Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbv asɛm 14
  • Mmebusɛm 3:5, 6—“Mfa Wo Ho Ntweri Wo Nhumu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmebusɛm 3:5, 6—“Mfa Wo Ho Ntweri Wo Nhumu”
  • Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Mmebusɛm 3:5, 6 Kyerɛ
  • Mmebusɛm 3:5, 6 Ho Nsɛm
  • Nya Yehowa Mu Ahotoso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Akwankyerɛ Pa Ma Nnɛyi Mmofra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Mmebusɛm 16:3—“Fa Nea Woyɛ Nyinaa Hyɛ AWURADE Nsam”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • “Fa Wo Koma Nyinaa To Yehowa So”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
ijwbv asɛm 14

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Mmebusɛm 3:5, 6—“Mfa Wo Ho Ntweri Wo Nhumu”

“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho nto w’ankasa wo ntease so. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔbɛma w’akwan ateɛ.”—Mmebusɛm 3:5, 6, Wiase Foforo Nkyerɛase.

“Fa wo koma nyinaa bata AWURADE ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Mmebusɛm 3:5, 6 Kyerɛ

Sɛ yɛresi gyinae kɛse bi a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn nyansa so, mmom ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowaa Nyankopɔn akwankyerɛ.

“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so.” Nea yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho reto Onyankopɔn so ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɔpɛ. Biribiara mu no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu nyinaa de yɛn ho to Onyankopɔn so koraa. Sɛ Bible ka koma a, ɛtaa kyerɛ sɛnea obi te ankasa wɔ ne mu te sɛ sɛnea ɔte nka, nea epusuw no ma ɔyɛ biribi, nea odwen ho, ne ne suban. Enti sɛ Bible ka sɛ yɛmfa yɛn koma nyinaa nto Onyankopɔn so a, ɛnyɛ sɛnea yɛte nka nko ara ho asɛm na ɛreka. Mmom yɛhyɛ da si gyinae sɛ yɛde yɛn ho bɛto ne so, efisɛ yegye di paa sɛ yɛn Bɔfo no nim nea ɛyɛ ma yɛn.—Romafo 12:1.

“Mfa wo ho nto w’ankasa wo ntease so.” Sɛnea yesusuw nneɛma ho no, enni mu, enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so. Sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ho so, na yɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ, anaa yɛde atenka sisi gyinae a, ɛbɛma yɛayɛ biribi a mfiase no ɛbɛyɛ sɛ nea mfomso biara nni ho, nanso ebewie ase no, ɛbɛkɔ akɔfa ɔhaw aba. (Mmebusɛm 14:12; Yeremia 17:9) Onyankopɔn nyansa boro yɛn de so koraa. (Yesaia 55:8, 9) Sɛ yɛde Onyankopɔn adwene sisi gyinae a, ebesi yɛn yiye.—Dwom 1:1-3; Mmebusɛm 2:6-9; 16:20.

“Hu no w’akwan nyinaa mu.” Anammɔn biara a yebetu wɔ yɛn asetenam anaa gyinae kɛse biara a yebesi no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn adwene wɔ ho. Ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛbɔ mpae asrɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na yɛde nea n’Asɛm Bible no ka abɔ yɛn bra.—Dwom 25:4; 2 Timoteo 3:16, 17.

“Ɔbɛma w’akwan ateɛ.” Ɔkwan a Onyankopɔn fa so ma yɛn akwan teɛ ne sɛ, ɔboa yɛn ma yɛde n’akwankyerɛ pa no bɔ yɛn bra. (Mmebusɛm 11:5) Ɛno ma yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ yɛn ho, na ɛma yɛn ani gye.—Dwom 19:7, 8; Yesaia 48:17, 18.

Mmebusɛm 3:5, 6 Ho Nsɛm

Mmebusɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu no, nsɛm bi wom a ɛma yehu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra ama yɛn ani agye na yɛasɔ Onyankopɔn ani. Wɔakyerɛw ti baako kosi nkron no mu nsɛm te sɛ nea agya bi de afotu rema ne ba a ɔdɔ no. Ti 3 no kyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ obi bɛma yɛn Bɔfo no nyansa asom bo ama no na ɔde abɔ ne bra.—Mmebusɛm 3:13-26.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

Kenkan Mmebusɛm ti 3, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena