Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Ɛsɛ sɛ Miyi M’adamfo To?
LEE kae sɛ: “Na mintumi nnye nni sɛ ɔreyɛ ade a ɛte saa.” Na Lee ne ne nua bi de baesekre rekyinkyin bere a nea ɛyɛɛ no ahodwiriw no, ohui sɛ n’adamfo paa, Chris, ne mmofra kuw bi nam no.
Na Chris renom sigaret.
Esiane sɛ na eyi ne Kristofo gyidi ahorow a Chris kyerɛ sɛ odi akyi—ɛnkanka n’awofo apɛde—nhyia nti, Lee ho dwiriw no kɛse. (2 Korintofo 7:1) Chris de anifere too ne sigaret no kyenee na ɔde ne nan tiaa so dum no, nanso na ɔrentumi mmu Lee kwasea. Ɛhɔ na ohui sɛ sɛɛ sigaretnom yɛ Chris asɛnnennen no mfiase ara kɛkɛ, esiane fekubɔ bɔne a ɔde ne ho ahyem nti. Lee hui sɛ n’adamfo no hia mmoa na na onim sɛ ɔrentumi mfa mma. Bere koro no ara mu no, na ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka asɛnnennen no ho asɛm akyerɛ obi foforo. Lee kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔyɛ m’adamfo, na na mempɛ sɛ mɛbɔ no dede.”
Ebia woahu wo ho wɔ tebea a ɛte saa ara mu pɛn—woahu mpofirim sɛ w’adamfo bi renom nnubɔne, ɔde ɔbarima ne ɔbea nna redi agoru, osisi, anaasɛ ɔbɔ korɔn. Mmofra nsɛmma nhoma bi a agye din se: “Sɛ wɔbɔ dede. Oyima. Sɛ wɔyɛ anoprɛprɛ. Mmofra a wonnii mfe 20 binom haw sɛ sɛ wɔkasa ma wɔn adamfo a ɛno ne nea na wɔreyɛ.”
Kommyɛ Mmara No
Ɛte sɛ nea nokwaredi a wɔnkyerɛ no kwan yiye ne nea enti a mmofra pii twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ wɔn nnamfo bɔneyɛ ho amanneɛ no. Esiane sɛ wobu nteɛso sɛ ɛyɛ haw, enye, epira nti, wosusuw sɛ wɔyɛ wɔn adamfo yiye denam ne nsɛnnennen a wɔkata so no so. TV ne sini adwuma no hyɛ saa nsusuwii yi mu den denam adwene a ɛne sɛ nkura ne mmorɔnnoma nkutoo na wɔbɔ wɔn mfɛfo dede no a wogyegye so no so. Enti, kommyɛ mmara bi a wɔnkyerɛwee kɔ so wɔ mmofra mu. Sɛnea abarimaa bi a wɔfrɛ no Carol ka no no: “Ade no ne sɛ wobɛkata wo nnamfo bɔne so. Sɛ ɛba afoforo a wobɛka akyerɛ wɔn mu a, ɛno ara ne sɛ worenka!”
Saa kommyɛ mmara no a obi bu so no ma n’atipɛnfo di ne ho fɛw na ebetumi aba sɛ ɔbɛhwere wɔn ayɔnkofa. Sɛ nhwɛso no, asɛm bi a epuei wɔ’Teen nsɛmma nhoma no mu ka abeawa bi a wɔfrɛ no Debbie a ohui sɛ n’adamfowaa Karen wiawia nneɛma wɔ aguadidan mu no ho asɛm. Wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛboa no mu no, Debbie sii gyinae sɛ ɔbɛbɔ Karen awofo amanneɛ. Karen gyaee Debbie ho kasa. Nea ɛsen saa no, Debbie nnamfonom nso pow no na wodii ne ho fɛw sɛ ɔbɔ dede. Debbie se: “Na ɛyɛ osuahu a ɛyɛ ahoyeraw, na yiw, ɛyɛ yaw.”
So Ɛsɛ sɛ Wubu Kommyɛ no So?
Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Lee de yaw ne ahoyeraw a ɛte saa too asiane mu na osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ ho biribi. Lee se: “Na m’ahonim rehaw me efisɛ na minim sɛ ɛsɛ sɛ meka kyerɛ obi!” Eyi kae yɛn asɛm bi a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Genesis 37:2: “Yosef dii mfirihyia dunson no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nguan; . . . Na Yosef bɛbɔ wɔn dimmɔne kyerɛ n’agya.” Ɛda adi sɛ na saa amanneɛbɔ no nyɛ nea ɛfa asɛm ketewaa bi ho ara kwa, efisɛ mfitiase Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “bɔne” no betumi akyerɛ bɔne a ɛkɔ akyiri nso. Ebia na Yosef nuanom no resɛe abusua no sikasɛm wɔ ɔkwan bi so. Sɛnea na ɛte biara no, na Yosef nim sɛ sɛ omua n’ano a, ne nuanom no honhom fam yiyedi bɛyɛ nea ɛda asiane mu.
Wɔde nnebɔne anaa nsusuwii a ennyina kyerɛwsɛm so a wobu ani gu so no atoto mmɔden a wɔbɔ sɛ wobebu ani agu kaka so ho. Ka wo se si anim na pene wo tirim sɛnea wopɛ biara, tokuro a ɛda ɛse no mu no remfi hɔ. Nokwarem no, woma ɛse a ɛporɔw mu trɛw kɛkɛ. Saa ara nso na ɛte sɛ bɔne yɛ tumi a ɛporɔw na ɛsɛe ade. Sɛ wɔansɔw ɔporɔw no ano a, ɛkɔ so porɔw nneɛma afoforo. (Galatifo 6:8) Ɔkwan foforo so no, sɛ adamfo a wayɛ bɔne annya mmoa—te sɛ Kyerɛwnsɛm mu nteɛso bi a ɛyɛ pintinn—a, ɔbɛtɔ akɔ bɔneyɛ no so akodu akyiri.—Ɔsɛnkafo 8:11.
Enti adamfo bi bɔne a wɔkata so ntumi nyɛ adepa biara na ebia ɛbɛsɛe ade a wɔrentumi nsiesie bio mpo. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yosef tee ɔhyɛ nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne nuanom no bɔne no ho amanneɛ no! Na ɛnnɛ Kristofo nso ɛ? Bible no tu yɛn fo sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.” (Galatifo 6:1) Wɔ ntease mu no, ebia wobɛte nka sɛ wommfata honhom mu sɛ wobɛteɛ adamfo a wayɛ bɔne no so. Nanso so ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ wobɛbɔ obi a ɔfata amanneɛ ma waboa? Ɛdɛn, pow a wobɛpow sɛ wobɛyɛ saa no ma woyɛ ‘ne bɔne no fafafo’! (1 Timoteo 5:22; fa toto Leviticus 5:1 ho.) Ebetumi ama w’ankasa wo nokwaredi ma Onyankopɔn ne ne trenee gyinapɛn ahorow no mpo ho aba asɛm.—Dwom 18:25.
W’adamfo no a Wobɛkɔ ne Nkyɛn
Enti ɛho hia kɛse sɛ wokɔ w’adamfo no nkyɛn na wokɔda ne mfomso no adi kyerɛ no. (Fa toto Mateo 18:15 ho.) Eyi begye akokoduru wɔ wo fam. Nanso, sɛ wuhyia ɔsɔretia bi a, mma ɛnyɛ wo nwonwa esiane sɛ ɛyɛ onipa su sɛ obeyi ne ho ano nti. Yɛ pintinn, na fa ne bɔne no ho adanse a edi mũ ma, na ka nea wunim pɔtee ne sɛnea ɛyɛe a wuhui no kyerɛ no. (Fa toto Yohane 16:8 ho.) Nhyɛ bɔ sɛ ‘worenka nkyerɛ obiara,’ efisɛ bɔhyɛ a ɛte saa no bɛyɛ nea enni mũ wɔ Onyankopɔn a okyi bɔne a wɔkata so no anim.—Mmebusɛm 28:13.
Nanso, Mmebusɛm 18:13 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.” Ebia na nneɛma bi mu ntease na woannya. Ɔkwan foforo so no, ebia w’adamfo no ho bɛtɔ no sɛ n’asɛnnennen no bɛda gua na wanya obi a ɔne no bɛkasa na wɔadi tirimsɛm. Enti yɛ otiefo pa. (Yakobo 1:19) Nsiw ne nkate a ɔda no adi no ano denam nsɛm a wɔka de bu atɛn te sɛ, “Na anka ɛnsɛ sɛ . . .” anaasɛ “Sɛ ɛyɛ me a anka . . .” Eyinom ma w’adamfo no afobu nkate ne hwee a ontumi nyɛ ne ho no mu yɛ den. Saa ara nso na nsɛm a ɛda ahodwiriw adi te sɛ “Ɔkwan bɛn so na wutumi yɛɛ saa!” ma tebea no sɛe kɛse.
Kae Bible mu asɛm a ɛfa Hiob “awerɛkyekyefo” baasa a wɔanyɛ hwee sɛ wobuu Hiob fɔ no ho no. Bere a wɔaka Hiob anim pii akyi no, ɔkae sɛ: “Awerɛkyekye a moma no yɛ ɔhaw nkutoo. So mobɛkɔ so akasa daa? . . . Sɛ mowɔ m’ananmu na me nso mewɔ mo ananmu a, . . . anka mede afotu bɛhyɛ mo den na makasa akyekye mo werɛ.” (Hiob 16:1-5, Today’s English Version) Enti bɔ mmɔden sɛ wobɛda tema adi na te nka sɛnea w’adamfo no te nka no. (1 Petro 3:8) Eyi betumi agow nea woka ne sɛnea woka no no mu.
Nanso bere a ebia wobɛyɛ nea wubetumi de ahyɛ w’adamfo no nkuran no, mpɛn pii no tebea no hwehwɛ mmoa a ɛsen nea wubetumi de ama. Enti, hwɛ sɛ w’adamfo no bɛda bɔne no adi akyerɛ n’awofo anaasɛ mpanyimfo afoforo a wɔfata. Na sɛ w’adamfo no pow sɛ ɔbɛyɛ saa nso ɛ? Ma onhu sɛ sɛ wanni asɛm no ho dwuma wɔ bere pa mu a, ɛnde sɛ ne nokware adamfo no, wurentumi nyɛ hwee sɛ wobɛkɔ akohu obi ama no.
“Nokware Adamfo” a Wobɛyɛ
Mmebusɛm 17:17, NW, kae yɛn sɛ “nokware adamfo dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔawo no ama bere a ahohia wɔ hɔ.” Ampa, ebia mfiase no w’adamfo no rente nea enti a woyɛɛ saa no ase, na ebia n’ani rensɔ. Ebia ne bo befuw mpo na ɔde ahopere atwa mo nnamfofa no mu. Nanso mmɔ hu. Ma w’adamfo no bere ma ɔmfa mpɛɛpɛe ne nkate ahorow mu na ommehu sɛ na wopɛ ne yiyedi a ɛtra hɔ daa ankasa.
Afei ma yɛnsan nkɔ Lee ne Debbie asɛm no so. Lee se: “Minim sɛ meyɛɛ nea ɛteɛ denam obi a meka kyerɛɛ no no so. M’ahonim mu tɔɔ me kɛse efisɛ na Chris renya mmoa a ohia no. Akyiri yi ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ ne bo amfuw me wɔ nea meyɛe no ho na ɛno nso maa me ho tɔɔ me.” Ampa, ɛnyɛ nnamfo nyinaa na wɔbɛyɛ ho ade ɔkwan pa so. Debbie kae sɛ: “Na minim yiye sɛ merentumi mma Karen nkɔ so saa na ebia onkowie afiase na wɔmma no abofra bɔne ho kyerɛwtohɔ.” Nkakrankakra no, Debbie nnamfonom no gyaee nsɛm fõ a wɔkeka no. Debbie se: “Mefaa nnamfo afoforo. Mifii mu fii na menam so suaa nneɛma pii.”
Sɛ wo yɔnko no kɔ so pow nea wufi akokoduru mu yɛ no a, ɛda adi sɛ na ɔnyɛ nokware adamfo nea edi kan. Nanso, wɔ nokware Kristofo mu no, wɔn a wɔn ani gye wo nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn ho no wɔ hɔ a ebia wɔn mu binom mpo bɛpɛ sɛ esiane ɛno nti wɔfa wo adamfo. Anyɛ yiye koraa no, wubenya akomatɔyam sɛ wubehu sɛ woada wo nokwaredi ma Onyankopɔn no adi na woakyerɛ sɛ woyɛ nokware adamfo.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]
Sɛ w’adamfo mpɛ sɛ n’ankasa bɛhwehwɛ mmoa a, ebia ɛho behia sɛ woyɛ ade ma no
[Kratafa 27 mfoni]
Sɛ wuhu sɛ w’adamfo bi rekɔ amanehunu a anibere wom mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?