Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 1/1 kr. 27-31
  • Nea Yebegyina so Ahu Mmerɛwyɛ, Nsɛmmɔnedi, ne Ahonu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yebegyina so Ahu Mmerɛwyɛ, Nsɛmmɔnedi, ne Ahonu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmerɛwyɛ, Nsɛmmɔnedi, ne Ahonu ho a Yebesusuw
  • Asodi a Wogye Tom ne Ahonu
  • Bɔne a Wɔkɔ so Yɛ
  • Ahantanfo Mu a Wofi Bu Yehowa Animtiaa
  • Afoforo a Wopira Wɔn
  • Onyankopɔn Nnyinasosɛm Ahorow a Yɛde Bedi Dwuma
  • Ahonu A Ɛde Obi San Ba Onyankopɔn Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Mpo Yehowa Nteɛso Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Mfa Wo Ho Mfra Afoforo Bɔne Ahorow Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Sɛ Woyɛ Bɔne Kɛse Bi a, Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 1/1 kr. 27-31

Nea Yebegyina so Ahu Mmerɛwyɛ, Nsɛmmɔnedi, ne Ahonu

BƆNE yɛ ade a Kristofo kyi—ade a ɛtɔ sin wɔ Yehowa trenee gyinapɛn ahorow ho. (Hebrifo 1:9) Nea ɛyɛ awerɛhow no, yɛn nyinaa yɛ bɔne bere ne bere mu. Yɛn nyinaa ne mmerɛwyɛ ne sintɔ a yenya fi awo mu di ako. Nanso, wɔ nsɛm pii mu no, sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Yehowa na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛnyɛ bio a, yebetumi de ahonim a ɛho tew akɔ n’anim. (Romafo 7:21-24; 1 Yohane 1:8, 9; 2:1, 2) Yɛda Yehowa ase sɛ, ɛdenam agyede afɔrebɔ no so no, ogye yɛn som kronn tom, a yɛn mmerɛwyɛ ahorow mfa ho.

Sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti a, ohia nsrahwɛ a ɛne nea ɛwɔ Yakobo 5:14-16 hyia no ntɛm ara: “Mo mu bi yare [honhom fam] anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo . . . sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no. Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na wɔasa mo yare.”

Enti, sɛ Kristoni bi a wahyira ne ho so yɛ bɔne a anibere wom a, ɛho hia sɛ ɔyɛ biribi a ɛsen ka a ɔbɛka akyerɛ Yehowa. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nneɛma ahorow bi, efisɛ asafo no ahotew anaa asomdwoe ho aba asɛm. (Mateo 18:15-17; 1 Korintofo 5:9-11; 6:9, 10) Ebia ɛho behia sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ: Onii no anu ne ho anaa? Dɛn na ɛmaa ɔyɛɛ bɔne no? Efi mmerɛwyɛ bi a ɔntaa nna no adi? Ɛyɛ bɔne a wakɔ so ayɛ? Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobehu nneɛma a ɛtete saa anaasɛ ɛnna adi pefee bere nyinaa, na egye nhumu pii.

Nanso, sɛ ɛkɔba sɛ bɔne no fi ɔkwammɔne ne abrabɔ bɔne bi a odi akyi nso ɛ? Ɛnde, na mpanyimfo no asɛyɛde da adi pefee. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛ ɔkwan a wɔmfa so nni asɛm bi a anibere wom ho dwuma wɔ Korinto asafo no mu no, ɔkae sɛ: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!” (1 Korintofo 5:13) Ɛnsɛ sɛ wɔma nsɛmmɔnedifo tra Kristofo asafo no mu.

Mmerɛwyɛ, Nsɛmmɔnedi, ne Ahonu ho a Yebesusuw

Mpanyimfo bɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ obi anu ne ho?a Asemmisa yi nyɛ mmerɛw. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Ɔhene Dawid ho hwɛ. Ɔsɛee aware, na afei odii awu. Nanso, Yehowa maa no traa ase. (2 Samuel 11:2-24; 12:1-14) Afei susuw Anania ne Safira ho hwɛ. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi atoro adaadaa asomafo no, na wofii nyaatwomyɛ mu pɛe sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ ayamyefo sen sɛnea na wɔte ankasa. Eyi yɛ asɛm a anibere wom? Yiw. Ɛyɛ bɔne te sɛ awudi ne awaresɛe? Dabida! Nanso, Anania ne Safira de wɔn nkwa twaa so.—Asomafo no Nnwuma 5:1-11.

Dɛn nti na atemmu no gu ahorow? Dawid yɛɛ bɔne a anibere wom esiane honam mmerɛwyɛ nti. Bere a wɔkaa nea na wayɛ kyerɛɛ no no, onuu ne ho, na Yehowa de kyɛɛ no—ɛwom sɛ onyaa nteɛso a emu yɛ den denam ɔhaw ahorow a ɛbaa ne fie so de. Anania ne Safira yɛɛ bɔne efisɛ wofi nyaatwomyɛ mu dii atoro bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa Kristofo asafo no, ma enti ‘wodi atoro kyerɛ honhom kronkron ne Onyankopɔn.’ Ɛno yɛɛ koma bɔne a wɔwɔ ho adanse. Enti, wonyaa atemmu a emu yɛ den kɛse.

Yehowa na obuu atɛn wɔ nsɛm abien no nyinaa mu na na n’atemmu no teɛ efisɛ otumi hwehwɛ koma mu. (Mmebusɛm 17:3) Mpanyimfo a wɔyɛ nnipa ntumi nyɛ saa. Enti, ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi ahu sɛ ebia bɔne a anibere wom bi fi mmerɛwyɛ mmom sen nsɛmmɔnedi?

Nokwarem no, bɔne nyinaa yɛ nsɛmmɔnedi, nanso ɛnyɛ abɔnefo nyinaa na wɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Bɔne ahorow a edi nsɛ betumi akyerɛ mmerɛwyɛ wɔ obi fam̃ na akyerɛ nsɛmmɔnedi wɔ ɔfoforo nso fãm. Ɛyɛ nokware sɛ, mpɛn pii no, ɔdebɔneyɛfo no da mmerɛwyɛ ne nsɛmmɔnedi bi adi wɔ bɔneyɛ no mu. Ade biako a wogyina so hu eyi ne sɛnea ɔdebɔneyɛfo bu nea wayɛ no ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ ho. So ɔda ahonu honhom adi? Mpanyimfo hia nhumu na watumi ahu eyi. Wɔbɛyɛ dɛn anya saa nhumu yi? Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Timoteo bɔ sɛ: “Susuw nea meka yi ho bere nyinaa; Yehowa bɛma wo ade nyinaa mu nhumu.” (2 Timoteo 2:7, NW) Sɛ mpanyimfo fi ahobrɛase mu ‘susuw’ Paulo ne Bible akyerɛwfo afoforo nsɛm a efi honhom mu no ho ‘bere nyinaa’ a, wobenya nhumu a wohia na wɔde ahu wɔn a wɔyɛ bɔne wɔ asafo no mu yiye. Afei, wɔn gyinaesi ahorow no bɛda Yehowa nsusuwii adi, na ɛnyɛ wɔn ankasa de.—Mmebusɛm 11:2; Mateo 18:18.

Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi? Ɔkwan biako ne sɛ wɔbɛhwehwɛ sɛnea Bible no ka nsɛmmɔnedifo ho asɛm mu ahwɛ na wɔahu sɛ ebia nkyerɛkyerɛmu no fa onipa a wɔredi n’asɛm no ho a.

Asodi a Wogye Tom ne Ahonu

Nnipa a wodii kan paw nsɛmmɔnedi kwan ne Adam ne Hawa. Ɛmfa ho sɛ na wɔyɛ pɛ na wɔwɔ Yehowa mmara ho nimdeɛ a edi mu no, wɔtew atua tiaa ɔsoro tumidi. Bere a Yehowa ne wɔn kaa nea wɔayɛ ho asɛm no, nea wɔyɛe no sɛ w’ani—Adam de asodi no too Hawa so, na Hawa de too ɔwɔ no so! (Genesis 3:12, 13) Fa eyi toto Dawid ahobrɛase a ɛkɔ akyiri no ho hwɛ. Bere a ne bɔne a emu yɛ duru bɛdaa adi no, ogyee asodi no too ne ho so srɛɛ bɔne fafiri kae sɛ: “Mayɛ [Yehowa] bɔne.”—2 Samuel 12:13; Dwom 51:4, 9, 10.

Nyansa wom sɛ mpanyimfo besusuw nhwɛso ahorow abien yi ho bere a wɔredi nsɛm a ɛfa bɔne a anibere wom ho dwuma, titiriw sɛ ɛfa obi a wanyin ho a. So ɔdebɔneyɛfo no—te sɛ Dawid bere a ogyee ne bɔne toom no—gye asodi no to ne ho so amonom hɔ ara, na ofi ahonu mu hwehwɛ Yehowa mmoa ne bɔne fafiri, anaasɛ ɔhwehwɛ sɛ obebu nea wayɛ no adewa, sɛ ebia ɔde ɛho asodi bɛto obi foforo so? Ampa, ebia onipa a ɔyɛ bɔne no bɛpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nea ɛma ɔyɛɛ saa no mu, na ebia na tebea ahorow bi wɔ hɔ, sɛ́ atwam anaa ɛyɛ bere no mu de, a ebia ɛho behia sɛ mpanyimfo no susuw ho bere a wɔresi ɔkwan a wɔbɛfa so aboa no no ho gyinae no. (Fa toto Hosea 4:14 ho.) Nanso ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ ɔno ne nea ɔyɛɛ bɔne no na ɔno na ɔwɔ asodi wɔ Yehowa anim. Kae sɛ: “[Yehowa] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.”—Dwom 34:18.

Bɔne a Wɔkɔ so Yɛ

Wɔka nsɛmmɔnedifo ho nsɛm pii wɔ Nnwom nhoma no mu. Kyerɛw nsɛm ahorow a ɛtete saa no betumi aboa mpanyimfo bio ma wɔanya nhumu sɛ ebia onipa bi yɛ nsɛmmɔnedini ankasa anaasɛ ɔyɛ mmerɛw. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Ɔhene Dawid mpaebɔ a efi honhom mu yi ho: “Mfa me nka nsɛmmɔnedifo ne wɔn a wɔkɔ so yɛ nneɛma a epira afoforo no ho, wɔn a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoe so, nanso bɔne wɔ wɔn koma mu.” (Dwom 28:3, NW) Hyɛ no nsow sɛ wɔde nsɛmmɔnedifo toto wɔn a “wɔkɔ so yɛ nneɛma a epira afoforo” no ho. Ebia onipa a ɔyɛ bɔne esiane honam mmerɛwyɛ nti no begyae, bere a n’ani ba ne ho so ara pɛ no. Nanso, sɛ obi ‘kɔ so’ yɛ bɔne ma ɛbɛyɛ ne su a, eyi betumi ayɛ koma bɔne a ɔwɔ ho adanse.

Dawid kaa nsɛmmɔnedi ho ade foforo ho asɛm wɔ saa nkyekyem no mu. Te sɛ Anania ne Safira no, nsɛmmɔnedini de n’ano ka nsɛmpa nanso na bɔne wɔ ne koma mu. Obetumi ayɛ nyaatwomni—te sɛ Farisifo a na wɔwɔ Yesu nna no mu a na ‘wɔyɛ nnipa trenee nnipa anim, na wɔn mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ wɔn ma’ no. (Mateo 23:28; Luka 11:39) Yehowa kyi nyaatwom. (Mmebusɛm 6:16-19) Sɛ obi fi nyaatwomyɛ mu bɔ mmɔden sɛ onnye ne bɔne a anibere wom ntom bere a ɔne asenni boayifo kasa mpo, anaasɛ ɔde amemenemfe gye nea afoforo nim dedaw no nkutoo tom, na wanka ne bɔne nyinaa a, eyi nso betumi yɛ koma bɔne a ɔwɔ ho adanse.

Ahantanfo Mu a Wofi Bu Yehowa Animtiaa

Wɔakyerɛ nneɛma afoforo a ɛhyɛ nsɛmmɔnedini agyirae wɔ Dwom 10 mu. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Ɔbɔnefo ahantan nti ɔtaa ɔbrɛfo so, . . . ommu Yehowa.” (Dwom 10:2, 3, NW) Ɔkwan bɛn so na yebebu Kristoni a wahyira ne so a ɔyɛ ahantan na ommu Yehowa no? Nokwarem no, eyinom yɛ adwemmɔne. Onipa a honam mmerɛwyɛ ma ɔyɛ bɔne nya hu ne bɔne ara pɛ anaa wɔtwe n’adwene kɔ so a, onu ne ho na ɔbɔ mmɔden denneennen sɛ ɔnyɛ bio. (2 Korintofo 7:10, 11) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ onipa bi yɛ bɔne esiane sɛ onni obu ankasa ma Yehowa nti a, dɛn na ɛbɛma wagyae kɔ a ɔbɛkɔ so ayɛ ne bɔne no bere ne bere mu? Sɛ ɔyɛ ɔhantanfo a, ɛmfa ho sɛ wotu ne fo wɔ odwo mu no, ɔbɛyɛ dɛn anya ahobrɛase a ehia na wafi ne komam anu ne ho wɔ nokware mu?

Afei susuw Dawid nsɛm a ɛwɔ dwom koro no ara mu no ho kɔ akyiri kakra: “Adɛn nti na ɔbɔnefo yi Nyankopɔn ahii ka ne komam sɛ: Worenni akyiri?” (Dwom 10:13) Wɔ Kristofo asafo no mu de, nsɛmmɔnedini no nim nsonsonoe a ɛda nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ntam, nanso ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ bere a osusuw sɛ obetumi afa ne ho adi no. Bere tenten a onim sɛ ɛrenna adi no, odi bɔne kosi ase. Esiane sɛ ɔnte sɛ Dawid nti, sɛ ne bɔne ahorow da adi a, ɔbɛfa ɔkwan bi so akwati nteɛso. Onipa a ɔte saa mmu Yehowa koraa. “Onyankopɔn suro biara nni n’ani so. . . . bɔne de, onkyi.”—Dwom 36:1, 4, NW.

Afoforo a Wopira Wɔn

Bɔne a obi yɛ ka nnipa bebree mpɛn pii. Sɛ́ nhwɛso no, ɔwaresɛefo yɛ bɔne tia Onyankopɔn; ɔma ne yere ne ne mma hu amane; sɛ nea ɔne no sɛe aware no aware a, ɔma n’abusuafo hu amane; na ogu asafo no din pa ho fĩ. Ɔkwan bɛn so na obu eyinom nyinaa? So odi komam yaw a nokware ahonu ka ho? Anaasɛ ɔda honhom a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 94 no adi: “Amumɔyɛfo nyinaa di ahantansɛm. Wo man de, [Yehowa], wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapade ase. Wokum okunafo ne ɔhɔho, na wodi nyisaa awu; na wɔka sɛ: Yah renhu, na Yakob Nyankopɔn remmu”?—Dwom 94:4-7.

Ebia, bɔne ahorow a wodi ho nsɛm wɔ asafo mu remfa awudi ho. Nanso honhom a wɔda no adi wɔ ha yi—honhom a ɛma obi yɛ krado sɛ ɔbɛma afoforo ahu amane esiane ɔno ankasa ne mfaso nti—betumi ada adi pefee bere a mpanyimfo hwehwɛ bɔneyɛ mu no. Eyi nso yɛ ahantan, nsɛmmɔnedini agyiraehyɛde. (Mmebusɛm 21:4) Ɛne nokware Kristoni a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre ama ne nua no honhom bɔ abira koraa.—Yohane 15:12, 13.

Onyankopɔn Nnyinasosɛm Ahorow a Yɛde Bedi Dwuma

Ɛnyɛ nea wɔde akwankyerɛ kakra a wɔde ama yi reyɛ mmara ahorow. Nanso, ɛma yenya nneɛma bi a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ nsɛmmɔnedi ankasa ho adwene bi. So onii no nnye bɔne a wayɛ no ho asodi ntom? Onii a wayɛ bɔne a emu yɛ duru no antie afotu bi a wɔde maa no wɔ bere a atwam no mu wɔ asɛnkoro yi ara ho? So wakɔ so de ne ho ahyɛ bɔne a anibere wom mu bere tenten? Ɔdebɔneyɛfo no da no adi sɛ onni obu koraa ma Yehowa mmara? Ɔnam anifere so abɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata ne bɔne no so, a ebia, ɔrema afoforo bra asɛe bere koro no ara mu? (Yuda 4) So ɔkɔ so yɛ nneɛma a ɛtete saa ara bere a bɔne no da adi no? Ɔdebɔneyɛfo no mmu ɔhaw a ɔde aba afoforo ne Yehowa din so no koraa? Ne su te dɛn? Bere a wɔafi ayamye mu de Kyerɛwnsɛm mu afotu ama no akyi no, so ɔda so ara yɛ ahantan? Onni ɔpɛ a efi komam biara sɛ obegyae bɔne no yɛ? Sɛ mpanyimfo no hu nneɛma a ɛtete saa, a ɛyɛ adanse a emu yɛ den sɛ onuu ne ho a, ebia wɔbɛka sɛ bɔne a ɔyɛe no yɛ nsɛmmɔnedi mmom sen honam mmerɛwyɛ ara kwa.

Sɛ mpanyimfo redi onipa bi a ɛte sɛ nea ɔwɔ adwemmɔne asɛm mpo a, wonnyae afotu a wɔde bɛma no sɛ ɔmfa ɔkwan trenee so no. (Hebrifo 3:12) Ebia nsɛmmɔnedifo bi benu wɔn ho na wɔasakra. Sɛ amma saa mpo a, dɛn nti na Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ: “Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso”? (Yesaia 55:7) Ebia, bere a wɔredi asɛm no, mpanyimfo no behu komam nsakrae bi a ɛda nsow wɔ ne komam tebea mu a ɛda su a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho adi.

Sɛ wɔretu obi mpo a, mpanyimfo, sɛ́ nguanhwɛfo no, bɛkyerɛ no sɛ ɔnsakra n’adwene na ɔmmɔ mmɔden mmenya Yehowa anim dom bio. Kae Korinto “ɔdebɔneyɛfo” no. Ɛda adi sɛ ɔsakraa ne kwan, na akyiri yi Paulo kamfo kyerɛe sɛ wonnye no. (2 Korintofo 2:7, 8) Susuw Ɔhene Manase nso ho hwɛ. Ná ɔyɛ onipa bɔne ankasa, nanso bere a awiei koraa no ɔsakraa n’adwene no, Yehowa gyee n’adwensakra no toom.—2 Ahene 21:10-16; 2 Beresosɛm 33:9, 13, 19.

Ampa, bɔne bi wɔ hɔ a wɔremfa mfiri—bɔne a etia honhom kronkron no. (Hebrifo 10:26, 27) Yehowa nkutoo na obetumi akyerɛ obi a wayɛ saa bɔne no. Nnipa nni tumi biara a wobetumi akyerɛ saa. Mpanyimfo no asɛyɛde ne sɛ wɔbɛhwɛ ma asafo no ho atew na wɔaboa agye abɔnefo a wonu wɔn ho no. Sɛ wɔde nhumu ne ahobrɛase yɛ saa, na wɔma wɔn gyinaesi ahorow da Yehowa nyansa adi a, ɛnde Yehowa behyira wɔn nguanhwɛ adwuma no fã yi so.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya ho nsɛm pii a, hwɛ November 1, 1981 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-6; Insight on the Scriptures, Po 2, nkratafa 772-4.

[Kratafa 29 mfonini]

Anania ne Safira fi nyaatwomyɛ mu anni honhom kronkron nokware, na wɔdaa koma bɔne adi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena