Dwoodwoo Asetra Nnɛ Ne Daapem
YƐN BƆFO a onim sɛnea biribiara te no de honhom kaa nnipa sɛ wɔmfa afotu yi mma: “Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase.” “Ɔhene biara mfa dɔnnodow nni nkonim, ɔbran mfa ahoɔden kɛse nnye ne ho.” “Nkwagye mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu, na wɔmfa ahoɔden dodow nnye onipa.” (Mmeb. 11:28; Dw. 33:16, 17, Twi Bible Foforo.) Yesu Kristo kaa no nokwarem sɛ “ɛnyɛ onipa ade a wanya ma aboro so no mu na ne nkwa te.”—Luka 12:15.
Yiw, wɔ bere a nsɛmmɔnedi bebrebe rekɔ so yi mu no, ebia ebehia sɛ yɛfa nyansa kwan ahorow bi so na abɔ yɛn nkwa ne yɛn agyapade ahorow ho ban. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ eye sɛ dɛn ara mpo a, eyinom yɛ bere tiaa mu adeyɛ na ɛnyɛ nea ɛde ahobammɔ a enni awiei ba. Nea yɛpɛ ankasa ne sɛ wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ tebea horow biara nni hɔ a ebetumi ahaw yɛn daa. So ebetumi ayɛ yiye sɛ yebenya saa anidaso no? So ahoɔden ne tumi fibea a ebetumi ama yɛn asetra ayɛ dwoodwoo nnɛ ne daapem bi wɔ hɔ? So yebetumi atra ase dwoodwoo bere a nsɛmmɔnedi, aduankɔm anaasɛ sika fam ahokyere haw yɛn mpo no?
Nokware Dwoodwoo Asetra Daa Adi
Biribi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ni: Wɔ tete Israel no, dɛn nti na na mmusua tumi gyaw wɔn afi ne nkurow hɔ a wɔmmɔ ho ban na wotu kwan kɔ Yerusalem kodi nyamesom afahyɛ horow, ɛwom mpo sɛ na atamfo aman atwa wɔn ho ahyia de? Ɛyɛɛ dɛn na etumi bae sɛ bere a Asiria asraafo dɔm kɛse no tow hyɛɛ Yerusalem so no Israelni biako po mogya angu fam nanso asraafo a wɔyɛ atamfo 185,000 wuwui anadwo biako no? (2 Ahe. 19:32-35) Ɛyɛɛ dɛn na ɔman a mmarima, mmea ne mmofra bɛyɛ ɔpepem abiɛsa wom tumi traa “sare kɛse a ɛso yɛ hu a ɛso wɔ awɔ, atweaseɛ ne nkekantwɛre a nsu nni hɔ so” mfe 40?—Deut. 8:15.
Yehowa, wɔn Nyankopɔn, nneɛma nyinaa Bɔfo no ne onii a na ɔbɔ wɔn nkwa ho ban. Ɛyɛe te sɛ nea odwontofo Dawid a honhom kaa no no kae no: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko, na wo, Yehowa, na woma metra hɔ dwoodwoo.”—Dw. 4:8.
So wunnye nni sɛ Yehowa Nyankopɔn, yɛn soro Agya no, bɛhwɛ yɛn so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu saa ara sɛnea ɔhwɛɛ Israelfo no so tete hɔ no? Fa no sɛ wo kurom sikakorabea so panyin ka kyerɛɛ wo sɛ: “Mempɛ sɛ wohaw wo ho wɔ biribiara ho. Ka nea wuhia kyerɛ me na medi ho dwuma.” So anka bɔhyɛ a ɛte saa remma wo werɛ nkyekye wɔ dwoodwoo asetra a, wuhia no ho? Sɛnea wunim no, ɛremma sɛ sikakorabea so panyin bi betumi de anidaso yi ama. Nanso, Yehowa Nyankopɔn ahyɛ ne nkoa anokwafo nyinaa bɔ sɛ ɔde wɔn ahiade ahorow nyinaa bɛma wɔn. (Mat. 6:31-33) Yebetumi anya anidaso a edi mu wɔ eyi mu efisɛ Ɔsorosoroni no di n’asɛm so daa, sɛnea nhwɛso horow a atwam ne nnɛ de da no adi no.—Yos. 21:45.
Ɔhene Salomo nyansafo no huu ɛbo kakraa bi a honam fam nneɛma som, na bere koro no ara mu no ohuu ɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den a ɛma ɔtraa ase dwoodwoo no. Salomo kyerɛwee sɛ: “Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasu a ɛkorɔn, n’adwene mu.” (Mmeb. 18:11) Hwɛ nokware a ɛyɛ—‘wɔ n’adwene mu’! Ɔdefo dwen sɛ nneɛma a ɛsom bo yi bɛbɔ ne ho ban bere a bɔne ba no. Nanso, hwɛ mpɛn dodow a osuahu akyerɛ sɛ saa “ɔfasu a ɛkorɔn” no nyɛ nokware na ɛmfa ahobammɔ biara mma wɔ sika fam ahokyere, nneɛma bo a ɛyɛ den, amammui mu basabasayɛ anaasɛ ɔyaredɔm mmere mu!
Wɔ Mmebusɛm 18:10 no, Salomo ka nea ɛne eyi bɔ abira sɛ: “Aban dennen ne Yehowa din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ na wɔkora no.” Ahokyere anaasɛ tebea horow biara nni hɔ a ebetumi asiw ɔsoro mmoa a Onyankopɔn akoa benya kwan. Ɛha ne nokware ahobammɔ fibea—yɛne yɛn Agya a ɔwɔ dɔ no ntam abusuabɔ.—Dw. 59:16, 17; 62:5-8.
Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi Anya Ahobammɔ Ho Anidaso?
Anidaso yi mma dakoro. Te sɛ dua a enyin yɛ den afe biara, na ɛkɔ so yɛ den ma egyina ahum biara ano no, yɛn gyidi wɔ Yehowa mu yɛ den bere a yehu n’akwan trenee sɛ edi dwuma pa wɔ yɛn asetra mu no. N’asɛm a yebesua da biara da, bere a yɛde ka “asɛmpa” no, hwehwɛ a yɛbɛhwehwɛ no da biara da wɔ mpaebɔ mu—eyinom nyinaa ma obi nya dwoodwoo asetra yi.
Yesaia kaa dwoodwoo asetra a yɛpɛ no ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔbɛtra sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no guankɔbea, wɔde n’aduan bɛma no, ne nsu remmɔ no da.” (Yes. 33:16, Twi Bible Foforo.) Nanso dwoodwoo asetra yi yɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya asetra a ɛde yiyedi brɛ afoforo nkutoo no de. Yesaia kae bio sɛ: “Nea ɔnam trenee mu, na ɔka ade a ɛteɛ, nea okyi apempensika, nea otwe ne nsa na ansɔ anadwode mu, nea osisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne no.” (Yes. 33:15) Ɔkwan bɛn so na ahwehwɛde ahorow a ɛma Onyankopɔn bɔ obi ho ban yi di dwuma nnɛ mmere yi?
“Nea ɔnam trenee mu” kyerɛ Yehowa trenee gyinapɛn ahorow anaasɛ nokwaredi akyi a wobedi da biara da. Asɛm “nea okyi apempensika” kae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yesuasua wiase no akwan a ɛne nya-wo-ho-ntɛm no. Nea ɛka adanmude a ɔbɛpow, a ɔmma hokwan anaa ɔhonam fam mfaso a obenya mfura n’ani ho no, ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ onya Yehowa dom no yɛ onipa a “osisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne.” Ná afeha a ɛto so aduonu yi mu mfonini ahorow, nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow no bi nni adiyifo no bere so, nanso obi a ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa nya adamfofa a emu yɛ den no bekwati nsɛmmɔne ne agobɔne a ɛwɔ hɔ nnɛ no.
Nnyinasosɛm pa a yebedi akyi no bɛma yɛanya dwoodwoo asetra. Ɔhene Salomo nyansafo no ka asɛm no nyinaa tiaa sɛ: “Nea ɔnam pɛyɛ mu no nam dwodwoo.”—Mmeb. 10:9.
Mmere bi wɔ hɔ a Yehowa Adansefo binom anya nea wobuu no sɛ Onyankopɔn ahobammɔ ho osuahu. Fa Onua K de no sɛ nhwɛso—. Da koro bi na ɔrekenkan Ɔwɛn-Aban wɔ ne kar mu na mpofirim na obi soo ne menewa mu. Ɔbɔɔ Yehowa mpae denneennen. Nea obesoo ne menewa mu no yɛɛ dinn, na ne nsam gowee. Onua K—tuu ne kar no na ɔkraa ɔbarima no gyaw no a ogyina ɔkwan no mfinimfini te sɛ ohoni bi.
Na ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi Kenya nso wɔ hɔ. N’awofo sɔre tiae denneennen bere a ofii ase sɛ ɔbɛsom Yehowa no. Agya no hunahunaa no sɛ sɛ wannyae “nkontromfi fitafitaa” sɛnea ɔfrɛɛ Adansefo no, akyidi a, obekum no. Ɔbɔɔ atirimɔdenfo paa sɛ wompira no. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Yehowa ahobammɔ amma wɔn nsa anka me.”
Sɛnea osuahu ahorow yi kyerɛ no, Kristofo behyia tebea ahorow a emu yɛ den. Nanso, bere a yɛwɔ Yehowa mu ahotoso no, yebetumi anya anidaso sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi ahaw yɛn daa. Yɛn soro Agya no ahyɛ bɔ sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da; na ɛma yɛde nnam ka sɛ: Awurade ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?”—Heb. 13:5, 6.
Nnɛ, ɛrenkyɛ koraa, adesamma abusua no nyinaa behyia ahokyere bi a ɛbɛsɛe nea ɛte sɛ ahobammɔ afasu a sika, asraafo ahoɔden anaasɛ amammui tumi de ma no. Wɔn a wɔanya Yehowa nsa tumi kɛse a wonhu no mu ahotoso no befi mu aka na wɔanya dwoodwoo asetra daapem wɔ Onyankopɔn ahenni trenee nniso no ase. (Adi. 21:1, 4) Yɛwɔ anidaso sɛ mobɛyɛ eyi bere a mo ne Ɔsorosoroni no nya abusuabɔ a emu yɛ den no.
October Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)