Pow Wiase Nsusuwii Hunu, Di Ahenni Nneɛma A Ɛwɔ Hɔ Ankasa Akyi
“Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kwan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—MATEO 6:33.
1. Kɔkɔbɔ bɛn na Onyankopɔn Asɛm de ma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho, na ɔkwan atitiriw a ɛnam so daadaa yɛn no mu biako ne nea ɛwɔ he?
‘KORA wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nkwa fi.’ (Mmebusɛm 4:23) Na dɛn nti na ɛho hia sɛ onyansafo Ɔhene Salomo de kɔkɔbɔ yi ma? Efisɛ ‘koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.’ (Yeremia 17:9) Akwan atitiriw a yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no betumi afa so adaadaa yɛn no mu biako ne sɛ ɛbɛma yɛanya wiase nsusuwii hunu. Nanso dɛn ne nsusuwii hunu? Ɛyɛ adwennwene a mfaso nni so, nneɛma ho adaeso, adwene a ɛnyɛ hwee a ekyinkyin kɛkɛ. Sɛ adwennwenne hunu yi dan yɛ wiase nsusuwii hunu a, ɛnyɛ sɛ ɛyɛ bere sɛe kɛkɛ nko, na mmom edi awu yiye nso. Enti, ɛsɛ sɛ yɛpow korakora. Nokwarem no, sɛ yekyi amumɔyɛ te sɛ nea Yesu yɛe no a, yɛbɛbɔ yɛn koma ho ban na yɛannya wiase nsusuwii hunu.—Hebrifo 1:8, 9.
2. Dɛn ne wiase nsusuwii hunu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpow?
2 Nanso dɛn ne wiase nsusuwii hunu? Ɛyɛ nsusuwii hunu a ɛfa wiase yi a ɛda Satan tumi mu no mu nneɛma ho. Ɔsomafo Yohane kyerɛw eyi ho asɛm sɛ: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yohane 2:16; 5:19) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo pow wiase nsusuwii hunu? Efisɛ nsusuwii hunu a ɛtete saa no kanyan pɛsɛmenkominya akɔnnɔ wɔ adwene ne koma no mu. Nokwarem no, ade a ɛnteɛ ho adwennwene betumi ayɛ ade a obi bɛyɛ ankasa a osuasua ne yɛ wɔ n’adwenem. Osuani Yakobo bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.”—Yakobo 1:14, 15.
Kɔkɔbɔ nhwɛso Ahorow
3. Hena asɛm na ɛyɛ sɛnea pɛsɛmenkominya kwan so nsusuwii hunu di awu no ho kɔkɔbɔ nhwɛso titiriw?
3 Momma yensusuw nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛpow wiase nsusuwii hunu no ho. Satan Ɔbonsam asɛm no ma yenya ɔhaw a ebetumi afi pɛsɛmenkominya kwan so nsusuwii mu aba no ho nhwɛso titiriw. Ɔmaa ahantan su fii ase baa ne komam araa ma n’ani beree Yehowa dibea a ɛda nsow sɛ Amansan Hene no, na ɔpɛe sɛ wɔsom no. (Luka 4:5-8) So na ɛyɛ nsusuwii a mfaso nni so? Na ɛte saa! Wɔbɛkyerɛ sɛ ɛte saa pefee bere a wɔkyekyere Satan mfirihyia apem, ne titiriw bere a wɔtow no kyene “ogya tare” a ɛne owuprenu mu no.—Adiyisɛm 20:1-3, 10.
4. Satan daadaa Hawa dɛn?
4 Yɛwɔ kɔkɔbɔ nhwɛso foforo nso wɔ ɔbea a odi kan, Hawa, asɛm no mu. Bere a Satan bɔɔ mmɔden sɛ obenya nea ɔhwehwɛ no, ɔdaadaa Hawa denam nsusuwii hunu a ɛne sɛ, sɛ odi aduaba a wɔabara no a, ɔrenwu na mmom ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne a ɔde hyɛɛ n’adwenem no so. So na ɛnyɛ nsusuwii a mfaso nni so, pɛsɛmenkominya nsusuwii? Nokwarem no, na ɛte saa, sɛnea yetumi hu wɔ fɔ a Yehowa buu Hawa ne ne kunu Adam bere a ɔredi wɔn asɛm no mu no. Esiane eyi nti, hokwan a na wɔn ankasa ne wɔn asefo a wɔnyɛ pɛ nyinaa wɔ sɛ wɔbɛtra Paradise no fii wɔn nsa.—Genesis 3:1-19; Romafo 5:12.
5. Dɛn na ɛde Onyankopɔn mma bi a wɔyɛ abɔfo asehwe bae, na dɛn na wɔanya afi mu?
5 Yɛwɔ kɔkɔbɔ nhwɛso nso a ɛfa Onyankopɔn mma bi a wɔyɛ abɔfo no nso ho. (Genesis 6:1-4) Sɛ anka wɔbɛma nhyira horow a wonya wɔ Yehowa anim wɔ soro asɔ wɔn ani no, wodwennwen asase so mmea, ne anigye a ɛbɛyɛ sɛ wɔne wɔn benya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa no ho. Esiane sɛ abɔfo asoɔdenfo no yɛɛ nea wodwennwen ho no nti, wɔaka wɔn ahyɛ honhom mu sum a ɛne Tartaro mu, na wɔretwɛn sɛe a wɔbɛsɛe wɔn pasaa wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no awiei.—2 Petro 2:4; Yuda 6; Adiyisɛm 20:10.
Pow Wiase Nsusuwii Hunu
6, 7. Dɛn nti na wiase nsusuwii hunu a ɛfa honam fam nneɛma ho di awu na ɛyɛ nnaadaa?
6 Afei, momma yensusuw nsusuwii hunu a abu so na asiane wom sen biara, a Satan ma enya nkɔso no mu biako ho. Wɔnam nsɛm ho amanneɛbɔ so sɔ yɛn hwɛ na ama yɛanya wiase nsusuwii hunu. Ahonyade ho akɔnnɔ bɔne na ɛtaa de eyi ba. Ahonyade ankasa a obi wɔ no nyɛ bɔne. Na Abraham, Hiob, ne Ɔhene Dawid a wosuro Onyankopɔn no yɛ adefo akɛse, nanso wɔn ani ammere honam fam ahonyade. Honam fam ade dodowpɛ ho nsusuwii hunu kanyan nkurɔfo ma wɔyɛ adwuma denneennen mfe pii na ama wɔanya ahonyade. Nsusuwii hunu a ɛte saa no nso kanyan wɔn ma wɔtow kyakya ahorow nyinaa bi, sɛ ebia apɔnkɔ ho nkyiato, ne lototwa sɛɛ. Momma yɛnkwati ahonyade ho nsusuwii hunu biara. Sɛ yekura adwene sɛ honam fam ahonyade bɛma yɛanya ahobammɔ de a, momma yensusuw mmebusɛm a ɛyɛ nokwasɛm yi ho: “Adedodow nnye mma hwee abufuw da, na trenee gye onipa fi owu mu.” (Mmebusɛm 11:4) Nokwarem no, honam fam ahonyade remmoa yɛn wɔ twa a yebetwa “ahohiahia kɛse” no mu.—Mateo 24:21; Adiyisɛm 7:9, 14.
7 Honam fam ahonyade betumi adaadaa yɛn ntɛmntɛm. Ɛno nti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasu a ɛkorɔn n’adwene mu.” (Mmebusɛm 18:11) Yiw, ɛkorɔn wɔ “n’adwene mu” nkutoo, efisɛ ahobammɔ ketewaa bi na honam fam ahonyade de ma bere a nneɛma bo kɔ soro, sikasɛm nhyehyɛe sɛe, amammui mu basabasayɛ ba, anaa obi nya ɔyare a enni sabea no. Yesu Kristo de kɔkɔbɔ mae sɛ nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛto honam fam ahonyade so. (Luka 12:13-21) Yɛwɔ ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ nsɛm no nso: ‘Na bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho’ no.—1 Timoteo 6:10.
8. Wiase nsusuwii hunu a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho abu so dɛn, na asiane ahorow bɛn na ɛde ba?
