Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/1 kr. 4-8
  • Mmofra a Wɔwɔ Daakye a Ahotɔ Wom ho Anidaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra a Wɔwɔ Daakye a Ahotɔ Wom ho Anidaso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyɛ “Keka”
  • Wotu Ne So Sa
  • Monhwehwɛ na Mubehu
  • Ntetee Pa So Wɔ Akatua
  • Kyerɛ Nhyɛase Pa a Wɔto Ma Daakye Ho Anisɔ
  • Mmabun—Momfa Botae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nsi Mo Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Yɛn Daakye Bɛyɛ Dɛn?
    Nyan!—1983
  • Bere Bɛn na Awerɛhosɛm no To Betwa?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/1 kr. 4-8

Mmofra a Wɔwɔ Daakye a Ahotɔ Wom ho Anidaso

“ƐYƐ hu ne abofono te sɛ [mmonnaato ho asɛm] biara”—saa na ɔtemmufo a na ɔredi asɛm nnansa yi kaa nsɛmmɔnedi no ho asɛm. Mmofra apoobɔfo baawɔtwe a wɔadu mpanyin afe so a wɔadi fi mfe 14 kosi 18 tɛw ɔbea nsrahwɛfo bi wɔ London kurow mu, tow hyɛɛ ne so ne no dae mpɛn pii, na afei wɔtow no too suka bi a ɛbɛn hɔ mu, ɛmfa ho sɛ ɔbea no kae sɛ onnim aguare. Edi sɛ bere a mmofra no mu biako maame huu nea ne babarima no ayɛ wɔ TV so amanneɛbɔ mu no, ɔkae sɛ, ɛbɔɔ no yare.

Awerɛhosɛm ne sɛ, asɛm yi kyerɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ. Atirimɔdensɛm abɛyɛ da biara da adeyɛ, sɛ́ ɛyɛ nsɛmmɔnedi, ofie ntɔkwaw, anaa Balkansfo, Afrika mfinimfini ne atɔe fam, ne baabi foforo biara mmusua ntam akodi mu no. Tebea horow a ɛte saa mu na mmofra nyinyin, anaasɛ wɔtaa te ho asɛm. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ pii tirim yɛ den a “wonni dɔ,” na wɔyɛ wɔn a “wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so.”—2 Timoteo 3:3.

Wɔyɛ “Keka”

Bere a Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien kɔmaa ne yɔnko panyin Timoteo no, na Roma ne wiase tumidi a ɛsen biara. Ná atirimɔdensɛm ne basabasayɛ abu so wɔ Romafo agumadibea ahorow mu. Nanso, Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ mmere a “emu yɛ den” bɛba daakye. (2 Timoteo 3:1) Nea ɛyɛ nwonwa no, Hela asɛmfua a ɛka saa mmere yi ho asɛm sɛ “emu yɛ den” no kura adwene a ɛne sɛ, wɔbɛyɛ “keka” nso. Asɛm bi a na asi dedaw wɔ Yesu asase so som adwuma mu bɛboro mfe 30 no ma yehu dekode a na ɛde ne bere so ahude no bi ba.

Na afei ara na Yesu de ahyɛmma abedu Galilea Po no apuei fam mpoano. Bere a osii fam pɛ na mmarima baanu behyiaa no. Wɔn ho a na ɛyɛ hu ne wɔn nteɛteɛm no ma ɛdaa adi sɛ na biribi haw wɔn ankasa. Na wɔyɛ “keka sɛ,” nokwarem no, na ahonhommɔne wɔ wɔn so.a Nea wɔteɛɛm kae no fi ahonhommɔne a wɔma wɔyɛɛ basabasa no. Mmarima no teɛteɛɛm sɛ: “Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn aninyanne ansa na bere no adu anaa?” Ná ahonhommɔne a wɔwɔ nnipa baanu no so no nim yiye sɛ Onyankopɔn ahyɛ bere bi ato hɔ dedaw a ɔde bebu adaemone no atɛn. Eyi bɛkyerɛ daa ɔsɛe a ɛbɛba wɔn so. Nanso enkosi saa bere no, na wɔde wɔn tumi a ɛboro nnipa de so no bedi dwuma ma ɛde basabasayɛ a ɛyɛ hu aba. Tu a Yesu nam anwonwakwan so tuu saa adaemone baanu no nkutoo so na ɛmaa mmarima baanu no nyaa ahotɔ.—Mateo 8:28-32; Yuda 6.

