Onyankopɔn Suro a Yebenya
“Suro [Yehowa], na dan fi bɔne ho.”—MMEBUSƐM 3:7.
1. Wɔkyerɛw Mmebusɛm nhoma no maa henanom?
BIBLE nhoma a ɛne Mmebusɛm no kura honhom mu afotu pii. Yehowa de akwankyerɛ nhoma yi mae mfiase no sɛ wɔmfa nkyerɛkyerɛ ne man a wapaw, Israel. Ɛnnɛ, ɛde nsɛm a nyansa wom ma ne Kristofo man kronkron a ‘wiase bere awiei ato wɔn no.’—1 Korintofo 10:11; Mmebusɛm 1:1-5; 1 Petro 2:9.
2. Dɛn nti na kɔkɔbɔ a ɛwɔ Mmebusɛm 3:7 no yɛ ne bere mu de sen biara nnɛ?
2 Sɛ yebue Mmebusɛm 3:7 a, ɛkenkan sɛ: “Nyɛ w’ani so onyansafo, suro [Yehowa], na dan fi bɔne ho.” Efi yɛn awofo a wodi kan bere so a Ɔwɔ no daadaa Hawa hyɛɛ no bɔ sɛ ‘wobehu papa ne bɔne’ no, onipa nyansa ara kwa ntumi mfaa nea adesamma hia mmae. (Genesis 3:4, 5; 1 Korintofo 3: 19, 20) Eyi nnaa adi kɛse wɔ abakɔsɛm bere biara mu sɛ afeha 20 yi mu—“nna a edi akyiri” a mmusua mu nyiyim, basabasayɛ, ne ɔbrasɛe biara rehaw adesamma bere a Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ ne adannandi nsusuwii ama wɔrehu amane no. (2 Timoteo 3:1-5, 13; 2 Petro 3:3, 4) Ɛyɛ ‘wiase foforo basabasayɛ’ a Amanaman Nkabom no anaasɛ wiase nyamesom a emu apaapae no ntumi nni ho dwuma.
3. Dɛn na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ebesisi wɔ yɛn bere yi mu?
3 Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ adaemone dɔm afi kɔ ‘wiase nyinaa ahene nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ama Onyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.’ (Adiyisɛm 16: 14, 16) Ɛrenkyɛ ahude a efi Yehowa hɔ betwa saa ahene anaa sodifo no ho ahyia. Ɛbɛyɛ te sɛ ehu a ɛkaa Kanaanfo no bere a Yosua ne Israelfo no rebɛsɛe wɔn no. (Yosua 2: 9-11) Nanso nnɛ, onii a Yosua yɛɛ ne ho mfonini, Kristo Yesu—“Ahene mu hene ne awuranom mu Awurade—na ‘ɔde afoa bɛbobɔ amanaman’ no de ada ‘ade nyinaa so Tumfoɔ no abufuw’ adi.—Adiyisɛm 19: 15, 16.
4, 5. Henanom na wobegye wɔn nkwa, na dɛn ntia?
4 Henanom na wobegye wɔn nkwa saa bere no? Ɛnyɛ wɔn a ehu abunkam wɔn so no, na mmom wɔn a wɔwɔ Yehowa ho osuro pa nyinaa. Sɛ anka wɔbɛyɛ wɔn ani so anyansafo no, eyinom “dan fi bɔne ho.” Wofi ahobrɛase mu de nneɛma pa hyɛ wɔn adwenem ma enti ɛpopa nneɛma bɔne fi wɔn nsusuwii mu. Wɔn ani gye sɛ wɔde obu a ɛho tew bɛma Amansan Hene Yehowa, “Nea obu asase nyinaa atɛn” a ɔrebɛsɛe obiara a ɔbata bɔne bo te sɛ nea ɔtɔree Sodomfo a na wɔn bra asɛe ase no. (Genesis 18:25) Nokwarem no, “[Yehowa] suro yɛ nkwa nsuti” ma Onyankopɔn ankasa nkurɔfo, “na wɔde fi owu afiri mu.”—Mmebusɛm 14:27.
5 Wɔ ɔsoro atemmu bere yi mu no, wɔn a wɔde wɔn ho nyinaa ma Yehowa a wosuro sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɔmpɛ no behu nokwasɛm a wɔaka no sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Mmebusɛm 3:8 no: “[Yehowa suro] bɛyɛ ahoɔden ama wo honam, ne akwahosan ama wo nnompe.”
Yehowa a Yɛbɛhyɛ No Anuonyam
6. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yedi Mmebusɛm 3:9 so?
6 Ɛsɛ sɛ osuro pa ne ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yetie nea Mmebusɛm 3:9 ka no: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa.” Wɔnhyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ayɛyɛde nhyɛ Yehowa anuonyam. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ saa, sɛnea wɔada no adi bɛyɛ mpɛn 12 fi Exodus 35:29 kosi Deuteronomium 23:23 wɔ afɔre ahorow a wɔbɔe wɔ tete Israel ho no. Ɛsɛ sɛ nnɔbae mu adekan a wɔde ma Yehowa yi yɛ akyɛde a ɛsen biara a yebetumi de ama de akyerɛ papa ne adɔe a wayɛ yɛn no ho anisɔ. (Dwom 23:6) Ɛsɛ sɛ ɛda yɛn tirim a yɛabɔ sɛ ‘yɛbɛkɔ so ahwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan’ no adi. (Mateo 6:33) Na dɛn na efi yɛn ahonyade a yɛde hyɛ Yehowa anuonyam no mu ba? “Ɛnna ade dodow bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsakyi-amoa mu nsã foforo bebu so.”—Mmebusɛm 3:10.
7. Nnɔbae mu adekan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma Yehowa, na dɛn na ebefi mu aba?
7 Ɔkwan titiriw a Yehowa fa so hyira yɛn no yɛ honhom mu de. (Malaki 3:10) Enti, ɛsɛ sɛ nnɔbae mu adekan a yɛde ma no no yɛ honhom mu de titiriw. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden yɛ n’apɛde. Eyi nso bɛhyɛ yɛn den, te sɛ nea adwuma a ɛte saa no bɛyɛɛ “aduan” a ɛhyɛɛ Yesu den no. (Yohane 4:34) Yɛn honhom mu adekora dan bɛyɛ ma, na yɛn anigye a nsa foforo yɛ ho sɛnkyerɛnne no bebu so. Bio nso, bere a yɛde ahotoso bɔ mpae bisa honam fam aduan a ɛsɛ da biara no, yebetumi afi ayamye mu ayi nea yɛwɔ no bi de aboa wiase nyinaa Ahenni adwuma no bere nyinaa. (Mateo 6:11) Yenyaa biribiara a yɛwɔ, a honam fam nneɛma ka ho no fii yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no hɔ. Obehwie nhyira afoforo agu yɛn so mpɛn dodow a yɛde nneɛma a ɛsom bo yi yi no ayɛ no.—Mmebusɛm 11:4; 1 Korintofo 4:7.
Animka a Ɔdɔ Wom
8, 9. Ɛsɛ sɛ yebu animka ne nteɛso dɛn?
8 Mmebusɛm ti 3 san ka agya ne ɔbabarima ntam abusuabɔ a ɛyɛ anigye a ɛwɔ mmusua a wosuro Onyankopɔn mu, ne Yehowa ne ne honhom mu mma a ɔdɔ wɔn a wɔwɔ asase so no ho asɛm wɔ Mme 3 nkyekyem 11 ne 12. Yɛkenkan sɛ: “Me ba, mpo [Yehowa] nteɛso, na mma n’animka mmfono wo. Na nea [Yehowa] dɔ no na ɔka n’anim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.” Wiasefo mpɛ animka. Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo gye animka tom. Ɔsomafo Paulo faa Mmebusɛm nhoma no mu asɛm kae sɛ: “Me ba, mmu [Yehowa] asotwe adewa, nanso ɔteɛ wo so a, mma wo bo nntu. Na nea [Yehowa] dɔ no no na ɔteɛ no so . . . Ampa, ɛte sɛ nea ntɛeso biara nteɛso nyɛ nea anigye wom mprempren, na mmom awerɛhow, nanso akyiri yi ɛsow asomdwoe aba, a ɛne trenee.”—Hebrifo 12:5, 6, 11, New World Translation.
9 Yiw, animka ne nteɛso yɛ yɛn mu biara ntetee fã a ɛho hia, sɛ ebia yenya fi awofo hɔ, denam Kristofo asafo no so, anaasɛ bere a yedwen Kyerɛwnsɛm no ho wɔ yɛn kokoam adesua mu no. Nteɛso a yebetie no yɛ nkwa ne owu asɛm ma yɛn, sɛnea Mmebusɛm 4:1,13 nso ka no: “Mma, muntie agya nteɛso, na monyɛ aso na moanya nhumu. So nteɛso mu dennen, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.”
