Akoo A Oyi Yehowa Ayɛ
“DA KORO bi, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛtɔ akoo ketewa bi. Ná ɔne me kunu Wally bɛtra fie bere a mekɔ nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so wɔ Palm Springs, California no. Bere a yɛn nsa kaa no no, na wadi adapɛn anum pɛ, na na yennim sɛ ebia ɔbɛkasa anaasɛ dabi. Afei nso, yɛantumi amma no din, enti mefrɛɛ no ‘Pretty Baby.’ Bosome biako akyi no, yɛtee sɛ ɔka sɛ, ‘Pretty Baby.’ Yenyaa ɔkasafo.
“Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛ Pretty Baby ma waka sɛ, ‘Munyi Yehowa ayɛ.’ Wally ka kyerɛɛ me sɛ meresɛe me beree: ‘Ɔrentumi nka “Yehowa” da. Ɛyɛ den dodo.’ Nanso da koro bi otumi kae sɛ, ‘Munyi Yehowa ayɛ.’ Akyiri yi otumi kae sɛ, ‘Mo nkurɔfo, mommra.’ Afei mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa abien no mmom: ‘Mo nkurɔfo, mommra, munyi Yehowa ayɛ.’ Wally wosow ne ti. ‘Mannye anni da sɛ na obetumi aka abien no abom, esiane sɛ osuaa no mmiako mmiako nti.’
“Afei mekyerɛɛ Pretty Baby sɛ ɔnka sɛ, ‘Woyɛ Yehowa dansefo? Woyɛ bi, woyɛ bi?’ Yɛhwɛ ahɔhodan bi so wɔ Palm Springs na ankyɛ na Pretty Baby rebisa nkurɔfo sɛ, ‘Woyɛ Yehowa dansefo? Woyɛ bi, woyɛ bi?’ Afei nso osuae sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Ka Asɛm No! Ka Asɛm No!’ Na ne nsɛm a ɔka no mu biako a ɛyɛ anigye yiye ne, ‘Yohane Nhoma a Edi Kan 4:8, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Kɔhwɛ! Kɔhwɛ!
“Sɛ ahɔho ba hɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ dabere na sɛ Pretty Baby kasa a, wɔn ho dwiriw wɔn na wobisa sɛ, ‘Anomaa no na ɔreka eyi anaa? Wally bua sɛ, ‘O, yiw. Otumi bɔ kyerɛwsɛm din mpo ka sɛ, “Yohane Nhoma a Edi Kan 4:8, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.” Me yere yɛ Adansefo no mu biako na ɔno na ɔkyerɛɛ no.’
“Da koro bi ɔbea hɔho bi bɛtee sɛ anoma no ka sɛ, ‘Yohane Nhoma a Edi Kan 4:8, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Kɔhwɛ! Kɔhwɛ!’ Ɛyɛɛ no nwonwa yiye ma enti ɔkɔɔ ne dan mu sɛ ɔkɔhwɛ. Ná mede “Wiase Foforo Nkyerɛase” Bible no asi Gideon Bible a na ɛwowɔ adan no mu no ananmu, na akyiri yi wɔ ɔtare a woguare mu no ho no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘M’ani gye Bible no ho yiye. Ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛte ase. So metumi agyaw wo ntoboa bi na sɛ merekɔ a mafa akɔ?’
“Mibuae sɛ: ‘Dabi. Gyaw ɛno wɔ dan no mu. Bra me fi akyiri yi na mɛma wo biako.’ Akyiri yi ɔbae sɛ ɔrebegye Bible no, na ɔde Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow 14 a ɛkyerɛkyerɛ Adansefo no gyidi mu kaa ne ho kɔe.
“Akoo no bɛyɛɛ nea na ahɔho no nyinaa ka ne ho asɛm. Da koro bi, ɔbea bi baa ɔdan no mu bɛkae sɛ bere a na ɔwɔ ɔtare a woguare mu no ho no, ɔtee sɛ ɔbarima bi reka akyerɛ ɔfoforo sɛ: ‘So wunim sɛ nea ɔhwɛ fie ha no wɔ anomaa bi a ɔka sɛ, “Munyi Yehowa ayɛ”?’ Ɔbarima foforo no kae sɛ: ‘Wureyi aseresɛm! Wugye di sɛ ɔbɛma mahu no?’ Esiane anomaa no nti, ɛnkyɛ na obiara nim 1 Yohane 4:8. Sɛ ɛtɔ da bi na Pretty Baby yɛ komm a, Wally ka kyerɛ no sɛ: ‘Woanyi Yehowa ayɛ nnɛ. Ka wo ho ka!’
“Dwom a ɛto so 148 frɛ abɔde nyinaa sɛ wonyi Yehowa ayɛ—ɔsoro, asase, afifide, mmoa, nkurɔfo ne ‘ntakraboa.’ (Nkyekyem 10) Te sɛ abɔde nyinaa no, Pretty Baby nam ne nneyɛe so yɛ saa—ade a ɛda Ɔbɔadeɛ Kɛse no nyansa adi. Na ɔnam ne nsɛm so kyerɛ saa.”—Wɔkyerɛw mae.