Nea Enti a Onwiinwiifo Asetra Nyɛ Anigye
ADAPƐN kakraa bi ntam no ná ahurusidi adan awerɛhow. Ná mfiase anigye a Israelfo no nyae wɔ wɔn ahofadi foforo a wonya fii Misraim nkoasom mu no adan aduan ho anwiinwii nketenkete. Ɔman a wɔankyerɛ anisɔ no fii Misraim akyi asram abien no, wɔkae sɛ wɔpɛ akoa tebea mmom sen asetra a ɛyɛ den wɔ sare no so. Asram a edidii so bae mu no, anwiinwii honhom yi maa wɔn bo a wɔasi sɛ wobetie Yehowa no brɛɛ ase na ɛmaa saa awo ntoatoaso no anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so no sɛee.—Exodus 16: 1-3; Numeri 14:26-30.
Nokwarem no, ɛnyɛ awo ntoatoaso biako anaa ɔman biako pɛ na wɔanwiinwii. Hena na bere ne bere mu onnwiinwii wɔ adwuma, aduan, wim tebea, mmofra, afipamfo, anaa asetra a ayɛ den no ho? Ɛte sɛ nea nipa sintɔ na ɛma obi nwiinwii.—Romafo 5:12; Yakobo 3:2.
Dɛn nti na yenwiinwii ntɛmntɛm saa? Ebia na yehyia abasamtu, huammɔdi, anaa yɛyare. Anwiinwii betumi ayɛ ɔkwan a yɛfa so da yɛn abasamtu adi, anaa ebetumi ayɛ ɔkwan foforo a yɛfa so ka sɛ: “Sɛ ɛyɛ me a, anka mɛyɛ no yiye asen saa!” Edu mmere bi a, nipasu mu nsonsonoe tumi kanyan anwiinwii. Bio nso, etumi gyina ntease pa so.
Sɛnea Israelfo no nhwɛso a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ no, ɛmfa ho nea ɛde anwiinwii ba no, sɛ ɛkɔ so a etumi sɛe ade. Anwiinwii betumi ayɛ obi su, ma wanwiinwii atia akwan a Yehowa fa so yɛ nneɛma mpo. Dɛn nti na eyi yɛ aniberesɛm saa? Na ɔkwan pa bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi anwiinwii a ɛfata ho dwuma?
Anwiinwii a Ɛfata
Sɛ asɛm no nyɛ aniberesɛm a, asɛm a edi kan a yebetumi abisa ne sɛ, Metumi afi ɔdɔ mu abu m’ani agu so anaa? Nokwarem no, ebia na yɛwɔ ntease pa bi nti a yenwiinwii tia obi, ebi mpo a, yɛn yɔnko gyidini. Ebia na ɔne yɛn anni no ayamye mu anaa ɔkwan a ɛteɛ so. Nanso, afoforo a wobɛka sɛnea wɔne wo anni no ɔkwan a ɛteɛ so akyerɛ wɔn no besiesie nsɛm anaa? Dɛn na Bible no hyɛ nkuran sɛ yɛnnyɛ wɔ ho? Kolosefo 3:13 se: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” Enti sɛ anwiinwii no fata mpo a, Kyerɛwnsɛm no hyɛ nyansa sɛ nya fafiri su mmom sen anwiinwii honhom.—Mateo 18:21, 22.
Na sɛ ɛyɛ aniberesɛm dodo sɛ wobebu ani agu so nso ɛ? Ebia na ntease wom sɛ woda asɛm no adi. Bere a Sodom ne Gomora ho ‘anwiinwii’ a ntease wom duu Yehowa hɔ no, ɔyɛɛ biribi wo animguasede a ná ɛwɔ nkurow a aporɔw no mu no ho. (Genesis 18: 20, 21) Pentekoste 33 Y.B akyi pɛɛ no, anwiinwii a ɛfata foforo sɔree. Bere a wɔkyekyɛɛ aduan maa akunafo ahiafo no, wɔmaa mmea a wɔka Hebri kasa pii sen afoforo. Ntease wom sɛ eyi haw akunafo a wɔka Hela kasa no. Awiei no, asomafo no tee anwiinwii no, na wɔpaw mmarima a wɔfata maa wosiesie asɛm no ntɛm.—Asomafo no Nnwuma 6:1-6.
Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo a wɔapaw wɔn nnɛ de ntɛmpa yɛ aniberesɛm a wɔka kyerɛ wɔn ho biribi saa ara. Mmebusɛm 21:13 se: “Nea osiw n’aso fi ɔbrɛfo sũ ho no, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.” Sɛ́ anka mpanyimfo bebu wɔn ani agu anwiinwii a ntease wom so no, ɛsɛ sɛ wɔde tema tie. Ɔkwan foforo so no, yɛn mu biara betumi aboa, aka asɛm a anibere wom a ɛhaw yɛn akyerɛ mpanyimfo no, sen sɛ yɛbɛka akyerɛ obiara a obetie. Nanso yɛn mu dodow no ara befi nokwaredi mu agye atom sɛ, ɛtɔ mmere bi a, nipa sintɔ ma yenwiinwii ɔkwan a enhia so. Israelfo no su wɔ sare no so a yebesusuw ho yiye no bɛma yeahu asiane a ɛwɔ nneɛma a yɛka ho asɛm bere ne bere mu a yɛbɛma adan anwiinwii honhom mu no.
Sɛnea Onyankopɔn Bu Anwiinwiifo
Aduan a Israelfo no nsa ka a wonwiinwii wɔ ho no da asiane ahorow abien a anwiinwii taa de ba adi. Nea edi kan, anwiinwii tumi san afoforo. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ “Israelfo no asafo mũ no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sare so hɔ.” (Exodus 16:2) Ɛda adi sɛ kakraa bi no wofii ase nwiinwii faa aduan a enni hɔ no, na ankyɛ, obiara nwiinwii.
Nea etia abien, onwiinwiifo no taa gugu asɛm no mu. Eyi mu no, Israelfo no kyerɛe sɛ wɔwɔ Misraim a anka wɔn ho bɛtɔ wɔn asen saa, baabi a anka wɔbetumi anya abodoo ne nam biara a wɔpɛ adi. Wonwiinwii sɛ wɔde wɔn aba sare no so ma ɔkɔm rebekunkum wɔn.—Exodus 16:3.
So na saa Israelfo no tebea no mu yɛ den saa ankasa? Ebia na aduan a wɔn nsa ka no so retew, nanso na Yehowa ahu asɛnnennen no asie, na bere a ɛsɛ mu no ɔmaa wɔn mana de dii wɔn honam fam ahiade ahorow no ho dwuma. Wɔnam wɔn nsɛm a wɔka maa ɛtraa so so daa Onyankopɔn mu ahotoso a wonni koraa adi. Bere a wɔwɔ Misraim no, wonwiinwii wɔ ɔhyɛ tebea ahorow no ho ma ɛfatae. (Exodus 2:23) Nanso bere a Yehowa yii wɔn fii nkoasom mu no, wofii asi nwiinwii wɔ aduan ho. Ná ɛno yɛ anwiinwii a ɛnsɛ. Mose bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnyɛ yɛn na munwiinwii hyɛ, na mmom [Yehowa].”—Exodus 16:8.
Israefo no anwiinwii honhom yi daa adi mpɛn pii. Anni afe na wɔfii ase nwiinwii wɔ mana no ho. (Numeri 11:4-6) Ɛno akyi bere tiaa bi no, amannɛebɔ bɔne a efi akwansrafo 12 no mu 10 hɔ maa wonwiinwii wɔ asiane a wɔkyerɛe sɛ ɛwɔ Bɔhyɛ Asase a wobedi so no ho. Nkurɔfo no kasa kɔɔ akyiri araa ma wɔkae sɛ: “Ka yɛn nko a, anka yewuwui Misraim asase so, anaa sare so ha mpo.” (Numeri 14:2) Anisɔ a wɔankyerɛ koraa bɛn ara ni! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Da bɛn na ɔman yi retew me ahi akosi? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni?” (Numeri 14:11) Wobuu anwiinwiifo a wɔankyerɛ anisɔ no fɔ ma wɔnantenantew sare no so mfe 40, kosii sɛ saa awo ntoatoaso no twaam kɔe.
