Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Boasipem Su No?
KRISTONI ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kuturuku a meko yi, menko no sɛ nea ɔboro mframa.” (1 Korintofo 9:26) Ɔde apere a odi sɛ ɔbɛhyɛ n’akɔnnɔ so no totoo akuturukubɔ ho. Ɛrenkyɛ na kuturukubɔfo a ɔboro mframa nkutoo no adi nkogu wɔ ɔko no mu. Enti, sɛ obi betumi ako adi nkonim atia boasipem a, ɛsɛ sɛ ohu sɛnea ɔbɛkyerɛ ne mmɔdenbɔ anaa “kuturuku” no kwan yiye.a
‘Siesie W’adwene ma Adwuma’
Wɔko ɔko a wɔde tia boasipem no wɔ yɛn adwene mu. Enti, Bible no kamfo kyerɛ sɛ: “Monsiesie mo adwene mma dwumadi; munya ahosodi.” (1 Petro 1:13, New International Version) Sɛ nhwɛso no, ebia yebehu biribi a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ. Adwene no betumi asi nsusuwii a ɛte sɛɛ no so na ama akɔnnɔ asɔre. (Mateo 5:28) Sɛ ɛba saa a, yɛn nipadua no tɔ kɔ nna adeyɛ so. Bere tenten a yɛn adwene si nsusuwii bɔne no so no, dodow no ara na nna mu adeyɛ no ho anigye yɛ kɛse. Awiei no, faako a nkanyan no bedu no betumi de boasipem aba. Nanso, ɛsɛ sɛ adwene no yere ne ho na ɛpow ɔbrasɛe nsusuwii no. Sɛ ɛyɛ saa a, ɛnde ɛnkyɛ na nkanyan no ano adwo na nkate bɔne biara a efi nipadua mu nhyɛso mu ba no fi hɔ.
Nanso, nsusuwii bɔne a obi bɛpow no yɛ den, titiriw sɛ ɔno nkutoo na ɔwɔ hɔ anadwo a. Enti abofra bi a wadi mfe 17 kyerɛkyerɛɛ nea ɔyɛ no mu: “Nea edi kan koraa no, mebɔ mmɔden ‘dan asɛm no’ sɛnea ɛbɛyɛ a meyi m’adwene afi nsusuwii ahorow a ɛde akɔnnɔ ba no so. Afei nso, hu a mihu sɛ awiei koraa no ɔhyɛ no befi hɔ no ma ɛyɛ mmerɛw.” Ebia “asɛm no a wobɛdan no” no begye nea ɛsen adwene mu mmɔdenbɔ ara kwa. Abeawa bi de ka ho sɛ: “Nea ɛsen biara a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛsɔre afi mpa so wɔ hɔ ara na woakɔyɛ adwuma bi, anaasɛ wobɛpɛ biribi adi sɛnea ɛbɛyɛ a w’adwene bɛdan akɔ nneɛma afoforo so.” Yiw, hyɛ wo ho ‘dwen nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, nea ɛyɛ ɔbra pa, ne nea ɛwɔ ayeyi ho.’—Filipifo 4:8.
Sɛ wuntumi nna a, bɔ mmɔden suasua Ɔhene nokwafo Dawid a ɔkyerɛw eyi no: “Sɛ mekae wo [Onyankopɔn] me kɛtɛ so a, midi wo so dadwen adasu mu.” (Dwom 63:6) Mpɛn pii no yɛn adwene a yɛbɛhyɛ no ma adwen Onyankopɔn ne ne su horow ho no beyi ɔhaw no afi hɔ. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛtan adeyɛ a ɛde bere tiaa mu ɔhonam mu anigye a ɛte saa ba no. Nanso kɔ so susuw sɛnea Onyankopɔn bu su yi a ɛho ntew no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ . . .
Wobɔ Wo ho Ban Nso
Onyansafo a honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Sɛnea mfitiase Hebri asɛm no kyerɛ no, ‘anitew’ wɔ saa asɛm yi mu no kyerɛ “adwene anaa ntease mu ɔhare anaa ahosiesie.” Onipa a ɔte saa no di kan susuw ade ho na ohu nea ɛbɛma tebea bi asɛe kɛse. Enti sɛ wuhu sɛ dwumadi ahorow bi, ntade bi, anaa nnuan bi kanyan w’akɔnnɔ wɔ nna fam a, ɛnde wɔ ɔkwan biara so no, kwati.b Kwati biribiara a wɔkenkan, TV so dwumadi, anaa sini ahorow a n’asɛmti kanyan akɔnnɔ no te sɛ nsanyare bi. Nhwɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho.” (Dwom 119:37) Nneɛma a ɛkanyan akɔnnɔ saa a wuhu no ka w’adwene mu na mpɛn pii no ɛbɛsan aba bere a wo nkutoo wɔ hɔ no.
Ɛho hia titiriw sɛ woyɛ ade ‘de wo ho hintaw’ fi daakye nsɛnnennen ho wɔ mmere a wohaw wɔ nkate mu no mu. Mmebusɛm 24:10 bɔ kɔkɔ sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” Bere a wunim sɛ mmere a ɛte saa mu no w’ahosodi so tew anaasɛ ‘esua’ no, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nneɛma nhyehyɛe sɛnea wubetumi na kwati sɛ wo nkutoo wobɛwɔ hɔ bere tenten. Yɛ dwumadi ahorow a ɛhyɛ den ho nhyehyɛe a ɛbɛma w’adwene asi nneɛma a egye nsusuwho so na amma annya kwan ankyinkyin ankɔ ɔbrasɛe nsusuwii mu. Afei nya ahwɛyiye titiriw wɔ nea wobɛma kwan ma ahyɛ w’adwene mu no ho. Ɛsɛ sɛ ɔbea bi a n’akɔnnɔ mu yɛ den kɛse wɔ ɔsram no mu mmere ahorow bi mu no nso de nyansa di dwuma de gyina nsɛnnennen a ɛba bɛka ho no ano.
Bere a nyansahyɛ a yɛasusuw ho yi a wode bedi dwuma no bɛboa no, ankorankoro pii a wɔatumi ako adi saa su bɔne yi so hui sɛ na ano aduru ankasa no wɔ honhom mu ntua a emu yɛ den mu.
Honhom mu Ntua
Ɔbarima bi a wadi mfe 27 a na wadi su no ho apere fi bere a odii mfe 11 no tumi dii nkonim akyiri yi. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan koraa no, ɔde ahwɛyiye kwatii ɔbrasɛe nhoma biara. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Afei de na ɛyɛ me honhom mu adwinnade nyinaa a mede bedi dwuma de akotua. Mekenkan Bible no anyɛ yiye koraa no atiri abien da biara a minyi bi mfi mu.” Wayɛ eyi a onnyae mfe abiɛsa.
Kristofo afoforo a ayɛ den ama wɔn sɛ wobedi saa su yi so no agye atom sɛ ɛda adi sɛ Onyankopɔn Asɛm no a wɔn ankasa besua a ɛso tewee no ka ho. Kristoni bi a ne boasipem ho asɛnnennen no kɔɔ so wɔ aware akyi no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bere bi mu no, minyaa akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ mede me ho bɛhyɛ boasipem mu. Na m’adwuma mu nhyɛso ne nea efi nneɛma afoforo pii mu ba wɔ hɔ a na ɛma mintumi nsua ade. Mihuu hia a ɛho hia sɛ misua ade pii no. Eyi boae, na nea meda ho ase no, midii akɔnnɔ no so a manhwe ase.”
‘Awurade adwuma no mu a wɔbɛkɔ so,’ te sɛ adwuma a ɛne afoforo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn Bible no no nso boa. (1 Korintofo 15:58) Ɔbea bi a odii boasipem so kae sɛ: “Ade biako a mprempren ɛboa me ankasa ma mekwati saa su yi ne sɛ sɛ́ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no, mede m’adwene ne m’ahoɔden nyinaa kɔ afoforo a mɛboa wɔn ma wɔanya wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a eye no so.”
Nea etwa to no, sɛ nea ɛbɛboa ma woadi wo ho so anadwo no, Kristoni bi tu fo sɛ: “Ansa na wobɛda no, kenkan biribi a ɛfa honhom mu nneɛma ho. Ɛho hia kɛse sɛ ɛda no mu nsusuwii a edi akyi no bɛyɛ honhom mu de. Mpaebɔ wɔ saa bere yi mu no nso boa kɛse.”
Mpaebɔ Afã Titiriw No
Yiw, saa su bɔne yi a wubetumi ako adi so no gye “tumi a ɛboro so.” Eyi fi Onyankopɔn hɔ. (2 Korintofo 4:7) Ɛdenam mpaebɔ a efi komam so no, wubetumi asrɛ Onyankopɔn ma wama wo tumi yi. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Munyi mo yam nkyerɛ [Onyankopɔn].” (Dwom 62:8) Onyankopɔn hyɛ wɔn a wɔde “ɔkasa mu ahofadi” ba ne nkyɛn no bɔ sɛ wobehu sɛ ɔma wɔn “mmoa wɔ bere a ɛsɛ mu.” (Hebrifo 4:16, NW) Kristoni abeawa bi a na saa su yi haw no no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mpaebɔ yɛ ahoɔden aban amonom. Mpae a wɔbɔ bere a akɔnnɔ no sɔre no boa ɔkwan biara so.” Afei nso, bere a woasɔre ne ɛda no mu nyinaa no, ka wo tirimbɔ no kyerɛ Onyankopɔn na srɛ sɛ ne honhom kronkron no nhyɛ wo den.—Luka 11:13.
Mpaebɔ a anibere wom bɛka wo abɛn Onyankopɔn, na afei Onyankopɔn bɛyɛ obi ankasa ne ɔboafo ama wo. Wone Onyankopɔn ntam ayɔnkofa ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wubekura “ɔkasa mu ahofadi” mu no a wudwen ho no hia. Nanso, sɛ ɛtɔ mmere bi a obi remmɔ mpae esiane fɛre anaasɛ hu a ohu sɛ nna ho akɔnnɔ no yɛ anigye araa ma ɔrempɛ sɛ ogyae nti. Ɛno ne bere a ɛsɛ sɛ wɔne nkate ahorow yi di asi no. Bible se: “Munkura mpaebɔ mu ara!” Ɛdenam Onyankopɔn a obi bɛkotow asrɛ no—asrɛ ne mmoa wɔ saa bere no mu—no so no, mpɛn pii no obehu sɛ nkate bɔne no betu akɔ.—Romafo 12:12.
Mmoa a Efi Afoforo Hɔ
Sɛ w’ankasa mmɔdenbɔ no antumi anyɛ yiye na wopɛ sɛ wudi nkonim ampa a, ɛnde wo ne obi a obetumi aboa, te sɛ ɔwofo anaasɛ obi a ɔfata wɔ honhom mu nkasa. Aberantewaa bi a na ɔredi ne boasipem ho apere mu nkogu no duu baabi a ɛhyɛɛ no awerɛhow. Ɔdaa no adi sɛ: “Mene me papa kaa ho asɛm kokoam anwummere bi. Egyee biribiara a mewɔ no ansa na meretumi aka akyerɛ no. Misui bere a mereka akyerɛ no no, na na m’ani awu kɛse. Nanso me werɛ remfi nea ɔkae no da. Bere a ɔserewee wɔ ɔkwan a ɛma awerɛhyem so no, ɔkae sɛ: ‘Woma mede wo mehoahoa me ho dɛn ara.’ Na onim nea na ɛsɛ sɛ mefa mu ansa na meredu saa beae no. Na anka nsɛm afoforo biara rentumi nkanyan me honhom ne me bo a mesi no kɛse saa.”
Abofra no toaa so sɛ: “Afei me papa kyerɛɛ me kyerɛw nsɛm kakra bi a ɛbɛboa me ma mahu sɛ ‘minnuu akyiri dodo’ ne afei kyerɛw nsɛm a ɛbɛma mate sɛnea ɔkwammɔne no yɛ anibere fa no ase yiye no. Ɔkae sɛ yentwa so nkosi bere bi ansa na yɛaka ho asɛm bio. Ɔkae sɛ sɛ migyae me ho mu a, memmma ɛnhyɛ me so, ɛno ara ne sɛ mɛyere me ho sɛ minnyae mu bere foforo bio.” Bere a aberantewaa no dii asɛnnennen no so koraa akyi no, ɔde kaa ho sɛ: “Nea minyaa mu mfaso kɛse ne sɛ na obi foforo nso hu m’asɛnnennen no na ɔboaa me.”
Kristofo asafo no mu ɔpanyin bi mmoa a wɔhwehwɛ nso ayɛ mmoa kɛse ama pii. Mmea a ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔne ɔbarima bi besusuw kokoam nsɛnnennen a ɛte sɛɛ ho no ahu sɛ ɛboa sɛ wɔne Kristoni ɔbea bi a ne ho akokwaw bedi ho nkɔmmɔ. (Tito 2:3, 4) Saa ankorankoro yi nimdeɛ a etumi boa no bɛhyɛ w’ankasa mmɔden a wobɔ no mu den ma woako atia boasipem adi mu nkonim. Bible mu bɛ no yɛ nokware dɛn ara: “Ɔbarima [anaa ɔbea] nyansafo wɔ ahoɔden. Atɛmpa na fa kyerɛ wo sa, na nkonim wɔ agyinatufo dodow mu”!—Mmebusɛm 24:5, 6.
