Akasanoma Ne Hellgya Nkyerɛkyerɛ No
Ná wɔrebɔ kyerɛwsɛm a ɛwɔ Mateo 10:29-31 no ho nkɔmmɔ anɔpa bi a na wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo ti no ahyiam. Saa kyerɛwsɛm yi mu no wɔkyerɛ sɛ Yesu kae sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam.”
Onii a na ɔrehwɛ nkɔmmɔbɔ no so no bisaa osuani bi a na ɔwɔ Ɔwɛn Aban asɛmpatrɛw sukuu no mu no sɛ: “Ɔkwan bɛn so na obi betumi de saa kyerɛwsɛm yi ne obi asusuw hellgya nkyerɛkyerɛ no ho?” Mmuae bɛn na anka wobɛma?
Ntɛm ara osuani no fii ne nkyerɛkyerɛmu no ase. Kyerɛwsɛm no da ayamhyehye kɛse a ɔsoro Agya no wɔ ma n’abɔde, a akasanoma a ɔba fam no mpo ka ho, no adi. Esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye saa nti, nokwarem no n’ani rennye nnipa a wɔbɛyɛ wɔn ayayade wɔ saa asetra yi mu anaa nea ɛbɛba no mu no ho. Ɔresi n’asɛm no so dua no, ɔdan adwene kɔɔ Hesekiel 18:23 so: “So ɔpɛ na mepɛ abɔnefo wu? [Yehowa] Nyankopɔn asɛm ni; so ɛnyɛ sɛ ɔsan fi ne kwan so na onya nkwa na mepɛ?” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛsom ɔdɔ ne ayamhyehye Nyankopɔn. Momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yebesuasua ne su horow.”
Nea ɔrehwɛ nkɔmmɔbɔ no so no kae sɛ: “Ɛno da no adi pefee sɛ wɔakyerɛkyerɛ asuafo asɛmpatrɛwfo no yiye!” Na obiara a ɔwɔ hɔ no de anigye penee so.