“Ɛpo Mu a Wɔtɔ Wɔ Bere a Ahum Retu”
SO WOREMMU adeyɛ a ɛte saa sɛ ade a wɔanyɛ no ne bere mu, nea nyansa nnim, na ebetumi ayɛ nea asiane wom? Nanso, ebinom de wɔn ho hyɛ tebea a ɛte saa mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɔkwan bɛn so? Afeha a ɛto so 17 no mu Engiresi nhoma kyerɛwfo Thomas Fuller kae sɛ: “Nyɛ biribi abufuw so. Ɛte sɛ nea woretɔ po mu wɔ bere a ahum retu.”
Sɛ wode abufuhyew yɛ biribi a ebetumi akowie awerɛhosɛm mu. Bible mu asɛm bi di eyi ho adanse. Tete agya Yakob mmabarima, Simeon ne Lewi, de abufuhyew yɛɛ ade traa so wɔ mmonnaa a wɔtoo wɔn nuabea Dina no ho. Awudi ne adefow kɛse na efii mu bae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yakob kasa tiaa wɔn nneyɛe bɔne no sɛ: “Moahaw me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi so.”—Genesis 34:25-30.
Nyansa wom sɛ Onyankopɔn Asɛm Bible de nyansahyɛ ma wɔ ɔkwan foforo so. Ɛka sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.” (Dwom 37:8) Saa afotu yi a wode bedi dwuma no betumi asiw bɔne akɛse ano.—Ɔsɛnkafo 10:4; hwɛ Mmebusɛm 22:24, 25 nso.