So W’ani Sɔ Yehowa Honhom Mu Nsiesiei Ahorow?
“Momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira mmema mo mma ɛmmoro so anaa?”—MALAKI 3:10.
1. Nsiesiei ahorow bɛn na ɛma abɔde pii a wɔte nkwa mu no mẽẽ?
SƐ WUGYAE mframa home a, wubewu wɔ simma kakraa bi ntam. Sɛ wugyae nsu nom a, wubewu wɔ nna kakraa bi ntam. Sɛ wugyae adidi a, wubewu wɔ adapɛn kakraa bi ntam. Sɛ wugyae Yehowa honhom mu nsiesiei ahorow di a, ɛnde wubewu korakora. Yehowa na ɔde mframa, nsu, ne aduan a abɔde a wɔte ase nyinaa hia no ma. Enti odwontofo no ka kyerɛɛ Yehowa se: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:16) Honam fam nsiesiei ahorow di nea ateasefo pii pɛ no ho dwuma. Nanso eyi nte saa wɔ adesamma fam.
2. Dɛn na onipa koma pɛ, na nsiesiei bɛn na ɛho hia na ama anya eyi?
2 Yesu daa eyi adi bere ɔkaa eyi no, se: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa] anom so.” (Mateo 4:4) Abɔde a wɔba fam no nni daa nkwa ho adwene biara nanso onipa wɔ, sɛnea Ɔsɛnkafo 3:11, NW ka no: “Mpo ɔde bere a enni ano ahye wɔn komam.” Anaasɛ, sɛnea Revised Standard Version ka no: “Ɔde daa nkwa ahyɛ onipa adwenem.” Enti, onipa wɔ ɔpɛ a efi komam sɛ ɔbɛtra ase bere nyinaa, daa mpo. Mframa, nsu, ne aduan nkutoo nyɛ nea ɛdɔɔso ma eyi. Honhom mu nsiesiei ahorow a egyina “asɛm biara efi [Yehowa] anom” so ho hia na ama yɛatra ase daa. Ɛnnɛ, wohu eyi wɔ nhoma biako a ɛne Bible no mu na nea ɛde ma no yɛ nea ɛrensa—nea wuhia nyinaa, nea ɛdɔɔso sen sɛnea wubetumi akura. Saa adaka yi nnaa mpan da.
3. Dɛn nkutoo na Yesu kaa ho asɛm sɛ ɛho hia sen biara, na dɛn na Paulo suae?
3 Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae nhwehwɛ honam fam aduan a yehia no sɛ: “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ.” Nanso ɔde honhom mu nneɛma dii kan wɔ ɛno akyi pɛɛ bere a ɔkaa eyi no, sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” (Mateo 6:11, 33) Honam fam aduan ma yɛkɔ so tra nkwa mu da biara wɔ bere bi mu; honhom fam aduan a yɛkɔ so di betumi ama yɛayɛ saa wɔ yɛn nkwa nna mu, daa mpo. Enti nnwinnwenn honam fam nneɛma ho. Paulo anyɛ saa. Ɔkaa honhom mu nneɛma a ɛma onyaa akomatɔyam ho asɛm a na honam fam nneɛma a ɔwɔ mfa ho bere a ɔkaa eyi no: “Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:12, 13.
Asiane To Wɔn A Wonni Anisɔ No
4. Nsiesiei ahorow bɛn na anyɛ nea ɛdɔɔso ma nnipa baanu a na wodi kan no, na dɛn bio na wɔhwehwɛe?
4 Nanso, nnipa pii ani nsɔ Yehowa nsiesiei ahorow. Na yɛn awofo a wodi kan no te saa. Wɔtraa paradise turo bi mu—wohuu nneɛma a ɛyɛ fɛ, wohomee mframa a nhwiren a ɛyɛ huam hua wom, wodii nnuan a ɛyɛ dɛ, na nnomaa su gyigyee dɛdɛɛdɛ wɔ wɔn asom. Bio nso, na wɔwɔ adwuma a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔnhwɛ turo yi ne nhyira a ɛkyerɛ sɛ wɔmfa wɔn asefo a wɔyɛ pɛ nhyɛ asase no so ma. Nanso na wɔyɛ pɛsɛmenkominya. Nea na Onyankopɔn de ama wɔn no nnɔɔso mma wɔn. Na wɔpɛ pii. Na wɔpɛ sɛ wɔn ankasa si gyinae wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho. Enti wɔyɛɛ saa, na asiane ni gyinae a edi kan a wosii no mu bae, wɔhweree biribiara a na wɔn ankasa ne wɔn mma benya no.—Genesis 3:1-7, 16-19.
5. Dɛn na Yehowa de hyiraa Israelfo no, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?
5 Israelfo suasuaa wɔn nhwɛso bɔne no. Onyankopɔn gyee wɔn fii nkoasom mu wɔ Misraim, ɔyɛɛ wɔn ɔman, ɔmaa wɔn mmara a ɛyɛ pɛ, ɔkyerɛɛ wɔn kwan wɔ wɔn sare so akwantu no mu, ɔmaa wɔn ntade a antetew da, na ɔnam anwonwa kwan so de mana a ɛtɔ m soro ne nsu a efi ɔbotan mu wowaw wɔn. Nanso wɔn ani ansɔ Yehowa nsiesiei ahorow. (1 Korintofo 10:1-5) Bere a na wɔnam sare no so no, wonwiinwii mpɛn pii.—Exodus 13:21, 22; Numeri 11:1-6; Deuteronomium 29:5.
6. Dɛn na ɛde ɔsɛe baa Israelfo so sɛ ɔman?
6 Wɔkɔɔ so nwiinwii bere a wɔkɔtra Bɔhyɛ Asase no so akyi—asase pa a so wɔ nsu a “nufusu ne ɛwo sen so.” Esiane sɛ wɔkɔɔ so yɛ bonniayɛ na wɔn ani ansɔ Yehowa nsiesiei ahorow nti, wɔpowee no som, wɔsom ɔbarima ne ɔbea nna, wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa Molek na wɔde ɔsɛe baa wɔn ankasa ho so sɛ ɔman. Bere a wogyee wɔn fii Babylon nkoasom mu no, wodii atetesɛm a ɛmaa Onyankopɔn Asɛm yɛɛ ɔkwa no akyi. Awiei koraa no, wokum Mesia a ɔne Yesu Kristo a na wɔahyɛ ne ho bɔ no.—Deuteronomium 6:3; 8:7-9; Atemmufo 10:6, 1 Ahene 14:22-24; 2 Ahene 21:1-16; Yesaia 24:1-6; Mateo 15:3-9; 27:17-26.
7. Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no faa ɔkwan koro a asɔfo a wɔanni nokware wɔ Malaki bere so no faa so no so?
7 Ɛde besi nnɛ no, adesamma akɔ so apaw atoro som nkyerɛkyerɛ ahorow. Asɔfo bu Yehowa din animtiaa, na wɔmfa nni dwuma mpo. Wɔde nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da ne daa ayayade wɔ hell-gya mu gu no ho fĩ. Ɛnyɛ sɛ atosɛm ahorow a wonya fii Babilon ne Misraim asɛe wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow nko na mmom wɔ nsɛm pii mu no, pow a wɔpow Kristo agyede no na wogye adannandi tom no ama adan awuduru nso. Wɔmma Yehowa nnya ayeyi a ɛfata no no te sɛ nea asɔfo a na wɔwɔ Malaki bere so yɛe no.—Malaki 1:6-8; 3:7-9.
8. (a) Ɔfrɛ bɛn na asɔfo a wɔtraa ase wɔ Malaki bere so ne nyamesom akannifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pow? (b) Henanom na wogyee ɔfrɛ no so na dɛn na efii mu bae?
8 Wɔhyɛɛ Israefo a wɔtraa ase wɔ saa bere no mu no nkuran sɛ wɔntew wɔn ho na wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn. Yehowa kae sɛ, “Monsan mmra me nkyɛn. Na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo [Yehowa] na ose.” Ɔtoo nsa frɛɛ wɔn bio sɛ: “Momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?” (Malaki 3:7, 10) Yuda man no nkaefo kakraa bi pɛ na wɔsan kɔe; ɛnnɛ, honhom mu Israel nkaefo anokwafo bi afi wiase atoro som ahorow no mu. Wɔne nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso a wɔyɛ asomfo afoforo a wɔte sɛ nguan no bom yi Yehowa ayɛ sɛ n’Adansefo. (Yohane 10:16) Wɔ wɔn fam no, Yehowa adi ne bɔhyɛ so na ‘wabue ɔsoro mfɛnsere na wahwie nhyira ama wɔn ma aboro so’—apontow a ɛyɛ honhom mu aduan!—Yesaia 25:6
Honhom Fam Aduan Pii
9. Honhom mu nsiesiei ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ, wɔnam dɛn so na wɔde ma, na dɛn na afi mu aba?
9 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu ka siei sɛ ɛbɛyɛ nea ɔwɔ hɔ wɔ yɛn bere yi mu no de honhom fam aduan pii rema a adagyew nnim. (Mateo 24:45) Wɔ mfe abien a etwaam no mu nkutoo no, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem abiɛsa de saa honhom mu nsiesiei ahorow yi memae denam afie afie nsrahwɛ ne nhoma, nsɛmma nhoma ne Bible ahorow ɔpepehaha pii a wɔkyekyɛe wɔ nsase ne po mu nsupɔw ahorow 208 so ne wɔ kasa horow bɛyɛ 200 mu no so. Nnipa pii dii honhom fam aduan yi mẽẽ. Wɔbɔɔ afoforofo bɛboro 225,000 asu wɔ afe biako!
10. Nsiesiei ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛbɛma yɛatie Paulo afotu a ɛne sɛ yemmom nhyiam no?
10 Wɔde Yehowa honhom mu nsiesiei ahorow nso ama denam ɔmantam nhyiam, ɔmansin nhyiam, ne dapɛn dapɛn nhyiam ahorow anum a wɔyɛ no daa wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛyɛ 52,000 mu no so—wɔde eyi nyinaa yɛ osetie ma Paulo afotu a ɛwɔ Hebrifo 10:25 a ɛkyerɛ sɛ ‘yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam’ no.
11. Dɛn na ɛkyerɛkyerɛ ɔkwan pa a wɔbɛfa so asiesie honhom mu aduan no mu?
11 Sɛ ɔbea bi to nsa frɛ ahɔho sɛ wommedidi a, ɔnnoa nam sin bi ara kwa na ɔmmfa nto prɛte mu. Ɔde atomde ahorow di dwuma na ama ayɛ dɛ yiye na osiesie no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan aniwa no. Sɛnea ɛte ne ne hua nkutoo ma nsu gyina obi anom na ne kɔn dɔ. Saa ara na wɔayɛ Yehowa honhom mu nsiesiei ahorow no—ɛnyɛ nea wɔayɛ no ebi ne ebi ara kwa, na mmom wɔayɛ no wɔ ɔkwan a ɛkanyan akɔnnɔ so na ama adwene no ani gye ho na aka koma no. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara di saa nhwɛso yi akyi. “So ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?”—Hiob 12:11.
12. Honhom mu aduan a wosiesie ma ɛyɛ akɔnnɔ ho nhwɛso ahorow bɛn na yɛwɔ?
12 Wɔ Theocratic Ministry School Guidebook no adesua a edi kan no mu no, esi nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma no so dua. Ɛnyɛ sɛ nsɛm a eye nko na Salomo de dii dwuma na mmom nea ɛyɛ dɛ nso. (Ɔsɛnkafo 12:10) Dwom 45:2 kaa Mesia a ɔne Yesu Kristo ho asɛm siei sɛ: “Wɔde ɔdom ahyɛ w’anom ma.” Ɛbɛdaa adi sɛ ɛte saa. N’atiefo ho dwiriw wɔn wɔ “ɔdom nsɛm a efi n’anom no” ho. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ—ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetie no, na wɔkɔ asɔrefi hɔ ntɛm sɛ wokotie no, wɔde anigye tiee no na sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Asraafo mpanyimfo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere no no kae sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” (Luka 4:22; 19:48; 21:38; Marko 12:37; Mateo 7:28; Yohane 7:46) Wɔyɛɛ Guidebook no na aboa yɛn ma yɛaka nokwasɛm ahorow a ɛyɛ dɛ. So wode di dwuma kɛse.
13. Ɔkwan bɛn so na Efesofo 5:15-17 si ‘bere a yɛbɛtɔ’ so dua, na dɛn nti na wosi eyi so dua?
13 Efesofo 5:15-17 NW, tu yɛn fo sɛ: “Enti monhwɛ sɛnea mobɛyɛ na moanantew pɛ, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo, montɔ adagyew bere no mfa, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. Eyi nti, monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monkɔ so nhu nea ɛyɛ Yehowa apɛde.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “bere” wɔ ha no kyerɛ bere a wɔahyɛ, bere a ɛfata ma atirimpɔw pɔtee bi. Hela adeyɛsɛm a wɔkyerɛɛ ase “montɔ” no yɛ nea esi biribi so dua kɛse, na “wɔ asɛm yi mu no ɛkyerɛ sɛ ‘wɔbɛtɔ no kɛse’; sɛ nhwɛso no, sɛ wubehwim hokwan biara a ɛba no ntɛm.” So wuhwim bere fi wo bere nhyehyɛe no mu na ama woayɛ onyansafo denam Yehowa honam fam nsiesiei ahorow a wubedi no so? Ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ saa. Dɛn ntia? “Ɛfisɛ nna yi yɛ nna bɔne.”
Efi Honhom Mu Anhweatam So Kɔ Honhom Mu Paradise
14. Bible nkyekyem bɛn na ɛyɛ New Translation Reference Bible a ɛwɔ Engiresi kasa no mu ade bɛn ho nhwɛso?
14 Honhom mu nsiesiei titiriw biako ne yɛn New World Translation of the Holy Scriptures—With References a woyii no adi wɔ 1984 mu no. Ɛwɔ nneɛma ahorow pii a ɛma yetumi de ‘bere a yɛatɔ’ no di dwuma ma yɛn nimdeɛ yɛ kɛse. Nhwɛso biako ne ne kyerɛwsɛm nkekaho no. Fa Dwom 1:3 NW, a ɛka tebea a obi a odwen Onyankopɔn mmara ho awia ne anadwo wom no ho asɛm sɛ nhwɛso. Saa nkyekyem no kenkan sɛ: “Ɔte sɛ dua a atim wo nsubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” Pii ka nkyekyem yi ho sen nea ɔkenkanfo a ɔkenkan no ntɛm na otwam kɔ no hu.
15. Nsemmisa ahorow bɛn na ɛsɔre wɔ dua a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 1:3 no ho, na ntease bɛn na Yesaia 44:4 de ma?
15 Yɛsrɛ wo, hyɛ no nsow: Wɔadua dua no. Hena na oduae? Ɛwɔ nsubɔnten ho, ɛwɔ dodow kabeam. So dua biako nyin wɔ nsubɔnten bebree ho? Dabi. Enti nya ɔpɛ sɛ wobɛhwehwɛ mu. Dua yi fa dɛn ho? Kyerɛwsɛm nkekaho no bue yɛn adwene ani. Ɛne Yesaia 44:4; 61:3, ne Yeremia 17:8. Yesaia 44:4 ka sɛ ne nkurɔfo bɛyɛ te sɛ nnua a ɛwɔ “nsuten so.” So ɛyɛ nsuten ahorow pii? Yiw! Nsuten ahorow no yɛ nsu ahorow a wɔde gugu nnua so wɔ nnuaba turo mu!
16. Nkyerɛkyerɛmu foforo bɛn na Yesaia 61:3 ne Yeremia 17:8 de ma?
16 Yesaia 61:3 ka nnua ahorow yi bi ho asɛm sɛ “trenee nnua, [Yehowa] tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.” Yehowa na odua eyi na ogugu so nsu, na ɔno na aba a nnua no sow no hyɛ no anuonyam! Yeremia de onipa a odwen Onyankopɔn mmara ho awia ne anadwo no toto “dua a wɔatɛw asukɔn so, na ne ntini tentene kɔ asu no ho; na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm, na osukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛrennyae abasow” ho. N’ahaban mpo; biribiara a ɛyɛ no yɛ yiye!
17. Mfatoho a ɛyɛ anigye bɛn na Dwom 1:3 yɛ na afã bɛn na yɛwɔ wom?
17 Afei yɛn aniwa so bɔn no fi tɔ fam! Dwom 1:3 reyɛ mfatoho a ɛyɛ anigye. Wɔn a wodwen Yehowa mmara ho awia ne anadwo no te sɛ nnua a wɔadua wɔ nsu a ɛnyow da ho. Ɛnyɛ nea wɔda so ara yɛ honhom mu wiase no ahyehyɛde ahorow a awo kesee no fã na mmom mprempren wɔde wɔn ho abɔ Onyankopɔn ahyehyɛde a wɔma no nokware nsu a ɛma obi ho dwudwo no pii no ho. Nokwarem no, wɔwɔ honhom mu paradise, wɔn ho ayɛ wɔn fɔmm wɔ honhom mu na wɔresow honhom mu aba de ayi Yehowa ayɛ. Susuw ho hwɛ! Onyankopɔn de n’Adansefo redi dwuma de adan nkurɔfo afi wiase ahyehyɛde ahorow a awo kesee no ho akɔ saa honhom mu paradise a ɛhɔ dwo na wogugu so nsu yiye no mu.
18. Ebinom yɛɛ wɔn ade dɛn bere a wohui sɛ afoforo rebɔ mmɔden kɛse wɔ adansedi mu no, na dɛn nti na ebia wɔtɔ sin?
18 Sɛ yebetumi ayɛ adwuma yi awiei wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a, ɛsɛ sɛ yɛteɛ yɛn adwene ne yɛn koma so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde Yehowa honhom mu nsiesiei ahorow nyinaa bedi dwuma. Ebinom te sɛ afoforo kyerɛkyerɛ Bible kyerɛw nsɛm ahorow mu na afei wɔka sɛ: “Ɛkaa me nko a, anka minim Bible no te sɛ ɔno!” Nanso sɛ saafo no teɛ wɔn ho so na wosua Bible no a, wobetumi ama Bible mu nimdeɛ a wɔwɔ no ayɛ kɛse. Ebinom te sɛ afoforo di adanse wɔ afie mu na afei wɔka sɛ: “Ɛkaa me nko a, anka mitumi di adanse te sɛ nea ɔyɛ no!” Nanso sɛ wɔteɛ wɔn ho so na wɔtaa nya asɛnka mu kyɛfa na wɔde Reasoning From the Scriptures nhoma no di dwuma a, wɔn nso wobetumi abɛyɛ Adansefo a wɔn ho akokwaw kɛse. Ebinom te sɛ afoforo rema Bible mu ɔkasa ahorow na afei wɔka sɛ: “Ɛkaa me nko a, anka mitumi ma ɔkasa ahorow sɛnea ɔyɛ no!”Bio nso, sɛ wɔteɛ wɔn ho so na wosiesie wɔn kasa dwumadi ahorow no yiye na wodi Theocratic Ministry School Guidebook no mu adesua no akyi a, wɔn nso wobenya nkɔso wɔ sɛnea wotumi kasa no mu.
19. Dɛn na ɛbɛma yɛatumi ama sɛnea yetumi di adanse no anya nkɔso?
19 Afei, eye sɛ wo yam a anka woatumi ayɛ biribi, nanso sɛ woanni ho dwuma a worentumi nyɛ. Ɛyɛ adwuma no na ɛma wutumi yɛ nea wo yam a anka woatumi ayɛ no. Teɛ wo ho so na tɔ bere no, na yɛ adwuma a ɛbɛma woanya nea wo yam a anka woatumi ayɛ no. Sɛ woamfa nipadua no ntini bi anyɛ adwuma a, ebetwintwam. Sɛ woamfa biribi ho nimdeɛ anni dwuma a, wo werɛ befi. Sɛ woamfa w’adwene anni dwuma a, wo ti bewu. Sɛ woamfa nimdeɛ anni dwuma a, nea wowɔ no befi wo nsa. Wɔ asɛm no biara mu no, ahyɛde no ne sɛ, “Sɛ wode bɛyɛ adwuma anaa ebefi wo nsa.” Ɛnam ‘anem so na wɔtete bɔne ne papa mu yiyi ho nkatede no.’ Afei nso, “adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban.”—Hebrifo 5:14; Mmebusɛm 2:11.
20. Ɛdenam Yehowa nsiesiei ahorow a yɛde bedi dwuma so no, dɛn na yebekwati, na dɛn na yebenya?
20 Enti fa Yehowa honhom mu nsiesiei ahorow di dwuma. Wo ne wɔn a wɔamee no nni ahurusi. Guan ɔkɔm a Amos kaa ho asɛm siei no: “Hwɛ nna bi reba, [Yehowa] Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mema ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa sukɔm, na [Yehowa] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Wo ne wɔn a wodi na wonya anigye no nkyɛ na ɛnyɛ wɔn a wɔpow aduan no na wɔn ani wu no: “Enti sɛ [Yehowa] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwe me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu.”—Yesaia 65:13.
[Ase hɔ nsɛm]
Hwɛ The New International Dictionary of New Testament Theology a Colin Brown yɛe, Po 1, nkratafa 268.
Ebia wɔrennya wɔ wo kasa mu mprempren nanso akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye dwuma a wɔde di ho nhwɛso a ɛwɔ atifi hɔ no ho.
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na Israel man daa wɔn ani a na ɛnsɔ Yehowa nsiesiei ahorow no adi?
◻ Ɔkwan bɛn so na Malaki 3:10 anya mmamu wɔ Yehowa Adansefo so?
◻ Dwom 1:3 mu ntease titiriw ne dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde nneɛma ahorow a yɛnam Yehowa nsiesiei ahorow so sua no bedi dwuma?
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Wɔn a wodwen Yehowa mmara ho no te sɛ nnua a wɔadua wɔ asuti a ɛnyow ho