyɛ den dodo sɛ yɛde bɛbɔ yɛn bra anaa? Daabi. Sɛ obi dɔ Yehowa, na ɔpɛ sɛ ɔtwe bɛn no a, ɛnyɛ den mma saa nipa no sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa aka sɛ ɔnyɛ. Yɛdɔ Nyankopɔn, na yɛn ani gye ne suban nyinaa ho. Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛbɛma n’ani agye. (1 Yohane 5:3) Yɛnkae sɛ Yehowa ‘dɔ adetrenee.’ (Dwom 11:7) Sɛ yebetumi asuasua Onyankopɔn atɛntrenee anaa ne trenee a, nea Yehowa ani gye ho no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani gye ho, na yekyi nea okyi.—Dwom 97:10.
6 Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ adetrenee. Ɛsɛ sɛ yeyi suban dedaw no ne ne nneyɛe bɔne no gu, na yɛhyɛ suban foforo no. Bible ka sɛ suban foforo no, wɔnam nokware nimdeɛ so na ‘ɛreyɛ no foforo.’ (Kolosefo 3:9, 10) Sɛ kyerɛwsɛm no ka “reyɛ no foforo” a, ɛkyerɛ sɛ suban foforo a yɛbɛhyɛ no, ɛnyɛ da koro asɛm. Mmom, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no daa. Bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene mpo a, ɛtɔ da a, adwemmɔne tumi ba yɛn tirim, yetumi fom wɔ yɛn kasa mu, anaa yetumi yɛ biribi a enye.—Romafo 7:14-20; Yakobo 3:2.
7. Sɛ yɛrebɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛyɛ adetrenee, na sɛ yedi mfomso a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn?
7 Sɛ yɛrebɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛyɛ adetrenee, na sɛ yedi mfomso a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn? Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ bɔne a yɛayɛ no nyɛ hwee. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene nso sɛ, mfomso a yedi nti yɛmfata sɛ yɛsom Yehowa na yɛpɛ yɛn baabi tena. Yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔdɔ, ɛno nti ɔde nneɛma bi agu akwan mu. Enti sɛ yɛyɛ bɔne, na yenu yɛn ho paa a, ɔde kyɛ yɛn. Wo de, hwɛ asɛm a ɔsomafo Yohane kyerɛwee no. Ɔkaa sɛ: “Merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne.” Afei ɔde awerɛkyekyesɛm yi kaa ho sɛ: “Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne [esiane sintɔ a yenya fii awo mu nti] a, yɛwɔ ɔboafo bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni Yesu Kristo.” (1 Yohane 2:1) Ampa, Yehowa de Yesu abɔ afɔre atua agyede no. Wei nti yɛyɛ abɔnefo de, nanso Yehowa betumi agye yɛn atom sɛ n’asomfo. Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa ayɛ ama yɛn yi a, ɛnka yɛn koma sɛ yɛnyere yɛn ho nyɛ nea ɛsɔ n’ani anaa?
Asɛmpa No Ma Yehu Sɛ Yehowa Bu Atɛntrenee
8, 9. Sɛn na asɛmpa a yɛka no kyerɛ sɛ Yehowa bu atɛntrenee?
8 Ade baako a yebetumi ayɛ de adi asɛntrenee na yɛasuasua Yehowa atɛntrenee ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho paa aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Sɛn na asɛmpa a yɛka no ma yehu sɛ Yehowa bu atɛntrenee?
9 Yehowa rensɛe wiase bɔne yi, gye sɛ odi kan bɔ nkurɔfo kɔkɔ ansa. Bere a Yesu rekyerɛ nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ awiei bere yi mu no, ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wodi kan ka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.” (Marko 13:10; Mateo 24:3) Sɛ yɛhwɛ asɛm “wodi kan” a Yesu de yɛɛ adwuma no a, ɛma yehu sɛ, sɛ yɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa wie a, nneɛma foforo bedi akyi aba. Nneɛma a ɛbɛkɔ so no, ebi ne ahohiahia kɛse a ɔhyɛɛ ho nkɔm no. Ahohiahia kɛse no mu na wɔbɛsɛe abɔnefo, na ɛno akyi na wiase foforo no bɛba. (Mateo 24:14, 21, 22) Sɛ Yehowa sɛe abɔnefo a, obiara rentumi nka sɛ Yehowa ne wɔn anni no yiye. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, Yehowa nam asɛnka adwuma no so rebɔ abɔnefo kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi asakra wɔn adwene na wagye wɔn nkwa.—Yona 3:1-10.
10, 11. Sɛ yɛka asɛmpa no a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee?
10 Sɛ yɛka asɛmpa no a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee? Nea edi kan, sɛ yɛyere yɛn ho paa boa nkurɔfo ma wɔnya nkwa a, ɛkyerɛ sɛ yɛayɛ adetrenee. Ma yɛnsan nhwɛ mfatoho a ɛfa po so hyɛn a na ɛremem ho no. Sɛ obi yi wo fi nsu no mu de wo kɔtena ɛhyɛn foforo bi mu a, wo nso wobɛyɛ nea wubetumi biara aboa wɔn a wɔda so wɔ nsu no mu no ama wɔanya nkwa. Yɛn nso, nkurɔfo a ɛwɔ wiase bɔne yi mu a wɔn nkwa da asiane mu no, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛboa wɔn. Ɛwom, nnipa bebree ntie asɛm a yɛka no. Nanso sɛ Yehowa da so ara wɔ wɔn ho abotare a, ɛnde yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa wɔn ma ‘wɔsakra wɔn adwene,’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya nkwa.—2 Petro 3:9.
11 Sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ obiara a yebehyia no a, na yɛresuasua Yehowa atɛntrenee wɔ ɔkwan titiriw bi so. Ɛne sɛ, yenyiyi nnipa mu. Kae sɛ, “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Sɛ yebetumi asuasua Yehowa atɛntrenee a, ɛnsɛ sɛ yeyiyi nnipa mu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ obiara. Sɛ ɔyɛ ohiani oo, ɔyɛ sikani oo, wagye din oo, ɔnnyee din oo, ofi he oo, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ no. Yɛyɛ saa a, yɛma obiara nya kwan te asɛmpa no bi, na wasi gyinae sɛ ɔbɛsakra n’adwene anaa ɔrensakra.—Romafo 10:11-13.
Sɛnea Ɛsɛ Sɛ Yɛne Nkurɔfo Tena
12, 13. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu nkurɔfo atɛn? (b) Afotu a Yesu de mae sɛ “munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn,” ne “munnyae sɛ mokasa tia nkurɔfo” no, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
12 Ade foforo nso a yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee ne sɛ, sɛnea Yehowa yɛ yɛn no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nkurɔfo. Ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu nkurɔfo atɛn, na sɛ wɔdi mfomso nso a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkasa atia wɔn na yɛanya adwene sɛ nea wɔyɛe no, ɛnyɛ adwempa na wɔde yɛe. Nanso yemmisa sɛ, sɛ yɛyɛ biribi na Yehowa ka sɛ ɛnyɛ adwempa na yɛde yɛe a, yɛn mu hena na anka ɛbɛyɛ no dɛ? Anaasɛ yɛn mu hena na sɛ odi mfomso na sɛ Yehowa ne no di no nwenweenwene a, n’ani begye? Nea ɛwom ne sɛ, Yehowa de, ɛnyɛ saa koraa na ɔne yɛn di. Odwontofo no kaa sɛ: “O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obetumi agyina w’anim?” (Dwom 130:3) Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn Nyankopɔn no wɔ mmɔborɔhunu na obu atɛntrenee na ɔmfa n’adwene nsi yɛ mfomso so no a, ɛnyɛ wo dɛ anaa? (Dwom 103:8-10) Ɛnde, yɛn nso, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo?
13 Sɛnea Onyankopɔn wɔ mmɔborɔhunu na obu atɛntrenee no, sɛ yɛn ani gye ho a, ɛnde sɛ obi di mfomso a, yɛrempere yɛn ho mmu no atɛn, ɛnkanka bere a nea onipa no ayɛ no mfa yɛn ho anaa ɛnyɛ bɔne kɛse biara no. Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.” (Mateo 7:1) Wohwɛ Luka kyerɛwtohɔ no a, Yesu de kaa ho sɛ: “Munnyae sɛ mokasa tia nkurɔfo, na nkurɔfo renkasa ntia mo da.”a (Luka 6:37) Ná Yesu nim sɛ, nnipa a bɔne wɔ yɛn ho de, yɛtaa bu nkurɔfo atɛn anaa yɛkasa tia wɔn. Enti nnipa a na wɔretie Yesu no, sɛ na ebinom taa bu nkurɔfo atɛn a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔgyae.
Sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ obiara na yɛanyɛ nyiyim a, na yɛresuasua Yehowa atɛntrenee
14. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yegyae sɛ yebebu nkurɔfo atɛn’?
14 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yegyae sɛ yebebu nkurɔfo atɛn’? Ade baako ne sɛ, yenni tumi sɛ yɛyɛ saa. Osuani Yakobo kaa sɛ: “Mmarahyɛfo ne Ɔtemmufo baako pɛ na yɛwɔ,” na ɔno ne Yehowa. Enti Yakobo bisaa asɛm bi a ɛsɛ sɛ yedwen ho. Obisaa sɛ: “Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?” (Yakobo 4:12; Romafo 14:1-4) Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yegyae sɛ yebebu nkurɔfo atɛn ni. Yɛyɛ abɔnefo, enti ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu nkurɔfo ntɛnkyea. Sɛnea nkurɔfo te paa no, yentumi nhu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ebia biribi wɔ wɔn ho a yɛmpɛ, ebia ɛyɛ yɛn sɛ wɔne yɛn anni no yiye, ebetumi nso aba sɛ yɛn ani bere wɔn, anaa ebia ɛyɛ yɛn sɛ yɛkyɛn wɔn. Weinom nyinaa betumi afura yɛn ani, enti yɛrentumi nhu sɛnea obi te paa. Afei nso, ɛnyɛ biribiara na yenim. Enti sɛ yedwen weinom nyinaa ho a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu nkurɔfo atɛn. Yentumi nhu nnipa komam, na saa ara nso na yentumi nhu nea ɛrekɔ so wɔ obiara asetena mu. Enti yɛne hena a yebenya adwemmɔne ama yɛn nuanom Kristofo na yɛaka sɛ wɔntene wɔn ho nsom Onyankopɔn yiye? Nea ɛyɛ papa ne sɛ yebesuasua Yehowa na yɛahwɛ nea yɛn nuanom tumi yɛ sen sɛ yɛde yɛn adwene besi nea wɔntumi nyɛ so!
15. Ɛdɛn na enni sɛ ɛkɔ so wɔ Onyankopɔn asomfo mmusua mu, na adɛn ntia?
15 Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn abusuafo tena? Sɛ abusuafo te fie a, ɛsɛ sɛ asomdwoe ba hɔ. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ mmusua bi wɔ hɔ a, asomdwoe a yɛfrɛ no asomdwoe de, ebi nni mu. Okununom, ɔyerenom, ne awofo bebree yɛ wɔn ade te sɛ ɔtɛmmuafo bi a onni ahummɔbɔ ketekete sei mpo. Wɔne wɔn abusuafo di no nwenweenwene. Wɔdidi wɔn atɛm, wɔtwa wɔn adapaa, na ɛtɔ da a, wɔhwe wɔn mpo. Nanso Onyankopɔn asomfo fie de, ɛnsɛ sɛ atɛnnidi, akutiabɔ, ne ateetee biara kɔ so wɔ hɔ. (Efesofo 4:29, 31; 5:33; 6:4) Afotu a Yesu de maa sɛ “munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn,” na “munnyae sɛ mokasa tia nkurɔfo” no, sɛ yɛwɔ fie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Kae sɛ, sɛnea Yehowa yɛ yɛn no, sɛ yɛn nso yɛyɛ nkurɔfo saa a, ɛno nso kyerɛ sɛ yebu atɛntrenee. Ɛremma da sɛ yɛn Nyankopɔn no ne yɛn bedi no yayaayaw anaa ɔne yɛn bedi no atirimɔden so. Mmom, ‘ɔwɔ ayamhyehye’ ma wɔn a wɔdɔ no no. (Yakobo 5:11) Wei yɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a ɛsɛ sɛ yesuasua!
Asafo Mu Mpanyimfo De “Atɛntrenee” Yɛ Adwuma
16, 17. (a) Ɛdɛn na Yehowa pɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ? (b) Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na wannu ne ho a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no yɛ, na adɛn ntia?
16 Yɛn nyinaa, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yebu atɛntrenee. Nanso Kristofo asafo mu mpanyimfo paa na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔbu atɛntrenee. Wo de, hwɛ sɛnea nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu ka “abirɛmpɔn” anaa asafo mu mpanyimfo ho asɛm. Ɛka sɛ: “Hwɛ! Ɔhene bi bedi ade trenee mu, na abirɛmpɔn nso bedi tumi atɛntrenee mu.” (Yesaia 32:1) Ampa, Yehowa hwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo besuasua no na wɔabu atɛntrenee. Wɔbɛyɛ no sɛn?
