Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 4/1 kr. 22-23
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ware “Awurade Mu Nko Ara”​—Ɛda So Ara Yɛ Adwuma Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Onyankopɔn Akwankyerɛ A Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 4/1 kr. 22-23

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo mmiako mmiako ne asafo no nyinaa bu Bible mu afotu a ɛka sɛ wɔnware “Awurade mu nko” no?

Ɛdefa ɔbea a ne kunu awu ho no, ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Ɔde ne ho wɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ. Awurade mu nko na ɔnyɛ.” (1 Korintofo 7:39) Ɛno nyɛ ɔdesani bi afotu ara kwa. Paulo kyerɛw no honhom akwankyerɛ ase; enti ɛyɛ afotu a nyansa ne ɔdɔ wom a efi Onyankopɔn. Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo bu no aniberesɛm, ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ wobu ani gu so anaasɛ wodi ho agoru. Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no si eyi so dua.

Bere a Abraham paw ɔyere maa Isak no, wampaw ɔbea amfi wɔn a wɔsɔre atoro anyame, Kanaanfo a wɔatwa wɔn ho ahyia, no mu. Na mmom, ɔma wɔkɔɔ akyirikyiri kɔhwehwɛɛ ɔyere fii n’abusuafo a wogye nokware Nyankopɔn no tom no mu. Saa ara na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Nware Kanaan mmabea mu yere.” (Genesis 28:1; 24:1-67) Abraham ne Isak hui sɛ aware nyɛ ɔbarima ne ɔbea nantew ara kwa. Ahofama ma Yehowa ho asɛm wom, efisɛ obi a onnye nni a wɔbɛware no no betumi de nsɛm a, emu yɛ den aba na ebetumi atwe obi afi nokware som ho mpo.

Nanso ɛnyɛ Hebrifo no nyinaa na wɔtwee wɔn ho fii wɔn a wɔnsom Yehowa no ho. Sɛ nhwɛso no, Dina de ne ho bɔɔ mmofra a wɔwɔ ne mpɔtam hɔ a na wɔnsom nokware Nyankopɔn no ho. Dɛn na efii mu bae? Mmerante no mu biako akɔnnɔ sɔree na ɔhyɛɛ no ne no dae. Ɛda adi sɛ bere bi no Yuda twee ne ho fii n’abusuafo ho kɔfaa Kanaanni yere. Ekowiee dɛn? Wiɛ, mma baasa fii saa aware a ɛmfata no mu bae, nanso ɛho hiae sɛ Yehowa sɛe wɔn mu baanu esiane wɔn nnebɔne nti. Simeon ne Kanaanni bea bi woo ɔbabarima. Ɛda adi sɛ wobuu eyi sɛ nea ɛyɛ soronko anaa ɛmfata, ma wɔdaa no adi wɔ Yakob asefo ho kyerɛwtohɔ no mu.​—Genesis 34:1, 2; 38:1-10; 46:8-10.

Bere a Onyankopɔn de mmara horow mae na akyerɛ Israel kwan no, ɔbɔɔ kɔkɔ tiaa aware nhyehyɛe a wɔne obi a ɔnsom Yehowa bɛyɛ. (Deuteronomium 7:2-4) Awerɛhosɛm a ɛtoo Salomo no sii nyansa a ɛwɔ eyi mu no so dua. Ebia ɔtee nka sɛ, esiane sɛ onim nyansa pii nti, na obetumi agyina asɛm anaa sɔhwɛ biara a mmea a wɔnsom Yehowa a ɔbɛware wɔn de bɛba no ano. Nanso bere a obuu ani guu Onyankopɔn afotu so no, Salomo mpo hwee ase.​—1 Ahene 11:1-6.

Na, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no Onyankopɔn san tĩi afotu no mu sɛ: Nware obi a ɔnsom Awurade. Ɛnyɛ afotu a efi honhom mu no ne sɛ, ‘Sɛ wuhu obi a ne ho tew na odi ne ho ni a, wubetumi ne onii anantew na woaware no, a wowɔ anidaso sɛ ebia onii no bɛba abɛyɛ Kristoni daakye.’ Mmom no, Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” (2 Korintofo 6:14) Sɛ́ wɔbɛware obi a ɔnyɛ Kristoni a wagye asubɔ dedaw no bɛyɛ saa afotu a anibere wom no so a wobu ani gu.

Esiane sɛ Yehowa Adansefo sɛ́ kuw no bu saa afotu yi sɛ nea nyansa wom na ɛyɛ aniberesɛm nti, wɔmpɛ sɛ wɔboa obiara ma obu so. Sɛ nhwɛso no, sɛ esiane mmerɛwyɛ nti onuabarima anaa onuabea bi fi ase sɛ ɔne obi a ɔnyɛ Yehowa dansefo bɛnantew a, afoforo a wɔwɔ asafo no mu no rempɛ sɛ wɔhyɛ ho nkuran denam nea onnye nni no a wɔne no bɛbom agye wɔn ani so. Wɔne Bible no yɛ adwene sɛ obi a ɔnyɛ Kristoni no nyɛ adamfo pa. (1 Korintofo 15:33) Nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kyerɛ wɔn nua no ho anigye. Ebia wobetumi de anifere kwan so afotu a ɛhyɛ nkuran ama Kristoni a ɔrefom kwan no ma wakwati awerɛhow kwan a Salomo faa so no.​—Fa toto 2 Tesalonikafo 3:14, 15 ho.

Nanso sɛ Ɔdansefo bi yɛɛ n’adwene sɛ obebu ani agu Onyankopɔn afotu so na waware obi a ɔnyɛ Ɔdansefo a wagye asubɔ ɛ? Gye sɛ ebia esiane biribi soronko bi nti, sɛ ɛnyɛ saa a, anuanom a wɔwɔ asafo no mu no rempɛ sɛ wɔhwɛ aware nhyehyɛe a ɛte sɛɛ a ɛmfata so. Na wɔremma wonhyia ayeforo a ɛte saa nso wɔ Ahenni Asa no so. Ɛwɔ hɔ ma Kristofo baanu a wɔagye asubɔ a wɔreware “Awurade mu nko.” Anaasɛ, ɛtɔ da bi a, nnipa baanu a wɔresom Onyankopɔn daa sɛ́ asafo no mufo, na ɛrenkyɛ wobegye asubɔ, betumi de adi dwuma. Ɛdenam Ahenni Asa no a wɔremma kwan mma Ɔdansefo a wayɛ n’adwene sɛ ‘ɔne obi a onnye nni bɛtwe kɔndua a ɛnsɛ’ mfa nni dwuma so no, asafo no mu mpanyimfo no ma wohu aniberesɛm a Onyankopɔn afotu a ese ware “Awurade mu nko” no yɛ no.

May Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena