Anigye A Wɔtɔ A Wɔmmfa Sika
BERE a sukɔm ade wo kɛse wɔ bere a woatwa kwan tenten wɔ owia so akyi no, wubedu akuraa ketewaa bi ase. Nea ɛyɛɛ wo anigye no wuhuu sɛnkyerɛnee bi a ɛbɔ dawuru sɛ wubetumi anya anonne a ɛyɛ nwini anom. Nanso afei wuhu sɛ wunni sika wɔ wo ho a wode betua nea ɛbɛma wo ho adwo wo no ka.
Bere a oguadifo no hu wo haw no, ɔka sɛ, ‘Bra, tɔ anonne no—wuntua ho sika biara.’ Ntɛm ara, wote aseda a emu dɔ nka wɔ saa ayamye mu ade yi ho. Nanso, wubisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ yiye? Ɔkwan bɛn so na metumi atɔ a memmfa sika?
Tɔ a Wɔtɔ a Wɔmmfa Sika
Ɛte sɛ nea ɛyɛ serew de, nanso Karel ne Julian a yɛbɔɔ wɔn din wɔ kratafa 3 no nyaa osuahu a ɛte saa. Ná wogye di sɛ sika bɛma wɔanya anigye. Nanso sɛnea Karel kyerɛkyerɛ mu no: “Bible no sua sakraa m’adwene wɔ sika ho no. Ɛma minyaa daa nkwa wɔ paradise asase so, biribi a ɛsom bo kyɛn biribiara a sika betumi atɔ no ho anidaso.” Julian a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔdefo a ɔwɔ mpempem no ka sɛ: “Bere a misuaa Bible mu nokware no na masi kwan so a mereyɛ adu me botae no ho.”
Saa ara na na Kiyoshi Tomomistu a ofi Japan a na anka ɔyɛ aguadidan kɛse bi wura no de n’adwuma no di kan bere a na n’abusua a ɔbɛhwɛ wɔn no yɛ “ade a ɛto so abien” ara kwa. Ɔkae sɛ: “Misusuwii sɛ metumi ama m’abusua no ani agye denam honam fam nneɛma pii a mede bɛma wɔn daakye no so.” Bere a wobisaa Kiyoshi nea ɛma ɔsakraa n’adwene wɔ sika ho no, obuae sɛ: “Bible mu kyerɛw nsɛm ahorow, te sɛ Mmebusɛm 23:23 a ese, ‘Tɔ nokware, na ntɔn’ no.”
Wubisa sɛ, ‘Nanso, mɛyɛ dɛn “atɔ nokware”?’
Anigye Bo
Ebegye wo bere bi. Kristoni ɔsomafo Paulo tu fo sɛ, ‘Montɔ adagyew bere mfa, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.’ (Efesofo 5:15-17, NW) Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ ani begye sɛ wɔne wo bɛka Onyankopɔn Asɛm Bible no mu nokware ahorow ho asɛm wɔ bere a eye ma wo mu, na wonnye eyi ho sika biara koraa.
So wotwentwɛn wo nan ase sɛ ‘wode wo ho bɛhyɛ mu”? Sɛ saa a, ɛnde ma Yesu nsɛm yi mma wo koma ntɔ wo yam: “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, efisɛ wɔn na wɔbɛma wɔamee.” Bere a Yesu redan n’atiefo no adwene akɔ nea wɔnam so betumi anya anigye no so no, ɔkyerɛe sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3, 6, NW) Saa ɔsoro nniso yi, Onyankopɔn Ahenni no ne tumi biako pɛ a ebetumi ama woanya ‘nea ɛde w’anigye bɛba’ no.
Ɛnde, dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ sika di wɔ w’asetra mu? Nea ɛyɛ anigye no, Bible no de akwankyerɛ pa ma wɔ eyi ho.
Sika a Wɔde di Dwuma Nyansa mu Mprempren
Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa] anuonyam.” (Mmebusɛm 3:9) Nea ɛne no hyia no, wɔn a wɔhwɛ nokware anigye kwan fi Onyankopɔn hɔ no de wɔn sika di dwuma wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Wɔde yɛ wɔn botae sɛ wobedi wɔn abusua ahiade ahorow ho dwuma sɛnea ɛsɛ. (1 Timoteo 5:8) Wɔde nokwaredi yɛ nhyehyɛe ahorow ma wɔn a wɔyɛ wɔn gyidi fifo. Na afei nso wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa de boa adwuma a ɛne nsɛm a ɛhyɛ den wɔ honhom mu a wɔde ma te sɛ Bible ne nhoma ahorow a egyina Bible so, te sɛ nsɛmma nhoma yi no.
Bere a wonim sɛ Onyankopɔn Ahenni no beyi wɔn a wɔpɛ honam fam nneɛma dodo ne pɛsɛmenkominya aguadi afi adesamma abusua no mu no, wɔkwati afiri a ɛbɛma wɔde sika pii ahyɛ nhyehyɛe a wɔabu no fɔ sɛ ebedi huammɔ dedaw no mu no. (Daniel 2:44) Bere a ‘wɔwɔ nnuan ne nea wɔde kata wɔn ho’ no, wɔma asetra kwan a ɛma wonya asetra mu ahiade a edi kan no ara dɔɔ wɔn so.—1 Timoteo 6:8.
Anigye Mprempren—Ɛbɛba Ampa
Sue a ofi Engiresi Aburokyiri se: “Nneɛma a mehyɛɛ no nsow bere a mihyiaa Yehowa Adansefo no mu biako ne sɛ ɛte sɛ nea wɔn a wɔde Bible mu nnyinasosɛm tra ase, wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ wɔn som mu koraa no wɔ nneɛma a wohia nyinaa.” Ne kunu John nso hyɛɛ adekoro no ara nsow. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Ɛyɛ Bible mu nokware no a minim no nti na mitumi hu nea ɛreto nnipa pii no. Nea wɔreyɛ ho adwuma no yɛ sika so a wɔde ho to nkutoo. Bible no boaa me ma misuae sɛ ɛnyɛ saa kwan no so na anigye nam ba. Mprempren mihu sɛ anigye yɛ ade a efi nneɛma a wɔyɛ ma afoforo mu ba ne sɛ ɛnyɛ ɛno ankasa ne asɛm no.”
John ne Sue yɛ Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem abiɛsa ne fã a wodi nokware a Yesu bɔhyɛ no yɛ sɛ sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan a, wɔde honam fam ahiade nyinaa ‘bɛka wo ho’ no ho adanse no mu abien pɛ.—Mateo 6:33
So worehwehwɛ nokware nsu a ekum sukɔm no? Sɛ́ wowɔ sika anaasɛ ahia wo no, anigye betumi ayɛ wo de denam Onyankopɔn nkɔmhyɛ mu ɔfrɛ yi a wubetie no so: “Huu, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no, mommra mmɛtɔ, . . . ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.” (Yesaia 55:1) Saa nsa a wɔto frɛ yi da so ara yɛ adwuma. Fa di dwuma bere a wubetumi yi.
[Kratafa 10 mfoni]
Anigye fi sika a yɛde hwɛ yɛn mmusua na yɛde boa afoforo no mu ba