Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lff adesua 58
  • Kɔ So Di Yehowa Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Di Yehowa Nokware
  • Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA PII KA HO
  • NEA YƐASUA
  • YƐ NHWEHWƐMU
  • Nokwaredi Ho Sɔhwɛ Ano A Yebegyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • “Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”
    Bɛn Yehowa
  • Montwe Mo Ho Mfi Atoro Som Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
lff adesua 58
Adesua 58. Awaefo bi abɔ gua wɔ baabi a Yehowa Adansefo reyɛ wɔn nhyiam, na wɔrekeka wɔn ho nsɛmmɔne. Abusua bi a wɔyɛ Adansefo retwam, na wɔayi wɔn ani.

ADESUA 58

Kɔ So Di Yehowa Nokware

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

Nokware Kristofo asi wɔn bo sɛ, wɔremma obiara anaa biribiara mma wonnyae Yehowa som. Yenim sɛ wo nso, woasi wo bo sɛ wobɛyɛ saa, na Yehowa ani sɔ mmɔden a worebɔ sɛ wubedi no nokware no. (Kenkan 1 Beresosɛm 28:9.) Nanso tebea ahorow bi wɔ hɔ a ebetumi ama ayɛ den ama wo sɛ wubedi nokware. Ebi ne dɛn? Sɛ wuhyia tebea bi saa a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woakɔ so adi Yehowa nokware?

1. Nneɛma bɛn na ebinom yɛ a ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware?

Ebinom de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛma yɛagyae Yehowa som. Ebia wubebisa sɛ, hena koraa na ɔbɛyɛ biribi saa? Nea ɛte ne sɛ, wɔn a wɔafi Yehowa som mu no bi keka Yehowa ahyehyɛde no ho nsɛmmɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe yɛn adwene. Yɛfrɛ saa nkurɔfo no awaefo. Ɛno pa ho a, asɔfo binom keka yɛn ho atosɛm. Sɛ obi te saa nsɛm no bi na wanyɛ ahwɛyiye a, ebetumi ama wagyae Yehowa som. Ɛno nti, ɛyɛ hu paa sɛ yɛne saa nkurɔfo no begye akyinnye, yɛbɛkenkan wɔn nhoma ahorow, yɛbɛkɔ wɔn wɛbsaet so, anaa yɛbɛhwɛ video a wɔayɛ. Wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛma yɛagyae Yehowa som no, Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Munnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo. Na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛhwe amoa mu.”—Mateo 15:14.

2. Gyinae ahorow a yesisi wɔ asetena mu no bi betumi asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ. Ebi ne nea ɛwɔ he?

Sɛ yɛdɔ Yehowa a, yɛbɛtwe yɛn ho afi atoro som ho koraa. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ, adwuma a yɛyɛ ne atoro som nni hwee yɛ. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkɔdɔm kuw bi anaa yɛyɛ biribi foforo biara a ɛne atoro som wɔ biribi yɛ. Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mumfi [Babilon Kɛse] no mu, me man.”—Adiyisɛm 18:2, 4.

SUA PII KA HO

Sɛ obi ma ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi Yehowa nokware a, dɛn na wobɛyɛ? Afei nso, wobɛyɛ dɛn atwe wo ho afi Babilon Kɛse no ho de akyerɛ sɛ wudi Yehowa nokware? Ɔfã yi bɛma woanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

3. Hwɛ yiye wɔ akyerɛkyerɛfo atorofo ho

Sɛ yɛte Yehowa ahyehyɛde no ho nsɛmmɔne bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Monkenkan Mmebusɛm 14:15. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ɛnyɛ asɛm biara a yɛbɛte na ɛsɛ sɛ yegye di. Adɛn ntia?

Monkenkan 2 Yohane 9-11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wɔn a wɔyɛ awaefo no, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di?

  • Sɛ yɛne awaefo anni nkɔmmɔ tẽẽ mpo a, ɛhefa na yebetumi akopue wɔn nkyerɛkyerɛ so?

  • Sɛ obi reka Yehowa anaa n’ahyehyɛde no ho nsɛmmɔne na yetie bi a, wohwɛ a Yehowa bɛte nka sɛn?

4. Onua bi yɛ bɔne a, kyerɛ sɛ wudi Onyankopɔn nokware

Sɛ yɛte sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu ayɛ bɔne kɛse bi anaa bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ma yɛnhwɛ nnyinasosɛm bi a ɛwɔ Mmara a Onyankopɔn de maa tete Israelfo no mu. Monkenkan Leviticus 5:1.

Sɛnea saa kyerɛwsɛm yi ka no, sɛ yehu sɛ obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo mu mpanyimfo no nkyɛn, na yɛka nea yenim kyerɛ wɔn. Nanso ansa na yebetu saa anammɔn no, ne papa mu no, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ nea wayɛ bɔne no sɛ, ɔno ankasa nkohu mpanyimfo no, na ɔnka ne bɔne nkyerɛ wɔn. Sɛ wankɔka a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛkɔ mpanyimfo no hɔ na yɛkɔka nea yenim fa asɛm no ho kyerɛ wɔn. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware. Sɛ obi yɛ saa a, adɛn nti na ɛkyerɛ sɛ . . .

  • ɔdɔ Yehowa Nyankopɔn?

  • ɔdɔ onipa a wayɛ bɔne no?

  • ɔdɔ anuanom a ɛwɔ asafo no mu no?

Mfoni Ahorow: Ɛfa onua bi a ɔreboa Kristoni foforo a wadi mfomso ho. 1. Onua no ahu biribi wɔ ne fon so ama ne ho adwiriw no. 2. Ɔde nea ohui no rekyerɛ Kristoni a asɛm no fa ne ho no, nanso nea wadi mfomso nhu asɛm biara wɔ ho. 3. Onua no de nea ohui wɔ ne fon so no rekyerɛ mpanyimfo mmienu.

Wuhu sɛ wo nua Kristoni bi nam baabi a ɛhɔ yɛ toro a, boa no!

5. Twe wo ho fi Babilon Kɛse no ho

Hwɛ VIDEO yi.

VIDEO: Twe Wo Ho Fi Babilon Kɛse No Ho! (5:06)

Video a yɛato din ‘Twe Wo Ho Fi Babilon Kɛse No Ho!’ no mu mfoni bi. Bible suani bi agyae adwuma a na ɔyɛ wɔ asɔre bi mu, na ɔsɔfo no gyina hɔ rehwɛ no.

Monkenkan Luka 4:8 ne Adiyisɛm 18:4, 5. Afei bisa wo ho sɛ:

  • Asɔre anaa ɔsom a na mewom no, makotwa me din afi mu anaa?

  • Medɔm kuw bi a ɛne ɔsom anaa asɔre bi wɔ biribi yɛ anaa?

  • Adwuma a meyɛ no, ɛboa ɔsom anaa asɔre bi wɔ ɔkwan bi so?

  • Mehwɛ m’abrabɔ mu a, metumi aka paa sɛ matwe me ho koraa afi atoro som ho, anaa meda so ara yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ mentwee me ho mfii atoro som ho?

  • Sɛ meda so ara ne atoro som wɔ biribi yɛ a, nsakrae bɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?

Gyinae biara a wubesi no, ma ɛnna adi sɛ wudi Yehowa nokware. Afei hwɛ sɛ, gyinae biara a wubesi no, ɛremma wo tiboa mmu wo fɔ.

Onuawa bi ne ne babarima akodi gua a wɔrekɔ fie. Wɔahu sɛ maame bi gyina hɔ a ɔregyigye sika de akɔboa asɔre a ɔwom no.

Sɛ asɔre bi regyigye sika akɔyɛ nkurɔfo adɔe na wɔba wo nkyɛn a, dɛn na wobɛyɛ?

EBINOM KA SƐ: “Ɛsɛ sɛ mihu nea awaefo ka fa Yehowa Adansefo ho, na matumi abɔ nsɛm a wɔka no agu.”

  • Wohwɛ a ntease wom sɛ obi benya saa adwene no? Adɛn nti na woreka saa?

NEA YƐASUA

Sɛ yebetumi akɔ so adi Yehowa nokware a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔgyigye yɛn kɔ bɔne mu no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wɔn ho.

Ntimu

  • Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yetie awaefo nsɛm?

  • Sɛ yehu sɛ onua bi ayɛ bɔne kɛse bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

  • Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛatwe yɛn ho afi atoro som ho?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Sɛ wote sɛ nkurɔfo rekeka Yehowa Adansefo ho atosɛm a, wobɛyɛ w’ade sɛn?

“Wunim Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu?” (Ɔwɛn-Aban, August 2018)

Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ kuw bi anaa dwumadi bi ne Babilon Kɛse wɔ biribi yɛ?

“Yere Wo Ho Yɛ Pii Wɔ ‘Nna a Edi Akyiri’ Yi Awiei” (Ɔwɛn-Aban, October 2019, nkyekyɛm 16-18)

Nneɛma bɛn na ebinom yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe yɛn gyidi?

Hwɛ Yiye Wɔ Nnaadaa Ho (9:32)

Kenkan asɛm a yɛato din “Mifi Me Mmofraase Ahwehwɛ Onyankopɔn” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu sɛnea Shinto sɔfo bi twee ne ho fii atoro som ho.

“Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, October 1, 2011)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena