Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 10/8 kr. 16-18
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sikapɛ Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sikapɛ Mu?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ade Dodowpɛ Nkɛntɛnso Kɛse” No
  • “Wɔpɛ Wɔn Ho Anya”
  • ‘Ɔsɛe Mu a Ɛtwe Wɔn Kɔ’
  • Sɛnea Wobɛkari Pɛ
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Sika
    Nyan!—2014
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 10/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sikapɛ Mu?

“NOKWAREM no, sika ho hia sen biribiara wɔ wiase.” Saa na Britania agokyerɛwfo, George Bernard Shaw kyerɛe. So wo ne no yɛ adwene? Ebia wote nka te sɛ Tanya a wadi mfe 17 a ɔka sɛ: “Mempɛ sɛ meyɛ ɔdefo, mepɛ sika a mede betwitwa me ho a me ho nkyere me kɛkɛ” no. Aberante Avian nso mmu sika sɛ ade a ehia sen biara wɔ wiase, na mmom sɛ biribi a wɔnam so nya nneɛma bi. Ɔka sɛ: “Sika ho hia na ama me nsa aka m’ahiade ahorow te sɛ ntade ne nea mede bɛforo kar.”

So wunim sɛ Bible ka asɛm a ɛte saa ara? Ɛka wɔ Ɔsɛnkafo 7:12 sɛ ‘sika yɛ ahobammɔ.’ Wɔaka ohia ho asɛm sɛ “ade a ɛsɛe nnipa anigye kɛse.” Na sika kakra a wubenya no betumi abɔ wo ho ban—akodu baabi—afi ɔhaw a mpɛn pii ohia de ba no ho. Afei nso, sika betumi adwudwo asiane horow a wɔnhwɛ kwan ano. Abeawa Phyllis ka sɛ: “Bible ka sɛ ‘ɛbere ne asiane to yɛn nyinaa.’ Yennim bere a yɛn ho bɛkyere yɛn, enti ehia sɛ yesie sika.” (Ɔsɛnkafo 9:11) Na bere a ebia ɛbɛyɛ wo sɛ sika ho hia wo nnɛ no, ebia daakye ebedi dwuma a ɛho hia sen saa.

“Ade Dodowpɛ Nkɛntɛnso Kɛse” No

Nanso bere a ɛnyɛ mfomso sɛ obi besusuw sika kakra a obenya ho kakra no, wɔ mmofra binom fam no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa asi sika so. Bere a wobisabisaa mmerante ne mmabaa bɛboro 160,000 sɛ, “Dɛn na ehia wo sen biara wɔ asetra mu?” no, ɔha mu nkyekyem 22 kae sɛ, “Sɛ menya sika.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nea ɛkanyan sika ho akɔnnɔ yi ne nea Newsweek nsɛmma nhoma no frɛɛ no “ade dodowpɛ nkɛntɛnso kɛse” a abunkam wiase so no. Martin a wadi mfe 18 no ka sɛ: “M’ani gye honam fam nneɛma ho kɛse, na metɔ nneɛma a edin akɛse deda so. Migye di yiye sɛ wo sika na ɛkyerɛ nea wotɔ. Ne saa nti, mesɛe sika pii tɔ nneɛma a mepɛ.” Ɛnyɛ Martin nkutoo ne abofra a ‘ɔsɛe sika pii.’ U.S.News & World Report bɔ amanneɛ sɛ: “Afe a etwaam no, mmofra a wɔadi mfe 12-kosi-19 [wɔ United States] sɛee sika pii wɔ nneɛma a wɔtɔe ho sen bere biara, na sɛ wɔka ne nyinaa bom a, wɔtɔɔ nneɛma a ne bo ano si dɔla ɔpepepem 109, dodow a ɛsen 1990 de no, ɔha mu nkyekyem 38.”

Nanso ɛhefa na mmofra nya sika de totɔ ntade foforo, compact disc mpaawa, ne komputa mfiri horow no nyinaa? Sɛnea U.S.News & World Report kyerɛ no: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔadi mfe 16-kosi-19 no mu fã wɔ nnwuma a wɔde bere fã yɛ.” Sɛ wɔma sukuu dwumadi ne adwuma a wɔpɔn sukuu kɔyɛ no kari pɛ a, wobetumi anya mu mfaso horow, te sɛ sɛnea wɔkyerɛ abofra asɛyɛde no. Nanso, ɛda adi sɛ mmofra bi yɛ ade ma ɛtra so wɔ eyi mu. Newsweek nsɛmma nhoma ka sɛ: “Adwene ne nneyɛe ho animdefo ne akyerɛkyerɛfo ani tua sɛnea sukuufo [a wɔyɛ adwuma] ho kyere wɔn no. Wonnya bere pii mfa nyɛ sukuu nnwuma wɔ fie, na akyerɛkyerɛfo a daa wohu sɛ wɔn sukuufo a wɔabrɛbrɛ no tɔ nko no taa di wɔn akyi gow adesua no mu.”

Ne nyinaa akyi no, mmofra kakraa bi pɛ na wɔayɛ krado sɛ wobegyae nnwuma a ɛma wonya sika no. Abeawa Vanessa ka sɛ: “Sukuu ho hia, nanso sika nso ho hia. Sika biara nni sukuu nnwuma a wɔyɛ wɔ fie no mu.” Sika a wubenya ho hia wo dɛn? So pii a wubenya no ne wo botae titiriw wɔ asetram?

“Wɔpɛ Wɔn Ho Anya”

Bible bua nsɛmmisa yi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10.

Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo nim nea ɔreka ho asɛm no. Ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, na ɔyɛ nyamesom akannifo a wɔfrɛ wɔn “Farisifo” a Bible ka wɔn ho asɛm sɛ “sikapɛfo” no mu biako. (Luka 16:14) Ne nyinaa akyi no, ɔsomafo no ankasa antia sika a obi benya ankasa. Mmom no, ɔbɔɔ wɔn a “wɔpɛ wɔn ho anya,” anaa sɛnea nkyerɛase foforo bi ka no, wɔn a “wɔde wɔn koma asi adefo a wɔbɛyɛ so” no kɔkɔ. (Phillips) Nanso, bɔne bɛn koraa na ɛwɔ ɛno a obi bɛyɛ no ho?

Sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no, saafo no “hwe sɔhwɛ ne afiri . . . mu.” Mmebusɛm 28:20 de ntease a ɛte saa ara ma bere a ɛka sɛ: “Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.” Bere a mmofra binom susuw sɛ wonni nea ɛbɛso wɔn no, wɔdan kɔ korɔnbɔ so.

Ɛwom, mmofra pii remmɔ korɔn. Nanso ebia ebinom de wɔn ho bɛhyɛ nneyɛe a ɛyɛ hu saa ara mu. Christianity Today bɔ amanneɛ sɛ: “Animdefo bi gye di sɛ kyakyato mmoroso abɛyɛ ade a ɛka mmofra a wonnya nnii mfe aduonu no hɔ a ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm sen biara.” Wɔ U.S. mpɔtam bi no, “ɛkame ayɛ sɛ ansa na mmofra a wonnya nnii mfe aduonu bedu mpanyimfo gyinabea wɔ sukuu mu no, na wɔn mu ɔha mu nkyekyem 90 awia wɔn ho atwa loto.” Mmofra binom de wɔn ho hyɛ nneɛma a ɛyɛ anibere sen saa mpo mu. Matthew a wadi mfe 16 ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ obi benya adwuma pa ayɛ. Enti minya me sika no pii fi ade a metɔ tɔn mu. . . . Ɛtɔ mmere bi a, [na] metɔn [nnubɔne].”

‘Ɔsɛe Mu a Ɛtwe Wɔn Kɔ’

Ɛwom, sika a obi benya no bɛma wasusuw sɛ ɔwɔ ahofadi. Nanso sɛnea Paulo kyerɛkyerɛ mu no, ebewie ase no, na sika akyidi ama obi ayɛ akoa ama “nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu” no. Yiw, sɛ sikanibere nya wo so tumi a, ahoɔyaw, ninkuntwe bɔne, ne akɔnnɔ bɔne betumi adi wo so. (Fa toto Kolosefo 3:5 ho.) ’Teen nsɛmma nhoma mu asɛm bi kae sɛ mmofra a wonnya nnii mfe aduonu binom ani tumi bere kar ahorow ne ntade a mmofra afoforo wɔ araa “ma ɛhyɛ wɔn so.” Asɛm no toa so sɛ, ɛtɔ mmere bi a, anibere a ɛte saa “kɔ akyiri araa ma obi bo fuw ne ho, na ɛmma abofra ntumi nnwen biribi foforo biara ho sɛ nea onni bi no.”

Ɛnde, hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ ‘sɔhwɛ mu’ nko na ahonyade ho akɔnnɔ ma obi ‘hwe,’ na mmom ebetumi nso de no akɔ ‘ɔsɛe ne ɔyera mu.’ Bible sɛnkyerɛwfo Albert Barnes ka sɛ: “Ɛte sɛ po so hyɛn a agu asu a ɛhyɛn no ne emu nneɛma nyinaa mem. Biribiara sɛe. Anigye, abrabɔ pa, din pa, ne ɔkra nyinaa sɛe.”—Fa toto 1 Timoteo 1:19 ho.

Enti wɔ ɔkwan a ɛfata so no, Paulo ka sɛ “bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ” a etumi bunkam biribiara so no. Ne saa nti, nnipa pii ‘adi akyiri ayera gyidi kwan na wɔde yaw pii awowɔ wɔn ho.’ Fa abofra bi a yɛbɛfrɛ no Rory, sɛ nhwɛso. Odii mfe 12 no, ofii ase too kyakya. Ɔka sɛ: “Ná ɛyɛ ɔkwan a mɛfa so anya sika bere a memmrɛ ho.” N’ani baa ne ho so no, na ɔde ka dɔla ɔhaha pii na na wabu n’ani agu nnamfo, abusua, ne sukuu dwumadi so. Ogye tom sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ megyae,” nanso bere nyinaa na ɛnyɛ yiye. Ɔkɔɔ so ‘de yaw pii wowɔɔ ne ho’ kosii sɛ ɔhwehwɛɛ mmoa bere a odii mfe 19 no. Enti bere a ɔkyerɛwfo Douglas Kennedy kaa sika akyidi ho asɛm wɔ ne nhoma Chasing Mammon mu sɛ ɛyɛ “osuahu a ɛyɛ yaw” no, na ɛnyɛ sɛ ɔregugu mu.

Sɛnea Wobɛkari Pɛ

Enti, Salomo afotu no ho hia sɛnea na ɛte mfehaha a atwam no: “Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade, gyae wo nhumu yi akyidi. So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.” (Mmebusɛm 23:4, 5) Ahonyade ntra hɔ nkyɛ, enti nyansa nnim sɛ wobɛma ahonyade akyidi ayɛ wo botae titiriw wɔ asetra mu. Kristoni abofra bi a wɔfrɛ no Maureen ka sɛ: “Mempɛ sɛ mede honam fam ade dodowpɛ ho botae ankasa kyekyere me ho.” Ɔka sɛ: “Minim yiye sɛ sɛ mede me ho hyɛ sika a menya mu fee a, mede me honhom fam yiyedi na ebetwa so.”

Ɛwom, sika yɛ ahiade. Na sika kakra a wubenya no bɛma woatumi adi w’ahiade ho dwuma—na bere ne bere mu no, woatumi de bi aboa afoforo mpo. (Efesofo 4:28) Sua sɛ wobɛyɛ adwuma denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya sika a ɛho tew. Afei nso, sua sɛnea wode sika besie, ayɛ ho ntotoe, na fa adwene to sɛnea wudi wo sika ho. Nanso, mma sika nnyɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ asetram. Bɔ mmɔden sɛ wubenya adwene a ɛkari pɛ a Mmebusɛm 30:8 kyerɛwfo daa no adi bere a ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade” no. Sɛ wode honhom fam nneɛma di kan a, wubetumi anya ahonyade a ɛsom bo sen biara. Sɛnea Mmebusɛm 10:22, NW ka no, “Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho.”

[Kratafa 17 mfonini]

Mmofra pii pɛ sika na wɔatumi ne wɔn atipɛnfo abɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena