Kom Wo Koma Ma Nhumu
“Yehowa na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi ba.”—MMEBUSƐM 2:6, “NW.”
1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akom yɛn koma ama nhumu?
YEHOWA ne yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini. (Yesaia 30:20, 21) Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a wɔada no adi wɔ N’asɛm mu no ho mfaso? Ne fã bi no, ɛsɛ sɛ ‘yɛkom yɛn koma ma nhumu’—yefi komam nya ɔpɛ sɛ yebenya saa su yi na yɛada no adi. Wɔ eyi mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn, efisɛ onyansafo no kae sɛ: “Yehowa na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi ba.” (Mmebusɛm 2:1-6, NW) Dɛn ne nimdeɛ, nyansa, ne nhumu?
2. (a) Dɛn ne nimdeɛ? (b) Wobɛkyerɛ nyansa ase dɛn? (d) Dɛn ne nhumu?
2 Nimdeɛ yɛ nokwasɛm ahorow a wɔnam osuahu, adehwɛ, anaa adesua, so nya. Nyansa yɛ tumi a obi tumi de nimdeɛ di dwuma. (Mateo 11:19) Ɔhene Salomo de nyansa dii dwuma bere a mmea baanu kyerɛe sɛ abofra biako yɛ wɔn mu biara ba no, na ɔde ɛna ayamhyehye a ɔwɔ ma ne mma ho nimdeɛ a ɔwɔ no siesiee akasakasa no. (1 Ahene 3:16-28) Nhumu yɛ “nneɛma ho gyinaesi a edi mu.” Ɛyɛ “adwene mu tumi a wɔnam so hu nsonsonoe a ɛwɔ ade biako ne foforo ntam.” (Webster’s Universal Dictionary) Sɛ yɛkom yɛn koma ma nhumu a, Yehowa nam ne Ba no so de bɛma yɛn. (2 Timoteo 2:1, 7) Nanso ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aka asetra afã horow?
Nhumu ne Yɛn Kasa
3. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ Mmebusɛm 11:12, 13 ne ‘ti a obi nni’ no mu?
3 Nhumu boa yɛn ma yehu sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:7) Saa su yi nso ma yɛyɛ ahwɛyiye wɔ nea yɛka ho. Mmebusɛm 11:12, 13 ka sɛ: “Nea oyi ne yɔnko ahii nni ti, na ɔbadwemma mua n’ano. Osekufo nennam yi ahintasɛm adi, na nokware honhom kata asɛm so.” Yiw, ɔbarima anaa ɔbea a obu onipa foforo animtiaa “nni ti.” Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo Wilhelm Gesenius kyerɛ no, onipa a ɔte saa no “nni ntease.” Onni atɛmpa, na asɛmfua “ti” a wɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ onni su pa. Sɛ obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni kɔ so di nseku kodu sɛ obetwiri anaasɛ ɔbɛsopa afoforo a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no yɛ ho biribi de siw tebea a ɛmfata yi ano wɔ asafo no mu.—Leviticus 19:16; Dwom 101:5; 1 Korintofo 5:11.
4. Dɛn na Kristofo a wɔwɔ nhumu na wɔyɛ anokwafo yɛ wɔ ahintasɛm ho?
4 Nea ɛnte sɛ wɔn a ‘wonni ti’ no, nnipa a wɔyɛ ‘mmadwemma’ yɛ komm bere a ɛfata sɛ wɔyɛ saa no. Wonyi ahintasɛm adi. (Mmebusɛm 20:19) Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ nhumu nim sɛ nsɛnkeka betumi apira nti, wɔda “nokware honhom” adi. Wodi wɔn mfɛfo gyidifo nokware, na wonyi ahintasɛm a ebetumi apira wɔn adi. Sɛ Kristofo a wɔwɔ nhumu nsa ka asafo no ho ahintasɛm bi a, wɔkora so kosi sɛ Yehowa ahyehyɛde no behu sɛ ɛfata sɛ wɔda no adi wɔ nhoma mu.
Nhumu ne Yɛn Nneyɛe
5. ‘Nkwaseafo’ bu ahohwibra dɛn, na dɛn ntia?
5 Bible mu mmebusɛm boa yɛn ma yɛde nhumu di dwuma na yɛkwati nneyɛe a ɛmfata. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 10:23 ka sɛ: “Amumɔyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agoru, na nyansa yɛ nhumu nipa fɛ.” Wɔn a wobu ahohwibra sɛ “agoru” no nhu wɔn kwammɔne, na wommu Onyankopɔn sɛ ɔne nea ɛsɛ sɛ obiara bu akontaa kyerɛ no. (Romafo 14:12) ‘Nkwaseafo’ a wɔte saa no sɛe wɔn nsusuwii araa ma wosusuw sɛ Onyankopɔn nhu wɔn nneyɛe bɔne no. Wɔnam wɔn nneyɛe so ka sɛ: “Onyankopɔn bi nni hɔ.” (Dwom 14:1-3; Yesaia 29:15, 16) Esiane sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm na ɛkyerɛ wɔn kwan nti, wonni nhumu, na wontumi mmu atɛmpa.—Mmebusɛm 28:5.
6. Dɛn nti na ahohwibra yɛ nkwaseade, na sɛ yɛwɔ nhumu a yebebu no dɛn?
6 “Nhumu nipa” hu sɛ ahohwibra nyɛ “agoru,” ɛnyɛ agodie. Onim sɛ ɛnsɔ Onyankopɔn ani, na ebetumi asɛe ɔne no ntam abusuabɔ. Nneyɛe a ɛte saa yɛ nkwaseasɛm, efisɛ ɛma nkurɔfo hwere obu a wɔwɔ, ɛsɛe aware, epira adwene ne nipadua, na ɛma wɔhwere honhom fam yiyedi. Enti momma yɛnkom yɛn koma mma nhumu na yɛnkwati ahohwibra anaa ɔbrasɛe biara.—Mmebusɛm 5:1-23.
Nhumu ne Yɛn Honhom
7. Dɛn ne ɔhaw ahorow bi a abufuw de ba nipadua so?
7 Yɛn koma a yɛbɛkom ama nhumu no boa yɛn ma yedi yɛn honhom so nso. Mmebusɛm 14:29 ka sɛ: “Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so.” Ade biako nti a nhumu nipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkwati abufuhyew ne sɛ epira yɛn nipadua. Etumi ma yɛn mogya bɔ ntɛmntɛm, na ɛma komayare. Nnuruyɛfo akyerɛ sɛ abufuw ne nkate a ɛma nyarewa te sɛ ntehyewa, honam ani nyarewa, yafunum nyarewa, ne akisikuru mu yɛ den anaasɛ ɛde ba.
8. Dɛn na abohuru betumi de aba, nanso ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aboa yɛn wɔ eyi mu?
8 Ɛnyɛ yɛn akwahosan a ɛbɛsɛe kɛkɛ nti na ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma na yɛma yɛn ‘abufuw yɛ nyaa.’ Abohuru betumi ama yɛadi nkwaseasɛm a yebenu yɛn ho akyiri yi. Nhumu ma yesusuw nea ebetumi afi anobow anaa ade a yɛbɛyɛ no ahopere so mu aba ho, na yɛanyɛ nkwaseade ‘amma agyimisɛm so.’ Titiriw no, nhumu boa yɛn ma yehu sɛ abufuw betumi ahaw yɛn nsusuwii, na ama yɛamfa atɛmpa anni dwuma. Eyi betumi asɛe Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ, na yɛantumi amfa Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm ahorow antra ase. Yiw, abufuhyew a yɛbɛfa no sɛe honhom fam nneɛma. Nokwarem no, wɔde “abufuw” ka “ɔhonam nnwuma” a wokyi a ɛremma yennya Onyankopɔn Ahenni no ho. (Galatifo 5:19-21) Ɛnde, sɛ́ Kristofo a yɛwɔ nhumu no, momma ‘yɛnyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na yɛnyɛ nyaa mfa abufuw.’—Yakobo 1:19.
9. Ɔkwan bɛn so na nhumu ne onuadɔ betumi aboa yɛn ma yɛasiesie nsɛm?
9 Sɛ yɛn bo fuw a, ebia nhumu bɛkyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm na ama yɛakwati ntɔkwaw. Mmebusɛm 17:27 ka sɛ: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” Nhumu ne onuadɔ bɛboa yɛn ma yɛahu hia a ɛho hia sɛ yedi yɛn ho so wɔ nsɛm a epira a yɛpɛ sɛ yɛka ho. Sɛ yɛada abufuhyew adi dedaw a, ɔdɔ ne ahobrɛase bɛka yɛn ma yɛapa kyɛw na yɛasiesie nsɛm. Nanso yɛmfa no sɛ yɛn na obi ahyɛ yɛn abufuw. Ɛnde momma yɛne no nkutoo nkasa wɔ odwo ne ahobrɛase kwan so, a botae titiriw no ne sɛ ɛde asomdwoe bɛba.—Mateo 5:23, 24; 18:15-17.
Nhumu ne Yɛn Abusua
10. Dwuma bɛn na nyansa ne nhumu di wɔ abusua asetra mu?
10 Ehia sɛ abusuafo da nyansa ne nhumu adi, efisɛ saa su ahorow yi bɛhyɛ abusua no den. Mmebusɛm 24:3, 4 ka sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina, na wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa hyɛ mpia mama.” Nyansa ne nhumu te sɛ ntayaa pa a wɔde hyehyɛ abusua ma edi yiye. Nhumu boa Kristofo a wɔyɛ awofo ma wotumi ma wɔn mma da wɔn nkate ne wɔn haw ahorow adi. Nhumu nipa tumi ne ne hokafo bɔ nkɔmmɔ, tie no, na ohu ne nkate ne ne nsusuwii.—Mmebusɛm 20:5.
11. Ɔkwan bɛn so na ɔbaa warefo betumi ‘asi ne dan’?
11 Akyinnye biara nni ho sɛ nyansa ne nhumu hia na ama abusua asetra ayɛ anigye. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 14:1 ka sɛ: “Ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw.” Ɔbaa warefo a onim nyansa na ɔwɔ nhumu a ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu wɔ ɔkwan a ɛfata so no bɛbɔ mmɔden ahwehwɛ abusua no yiyedi, na ɔnam saayɛ so bɛboa ahyɛ n’abusua no den. Ade biako a ‘ɛbɛhyɛ ne fie den’ ne sɛ ɔbɛka ne kunu ho asɛmpa bere nyinaa, na ɔnam saayɛ so ama afoforo akɔ so anya obu ama ne kunu. Na ɔyere pa a ɔwɔ nhumu na ɔwɔ Yehowa ho suro pa no nya ayeyi.—Mmebusɛm 12:4; 31:28, 30.
Nhumu ne Yɛn Asetra Kwan
12. Wɔn a ‘wonni ti’ bu nkwaseasɛm dɛn, na dɛn ntia?
12 Nhumu boa yɛn ma yɛkɔ so fa ɔkwampa so wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu. Eyi da adi wɔ Mmebusɛm 15:21, na ɛka sɛ: “Agyimisɛm yɛ nea onni ti anigye, na ɔbadwemma teɛ ne nantew.” Yɛbɛte bɛ yi ase dɛn? Agyimisɛm, anaa nkwaseasɛm, yɛ mmarima, mmea, ne mmofra a wonnim nyansa anigye. ‘Wonni ti,’ wonni adwempa, na wonnim nyansa araa ma wɔn ani gye nkwaseasɛm ho.
13. Dɛn na Salomo hui wɔ ɔserew ne nsɛnhunu ho?
13 Israel Hene Salomo a ɔyɛ nhumu nipa no hui sɛ mfaso nni nsɛnhunu so. Ogye toom sɛ: “Mekae me komam sɛ: Bra na memfa anigye mensɔ wo menhwɛ, na hu adepa! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhude. Misee ɔserew sɛ: Woabɔ dam! Na mise anigye sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?” (Ɔsɛnkafo 2:1, 2) Sɛ́ nhumu nipa no, Salomo hui sɛ anika ne ɔserew nkutoo mma abotɔyam, efisɛ ɛmma wonnya nokware anigye a ɛtra hɔ daa. Ɔserew betumi aboa ma yɛn werɛ afi yɛn haw ahorow wɔ bere tiaa bi mu, nanso ɛno akyi no, ebetumi asɔre ma emu ayɛ den kɛse mpo. Salomo tumi kaa ɔserew ho asɛm sɛ ‘adammɔ’ ma ɛfatae. Dɛn ntia? Efisɛ ɔserew hunu mma wommu atɛmpa. Ebetumi ama yɛabu yɛn ani agu aniberesɛm so. Yentumi nka sɛ anigye a aseresɛm a ahenkwaa bi yi wɔ ahemfie ma obi nya no de biribi a mfaso wɔ so ba. Hu a yebehu hia a Salomo suahu a ɛfa ɔserew ne anika ho hia mu no boa yɛn ma yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ wɔn a “wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”—2 Timoteo 3:1, 4.
14. Ɔkwan bɛn so na nhumu nipa kɔ “n’anim tee”?
14 Dɛn nti na nhumu nipa “kɔ n’anim tee”? Honhom fam nhumu ne Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow a nkurɔfo de di dwuma no ma wɔfa ɔkwan tee so. Byington nkyerɛase no ka no pen sɛ: “Agyimisɛm yɛ nea onni ti anigye, na onyansafo bɛkɔ n’anim tee.” “Nhumu nipa” teɛ ne nantew, na otumi yiyi papa ne bɔne mu esiane Onyankopɔn Asɛm a ɔde di dwuma wɔ n’asetram nti.—Hebrifo 5:14; 12:12, 13.
Hwehwɛ Nhumu Fi Yehowa Hɔ Bere Nyinaa
15. Dɛn na yesua fi Mmebusɛm 2:6-9 mu?
15 Sɛ yɛbɛfa kwan trenee so wɔ asetram a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ yɛnyɛ pɛ, na yɛhwehwɛ honhom fam nhumu fi Yehowa hɔ. Mmebusɛm 2:6-9 ka sɛ: “Awurade [Yehowa, NW] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease [nhumu, NW] fi ba. Ɔkora nyansahu ma tẽefo, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ, sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so. Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.”—Fa toto Yakobo 4:6 ho.
16. Dɛn nti na nyansa, nhumu, anaa afotu, biara nni Yehowa a wɔne no bedi asi mu?
16 Bere a yegye tom sɛ yɛdan Yehowa no, momma yemfi ahobrɛase mu nhwehwɛ n’apɛde denam N’asɛm no a yɛbɛhwehwɛ mu akɔ akyiri no so. Ɔne nyansa wura, na n’afotu yɛ nea mfaso wɔ so bere nyinaa. (Yesaia 40:13; Romafo 11:34) Nokwarem no, mfaso nni afotu biara a ɛne ne de di asi so. Mmebusɛm 21:30 ka sɛ: “Nyansa ne nhumu ne afotu bi nni hɔ a ɛne Awurade [Yehowa, NW] bedi asi.” (Fa toto Mmebusɛm 19:21 ho.) Honhom fam nhumu a yenya denam nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn na yɛde sua Onyankopɔn Asɛm so nkutoo na ɛbɛboa yɛn ma yɛafa ɔkwampa so wɔ asetra mu. (Mateo 24:45-47) Enti momma yɛmma yɛn asetra kwan ne Yehowa afotu nhyia, a yenim sɛ ɛmfa ho sɛ afotu a ɛne ne de bɔ abira no bɛyɛ te sɛ nea eye no, ɛrentumi ne N’asɛm nni asi.
17. Sɛ wɔde afotu a ɛmfata ma a, dɛn na ebetumi afi mu aba?
17 Kristofo a wɔwɔ nhumu a wɔde afotu ma no hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde gyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn, na wohu sɛ ehia sɛ wosua Bible no na wosusuw nsɛm ho ansa na wɔama asɛmmisa bi ho mmuae. (Mmebusɛm 15:28) Sɛ wɔma nsɛm bi a anibere wom ho mmuae a ɛmfata a, ebetumi asɛe nneɛma pii. Enti, Kristofo mpanyimfo hia honhom fam nhumu, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa mfɛfo gyidifo wɔ honhom fam no.
Honhom Fam Nhumu Pii a Wubenya
18. Sɛ ɔhaw bi sɔre asafo no mu a, ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so akari pɛ wɔ honhom fam?
18 Sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ehia sɛ yenya “ade nyinaa mu nhumu.” (2 Timoteo 2:7) Anigye a yɛde besua Bible no na yɛadi Onyankopɔn honhom ne n’ahyehyɛde no akwankyerɛ so no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yehyia tebea horow a ebetumi ama yɛafa ɔkwammɔne so no. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wonni asafo no mu biribi ho dwuma yiye sɛnea yesusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ no. Honhom fam nhumu bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ eyi ma yɛne Yehowa nkurɔfo gyae abusuabɔ, na yegyae Onyankopɔn som. Susuw hokwan a yɛwɔ sɛ yɛsom Yehowa, honhom fam ahofadi a yɛwɔ, ne anigye a yebetumi anya afi yɛn som adwuma mu sɛ Ahenni adawurubɔfo, no ho. Honhom fam nhumu ma yetumi nya ntease pa, na ɛma yehu sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛne n’abusuabɔ no, ɛmfa ho nea afoforo yɛ. Sɛ yenni teokrase kwan biara a yebetumi afa so adi asɛm bi ho dwuma a, ehia sɛ yesi abotare twɛn Yehowa ma odi tebea no ho dwuma. Sɛ́ anka yebegyae anaasɛ yɛbɛpa abaw no, momma ‘yɛmfa yɛn ani nto Nyankopɔn so.’—Dwom 42:5, 11.
19. (a) Mpae a Paulo bɔ maa Filipifo no atirimpɔw ne dɛn? (b) Sɛ yɛnte biribi ase yiye a, ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aboa yɛn?
19 Honhom fam nhumu boa yɛn ma yɛkɔ so di nokware ma Onyankopɔn ne ne nkurɔfo. Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi sɛ: “Mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ [nokware nimdeɛ, NW] ne ntease [nhumu a edi mu, NW] nyinaa mu, na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurennyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no.” (Filipifo 1:9, 10) Sɛ yebetumi asusuw nsɛm ho yiye a, yehia ‘nokware nimdeɛ ne nhumu a edi mu.’ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘nhumu’ no kyerɛ “nkate mu a wofi te biribi ase.” Sɛ yesua biribi a, yɛpɛ sɛ yehu sɛnea ɛfa Onyankopɔn ne Kristo ho, na yesusuw sɛnea ɛhyɛ Yehowa nipasu ne ne nsiesiei ahorow anuonyam ho. Eyi ma nhumu ne anisɔ a yɛwɔ ma nea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn no yɛ kɛse. Sɛ yɛnte biribi ase yiye a, nhumu bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpo gyidi a yɛwɔ wɔ nneɛma a ɛho hia a yɛasua afa Onyankopɔn, Kristo, ne Onyankopɔn atirimpɔw ho nyinaa mu no.
20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya honhom fam nhumu pii?
20 Sɛ yɛma yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe ne Onyankopɔn Asɛm hyia a, yebenya honhom fam nhumu pii. (2 Korintofo 13:5) Eyi a yɛyɛ no ɔkwampa so no boa ma yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛnyɛ katee wɔ afoforo so. Nhumu bɛboa yɛn ma yɛanya nteɛso mu mfaso na yɛadi nneɛma a ɛho hia akyi. (Mmebusɛm 3:7) Ɛnde, bere a yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani no, momma yɛmma N’asɛm mu nokware nimdeɛ nhyɛ yɛn ma. Eyi bɛma yɛatumi ahu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, yɛatumi ahu nea ɛho hia ankasa, na yɛafi nokwaredi mu akura yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a ɛsom bo no mu. Sɛ yɛkom yɛn koma ma nhumu a, yebetumi ayɛ eyinom nyinaa. Nanso, biribi foforo ho hia. Ɛsɛ sɛ yɛma nhumu bɔ yɛn ho ban.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkom yɛn koma ma nhumu?
◻ Ɔkwan bɛn so na nhumu betumi anya yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so tumi?
◻ Tumi bɛn na nhumu betumi anya wɔ yɛn honhom so?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa hɔ nhumu bere nyinaa?
[Kratafa 13 mfonini]
Nhumu boa yɛn ma yedi yɛn honhom so
[Kratafa 15 mfonini]
Ɔhene Salomo a ɔwɔ nhumu no hui sɛ nsɛnhunu mma abotɔyam ankasa