17 Asafo mu mpanyimfo nim sɛ, sɛ atɛntrenee anaa trenee bɛyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma asafo no ho tew. Ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru no, asafo mu mpanyimfo di n’asɛm. Sɛ wɔredi obi asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ Yehowa atɛntrenee hwehwɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔhu onipa no mmɔbɔ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nea wayɛ bɔne no ama wanu ne ho. Nanso, sɛ mpanyimfo no yɛ biara sɛ wɔbɛboa nea wayɛ bɔne no ama wanu ne ho na sɛ onipa no amfa ne ti annye nso ɛ? Ɛba saa a, Yehowa atɛntrenee hwehwɛ sɛ mpanyimfo no de wɔn nan si fam na wɔyɛ nea Yehowa Asɛm ka no. Ɛka sɛ: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, wɔntu no mfi asafo no mu. (1 Korintofo 5:11-13; 2 Yohane 9-11) Sɛ mpanyimfo no tu obi a, ɛyɛ wɔn yaw, nanso wɔnim sɛ ehia sɛ wɔyɛ saa na ama asafo no ho akɔ so atew wɔ Yehowa ani so. Ɛno mpo no, wɔwɔ anidaso sɛ, daakye bi ɔbɔnefo no ani bɛba ne ho so na wasan aba asafo no mu.—Luka 15:17, 18.
18. Sɛ mpanyimfo de Bible retu anuanom fo a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ wɔkae?
18 Sɛ ehia sɛ asafo mu mpanyimfo de Bible tu onua bi fo na sɛ wɔyɛ a, ɛno nso kyerɛ sɛ wɔde atɛntrenee yɛ adwuma. Nea ɛte ne sɛ, mpanyimfo nhwehwɛ anuanom ho mfomso. Afei nso, ɛnyɛ sɛ biribiara a obi bɛyɛ no, na wɔde mmirika rekotu no fo. Nanso, yɛn nua Kristoni betumi adi “mfomso ansa na n’ani aba ne ho so.” Sɛ obi di mfomso na sɛ mpanyimfo no kae sɛ, sɛ Onyankopɔn rebu atɛntrenee a, ɔnyɛ no yayaayaw anaa ɔnyɛ no atirimɔden so a, ɛbɛboa wɔn ama ‘wɔabɔ mmɔden de odwo agye onipa a ɔte saa no asi yiye.’ (Galatifo 6:1) Enti sɛ obi di mfomso na mpanyimfo no reboa no a, wɔmfa abufuw nkasa nkyerɛ no, na wɔne no nkasa yayaayaw. Mmom, wɔde ɔdɔ tu no fo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ no nkuran. Sɛ onua bi di mfomso, na sɛ ɛho hia mpo sɛ mpanyimfo no sekyere ka kyerɛ no sɛ ɔkwan a ɔnam so no, sɛ wansesa a, ɛde nsunsuanso bɔne bɛba a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ onua no da so ara ka Yehowa nguan ho.b (Luka 15:7) Sɛ mpanyimfo de afotu rema onua bi anaa wɔreka n’anim na sɛ wɔyɛ no ɔdɔ mu a, ɛbɛma wɔatumi aboa onua no.
19. Gyinae bɛn na mpanyimfo sisi, na ɛdɛn na wɔgyina so si gyinae?
19 Ɛtɔ da a, mpanyimfo sisi gyinae fa wɔn nuanom Kristofo ho. Ɛho nhwɛso ni. Ɛwom a, mpanyimfo no hyia susuw anuanom mmarima ho hwɛ sɛ henanom na wɔbetumi aka wɔn ho asɛm ama wɔabɛyɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo. Asafo mu mpanyimfo no nim paa sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ animhwɛ anaa wɔyɛ nyiyim. Nea Nyankopɔn ka sɛ wɔnhwɛ ho mma obi mmɛyɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo no, ɛno na wɔde si gyinae, na ɛnyɛ nea wɔn adwene kyerɛ wɔn. Ɛno nti ‘wɔnyɛ nyiyim ne animhwɛ.’—1 Timoteo 5:21.
20, 21. (a) Ɛdɛn na asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden yɛ, na adɛn ntia? (b) Ɛdɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa “wɔn a wɔabotow”?
20 Asafo mu mpanyimfo de Onyankopɔn atɛntrenee yɛ adwuma wɔ akwan foforo so. Bere a Yesaia kaa sɛ mpanyimfo no de “atɛntrenee” bɛyɛ adwuma no, ɔtoaa so kaa sɛ: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea, ne ahum ano guankɔbea, asaase a ɛso awo so nsuten, ne asaase wosee so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:1, 2) Wei kyerɛ sɛ, mpanyimfo no bɔ mmɔden paa sɛ, wɔbɛyɛ nea wɔbetumi biara akyekye wɔn nuanom Kristofo werɛ, na wɔahyɛ wɔn nkuran.
21 Ɛnnɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ adɔɔso, enti nnipa bebree hia nkuranhyɛ. Asafo mu mpanyimfo, ɛdɛn na mubetumi ayɛ de aboa “wɔn a wɔabotow no”? (1 Tesalonikafo 5:14) Sɛ wɔrekasa a, munyi mo koma mu ntie wɔn. (Yakobo 1:19) Dadwen a ɛda wɔn so nti, wɔbehia obi a wɔwɔ ne mu awerɛhyem na wɔaka wɔn asɛm akyerɛ no. (Mmebusɛm 12:25) Momma wɔn awerɛhyem sɛ wɔn ho hia Yehowa ne wɔn nuanom Kristofo, wɔsom bo ma wɔn, na wɔdɔ wɔn paa. (1 Petro 1:22; 5:6, 7) Afei nso, mubetumi ne wɔn a wɔabotow no abom abɔ mpae na mubetumi nso akae wɔn mpaebɔ mu. Sɛ onua a wabotow te sɛ asafo mu panyin ayi ne koma mu rebɔ mpae ama no a, ebetumi akyekye ne werɛ paa. (Yakobo 5:14, 15) Sɛ wuyi wo yam boa anuanom a wɔabotow, na woda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a, atɛntrenee Nyankopɔn no werɛ remfi da.
Sɛ asafo mu mpanyimfo hyɛ wɔn a wɔabotow nkuran a, na wɔresuasua Yehowa atɛntrenee
22. Akwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa atɛntrenee, na dɛn na ebefi mu aba?
22 Ampa, sɛ yesuasua Yehowa atɛntrenee a, ɛma yɛtwe bɛn no daa! Nea ɛyɛ papa ne bɔne wɔ Yehowa ani so no, sɛ yɛde bɔ yɛn bra, na yɛka nkwagye asɛmpa no bi kyerɛ nkurɔfo, na yɛhwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ afoforo ho, na yɛamfa yɛn adwene ansi wɔn mfomso so a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa atɛntrenee. Asafo mu mpanyimfo, sɛ mohwɛ ma asafo no ho tew, na mode Bible tu obi fo de hyɛ no den, na sɛ moresi gyinae bi afa anuanom ho na moanyɛ nyiyim, na mohyɛ wɔn a wɔabotow nkuran a, ɛkyerɛ sɛ moresuasua Yehowa atɛntrenee. Sɛ Yehowa wɔ soro na ɔhwɛ asaase so na ohu sɛ ne nkurɔfo ayere wɔn ho ‘redi asɛntrenee,’ na wɔne wɔn Nyankopɔn renantew a, wo de, hwɛ sɛnea ne koma bɛtɔ ne yam!
a Nkyerɛase bi ka sɛ “mummmu nkurɔfo atɛn” na “monnkasa nntia nkurɔfo.” Nkyerɛase a ɛte saa no, nea ɛkyerɛ ne sɛ “mummfi ase mmmu nkurɔfo atɛn” ne “mummfi ase nnkasa nntia nkurɔfo.” Nanso wɔn a wɔkyerɛw Bible no, nsɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ha no, ɛkyerɛ biribi a ɛrekɔ so anaa biribi a yɛyɛ no daa. Enti nea Yesu kae no kyerɛ sɛ nkurɔfo a na wɔretie no no, na wɔyɛ saa ade no, enti na ɛsɛ sɛ wɔgyae.
b Bible ka wɔ 2 Timoteo 4:2 sɛ, ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘ka nkurɔfo anim, wɔde ntenesoɔ ma wɔn, na wɔtu wɔn fo.’ Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “tu fo” (pa·ra·ka·leʹo) no betumi akyerɛ “hyɛ nkuran.” Greek asɛmfua bi a ɛte sɛ ɛno ne pa·raʹkle·tos. Ebetumi akyerɛ mmaranimfo bi a ɔboa obi a wɔredi n’asɛm wɔ asɛnnibea. Enti, sɛ obi di mfomso na sɛ mpanyimfo no reka n’anim mpo a, ɛsɛ sɛ wɔboa no ma ɔsan twe bɛn Yehowa.
-