Yebetumi Anya Afoforo Mu Ahotoso Bio!
ƐWOM sɛ ahotoso a ɛho aba asɛm nnɛ no yɛ “nna a edi akyiri” yi ho sɛnkyerɛnne de, nanso ahotoso a wonni daa adi mfe mpempem a atwam ni. (2 Timoteo 3:1) Efii ase wɔ beae bi a enni sɛ anka epue—wɔ paradise bi mu. Bible no ka saa beae no ho asɛm sɛ: “Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no no traa hɔ. Na [Yehowa, NW] Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii asase no so, ne nkwa dua a esi turo no mfinimfini, ne papa ne bɔne hu dua.”—Genesis 2:8, 9.
Nkyekyem ahorow a edidi so no kyerɛkyerɛ nea eyi ne ahotoso ho a aba asɛm nnɛ no wɔ yɛ mu. Yɛkenkan sɛ: “Na [Yehowa, NW] Nyankopɔn hyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) So na Adam wɔ ntease pa bi nti a ɛsɛ sɛ ogye nea Yehowa kae no ho kyim?
Yɛtoa so kan sɛ: “Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a [Yehowa, NW] Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: munnni turom ha nnua nyinaa bi? Na ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yedi bi, nanso dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ: Munnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu. Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne. Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n’aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.”—Genesis 3:1-6.
Esiane Onyankopɔn kɔkɔbɔ a emu da hɔ a Adam ne Hawa buu wɔn ani guu so nti, wɔdaa no adi sɛ wonni Yehowa mu ahotoso. Wɔbɛyɛɛ wɔn ade te sɛ Onyankopɔn tamfo Satan, a ɔnam ɔwɔ paa so kasa kyerɛɛ Hawa no. Ná Satan nni ahotoso wɔ ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no mu. Esiane eyi ne ahantan ne anuonyampɛ koma nti, ɔtew atua tiaa Onyankopɔn na ɔdaadaa adesamma ma wɔn nso wɔyɛɛ saa. Ɔma wobenyaa adwene sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to no so.
Dɛn na Efi Mu Bae? Wantwiwantwi
Ebia woahyɛ no nsow sɛ ɛyɛ den ma ebinom a wonni afoforo mu ahotoso sɛ wɔbɛma adamfofa akɔ so. Publilius Syrus, afeha a edi kan A.Y.B., Latin kyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Ahotoso nkutoo na ɛma adamfofa mu yɛ den.” Ɛdenam wɔn atuatew so no, Adam ne Hawa daa no adi sɛ wonni Onyankopɔn mu ahotoso. Enti, na Onyankopɔn nso ntumi nnya wɔn mu ahotoso. Esiane sɛ nnipa a wodi kan no annye Nyankopɔn anni anaa wɔannya ne mu ahotoso nti, wɔne n’adamfofa sɛee. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa kasa kyerɛɛ wɔn bio bere a obuu wɔn fɔ wɔ wɔn atuatew ho no akyi.
Abusuabɔ a ɛda Adam ne Hawa ntam no nso sɛee. Yehowa bɔɔ Hawa kɔkɔ sɛ: “Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) The Jerusalem Bible ka sɛ: “Ɔno na obedi wo so bakoma.” Sɛ anka obedi ne yere so wɔ ɔdɔ mu sɛnea Onyankopɔn pɛe sɛ ɛyɛ no, Adam bɛyɛɛ ne wura mmom, na odii no so bakoma.
Bere a wɔyɛɛ bɔne akyi no, Adam bɔɔ mmɔden sɛ ɔde asodi no bɛto ne yere so. Osusuwii sɛ efi nea ɔbea no yɛe nti na wɔpamoo wɔn fii turo a ɛyɛ pɛ no mu kɔɔ asase hunu so, na wɔdomee wɔn sɛ wɔnkɔbrɛ ansa na wɔakɔ dɔte mu bio. (Genesis 3:17-19) Yebetumi de yɛn adwene abu no yiye sɛ eyi de wantwiwantwi bɛba wɔn baanu ntam. Ebia Adam yɛɛ ade maa no boroo so, kae mpo sɛ ɔrentie Hawa bio. Ebetumi aba sɛ ɔtee nka sɛ ntease wom sɛ ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Efi nnɛ rekɔ no, me na midi wo so tumi!’ Ebia Hawa nso hui sɛ, Adam antumi anni n’asɛyɛde sɛ abusua ti no ho dwuma, na ɛmaa no hweree ahotoso a na ɔwɔ wɔ ne mu no. Sɛnea ɛkɔyɛe biara no, ɛdenam Onyankopɔn mu ahotoso a wɔankyerɛ so no, adesamma hweree wɔne ne ntam abusuabɔ na wɔsɛee abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no.
Hena na Yebetumi Anya Ne Mu Ahotoso?
Ɛnyɛ obiara na ɔfata sɛ yɛde yɛn ho to no so, sɛnea Adam ne Hawa nhwɛso no da no adi no. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu nea ɔfata sɛ yɛde yɛn ho to no so ne nea ɔmfata?
Dwom 146:3 tu yɛn fo sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Na wɔ Yeremia 17:5-7 no, yɛkenkan sɛ: “Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa so, na ɔde ɔhonam yɛ ne basa, na ne koma atwe afi [Yehowa, NW] ho.” Nanso, “nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so, na [Yehowa, NW] yɛ n’anidaso.”
Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ho a yɛde bɛto nnipa so no yɛ bɔne. Nea kyerɛw nsɛm no kyerɛ ara ne sɛ ɛnyɛ mfomso da sɛ obi benya Onyankopɔn mu ahotoso, nanso ɛtɔ da bi a nnipa a wɔnyɛ pɛ mu ahotoso a yebenya no betumi akowie asiane mu. Sɛ nhwɛso no, nnipa a wɔde wɔn ho to adesamma so sɛ wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ—ama nkwa na wɔde asomdwoe ne ahobammɔ a edi mu ama no—bedi nkogu.—Dwom 46:9; 1 Tesalonikafo 5:3.
Nokwarem no, nnipa ne nnipa ahyehyɛde ahorow no fata ahotoso bere a wɔyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow hyia, na wɔde ɔsoro nnyinasosɛm di dwuma no nkutoo. Eyi nti, sɛ yebetumi akanyan afoforo ma wɔanya yɛn mu ahotoso a, ɛsɛ sɛ yɛka nokware, yɛ nokwaredifo ne nnipa a wotumi de wɔn ho to yɛn so. (Mmebusɛm 12:19; Efesofo 4:25; Hebrifo 13:18) Sɛ yɛma yɛn nneyɛe ne Bible nnyinasosɛm hyia nkutoo a na ahotoso a afoforo nya wɔ yɛn mu no bɛyɛ nea ɛfata ma ɛde denhyɛ ne nkuranhyɛ abrɛ yɛne wɔn.
Ahotoso a Wɔbɛma Asan Aba
Yehowa Adansefo wɔ ntease a emu yɛ den nti a wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na wɔhyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ saa ara. Yehowa yɛ ɔnokwafo ne nokwaredifo, nea yebetumi de yɛn ho ato no so bere nyinaa sɛ ɔbɛyɛ nea waka, efisɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ Ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ mu no renni huammɔ da.—Hebrifo 6:18; Dwom 94:14; Yesaia 46:9-11; 1 Yohane 4:8.
Nnipa a wofi biakoyɛ mu wɔ Yehowa mu ahotoso na wɔtra ase ma ɛne ne nnyinasosɛm hyia no nya nnyinaso a emu yɛ den a ɛma wonya wɔn ho wɔn ho mu ahotoso. Wɔ wiase a ahotoso ho aba asɛm yi mu no, hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebehu nnipa a yebetumi de yɛn ho ato wɔn so! Susuw sɛnea anka wiase no tebea bɛyɛ ho, sɛ anka yebetumi anya ahotoso koraa wɔ nea obiara ka anaa ɔyɛ mu a! Saa na tebea no bɛyɛ wɔ wiase foforo a ɛreba a Onyankopɔn de ahyɛ bɔ no mu. Ɛremma bio da sɛ ahotoso ho bɛba asɛm!
Wobɛpɛ sɛ wotra ase saa bere no? Ɛnde, Yehowa Adansefo to nsa frɛ wo sɛ hyɛ w’ahotoso wɔ Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow mu no mu den denam n’ahwehwɛde ma nkwa ho ade pii a wubesua so. Bible no sua de adanse ma sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, odwen adesamma yiyedi ho, na ɛrenkyɛ ɔnam N’ahenni no so besiesie wiase haw ahorow nyinaa. Nnipa ɔpepem pii asua sɛ wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn ne N’asɛm, Bible no so. Yehowa Adansefo de anigye bɛkyerɛ wo Bible adesua a wɔne ɔmanfo yɛ a wonnye hwee no. Anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi na nya ho nsɛm pii.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Onyankopɔn mu ahotoso a wonni no kowie nnipa ntam a ɛyɛ basaa mu
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Nnipa mu ahotoso fata bere a wɔyɛ ade ma ɛne ɔsoro nnyinasosɛm hyia nkutoo