Anigye a Ɛsen Biara
10, 11. Nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛwɔ Mmebusɛm 3:13-18 no bi ne nea ɛwɔ he?
10 Hwɛ nsɛm a ɛyɛ dɛ a afei edi akyi ba, nokwarem no, ɛyɛ ‘nokware nsɛm a ɛyɛ dɛ’. (Ɔsɛnkafo 12:10) Salomo nsɛm a efi honhom mu yi ka nokware anigye ho asɛm. Ɛyɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw gu yɛn koma so. Yɛkenkan sɛ:
11 “[Anigye] ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. Ne bo yɛ den sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho. Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura ade ne anuonyam. N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na [anigye] ne nea okura mu.”—Mmebusɛm 3:13-18.
12. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yenya nyansa ne nhumu mu mfaso?
12 Nyansa—hwɛ sɛnea wɔtaa bɔ eyi din wɔ Mmebusɛm nhoma no mu; ne nyinaa yɛ mpɛn 46! “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro.” Eyi yɛ ɔsoro nyansa a edi mũ a egyina Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a ɛma ne nkurɔfo tumi fa Satan wiase no mu ɔhaw a ɛyɛ hu no mu dwoodwoo no so. (Mmebusɛm 9:10) Nhumu a wɔka ho asɛm mpɛn 19 wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no yɛ nyansa fã titiriw a ɛboa yɛn ma yɛko tia Satan nnɛɛdɛɛ. Ɔtamfo kɛse no ama ne nnɛɛdɛɛ anya nkɔso mfe mpempem pii. Nanso yɛwɔ nea ɛsom bo koraa na etumi kyerɛkyerɛ yɛn sen osuahu—nhumu a efi Onyankopɔn hɔ, nea ɛma yetumi hu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, na yɛpow ɔkwan a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ yɛfa so no. Eyi na Yehowa nam n’Asɛm so kyerɛkyerɛ yɛn.—Mmebusɛm 2:10-13; Efesofo 6:11.
13. Dɛn na ebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ sika fam ahokyere mu, na wɔ ɔkwan bɛn so?
13 Sikasɛm a ayɛ basaa wɔ wiase nnɛ no kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 7:19 no benya mmamu: “Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efĩ wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn [Yehowa] anibere da no.” Asase so honam fam ahonyade nyinaa ne nkwagye tumi a nyansa ne nhumu wɔ no nsɛ koraa. Onyansafo Ɔhene Salomo kae wɔ bere foforo mu sɛ: “Na nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.” (Ɔsɛnkafo 7:12) Ampa, anigye ne wɔn a wɔnantew Yehowa akwan a ɛyɛ fɛ no so nnɛ na wɔde nyansa paw “onyinkyɛ,” daa nkwa a ɛne Onyankopɔn akyɛde a ɔde ma wɔn a wɔkyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi no nyinaa!—Mmebusɛm 3:16; Yohane 3:16; 17:3.
Nokware Nyansa a Wubenya
14. Akwan bɛn so na Yehowa ada nyansa soronko adi?
14 Ɛfata sɛ yɛn nnipa a wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so no bɔ mmɔden sɛ yebenya nyansa ne nhumu, su horow a Yehowa ankasa daa no adi bere a ɔreyɛ n’adebɔ nnwuma a ɛyɛ nwonwa no. “Yehowa ankasa de nyansa na ɛhyɛɛ asase ase, na ɔde nhumu de ɔsoro atim hɔ pintinn.” (Mmebusɛm 3:19, 20, NW) Ɔyɛɛ abɔde a nkwa wom “sɛnea” wɔn mu biara “su te” de dii atirimpɔw bi a nyansa wom ho dwuma denam adebɔ so, na ɛnyɛ adannandi a wontumi nkyerɛkyerɛ mu so. (Genesis 1:25) Awiei koraa no, bere a ɔbɔɔ onipa a onim nyansa na ɔwɔ tumi a ɛkorɔn koraa sen mmoa no, ɛbɛyɛ sɛ ose a Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo bɔe no gyigyei mpɛn pii wɔ soro. (Fa toto Hiob 38:1, 4, 7 ho.) Yehu Yehowa nhumu a ɛma otumi hu ade kɔ akyiri, ne nyansa, ne ne dɔ pefee wɔ nneɛma a wayɛ wɔ asase so no nyinaa mu.—Dwom 104:24.
15. (a) Dɛn nti na nyansa kɛkɛ a yebenya no nnɔɔso? (b) Ahotoso bɛn na ɛsɛ sɛ Mmebusɛm 3: 25, 26 ma yenya?