Asehwe ho Dwumadi
Bere a abofra bi abɔ mmɔden dennen sɛ obedi su no so akyi no, ɔhwee ase. Ogye toom sɛ: “Na ɛte sɛ adesoa a emu yɛ duru a ɛka me hyɛ. Metee nka sɛ me ho nni mfaso koraa. Ɛno na afei misusuwii sɛ: ‘Madu akyiri dodo. Minni Yehowa anim dom ɔkwan biara so, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ midi me ho nya?’” Nanso, asehwe nkyerɛ sɛ obi adi ɔko no mu nkogu. Abeawa bi a wadi mfe 19 a odii su yi ho apere mfe anum no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea edi kan no ɛkame ayɛ sɛ na ɛba anadwo biara. Nanso afei mifii ase de me ho too Yehowa so kɛse, na ɛdenam ne honhom no mmoa so no midi nkogu ebia bɛyɛ mpɛn asia wɔ afe no mu. Mete nka bɔne wɔ ɛno akyi, nanso bere biara a medi nkogu no, sɛ sɔhwɛ a edi hɔ no ba a, ɛyɛ a na me ho yɛ den kɛse.” Enti nkakrankakra no ɔredi ɔko no mu nkonim.
Sɛ wohwe ase a, pɛɛpɛe nea ɛma ɛbae no mu. Bere a abofra bi hwee ase no, ogye toom sɛ: “Mebɔ mpae srɛ bɔne fafiri, na mɛpɛɛpɛe nea mekenkan anaa misusuw ho no mu. Ɛkame ayɛ sɛ bere biara no mitumi de nsa kyerɛ biribi a enti mewatirii no so. Wɔ saa kwan yi so no metumi agyae yɛ na masiesie.” Ɛdenam sɛnea asehwe no ba ntɛmntɛm a obi bɛhwehwɛ mu no so no, obetumi akyerɛ ne nkɔso kwan.
Ɔko pa mu Akatua Horow
Bere a aberantewaa bi dii boasipem so akyiri yi koraa no, ɔkae sɛ: “Na ɛte sɛ nea wɔayi adesoa duruduru bi afi me so.” Kristoni abofra foforo bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Fi bere a midii asɛnnennen no so no, mitumi nya ahonim a emu tew wɔ Yehowa anim, na ɛno yɛ ade a meremmfa nsesa hwee!”
Yiw, ahonim pa, nka a obi te sɛ ɔsom bo a anya nkɔanim, wo bere ne nkate mu ahoɔden a wode di dwuma wɔ ɔkwan pa so, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wode wo ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu a ɛso tew, ne wone Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɛbɛn so kɛse nyinaa yɛ akatua a efi boasipem a wobɛko atia no mu ba. Abeawa bi a na osusuw sɛ boasipem “aka ne mogya mu” no kae sɛ: “Mprempren mete anigye kɛse nka efisɛ mete nka sɛ ‘midi me ho so’ wɔ apere a me ne me ho adi bere tenten no nyinaa mu. Mprempren mihu hia a ɛho hia sɛ wotan nea Yehowa tan no. Na mmoa a ɛsen biara no ne sɛ mesusuw me ne no ntam abusuabɔ no ho. Mihuu sɛnea nyansa nnim sɛ mɛma boasipem asɛe abusuabɔ a ɛsom bo sen biara a manya pɛn no. Gye me di, su yi mu nkonimdi no fata ɛho mmɔden biara a wobɛbɔ no.” Wɔ saa kwan yi so nso no, ɛsɛ sɛ wodi ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 9:25-27 a ne fã bi ka eyi no akyi: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Nyan! a ɛbae February 8 ne May 8, 1988 mu no kyerɛɛ nea enti a ɛyɛ den sɛ obi begyae su yi ne nea enti a ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia no.
b Bere a Encyclopœdia Britannica (1946) reka nea ebetumi ayi nna ho akɔnnɔ afi hɔ ho asɛm no, ɛka sɛ: “Nnuan a nam ne ohuam dɔɔso wom, ne titiriw no, anonne a etumi bow a wobekwati ho hia.” Mmosa betumi ama obi akɔnnɔ sodi abrɛ ase na ama ahosodi ayɛ den kɛse.
[Kratafa 23 adaka]
Boasipem su no a wobɛko adi mu nkonim no hwehwɛ sɛ (1) wopow nna ho nsusuwii, (2) wonam adesua ho su pa so fi honhom mu kotua, (3) wobɔ Onyankopɔn mpae srɛ mmoa wɔ bere a ɛsɛ mu, na (4) wɔ nsɛm no bi mu no, wone Kristoni bi a ne ho akokwaw ka asɛnnennen no ho asɛm