So Wo Ho Hia Onyankopɔn Ankasa?
ANADWOFA no, so woagye bere kakra ama w’ani so ahwɛ soro pɛn? So woasusuw faako a ebia w’aniwa hu kodu wɔ ahun mu no ho pɛn, anaa nsoromma dodow a wutumi de w’aniwa hu no ho? Na, bere a nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ wim ama wo ho adwiriw wo no, so woabisa wo ho pɛn sɛ, So Onyankopɔn bu onipa a ɔnsɛ hwee ho akontaa ankasa? Nokwarem no, so Onyankopɔn susuw me ho ankasa sɛ onipa?
Mfe mpem abiɛsa a atwam ni no, Hebrini anwensɛm kyerɛwfo ne ɔhene Dawid a odii Yuda so no daa ahodwiriw adi wɔ nsɛm a edi so yi mu: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho?” (Dwom 8:3, 4) Yiw, ɛwom sɛ Dawid anhu de, nanso na ɔde n’ani ara kwa rehwɛ amansan yi mu baabi a efi asase so kɔ hɔ begye mfe 600,000 na biribi a ɛde hann ahoɔhare tu mmirika atumi adu hɔ.a Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ na ɛsɛ sɛ saa ntrɛwmu kakraa no Bɔfo susuw onipa nso ho.
Dawid kaa biribi a ɛte saa ara nso wɔ Dwom 144, faako a yɛkenkan sɛ: “[Yehowa], onipa ne hena a wuhu no, na ɔdesani ba ne hena a wudwen ne ho? Onipa—ɔte sɛ ahuhuw, ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwam.” (Nkyekyem 3, 4) Nanso, sɛ a onipa nsɛ hwee wɔ ntotoho kwan so na ɔnkyɛ wɔ asetra mu no nyinaa akyi no, na Dawid nim sɛ Onyankopɔn susuw onipa ho. Ná ɔbɛyɛ dɛn atumi ahu saa? Efisɛ na ɔno ankasa ne Yehowa anya abusuabɔ
Abusuabɔ Bɛn Na Ebetumi Ayɛ Yiye?
Yɛyɛ dɛn hu sɛ Dawid ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ ankasa? Dawid nnwom anaasɛ anwensɛm no mu kakraa a yɛhwɛ no betumi ama yɛahu eyi. Sɛ nhwɛso no, ma yɛmfa Dwom 23, na ɛdenam emu nsɛm ntiantia no so no, mmɔ mmɔden nhwɛ sɛ yebehu ahotoso a edi mu a na Dawid wɔ wɔ ne Hwɛfo, Yehowa Nyankopɔn mu no.
“[Yehowa] ne me hwɛfo,
hwee renhia me.
Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea,
ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.
Odwudwo me kra,
ɔde me fa akwan trenee so, ne din nti.
Nso menam esum kabii bon no mu a,
minsuro bɔne bi,
Efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ,
w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.”—Dw 23 Nkyekyem 1-4.
Ɛha no, abusuabɔ a na Dawid ne Onyankopɔn wɔ no mu den a ɛyɛ no da adi pefee. Saa dwom no ka wo dɛn? So wuhu ahotoso a emu yɛ den a Dawid a ɔte sɛ “oguan” a onni ahobammɔ no wɔ wɔ ne Hwɛfo, Yehowa, mu no? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛwom sɛ na Dawid nim sɛ onipa te sɛ “ahuhuw” ara kwa de, nanso na ne Nyankopɔn ne ne Hwɛfo no bu ne ho akontaa. Enti, Dawid tumi de ahotoso kae sɛ: “[Yehowa] ne me hwɛfo, hwee renhia me.” Na, wobɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso anaa awerɛhyem a ɛte saa ara?
Mfiase no ade biako a ɛho hia wɔ hɔ a yɛrentumi mmu ani ngu so. Ɛnyɛ anigye a oguanhwɛfo no kyerɛ wɔ ne nguan no ho no nko ne asɛm no. Ɛsɛ sɛ nguan no nso di wɔn hwɛfo no akyi na wotie ne nne. Kyerɛ sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn bu yɛn ho akontaa a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn ani to Onyankopɔn so. Sɛ nguan bi fi nguankuw no mu, anaasɛ wɔpow oguanhwɛfo no a, wonnya ahobammɔ. Abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no sɛe denam oguan no ankasa atuatew so. Nnipa abakɔsɛm wɔ eyi fam nyinaa akyi no, Onyankopɔn asusuw adesamma ho, ɛnyɛ sɛ kuw nkutoo na mmom sɛ ankorankoro. Adanse bɛn na yɛwɔ a enti yɛka eyi?
Efi Bere Bɛn Na Onipa Ho Ahia Onyankopɔn?
Efi onipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, Yehowa asusuw adesamma ne wɔn daakye ho. Bere a pɛsɛmenkominya atuatew fii ase wɔ Eden no, Onyankopɔn ampow adesamma abusua no na wannyaw wɔn a wonni anidaso biara. Ɔhyɛɛ “aseni” bi a ɔbɛba daakye a ɔbɛsɔre atia onipa tamfo titiriw no na ɔde ahotɔ aba denam Satan ti a ɔbɛbɔ so ho bɔ. (Genesis 3:15; Romafo 16:20) Ɛno akyi no Yehowa kɔɔ so ne adesamma dii, ɛtɔ da bi a sɛ́ ankorankoro, na mmere afoforo nso sɛ́ aman.
Nnipa nkorɛnkorɛ ho a na Yehowa susuw wɔ tete Israel no ho nhwɛso a emu da hɔ pefee no mmara a ɛyɛɛ nsiesie maa nyisaa ne akunafo ne ahiafo a wɔwɔ ɔman no mu no. Sɛ́ nhwɛso no, ɛdaa no adi pefee sɛ na ɛsɛ sɛ wonya otwa adwuma no mu kyɛfa, ɛwom mpo sɛ na wonni asase de. Wɔmaa wɔn mpɛpɛwdi ho kwan wɔ mfuw a wɔatwa mu nnɔbae awie mu. Hwɛ sɛnea saa nhyehyɛe no ye sen amanfo yiyedi nhyehyɛe horow a ɛwɔ aman horow bi so nnɛ no! Wɔ Israel no onii kuraa obu a ɔwɔ ma n’ankasa ho no mu, ɛwom sɛ na odi hia de. Dɛn ntia? Efisɛ na ɛho nhia sɛ ɔsrɛsrɛ ade anaasɛ ɔtwɛn kosi sɛ ɔman no de nneɛma ahorow bi bɛkyekyɛ. Ɔno ankasa de ne nsa kodii mpɛpɛw de hwehwɛɛ nea ohia. Ɔyɛɛ adwuma pa na ɔde aseda maa Yehowa ne Nyankopɔn a ɔyɛ ayamye no.—Leviticus 19:9, 10; Rut, ti 2.
So Kristo Sii N’agya Ayamhyehye So Dua?
Nsɛmpa anan no da no adi pefee sɛ Yesu Kristo susuw nnipa ho. Na esiane sɛ ɔdaa n’Agya su horow adi pɛpɛɛpɛ nti, ayamhyehye adi a oyi kyerɛe no dii adanse pefee sɛ Onyankopɔn bu onipa ho akontaa (Yohane 14:9) Kristo nkyerɛkyerɛ yɛ nea na ɔdɔ ne akwankyerɛ pa ma asetra a pɛsɛmenkominya nni mu wɔ mu. Hwɛ sɛnea ɔdaa eyi adi pefee bere a n’asomafo no fi asɛnka adwuma mu san bae a na wɔabrɛ no! Ɔtee nka dɛn? Ne yam hyehyee no maa wɔn. Yesu tee sɛnea wɔte nka ne hia a ahomegye ho hia wɔn no ase. “Osee wɔn sɛ: Mo nso mommra mmɛsen nkɔ sare so fã baabi, na monkɔhome kakra! Na wɔn a wɔbae ne wɔn a wɔkɔe dɔɔso, na wɔannya adagyew annidi po.” Enti wɔn nyinaa faa ɔkorow sii mu kɔɔ baabi sɛ wɔkɔhome kakra.
Nanso dɔm no dii wɔn akyi. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? So ne bo fuwii anaa? “Yesu [fii ɔkorow no mu] sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—Marko 6:30-34.
Hwɛ sɛnea Kristo daa ayamhyehye a n’Agya wɔ ma nnipa no adi pefee! Osii eyi so dua nso bere a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mman abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so. Na mo ti nhwi mpo, wakan ne nyinaa. Enti munnsuro, mosen nkasanoma bebree.”—Luka 12:6, 7.
Nokwarem no, wɔ Onyankopɔn anim no onipa a ɔbɔ mmɔden sɛ obedi Yesu Kristo akyi no nyerae wɔ dɔm no mu. Nanso asɛm a ɛho hia ne sɛ, So wobɔ mmɔden ankasa sɛ wubedi Yesu Kristo akyi? So w’ani da hɔ wɔ wo honhom mu ahiade ho wɔ saa kwan no so? (Mateo 5:3) Kae, bere tiaa bi ansa na wɔrekyere Yesu na wɔakum no no, Yesu bɔɔ n’Agya mpae sɛ: “Ɛnyɛ eyinom [asomafo anokwafo 11 a wɔne no dii anwummeduan a etwa to no] nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn [anaasɛ asuafo afoforo] a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti.” (Yohane 17:20) Ná Yesu nim sɛ ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn bebu n’asomafo no ho akontaa nko, na mmom na obebu wɔn a akyiri yi wɔnam wɔn asɛnka no so bɛba abɛyɛ gyidifo no nso ho akontaa. Ɛno kyerɛ sɛ wɔn a wɔda ahobrɛase su a ɛte sɛ oguan de adi no betumi abɛn Oguanhwɛfo Kɛse no, Yehowa Nyankopɔn.—Dwom 23:1.
So Onipa Ho Hia Onyankopɔn Nnɛ?
Nanso afei ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ onipa ho hia Onyankopɔn ampa a, ɔkwan bɛn so na ɛno da adi nnɛ? Na mɛyɛ dɛn anya ayamhyehye a Onyankopɔn wɔ ma adesamma no ho mfaso?’
Ɛnnɛ, Yehowa, Oguanhwɛfo Kɛse no, ayɛ nhyehyɛe ma nnipa a wɔwɔ nguanten su wɔ wiase nyinaa ate no nne. Ɔkwan bɛn na ɔnam so ayɛ eyi? Yesu bua sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” Enti, Yehowa retwe nnipa a wɔwɔ ahobrɛase aba ne nkyɛn denam ne “guanhwɛfo pa” a wapaw no, Yesu Kristo, so.—Yohane 6:44; 10:11, 14-16.
Ɔkwan bɛn na wɔnam so twe saafo yi? Ɛdenam Kristo nokware akyidifo a wɔyɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn no, adansefo sɛnea na Yesu yɛ no, asɛnka adwuma no so. Yiw, Yehowa adansefo Kristofo reka asɛm wɔ baabiara a nnipa wɔ. Wofi wɔn pɛ mu reboa obiara a ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn, a wonnye ho hwee. Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, so wobɛpɛ sɛ wufi ase bɔ mmɔden sɛ wo ne Yehowa, Oguanhwɛfo Kɛse no, benya abusuabɔ ankasa anaa? So wobɛpɛ sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn denam Yesu Kristo so? Kae afotu a Yesu de mae no: “Monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.” Ɛdenam ne Ba no a yɛn nti ɔde no baa asase so no so no, Oguanhwɛfo Kɛse no adi kan ayɛ biribi pɔtee wɔ wo fam. Sɛ wugye ne frɛ no so a, ɛrenkyɛ wo ankasa wubehu sɛ Onyankopɔn bu onipa ho akontaa.—Mateo 7:7; 1 Yohane 4:7-10.
So Onipa Daakye Fa Onyankopɔn Ho?
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde onipa asetra toto ahuruhuro, mframa a wɔhome gu ara kwa, ho no kyerɛ sɛnea onipa nkwa nna yɛ tiaa fa. Nanso, bere tenten bɛn na wobɛpɛ sɛ wode tra ase, sɛ wubetumi anya apɔwmuden a ɛyɛ pɛ ne anigye a? So wokae sɛ, “Daa”? Wiɛ, Yehowa ahyɛ ade a ɛte saa ho bɔ—daa nkwa wɔ paradise asase so. Enti, wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Tito no mu no, yɛkenkan “daa nkwa anidaso a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ” ho asɛm. (Tito 1:2) Esiane saa bɔhyɛ koro no ara nti, Paulo de afotu maa afoforo sɛ “wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ, na wɔmfa nhyehyɛ ase pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.” Saa “nokware nkwa” no de kɔ daa nkwa mu.—1 Timoteo 6:17-19.
o Onyankopɔn Bu Ho Akontaa?
‘Nanso,’ ebia wobɛka sɛ, ‘awufo no nso ɛ? So Oguanhwɛfo Kɛse no bu wɔn ho akontaa?’ Yiw, ɔyɛ saa! Ɛno nti na ɔsomafo Paulo “kaa wɔn Yesu ne ɔsɔre ho asɛmpa no.” (Asomafo no Nnwuma 17:18) Ampa, owusɔre no yɛ ayamhyehye a Onyankopɔn wɔ ma onii no ho nhwɛso titiriw. Dɛn ntia? Efisɛ ɛkyerɛ sɛ wayɛ wɔn a ɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu no nipasu ho kyerɛwtohɔ, a ne su nketenkete nyinaa ka ho. Hia a ɛho hia sɛ ɔkaakae saa nipasu no ho biribiara na ɔsan de hyɛ amemene ne koma foforo a wabɔ mu no nyɛ nea ɛboro amansan yi ne emu nsoromma akuw ɔpepem pii no Sodifo Kɛse no so. Ɛno nti na Yesu de ahotoso kae sɛ: “Mommma eyi nyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29.
Sɛ wopɛ sɛ Yehowa, Oguanhwɛfo Kɛse no, nam ne Ba, Yesu Kristo, so bu wo ho akontaa a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka akyerɛ Yehowa Adansefo ma wɔaboa wo. Wɔ wo ankasa wo fie no wubetumi abisabisa Bible mu nsɛm biara a wopɛ na woanya awerɛhyem sɛ wubenya mmuae a ntease wom. Anaasɛ wubetumi akyerɛw wɔn a wɔyɛ nsɛmma nhoma yi no na wɔbɛboa wo ma wo ankasa woahu sɛ wubetumi ayɛ obi a ne ho hia Onyankopɔn mprempren ne daakye.
[Ase hɔ asɛm]
a Akwansin a hann tumi twa wɔ anibu biako mu no yɛ 186,281. Eyi kyerɛ sɛ akwansin a hann tumi twa wɔ afe biako mu no yɛ 5,878,000,000,000. Ampa, amansan yi mu trɛw dodo sen nea onipa aniwa betumi ahu akodu.
[Kratafa 5 adaka]
So Onyankopɔn bu yɛn ho akontaa?
[Kratafa 7 adaka]
Oguanhwɛfo Kɛse no fi ɔdɔ mu hwɛ ne “nguan” nyinaa