Ɔsomafo Paulo kae yɛn nhwɛso yi. Ɔbɔ mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ wɔnnyɛ sɛ Israelfo no a wonwiinwii, na wowuwui wɔ sare no so no da. (1 Korintofo 10:10, 11) Ɛda adi sɛ anwiinwii a ntease nnim ne anwiinwii honhom betumi abrɛ yɛn gyidi ase, na ama yɛahwere Yehowa anim dom.
Nanso Yehowa wɔ ne nkoa a abasamtu tebea ahorow nti wonwiinwii bere ne bere mu ho boasetɔ. Bere a Ɔhemmaa Isebel ɔtaa maa Elia guan kɔɔ Bepɔw Horeb so no, ná ogye di sɛ n’adwuma sɛ odiyifo no aba awiei. Odii mfomso susuw sɛ ne nko ne Yehowa somfo a waka wɔ asase no so. Onyankopɔn dii kan de Ne soro tumi ho sɛnkyerɛnne mae, de hyɛɛ Elia gyidi den. Wɔka kyerɛɛ odiyifo no sɛ Yehowa asomfo anokwafo 7,000 na wɔda so wɔ Israel ne sɛ adwuma pii wɔ hɔ a odiyifo no bɛyɛ. Eyi maa Elia gyaee n’anwiinwii no na ɔde ahoɔden foforo kɔɔ n’anim. (1 Ahene 19:4, 10- 12, 15-18) Bere a Kristofo mpanyimfo da nhumu adi no, wɔn nso betumi akyekye anokwafo werɛ, na wɔama wɔahu wɔn afã wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu.—1 Tesalonikafo 5:14.
Anwiinwii Honhom Sodi
Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi anwiinwii honhom so? Wiɛ, wɔn a wɔma wɔn adanse a ɛfa asiane a tawa de ba nipadua so no nya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobegyae nom. Saara na asiane a ɛwɔ anwiinwii honhom mu a yɛbɛte ase no betumi akanyan yɛn ma yɛagyae anwiinwii su biara.
Mfaso horow bɛn na wɔn a wodi anwiinwii honhom so nya? Mfaso a ehia biako a wɔn a wɔkwati anwiinwii nya ne sɛ wobetumi ate nsɛm ase sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ ne wɔ anidahɔ mu. Onwiinwiifo ntaa mfa Onyankopɔn adwene nsusuw asɛnnennen bi ho. Israelfo a wonwiinwii no werɛ fii sɛ Yehowa Nyankopɔn na oyii wɔn fii nkoasom mu na ɔpae Po Kɔkɔɔ no mu nsu mu maa wɔn anwonwa kwan so no. Wɔn nsusuwii a ɛnteɛ no furaa wɔn ani wɔ Onyankopɔn tumi ho, na ema wɔhweree wɔn anigye. Eyi nti, ahotoso a na wɔwɔ wɔ Yehowa mu no yerae.
Afei, obi a otumi hwehwɛ ne nsɛnnennen mu nyansam no tumi hu beae a n’ankasa mfomso na ɛde ɔhaw brɛɛ no no. Ɛbɛyɛ den yiye sɛ ɔbɛyɛ mfomso a ɛte saa bio. Yeremia bɔɔ ne mfɛfo Israelfo kɔkɔ sɛ mma wonnnwiinwii wɔ ɔhaw a ná wɔrehyia wɔ Yerusalem sɛe no akyi no ho. Ná wɔn amanehunu no fi wɔn ankasa bɔne mu na ɛbae tẽẽ, na na ɛno ne nea ehia sɛ wɔte ase na ama wɔanu wɔn ho asan aba Yehowa nkyɛn. (Kwadwom 3:39, 40) Saara na osuani Yuda kasa tiaa “amumɔyɛfo” a wɔpow Yehowa akwankyerɛ na wɔyɛ daa “nnebɔfo a hwee nsɔ wɔn ani.”—Yuda 3, 4, 16.
Sɛnea onyansafo Ɔhene Salomo hyɛɛ no nsow bere bi no, “anigye koma ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.” (Mmebusɛm 17:22) Anwiinwii honhom ma yedi yaw nkate mu na eyi yɛn anigye fi hɔ. Ɛda abasamtu adi, ɛnyɛ ahotoso. Nanso wɔn a wosua sɛ wobedwen na wɔaka ‘ayeyisɛm’ no wɔ komam anigye a ebetumi ama wɔanya ahotɔ kɛse mpo.—Filipifo 4:8.
Akyinnye biara nni ho, sɛ yehu nnepa a afoforo yɛ mmom sen wɔn mmerɛwyɛ a, yɛn asetra bɛyɛ anigye. Sɛ yegye tebea a emu yɛ den tom na yɛkɔ so da anigye adi a, ɛbɛhyɛ yɛn den, sen sɛ yebenwiinwii wɔ yɛn huammɔdi ahorow ho. Sɛ yebu sɔhwɛ ahorow sɛ hokwan a yɛde hyɛ yɛn gyidi ne yɛn mudi mu den a, etumi de anigye ba mpo.—Yakobo 1:2, 3.
Afei, ehia sɛ yɛkae sɛ, sɛ yenwiinwii a, ɛnyɛ yɛn nkutoo na epira yɛn. Sɛ yɛtaa nwiinwii a, ebetumi abrɛ afoforo gyidi ase. Amannɛebɔ bɔne a Israelfo akwansrafo du no de bae no maa ɔman mũ no nyinaa buu Bɔhyɛ Asase no so nkonimdi sɛ biribi a anidaso nnim. (Numeri 13:25-14:4) Bere foforo no, esiane sɛ nkurɔfo no kɔɔ so nwiinwii nti, Mose aba mu bui araa ma ɔkae sɛ Yehowa mma onwu. (Numeri 11:4, 13-15) Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛka nneɛma ho asɛm wɔ denhyɛ kwan so a, yebetumi ahyɛ afoforo gyidi den na yɛama wɔn anigye ayɛ kɛse.—Asomafo no Nnwuma 14: 21, 22.
Ɛwom sɛ ebia biribi bɛhyɛ yɛn ma yɛanwiinwii atia yɛn adwumayɛfo, yɛn nnamfo, yɛn abusuafo, anaa asafo mu mpanyimfo no mpo de, nanso Yehowa hyɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ yɛn ho.’ Ɔdɔ a ɛte sɛɛ ka yɛn ma yɛkata afoforo mfomso so mmom sen sɛ yebesi wɔn mfomso so dua. (1 Petro 4:8) Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa kae sɛ yɛyɛ mfutuma ma enti ɔnhwɛ yɛn mfomso. (Dwom 103:13, 14; 130:3) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden di ne nhwɛso akyi a, yennwiinwii pii.
Sɛ wɔsan de adesamma kɔ pɛyɛ mu a, biribiara nni hɔ a ɛbɛma obi anwiinwii wɔ asetra ho. Kosi sɛ saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛko tia afoforo anaa yɛn ankasa tebea ahorow a emu yɛ den ho a yenwiinwii ho sɔhwɛ no. Nea ɛbɛma yɛakyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso, na yɛdɔ mfɛfo agyidifo ampa no, momma ‘yɛnkɔ so nyɛ ade nyinaa a anwiinwii nnim.’ (Filipifo 2:14) Eyi besɔ Yehowa ani na ɛho bɛba yɛn mfaso kɛse. Enti yɛn ankasa yiyedi ne afoforo de nti, mommma yɛn werɛ mmfi sɛ onwiinwiifo asetra nyɛ anigye.
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Wonwiinwii wɔ mana a wɔde maa wɔn anwonwa kwan so no mpo ho