Ti 14
Henanom Na Wɔkɔ Ɔsoro, Na Dɛn Ntia?
1. 1. Nnipa pii bebua asemmisa yi dɛn, Henanom na wɔbɛkɔ ɔsoro, na dɛn ntia?
NNIPA PII ka sɛ, ‘Nnipa pa nyinaa kɔ ɔsoro.’ Nanso, sɛ wubisa nea enti a wɔkɔ ɔsoro a, ebia wɔbɛka sɛ: ‘Wɔkɔ Onyankopɔn nkyɛn,’ anaasɛ, ‘Ɛyɛ papayɛ ho akatua.’ Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ wɔ eyi ho?
2, 3. (a) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ nnipa bi bɛkɔ ɔsoro? (b) Asemmisa bɛn na ɛho hia sɛ wobua?
2 Bible no da no adi pefee sɛ wonyan Yesu fii awufo mu, ne sɛ ɔkɔɔ ɔsoro. Afei nso, ɛka sɛ wɔde nnipa afoforo kɔ hɔ. Anadwo ansa na ɔrewu no, Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Trabere pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa? Na sɛ mekɔ na mekosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”—Yohane 14:1-3.
3 Ɛda adi pefee sɛ na Yesu reka akyerɛ n’asomafo no sɛ wɔde wɔn bɛkɔ ɔsoro ma wɔakɔka ne ho. Ɔsomafo Paulo kaa saa anidaso fɛfɛ yi ho asɛm kyerɛɛ tete Kristofo mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn de, yɛn man a yebu no wɔ ɔsoro. Efi hɔnom nso na yɛtwɛn agyenkwa a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo.” (Filipifo 3:20, 21; Romafo 6:5; 2 Korintofo 5:1, 2) Esiane bɔhyɛ ahorow a ɛtete sɛɛ nti, nnipa ɔpepem pii de wɔn koma asi ɔsoro asetra so. Nanso, so nnipa pa nyinaa bɛkɔ ɔsoro?
SO NNIPA PA NYINAA KƆ ƆSORO?
4, 5. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ Dawid ne Hiob ankɔ ɔsoro?
4 Wonyan Yesu fii awufo mu no akyi bere tiaa bi no, ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Yudafo dɔm bi sɛ: “Agya panyin Dawid . . . wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de besi nnɛ. Na Dawid ankɔ ɔsoro.” (Asomafo no Nnwuma 2:29, 34) Enti onipa pa Dawid ankɔ ɔsoro. Na ɔtreneeni Hiob nso ɛ?
5 Bere a ɔrehu amane no, Hiob bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Oo, sɛ wode me sie asaman [Sheol anaa ɔdamoa mu] ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!” Ná Hiob nim sɛ sɛ owu a ɔbɛyɛ obi a onnim hwee wɔ ɔdamoa no mu. Ná onim sɛ ɔrenkɔ ɔsoro. Nanso na ɔwɔ anidaso, sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ mu no: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? Anka m’akodi nna [bere a meda ɔdamoa mu] nyinaa, mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so.”—Hiob 14:13-15.
6, 7. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔn a wowuwui ansa na Kristo reba no biara ankɔ ɔsoro? (b) Dɛn na ɛbɛba gyidifo a wowuwui ansa na Kristo reba no so?
6 Ná Yohane a ɔbɔɔ Yesu asu no nso yɛ onipa pa. Nanso Yesu kae sɛ: “Nea ɔyɛ ketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.” (Mateo 11:11) Eyi te saa efisɛ Yohane Osuboni no renkɔ ɔsoro. Bere a Yesu wɔ asase so, a na ɛyɛ Adam ne Hawa atuatew no akyi bɛyɛ mfe 4,000 no, ɔkae sɛ: “Obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa ba a ɔwɔ ɔsoro no.”—Yohane 3:13.
7 Enti, sɛnea Yesu ankasa asɛm kyerɛ no, na nnipa biara nkɔɔ ɔsoro wɔ saa mfe 4,000 no nyinaa mu wɔ adesamma abakɔsɛm mu de besi ne bere so. Dawid, Hiob, ne Yohane Osuboni no benya owusɔre aba nkwa mu wɔ asase so. Nokwarem no, mmarima ne mmea anokwafo a wowui ansa na Yesu rewu nyinaa nyaa anidaso sɛ wɔbɛsan atra ase bio wɔ asase so, ɛnyɛ ɔsoro. Wobenyan wɔn ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn ahenni no mma wɔ asase so no mufo.—Dwom 72:7, 8; Asomafo no Nnwuma 17:31.
NEA ENTI A ANOKWAFO BI KƆ ƆSORO
8. Nsemmisa bɛn ho mmuae na ɛho hia, na dɛn ntia?
8 Dɛn nti na Yesu kɔɔ ɔsoro? Adwuma bɛn na ɔwɔ yɛ wɔ hɔ? Nsemmisa yi ho mmuae ho hia. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔn a wɔkɔ ɔsoro no benya Yesu adwuma no mu kyɛfa. Saa atirimpɔw no nti na wɔbɛkɔ ɔsoro.
9, 10. Sɛnea Daniel kyerɛ no, Kristo akyi no henanom na wobedi tumi wɔ Onyankopɔn ahenni mu?
9 Yesuae wɔ ti ahorow bi a edi kan mu sɛ Yesu bedi Paradise asase foforo no so sɛ Onyankopɔn soro ahenni no hene. Bere tenteenten ansa na Yesu reba asase so no, Daniel nhoma a ɛwɔ Bible mu no ka siei sɛ “wɔde tumi” bɛma “onipa ba” no. “Onipa ba” no ne Yesu Kristo. (Marko 14:41, 62) Na Daniel kɔ so ka sɛ: “Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”—Daniel 7:13, 14.
10 Nanso, ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ ha wɔ Daniel nhoma no mu sɛ ɛnyɛ “onipa ba” no nkutoo na obedi tumi. Bible no se: “Na wɔde . . . ahenni ne tumi . . . maa nkurɔfo a wɔyɛ ɔsorosoroni no akronkronfo no. Wɔn ahenni yɛ daa ahenni.” (Daniel 7:27) Saa nsɛm “nkurɔfo” ne “wɔn ahenni” no ma yehu sɛ afoforo ne Kristo bedi tumi wɔ Onyankopɔn nniso no mu.
11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristo akyidifo a wodii kan no ne no bedi hene?
11 Anadwo a etwa to a Yesu ne n’asomafo anokwafo dubiako no boom traa ase no, ɔkyerɛe sɛ wɔne no bedi tumi wɔ Onyankopɔn ahenni mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ne wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo.” (Luka 22:28, 29) Akyiri yi, wɔde ɔsomafo Paulo ne Timoteo baa saa ahenni apam yi mu. Ne saa nti Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase a, yɛne mo bedi hene.” (2 Timoteo 2:12) Afei nso, ɔsomafo Yohane kyerɛw wɔn a wɔne Yesu Kristo “bedi asase so ahene” no ho asɛm.—Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6.
12. Nokwasɛm a ɛfa Abraham “aseni” no ho bɛn na ɛda no adi sɛ Kristo benya yɔnko adedifo?
12 Enti wɔn a wɔkɔ ɔsoro no kɔ hɔ sɛ wɔne Kristo bɛbom asom sɛ sodifo wɔ Onyankopɔn soro nniso no mu. Bere a Yesu ne bɔhyɛ “aseni” titiriw no, Onyankopɔn paw afoforo fi adesamma mu ma wɔne Yesu di tumi wɔ ahenni no mu. Enti wɔba bɛyɛ “aseni” no fã, sɛnea Bible ka no: “Sɛ moyɛ Kristo de a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.”—Galatifo 3:16, 29; Yakobo 2:5.
BAAHE NA WƆKƆ ƆSORO?
13. (a) Dɛn nti na nkokoaa renkɔ ɔsoro? (b) Yesu kaa dodow a wɔn nsa bɛka Ahenni no ho asɛm dɛn?
13 Esiane sɛ wobedi asase so nti, ɛda adi sɛ wɔn a wɔbɛkɔ soro no bɛyɛ Kristo akyidifo a wɔasɔ wɔn ahwɛ. Eyi kyerɛ sɛ wɔremfa nkokoaa anaasɛ mmofra a wɔnsɔɔ wɔn nhwɛe mfe dodow bi wɔ Kristofo som mu no nkɔ ɔsoro. (Mateo 16:24) Nanso, mmofra a wɔtete saa a wɔawuwu no wɔ anidaso sɛ wobenyan wɔn aba nkwa mu wɔ asase so. (Yohane 5:28, 29) Enti dodow a wɔbɛkɔ ɔsoro no bɛyɛ nea esua, sɛ wɔde toto dodow a wobenya nkwa wɔ asase so wɔ Ahenni no ase no ho a. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Kuw ketewaa munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.”—Luka 12:32.
14. Baahe na wɔbom yɛ “kuw ketewa” a wɔkɔ ɔsoro no?
14 Saa Ahenni sodifo kuw no dodow besua dɛn? So ɛbɛyɛ nea asomafo no ne tete Yesu akyidifo afoforo no nkutoo na wɔwɔ mu? Dabi, Bible no da no adi sɛ “kuw ketewa” no mufo bɛdɔɔso asen saa. Wɔ Adiyisɛm 14:1, 3 no, Bible no se: “Na mihui, na hwɛ, oguammaa no [Yesu Kristo] gyina [ɔsoro] bepɔw Sion so, na mpem ɔha aduanan anan . . . ka ne ho . . . a wɔatɔ wɔn [anaasɛ wɔafa wɔn] afi asase so.” Hyɛ no nsow sɛ nnipa 144,000 pɛ na wohu sɛ wɔka Oguammaa, Yesu Kristo, ho wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so. (Hebrifo 12:22) Enti sɛ́ anka nnipa pa nyinaa bɛkɔ ɔsoro no, Bible da no adi sɛ nnipa 144,000 anokwafo a wɔasɔ wɔn ahwɛ nkutoo na wɔde wɔn bɛkɔ hɔ ma wɔne Kristo adi hene.
NEA ENTI A WƆPAW WƆN FI ASASE SO
15. Dɛn nti na Onyankopɔn paw Ahenni sodifo no fi adesamma mu?
15 Nanso dɛn nti na Onyankopɔn paw saa sodifo yi fi adesamma mu? Dɛn nti na ɔmma abɔfo ne Kristo nni tumi? Wiɛ, ɛha wɔ asase so na wɔsɔre tiaa hokwan a Yehowa wɔ sɛ obedi tumi. Ɛha na na wobetumi asɔ nokware a nnipa bedi ama Onyankopɔn no ahwɛ wɔ Ɔbonsam ɔsɔretia ase. Ɛha na Yesu daa ne nokwaredi a edi mu ma Onyankopɔn adi wɔ sɔhwɛ mu na ɔde ne nkwa too hɔ sɛ agyede maa adesamma. Enti asase so na Yehowa yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛfa “kuw ketewa” bi ma wɔakɔka ne Ba no ho wɔ ɔsoro ahenni no mu. Wɔn na ɛdenam wɔn nokwaredi ma Onyankopɔn no so no wɔma ɛdaa adi sɛ ka a Ɔbonsam kae sɛ pɛsɛmenkominya adwene nkutoo na onipa de som Onyankopɔn no yɛ atoro. Enti ɛfata sɛ Yehowa de saa nnipa yi di dwuma de hyɛ ne ho anuonyam.—Efesofo 1:9-12.
16. Dɛn nti na yɛn ani betumi agye sɛ Ahenni sodifo no atra asase so pɛn?
16 Afei nso, hwɛ nwonwa ara a ɛbɛyɛ sɛ yebenya nnipa a wodii Onyankopɔn nokware wɔ asase so, a wɔn mu binom mpo de wɔn nkwa bɔɔ afɔre esiane Ahenni no nti, no sɛ sodifo. (Adiyisɛm 12:10, 11; 20:4) Abɔfo nhyiaa sɔhwɛ ahorow a ɛte saa da. Na wonhyiaa nneɛma a ɛhaw adesamma no bi da. Enti wɔrentumi nte sɛnea ɔdesani a ɔyɛ ɔbɔnefo te, ne nsɛm a emu yɛ den a yɛn a yɛyɛ nnipa hyia, no ase yiye. Nanso 144,000 no bɛte ase efisɛ wɔahyia nsɛm a emu yɛ den a ɛtete saa pɛn. Ná ɛsɛ sɛ wɔn mu binom di nneyɛe bɔne ankasa so nkonim, na wonim sɛnea eyi yɛ betumi ayɛ den. (1 Korintofo 6:9-11) Enti, wɔne wɔn manfo a wɔwɔ asase so no betumi adi wɔ ntease mu.—Hebrifo 2:17, 18.
ONYANKOPƆN ASAFO NO
17. Dɛn na asɛmfua “asafo” no kyerɛ?
17 Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Kristo ne Onyankopɔn asafo no ti, ne sɛ emufo hyɛ Yesu ase. (Efesofo 5:23, 24) Enti asɛmfua “asɔre” anaa “Onyankopɔn asafo” no nkyerɛ ɔdan bi. Mmom no, ɛkyerɛ Kristofo kuw. (1 Korintofo 15:9) Ɛnnɛ yebetumi aka Kristofo asafo a yɛwɔ mu no ho asɛm. Saa nso na yɛkenkan “Laodikea asafo” no ho asɛm wɔ Bible mu, ne “asafo a ɛwɔ [ne] fie” no ho asɛm, wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Filemon no mu.—Kolosefo 4:16; Filemon 2.
18. (a) Henanom na wɔbom yɛ “Onyankopɔn teasefo asafo” no? (b) Edin afoforo bɛn nso na wɔde frɛ asafo yi wɔ Bible mu?
18 Nanso, sɛ Bible no ka “Onyankopɔn teasefo asafo” no ho asɛm a, na ɛfa Kristo akyidifo kuw pɔtee bi ho. (1 Timoteo 3:15) Wɔsan frɛ wɔn “mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua [anaa asafo].” (Hebrifo 12:23) Enti saa “Onyankopɔn asafo” yi yɛ nea Kristofo a wɔwɔ asase so a wɔwɔ ɔsoro asetra ho anidaso no nyinaa na wɔwom. Ne nyinaa mu no, nnipa 144,000 pɛ na awiei koraa no wɔbom yɛ “Onyankopɔn asafo” no. Ɛnnɛ, eyinom mu kakraa bi, nkaefo bi, na wɔda so wɔ asase so. Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no hwɛ honhom mu akwankyerɛ kwan fi “Onyankopɔn teasefo asafo” yi mufo nkyɛn. Bible no san de din ahorow te sɛ “ayeforo, oguammaa no yere,” “Kristo nipadua,” “Onyankopɔn asɔredan,” “Onyankopɔn Israel,” ne “Yerusalem foforo” frɛ saa asafo a nnipa 144,000 na wɔwɔ mu no.—Adiyisɛm 21:9; Efesofo 4:12; 1 Korintofo 3:17; Galatifo 6:16; Adiyisɛm 21:2.
ADE FOFORO A ƐWƆ ONYANKOPƆN ATIRIMPƆW MU
19. Ade foforo bɛn na Onyankopɔn de bae na adi mfitiase atirimpɔw ma asase yi ho dwuma?
19 Yehowa Nyankopɔn ansakra n’atirimpɔw wɔ asase yi ne adesamma a wɔwɔ so no ho bere a Adam de adesamma abusua no faa bɔne ne owu kwan so akyi no. Sɛ Onyankopɔn yɛɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ wantumi anni ne mfitiase atirimpɔw no ho dwuma. Ná n’atirimpɔw fi mfiase ne sɛ ɔbɛma wiase nyinaa ayɛ paradise a nnipa a wɔwɔ anigye ne akwahosan ahyɛ so ma, na saa atirimpɔw no da so wɔ hɔ. Ade foforo a Onyankopɔn de bae no ara ne nhyehyɛe a ɔyɛe ma nniso foforo bi adi n’atirimpɔw ho dwuma no. Sɛnea yɛahu no, ne Ba, Yesu Kristo, ne sodifo titiriw wɔ saa nniso yi mu, na wɔbɛfa nnipa 144,000 afi adesamma mu ma wɔne no adi hene ɔsoro.—Adiyisɛm 7:4.
20. (a) Henanom na wɔbom yɛ “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woabɛyɛ “asase foforo” no fã?
20 Saa sodifo a wɔwɔ soro yi bɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no “soro foforo.” Nanso, ɛda adi pefee sɛ sɛ trenee sodifo bi a wɔte saa wɔ hɔ a wobedi asase so a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔn a wobedi wɔn so wɔ hɔ. Bible no ka saa nnipa yi ho asɛm sɛ “asase foforo.” (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4) Wɔn a wɔbɛka eyinom ho ne Hiob, Dawid ne Yohane Osuboni no—yiw, anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba asase so no nyinaa. Nanso afoforo pii wɔ hɔ a wɔbɛyɛ “asase foforo” no mufo, a nnipa a wobenya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no mu no ka ho. So wobɛka wɔn a wobenya nkwa yi ho? So wopɛ sɛ wotra Onyankopɔn nniso no ase? Sɛ saa a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ.
[Kratafa 121 mfoni]
So saa nnipa pa yi kɔɔ ɔsoro?
Ɔhene Dawid
Hiob
Yohane Osuboni no
[Kratafa 122 mfoni]
Anadwo a etwa to a na ɔne asomafo no wɔ hɔ no, Yesu kae sɛ wɔne no bedi hene wɔ n’Agya ahenni mu