Sɛ ɛnnɛ mma, a mmofra ka ho, yɛ wɔn ade sɛnea wɔabɔ dam a, ɛsɛ sɛ yɛkae saa asɛm no. Dɛn ntia? Efisɛ yɛwɔ asiane a ɛte saa mu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu, sɛnea Bible nhoma a etwa to, Adiyisɛm, kyerɛkyerɛ mu no: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Yɛsrɛ sɛ, hyɛ no nsow sɛ animguase yi ahyɛ Satan “abufuw kɛse” efisɛ onim sɛ ne bere yɛ tiaa.

Wotu Ne So Sa

Sɛnea yɛtaa ka ho asɛm pii wɔ nsɛmma nhoma yi mu no, wɔde Kristo Yesu sii ahengua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene wɔ soro wɔ afe 1914 mu. Ntɛm ara na Yesu tow hyɛɛ Onyankopɔn tamfo kɛse, Satan so. Enti, wɔapam Ɔbonsam ne n’adaemone afi soro, na mprempren wɔde wɔn adwene asi asase yi so. (Adiyisɛm 12:7-9) Esiane sɛ wɔatow Satan nkɛntɛnso ano hye kɛse nti, ‘ɔnam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.’ (1 Petro 5:8) Henanom na ɛnyɛ den sɛ ɔbɛkyere wɔn? So ntease nnim sɛ ɛbɛyɛ wɔn a wonni asetra ne nnipa ntam abusuabɔ mu osuahu no titiriw? Enti Ɔbonsam de n’ani asi nnɛyi mmofra so. Wɔnam wɔn nnwom ne nea wɔyɛ wɔ wɔn ahomegye mu dodow no ara so ma onitewfo daadaafo yi a aniwa nhu no no nsa ka wɔn.—Efesofo 6:11, 12.

Sɛ mmerante ne mmabaa yɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho mmɔden wɔ asetra mu mpo a, wohu sɛ wontumi nnya nkɔso ahe biara. Efi bere a Wiase Ko II baa awiei no, nnipa a wɔwɔ aman a kan no na wɔredi ako mu no mu pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn mmusua adi yiye wɔ asetra mu de ahyɛ nea wɔhweree no ananmu. Agyapade, ahomegye a enni ano, ne anigyede abɛyɛ wɔn botae atitiriw. Ne saa nti, wɔn mu pii ahu amane. Paulo bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye . . . mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:9, 10) Mpɛn pii no, yehu sɛ ɛnnɛ mma a wɔpɛ honam fam ade dodow no de sika ne nkate fam yaw wowɔ wɔn ho. Mmofra pii ka wɔn a Onyankopɔn tamfo kɛse no nam saa kwan yi so nya wɔn no ho.

Nanso, anigyesɛm ne sɛ, asɛmpa bi wɔ hɔ. Na ɛfa mmofra ho, wɔn a wɔwɔ daakye a ahotɔ wom ho anidaso no. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa?

Monhwehwɛ na Mubehu

Mmofra pii wɔ adwempa. Wɔpo gyinapɛn ahorow a ɛresɛe wɔ mpanyimfo mu no. Wɔtwe wɔn ho fi amammuifo ne aguadifo a wɔpɛ tumidi no nsisi ne wɔn atirimɔdensɛm ho. Sɛ woyɛ abofra a, ebia wote nka saa.

Fa Cedric, aberante bi a aka kakra na wadi mfe aduonu, a akyinnye biara nni ho sɛ ne suahu no nyɛ soronko no sɛ nhwɛso.b Bere a na ɔyɛ abofra no, na osuro nneɛma pii, a na owu ho suro nso ka ho. Osusuw nkwa atirimpɔw ho. Bere a odii mfe 15 na onyaa ne nsɛmmisa ho mmuae no, ogyaee nkwa atirimpɔw ho adwennwen de ne ho kɔbɔɔ mmofra a wɔwɔ nsusuwii hunu ho. Ɔka sɛ: “Na yɛnom nnubɔne tra faako nnɔnhwerew pii bɔ nkɔmmɔ. Wutumi hu sɛ obiara kura adwene koro no ara te sɛ wo, nanso obiara nhu nea ɔnyɛ.”