15 Ɛnyɛ nya nko na ɛsɛ sɛ yenya Yehowa su horow a ɛne nyansa ne nhumu, na mmom ɛsɛ sɛ yekura mu denneennen nso, na ɛnsɛ sɛ yɛtoto n’Asɛm a yesua no ase da. Otu yɛn fo sɛ: “Me ba, mma ɛnnnan mmfi w’ani so, fa nyansahu ne adwempa sie, na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn.” (Mmebusɛm 3:21, 22) Enti yebetumi anantew ahobammɔ ne asomdwoe mu, wɔ ‘ɔsɛe a ɛbɛba mpofirim’ te sɛ owifo a ɛbɛsɛe Satan wiase no mpo mu. (1 Tesalonikafo 5:2, 3) Wɔ ahohiahia no ankasa mu no, ‘ɛho renhia sɛ wusuro mpofirim huyi ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba no. Na Yehowa bɛyɛ w’ahodasode, na ɔbɛkora wo nan afi ɔkyere mu.’—Mmebusɛm 3:23-26.
Papayɛ ho Dɔ
16. Dɛn na wɔhwehwɛ sɛ Kristofo yɛ de ka nnam a wɔde yɛ ɔsom adwuma no ho?
16 Bere a yɛwom yi na ɛsɛ sɛ yɛde nnamyɛ ka Ahenni ho asɛmpa no de di amanaman no nyinaa adanse. Nanso ɛsɛ sɛ yɛde Kristofo dwumadi afoforo ka adansedi adwuma no ho, sɛnea wɔaka wɔ Mmebusɛm 3:27, 28 no: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no. Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: Kɔ na bra! Ɔkyena mede mɛma, bere a ɛwɔ wo hɔ.” (Fa toto Yakobo 2:14-17 ho.) Bere a wiase no mu nnipa dodow no ara di kɔm ne ohia no, wɔde amanneɛbɔ a egye ntɛmpɛ to yɛn anim sɛ yɛmmoa yɛn mfɛfo nnipa, ne titiriw yɛn honhom fam nuanom. Yehowa Adansefo di eyi ho dwuma dɛn?
17-19. (a) Ahiade a egye ntɛmpɛ bɛn na wodii ho dwuma wɔ 1993 mu, na dɛn na efii mu bae? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn nuanom a wɔrehu amane no ‘redi nkonim koraa’?
17 Nhwɛso biako ni: Afe a etwaam no, amanneɛbɔ fii kan Yugoslavia bae sɛ wohia mmoa ntɛm. Aman a ɛbemmɛn hɔnom mu anuanom dii ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Wɔ asram a awɔw no mu yɛɛ den wɔ awɔw bere a etwaam no mu no, wotumi de nneɛma pii a wɔbɔɔ ho ban kɔɔ baabi a ɔko wɔ no; wɔde nhoma ahorow a aba foforo, ntade a ɛmu yɛ hyew, aduan, ne nnuru kɔmaa Adansefo a ahia wɔn no. Bere bi, anuanom no bisaa kwan sɛ wɔmma wɔmfa nneɛma nkaribo tɔn 15 nkɔ hɔ, nanso bere a wɔn nsa kaa tumi krataa no na wɔama wɔn kwan sɛ wɔmfa nkaribo tɔn 30 nkɔ! Austria Yehowa Adansefo de nneɛma lɔre abiɛsa kɔɔ ntɛm ara. Ne nyinaa mu no, wotumi de nneɛma nkaribo tɔn 25 kɔɔ faako a na ɛsɛ sɛ wɔde kɔ no. Hwɛ sɛnea yɛn nuanom ani gyei bere a wɔn nsa kaa honhom fam ne honam fam nneɛma bebree yi!
18 Dɛn na wɔn a wonyaa nneɛma no yɛe? Asafo mu panyin bi kyerɛw wɔ afe yi mfiase sɛ: “Sarajevo anuanom te nkwa mu na wɔwɔ apɔwmuden, na nea ɛho hia sen biara no, yɛda so ara yɛ den wɔ honhom mu ma yetumi gyina ɔko a nyansa nnim yi ano. Na aduan ho yɛ na yiye. Yehowa nhyira mo na ontua mo ka wɔ mmɔden a moabɔ wɔ yɛn ho no ho. Aban mpanyimfo no wɔ obu soronko bi ma Yehowa Adansefo, esiane wɔn abrabɔ pa ne obu a wɔwɔ ma aban mpanyimfo nti. Yɛda mo ase nso wɔ honhom fam aduan a mode brɛɛ yɛn no ho.”—Fa toto Dwom 145:18 ho.
19 Anuanom a wɔwɔ asiane mu yi nso akyerɛ anisɔ denam nnam a wɔde yɛ asɛnka adwuma no so. Mpɔtam hɔfo pii ba wɔn nkyɛn sɛ wɔne wɔn nyɛ Bible adesua. Wɔ Tuzla kurow a wɔde aduan nkaribo tɔn 40 kɔɔ hɔ mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo 40 no mu biara de nnɔnhwerew 25 kɔɔ asɛnka ɔsram biara de boaa asafo no mu akwampaefo baakron no wɔ ɔkwan a ɛsɔ ani so. Wonyaa nnipa a wɔn dodow sɔ ani a ɛyɛ 243 ma wɔbaa Yesu wu Nkaedi no ase. Nokwarem no, anuanom adɔfo yi ‘nam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.’—Romafo 8:37.
20. Nneɛma bɛn na ayɛ “pɛpɛɛpɛ” wɔ kan Soviet Union?
20 Anuanom a wɔwɔ kan Soviet Union de wɔn nnamyɛ akyerɛ ayamye a wɔdaa no adi wɔ nnuan ne ntade pii a wɔde kɔɔ hɔ no ho anisɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔbaa Nkaedi no wɔ Moscow afe yi dodow yɛ 7,549 bere a 3,500 na wɔkɔɔ afe a etwaam no. Saa afe koro no ara mu no, kurow no mu asafo ahorow no dodow fi 12 koduu 16. Wɔ kan Soviet Union nyinaa (sɛ woyi nea wɔfrɛ no Baltic States fi mu a), asafo ahorow no dodow kɔɔ anim ɔha biara mu 14, Ahenni adawurubɔfo yɛ ɔha biara mu 25, na akwampaefo yɛ ɔha biara mu 74. Nnamyɛ ne ho a wɔde bɔ afɔre honhom bɛn ara ni! Ɛma yɛkae afeha a edi kan no bere a nneɛma yɛɛ “pɛpɛɛpɛ” no. Kristofo a na wɔwɔ honhom fam ne honam fam nneɛma hokwan no fii ayamyɛ mu kyɛɛ wɔn a na wonni pii no nneɛma, na saafo a ahia wɔn no nnamyɛ maa akyɛde mafo no nyaa anigye ne nkuranhyɛ.—2 Korintofo 8:14.
Tan Bɔne!
21. Ɔkwan bɛn so na wɔde anyansafo to nkwasea ho wɔ Mmebusɛm ti 3 mu nsɛm a etwa to no mu?
21 Afei Mmebusɛm ti a ɛto so abiɛsa no yɛ ntotoho ahorow, na ɛde afotu yi ba awiei sɛ: “Ntwe otirimɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw n’akwan mu biara. Na ɔkɔnkɔnsani yɛ [Yehowa] akyide, na tẽẽfo na ɔne wɔn di atirimsɛm. [Yehowa] nnome wɔ ɔbɔnefo fi, na ohyira treneefo trabea. Odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo. Anyansafo benya anuonyam adi, na nkwasea bɛsoa ahohora.”—Mmebusɛm 3:29-35.
22. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ na wɔamfa yɛn anka nkwasea ho? (b) Dɛn na anyansafo tan, su bɛn na wonya, na akatua bɛn na wonya?
22 Dɛn na yebetumi ayɛ na wɔamfa yɛn anka nkwasea ho? Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛtan bɔne, yiw, yebekyi nea Yehowa kyi—basabasayɛ wiase a edi mogya ho fɔ yi akwammɔne nyinaa. (Hwɛ Mmebusɛm 6:16-19 nso.) Ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ yenya su pa—trenee ne odwo—na ama yɛde ahobrɛase ne Yehowa suro atumi anya “ahonyade ne anuonyam ne nkwa.” (Mmebusɛm 22:4) Eyi ne akatua a wɔde bɛma yɛn a yɛde afotu yi di dwuma nokwarem no nyinaa: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho.”
Dɛn na Wobɛka?
◻ Ɔkwan bɛn so na adesua yi asɛmti ho hia nnɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ Yehowa anuonyam?
◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu nteɛso adewa?
◻ Ɛhe na yebetumi anya anigye a ɛsen biara?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi adɔ papa na yɛatan bɔne?
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Wobehyira wɔn a wɔde nea wɔwɔ a eye sen biara bɔ Yehowa afɔre no pii