8 Nsusuwii hunu afoforo fa aguamammɔ ho. Yebetumi ahu faako a onipa su a ɛnyɛ pɛ no de adwene si ɔbarima ne ɔbea nna ho nsusuwii hunu so kodu no wɔ kasafĩ a wɔde bɔ nguamansɛm ho nkɔmmɔ wɔ telefon so a agye din no mu. Wɔ United States no, aguamansɛm a wotie wɔ telefon so no yɛ adwuma a ɛma wonya dɔla ɔpepepem pii. Sɛ yɛdwene aguamammɔ ho a, so yɛrenyɛ nyaatwomfo, a yɛayɛ yɛn ho sɛ Kristofo a wɔn ho tew? Na so asiane nnim sɛ saa nsusuwii hunu no betumi ama yɛabu ɔbra bɔne? Aba saa, na ama wɔatu ebinom afi Kristofo asafo no mu, esiane aguaman a wɔbɔe anaa aware a wɔsɛee nti. Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:27, 28 no nti, so wɔn a wɔanya nsusuwii hunu a ɛtete saa nsɛe aware wɔ wɔn komam?
9. Afotu pa bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛde kɔkɔbɔ ma yɛn wɔ wiase nsusuwii hunu ho?
9 Sɛ yɛbɛko atia su a yɛn koma a bɔne wom no wɔ sɛ ebenya nsusuwii hunu a ɛtete saa no a, ehia sɛ yɛma Paulo kɔkɔbɔ yi tra yɛn adwenem: “Na enni abɔde biara a ɛnna adi [Onyankopɔn] anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.” (Hebrifo 4:13) Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Mose, a “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka kyerɛ yɛn ho sɛ Yehowa ani nnye wiase nsusuwii hunu no ho, na ebetumi adi yɛn ankasa awu. Ɛsɛ sɛ yesusuw Onyankopɔn honhom aba no nyinaa a yebenya no ho, ne titiriw no, ahosodi, efisɛ yɛrentumi nkwati nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, sɛ yegu gu ɔhonam so a, yefi honam mu betwa porɔwee no.—Galatifo 5:22, 23; 6:7, 8.
Ahenni no Nneɛma a Ɛwɔ hɔ Ankasa
10, 11. (a) Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ ankasa? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa? (d) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene wɔ hɔ ampa?
10 Ɔkwan pa a ɛsen biara a yɛbɛfa so apow wiase nsusuwii hunu no ne sɛ yɛbɛkɔ so adi Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa akyi. Ahenni no nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa a Onyankopɔn de ba no nte sɛ wiase nsusuwii hunu no koraa. So Onyankopɔn wɔ hɔ ampa? Ɔwɔ hɔ ampa. Abɔde a yɛde yɛn aniwa hu di saa nokwasɛm no ho adanse. (Romafo 1:20) Wɔma yɛkae asɛm a wɔkae wɔ mfe ɔha ne akyi ni wɔ nhoma The Plan of the Ages a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii no mu no. Ese: “Nea obetumi de afiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade a wɔfrɛ no telescope, anaa n’aniwa ankasa nkutoo ahwɛ wim, na wahu sɛnea abɔde sõ, n’afã horow yɛ pɛ, ɛyɛ fɛ, sɛnea wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ, emu biakoyɛ ne sɛnea egu ahorow, na obegye akyinnye sɛ eyinom Bɔfo no nkorɔn nsen no koraa wɔ nyansa ne tumi mu, anaasɛ obetumi anya adwene bere tiaa bi sɛ nneɛma a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no bae ara kwa, na Wammɔ no, adan ogyennyentwi ma enti yebetumi aka nea Bible no ka no afa ne ho ma afata, ɔyɛ ɔkwasea (obi a wadan ogyennyentwi).”—Dwom 14:1.
11 Yesua Ahenni no ho biribiara wɔ Kyerɛw Kronkron Bible no mu. So Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw ampa? Ɛte saa pɛpɛɛpɛ, sɛnea yebetumi ahu wɔ emu nsɛm a abirabɔ nnim, nyansahu nsɛm a ɛka no pɛpɛɛpɛ, ne sɛnea etumi sakra nnipa asetra, ne titiriw denam emu nkɔmhyɛ ahorow no mmamu so no mu.a Na Onyankopɔn Ahenni no Hene, Yesu Kristo nso ɛ? So ɔwɔ hɔ ampa? Nsɛmpa kyerɛwtohɔ ahorow no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a wofi soro ma wɔkyerɛw no, di adanse pefee sɛ Yesu Kristo atra ase ampa. Ɛdefa tra a Yesu atra ase ho no, Jewish Talmud a ɛka ne ho asɛm sɛ onipa no mu adanse nso wɔ hɔ. Saa ara na afeha a edi kan Y.B. mu Yudafo ne Romafo abakɔsɛm akyerɛwfo nso kae sɛ ɔtraa ase.
12, 13. Nokwasɛm ahorow bɛn na edi adanse sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban ankasa?
12 Na yɛ a Ahenni no yɛ paara nso ɛ? Kristoman abu wɔn ani agu so koraa, sɛnea Presbiteriani otitiriw bi anwiinwii da no adi no: “Nokwarem no, bɛboro mfe aduasa ni a matie ɔsomfo bi sɛ ɔrebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ yɛ a Ahenni no yɛ paara no mu akyerɛ ne nkurɔfo.” Nanso, Yehowa din a wɔnam Ahenni no so bɛtew ho ne n’Asɛm no asɛmti. Onyankopɔn ankasa na ɔde Ahenni bɔhyɛ a edi kan no mae sɛ: “Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Na Israel man yɛ Ahenni no ho mfonini, titiriw wɔ Ɔhene Salomo ahenni ase. (Dwom 72) Afei nso, na Ahenni no ne Yesu asɛnka no asɛmti. (Mateo 4:17) Ɔkaa ho asɛm wɔ ne mmebu pii mu, te sɛ nea ɛwɔ Mateo ti 13 no. Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae mmisa Ahenni no na yɛnkɔ so nhwehwɛ kan. (Mateo 6:9, 10, 33) Nokwarem no, wɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm bɛyɛ mpɛn 150 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu.
13 Ahenni no yɛ aban ankasa, ɛwɔ tumi, na ɛbɛma akwanhwɛ a ɛteɛ nyinaa abam. Ɛwɔ mmara ahorow a ɛwɔ Bible no mu. Ahenni no de nneɛma pii aba ankasa dedaw. Ɛwɔ nkoa anokwafo—Yehowa Adansefo 4,000,000 ne akyi. Wɔreka Ahenni no ho asɛmpa wɔ nsase 211 so, na ama Mateo 24:14 abam. Wɔde nnɔnhwerew 951,870,021 na ɛkaa Ahenni nkrasɛm no wɔ 1991 ɔsom afe no mu. Nneɛma a wotumi hu a ɛbɛtra hɔ daa refi saa dwumadi yi mu aba bere a nnipadɔm pii sua Bible mu nokware no mu “kasa kronn” no.—Sefania 3:9; New World Translation.
Di Ahenni Nneɛma a Ɛwɔ Hɔ Ankasa Akyi
14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ yɛ a Ahenni no yɛ paara no ho anisɔ a yɛwɔ no mu den?
14 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi adi Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa akyi. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn anidaso gyina gyidi a emu yɛ den so pintinn. Ɛsɛ sɛ yebu Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no sɛ ɛyɛ paara. (2 Petro 3:13) Na ɛsɛ sɛ yenya bɔhyɛ a ese Onyankopɔn ‘bɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio’ no mu gyidi. (Adiyisɛm 21:4) Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ eyi nyɛ nsusuwii hunu bi ara kwa? Ɛbɛbam wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu, efisɛ onni atoro. (Tito 1:1, 2; Hebrifo 6:18) Ɛsɛ sɛ yedwen saa bɔhyɛ ahorow no ho. Yɛ a yɛbɛyɛ yɛn ho mfonini sɛ yɛwɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu, na yɛrenya emu nhyira horow no mu anigye no nyɛ nsusuwii a mfaso nni so, na mmom edi adanse sɛ yɛwɔ gyidi. Sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no. “gyidi ne nneɛma a ani da so ho akwanhwɛ a wɔasi so dua, nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa ho adanse a ɛda adi, ɛwom sɛ wonhu de.” (Hebrifo 11:1; NW) Momma yɛnhyɛ yɛn gyidi den denam Onyankopɔn Asɛm ne Kristofo nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yɛte ase na yɛde di dwuma no a yebesua no so. Na bere dodow a yeyi bere si hɔ de ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo, nea ɛnyɛ bɔnnɔ so ne bɔnnɔ so no, mpɛn dodow no ara na yɛhyɛ yɛn gyidi den yiye, na yɛma emu anidaso a yɛwɔ no da adi pefee.
15. Kristofo som adwuma no ho asɛyɛde bɛn na yɛwɔ?
15 Ehia nso sɛ yɛyɛ ade ma ɛne Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa no hyia denam yɛn som adwuma no a yɛbɛma atu mpɔn no so. Esiane sɛ yɛwɔ pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? (Mateo 9:37, 38) Asɛm a wɔka sɛ adesua mfa onyin ho hwee no yɛ nokware. Mfe a yɛde ayɛ adansedi adwuma no bi no dodow mfa ho, yebetumi anya nkɔso. Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm di dwuma ɔkwan a etu mpɔn kɛse so a, yetumi boa afoforo yiye ma wɔte Ɔhene, Yesu Kristo nne. (Fa toto Yohane 10:16 ho.) Bere a yehu sɛ nnipa daakye a enni awiei ho asɛm wom no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe, na yɛama wɔanya hokwan mpɛn pii de akyerɛ faako a wogyina, sɛ wɔka “nguan” no ho anaasɛ wɔka “mpapo” no ho. (Mateo 25:31-46) Nokwarem no, ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ wɔn a yɛanto wɔn wɔ fie ho kyerɛwtohɔ, titiriw wɔn a wɔn ani gye Ahenni nkrasɛm no ho no.
Kɔ So Di Ahenni No Akyi
16. Henanom na wɔayɛ nhwɛso pa wɔ Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa a wodi akyi no mu, na ɔkwan bɛn so na ‘wɔfa’ Ahenni no “anuɔden so”?
16 Ehia sɛ yɛbɔ mmɔden yiye na yɛakɔ so adi Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa akyi. So Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no nnamyɛ nhwɛso no nhyɛ yɛn nkuran? Wɔde mfe du du pii adi Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa akyi. Wɔkaa adehwehwɛ yi ho asɛm wɔ Yesu nsɛm yi mu: “Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade abran so, na wɔn a wɔyɛ no abran so no fa no anuɔden so.” (Mateo 11:12) Ɛha no, ɛnyɛ adwene a ɛwom no ne sɛ atamfo fa Ahenni no anuɔden so. Mmom no, ɛfa wɔn a wobenya Ahenni no dwumadi ho. Bible ho ɔdenimfo bi kae sɛ: “Eyi so na wɔnam ka ɔpɛ a emu yɛ den, mmɔdenbɔ ne pere a wɔpere sɛ wobenya Mesia ahenni a ɛreba no ho asɛm.” Nkaefo no abɔ mmɔden yiye ma Ahenni no ayɛ wɔn ankasa de. Ehia sɛ “nguan foforo” no yere wɔn ho saa ara, na ama wɔafata sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no asase so nkoa.—Yohane 10:16.
17. Dɛn na ɛbɛba wɔn a wodi wiase nsusuwii hunu akyi no so?
17 Nokwarem no, yɛte hokwan bere titiriw bi mu. Wɔn a wokura wiase nsusuwii hunu no ani bɛba wɔn ho so da koro sɛ wɔwɔ asiane mu. Wɔde nsɛm yi ka wɔn tebea no ho asɛm: “Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɔkɔm de no so dae, na hwɛ, ɔredidi, na onyan a, ɔkɔm da so de no, anaasɛ, nea osukɔm de no no sõ dae, na hwɛ ɔrenom nsu, na onyan a, na watɔ piti, na osukɔm da so de no.” (Yesaia 29:8) Nokwarem no, wiase nsusuwii hunu remma obi nnya akomatɔyam ne anigye da.
18. Esiane sɛ Ahenni no yɛ paara nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi akyi, na anidaso bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa?
18 Yehowa Ahenni no yɛ paara. Ɛredi tumi, nanso daa ɔsɛe a wɔrentumi nkwati na ɛbɛba saa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so. Enti, tie Paulo afotu yi: “Mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.” (1 Tesalonikafo 5:6) Ɛmmra sɛ yɛde yɛn koma ne yɛn adwene besi Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa no so, na yɛnam saayɛ so anya daa nhyira. Na ɛmmra sɛ wɔbɛka nea saa Ahenni no Hene ka yi akyerɛ yɛn sɛ: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!.”—Mateo 25:34.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn ne wiase nsusuwii hunu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpow?
◻ Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ nyansa nnim sɛ yebenya wiase nsusuwii hunu?
◻ Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no, n’Asɛm a wɔakyerɛw, Yesu Kristo, ne Ahenni no wɔ hɔ ampa?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ yɛn gyidi wɔ Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa mu no mu den?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Honam fam ahonyade ho akɔnnɔ na ɛtaa de wiase nsusuwii hunu ba
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Asɛmpaka yɛ ɔkwan biako a wɔnam so di Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa akyi
[Mfonini wɔ kratafa 17]
So woredi Ahenni nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa akyi denam Onyankopɔn Asɛm a wode nsi sua no so?