Te sɛ mmofra pii no, Cedric hwehwɛɛ anigye. Nnubɔnenom nkutoo annɔɔ ne so. Ankyɛ na ɔde ne ho hyɛɛ korɔnbɔ ne nnubɔnetɔn mu. Ɔkɔɔ so ara hwehwɛɛ anigye foforo. Ofii ase wiaa nneɛma pɔtee bi a na nkurɔfo rehwehwɛ atɔ. Ogye tom sɛ: “M’ani gyee eyi yɛ ho. Nanso manwia papahwekwaa biara ade. Sɛ miwia kar a, na mensɛe ɛho hwee. Sɛ mekɔ adwuma bi mu kowia ade a, na mehwɛ hu sɛ insurance adwuma no betua ho ka anaa. Ɛboaa me maa mibuu me ho bem wɔ nea meyɛe no ho.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ, wɔde Cedric too afiase.

Cedric ka sɛ: “Mark, ɔyɔnko deduani bi, ne me kasae. Bere a ohui sɛ wɔakurukyerɛw mmeamudua kɛse bi ato me nsa ho no, obisaa me nea enti a eyi wɔ me ho. Ná osusuw sɛ ɛho hia me wɔ ɔsom mu.” Adapɛn kakra akyi no, Mark maa Cedric Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nhoma no bi.c “‘Wubetumi Atra Ase Daa’—saa asɛm tiawa no kaa me ntɛm ara. Ɛno ne nea na yɛaka ho asɛm bere nyinaa, nanso na yentumi ntee ase yiye da.” Bere a wɔne Yehowa Adansefo no mu biako a ɔkɔsraa wɔn wɔ afiase hɔ bɔɔ nkɔmmɔ mpɛn pii akyi no, Cedric behui sɛ na ne nsa betumi aka nea ɔhwehwɛ no—nanso gye Onyankopɔn kwan so nkutoo.

Cedric ka sɛ: “Bere a me ne me kan nnamfo gyaee fekubɔ no, minyaa nkɔso ntɛmntɛm.” Anyɛ mmerɛw amma no sɛ obenya nkɔso ate nneɛma ase na wanya ho anigye. Ɔka sɛ: “Migu so reyɛ ho adwuma. Ɛsɛ sɛ meyɛ ahwɛyiye wɔ sɛnea misusuw nneɛma ho no mu. Yiw, mprempren Cedric ahu sɛ nsusuwii hunu na ɛma ɔtɔɔ Ɔbonsam afiri mu, na onyaa adwene sɛ nneɛma a ɛma anigye mu a ɔde ne ho bɛhyɛ nkutoo na ɛbɛma wadu ne botae ahorow ho.

Anigyesɛm ne sɛ, Cedric afi afiase dedaw, na ɔne afoforo a wɔahu nea na wɔrehwehwɛ nya fekubɔ daa. Mprempren ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na ɔwɔ wɔn anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra ase wɔ Paradise wɔ asase so ha no bi. Ɔhwɛ bere a Satan nkɛntɛnso ahorow nyinaa bɛba awiei no nso kwan.

Nanso, ɛnyɛ mmofra a wɔte sɛ Cedric nkutoo na wɔwɔ daakye a ahotɔ wom ho anidaso; afoforo wɔ hɔ a awofo a wosuro Nyankopɔn a wɔde Bible mu nokware ho dɔ dua wɔn mma mu na atete wɔn.

Ntetee Pa So Wɔ Akatua

Ɔhene Salomo a ɔtraa ase tete no kyerɛwee sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Eyi aba saa wɔ mmofra pii a wofi ɔkra nyinaa mu apaw sɛ wobedi Bible gyinapɛn akyi no fam.

Sheila, Gordon, ne Sarah yɛɛ eyi. Wɔkae sɛ wɔn awofo maa osetie a wɔbɛyɛ wɔ Kristo ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnkɔyɛ asuafo’ denam Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka so no ho hiaa wɔn kɛse. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Sheila ka sɛ: “Wɔ gyinae ahorow biara a na ɛsɛ sɛ yesi mu no, na me ne Maame bisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛbɛka asɛnka adwuma no dɛn?’” Ɔde ka ho sɛ: “Esiane saa nsusuwii yi nti yegyaee nnwuma pii a yɛbɔɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ no, nanso hwɛ nhyira pii a yenyae!” Wɔ nna a wɔkyɛe wɔ asɛmpa no a wɔkɔka wɔ nkurɔfo afie mu mpo no, na Sheila ne ne maame de nnwonto kɔ wɔn fie bere a wɔapɔn no. Ɔka sɛ: “Ná m’ani gye yiye. Meda so te nka mprempren.”

Gordon kae anigye a wonyae Memeneda anwummere no pii. Gordon ka sɛ: “Asafo no mu mpanyimfo too nsa frɛɛ me kɔɔ wɔn afie, faako a yebisabisaa yɛn ho nsɛm na yɛbɔɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnka Bible mu nsɛm a yɛakyere agu yɛn tirim, nka Kyerɛwnsɛm mu nsɛmti bi ho asɛm a yɛnhwɛ biribiara so, na yɛnka asɛnka mu osuahu bi, na yensua sɛnea na Ahenni adwuma no retrɛw. Eyinom nyinaa boaa me ma metoo fapem pa nyaa Yehowa Nyankopɔn ho dɔ.”

Sarah de anigye kae anwummere anwummere a ɔde kɔsraa Adansefo no. “Ná yedidi bom. Afei, ansa na mefi hɔ no, na yɛbɔ adakabɛn de di wɔn a wɔreto Onyankopɔn Ahenni ho nnwom akyi. Nnwonto no boaa yɛn yiye, titiriw bere a na yɛkɔ sukuu no, efisɛ ɛma yɛyɛɛ ade boom sɛ abusua.”

Nokwarem no, ɛnyɛ mmofra a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nyinaa na wɔwɔ abusua a emu yɛ anigye. Nanso, abusuabɔ pa a wɔne Adansefo mmusua nya wɔ asafo no mu no ma wonya ahotɔ, na ɛma wɔte nka sɛ wɔwɔ adɔfo.

Kyerɛ Nhyɛase Pa a Wɔto Ma Daakye Ho Anisɔ

Nnɛyi mmofra wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Wobetumi akɔ so ne wiase yi a ɛde n’ani akyerɛ ɔsɛe mu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba a Yesu kaa ho asɛm siei no abɔ. Anaasɛ wobetumi de ‘wɔn ani ato Onyankopɔn so na wɔadi ne mmara nsɛm so,’ sɛnea odwontofo Asaf a honhom kaa no no too dwom no. Osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn bɛma wɔakwati sɛ wɔbɛyɛ “mma asoɔdenfo ne atuatewfo, mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware.”—Mateo 24:21; Dwom 78:6-8.

Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 80,000 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, wubehu mmofra a w’ani betumi agye wɔn ho. Wɔatie Paulo afotu a ɔde maa aberantewaa Timoteo sɛ ‘ɔnyɛ yiye, nnya ne ho nnwuma pa fam; sɛ ɔnkyɛ ade fɛw so na ne nsa nteɛ, na ɔmfa nhyɛase pa nto hɔ mma ne ho nsie daakye no.’ Ne saa nti, “wɔaso nokware nkwa no mu” mprempren. (1 Timoteo 6:18, 19) Kɔ saa nokware Kristofo yi nhyiam ahorow ase kohu wɔn ho nsɛm pii. Afei wo nso wubetumi anya daakye a ahotɔ wom ho anidaso.

[Ase hɔ nsɛm]

a “Keka” kyerɛ Hela asɛmfua koro no ara a wɔde dii dwuma wɔ Mateo 8:28 ne 2 Timoteo 3:1 no.

b Wɔasesa din ahorow no.

c Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe.

[Kratafa 7 mfonini]

Ahonhommɔne na na wɔrehaw mmarima a na wɔyɛ “keka” a Yesu saa wɔn yare no

[Kratafa 8 mfonini]

‘Nhyɛase pa a wɔretow ama daakye’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena