Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 9/15 kr. 8-13
  • Yehowa De Firi Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa De Firi Pii
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔne Ahorow Bi Wɔ Hɔ a Wɔmfa Mfiri
  • Ná Wɔn Bɔne Nyɛ Nea Wɔde Firi
  • Wɔde Wɔn Bɔne Firii Wɔn
  • Nneɛma a Ɛbɛma Obi Anya Onyankopɔn Fafiri Mu Ahotoso
  • Mmoa a Efi Mpanyimfo Hɔ
  • Onyankopɔn Ma Ahoɔden
  • Woayɛ Bɔne Atia Honhom Kronkron?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • So Bɔne Bi Wɔ Hɔ a Wɔmfa Mfiri?
    Nyan!—2003
  • Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
    Bɛn Yehowa
  • Yehowa, Onyankopɔn a ‘Wayɛ Krado Sɛ Ɔde Bɔne Befiri’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 9/15 kr. 8-13

Yehowa De Firi Pii

“Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa] nkyɛn, . . . na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”​—YESAIA 55:7.

1. Dɛn na wɔde ahyira wɔn a wonya Yehowa fafiri nnɛ no?

YEHOWA de nnebɔneyɛfo a wonu wɔn ho bɔne firi wɔn, na mprempren etumi ma wonya adwenem asomdwoe wɔ honhom mu paradise mu. Eyi te saa efisɛ wodu saa ahwehwɛde ahorow yi ho: “Monhwehwɛ [Yehowa], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsa mmra [Yehowa] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”​—Yesaia 55:6, 7.

2. (a) ‘Yehowa a wɔbɛhwehwɛ’ no, ne ‘ne nkyɛn a wɔbɛsan aba’ a wɔaka wɔ Yesaia 55:6, 7 no kyerɛ dɛn? (b) Na dɛn nti na ehia sɛ Yudafo nnommum a na wɔwɔ Babilon no san ba Yehowa nkyɛn, na dɛn na ɛtoo wɔn mu binom?

2 Sɛ ɔdebɔneyɛfo ‘bɛhwehwɛ Yehowa,’ na wafrɛ no ma wagye no atom a, ɛsɛ sɛ ogyaw ne kwammɔne no ne adwene biara a ɔwɔ sɛ obepira afoforo no. Hia a ehia sɛ ɔdebɔneyɛfo no ‘san ba Yehowa nkyɛn’ no kyerɛ sɛ ogyaw Onyankopɔn a anka bere bi ɔne no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den no. Na saa na ɛte wɔ Yudafo a nokware a wɔanni Onyankopɔn nti, awiei koraa no, wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no fam. Ná ehia sɛ Yudafo nnommum no san ba Yehowa nkyɛn denam nu a wobenu wɔn ho wɔ wɔn nneyɛe bɔne a ɛma wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon, na ɛmaa wɔn man a ɛbɛdan amamfo mfe 70 ho asɛm a wɔka siei baam no ho no so. Wɔ 537 A.Y.B. mu no, Yudafo nkaefo bi a wosuro Onyankopɔn a wɔnam aban mmara so gyaee wɔn no fii Babilon san bɛtraa saa asase no so. (Esra 1:1-8; Daniel 9:1-4) Nneɛma a ɛhyɛ anuonyam fii saa ɔsesɛw no mu bae araa ma wɔde Yuda asase no totoo Eden Paradise no ho.​—Hesekiel 36:33-36.

3. Ɔkwan bɛn so na honhom mu Israel nkaefo no anya osuahu bi te sɛ nnommum a na wosuro Onyankopɔn a wɔsan baa Yuda no de no?

3 Honhom mu Israelfo anya osuahu bi a ɛte sɛ nea Yudafo a na wosuro Onyankopɔn a wofii Babilon nnommumfa mu san baa Yuda nyae no. (Galatifo 6:16) Honhom mu Israel nkaefo no sakraa wɔn akwan ne wɔn nsusuwii ahorow bi wɔ Wiase Ko I akyi pɛɛ. Onyankopɔn anim dom koraa ho nnommum a wɔyɛe wɔ Babilon Kɛse a ɛne wiase nyinaa atoro som ahemman no mu no baa awiei wɔ afe 1919 mu. Esiane sɛ wonuu wɔn ho wɔ wɔn bɔne a ɛne onipa ho suro ne Yehowa adwuma a wogyaee yɛ no ho nti, ogyee wɔn fii Babilon Kɛse no mu, na ɔde wɔn san baa wɔn honhom mu trabea a ɛfata no, na ofii ase de wɔn kaa Ahenni nkrasɛm no bio. Honhom mu paradise bi atra Onyankopɔn nkurɔfo mu fi saa bere no, na ahyɛ ne din kronkron no anuonyam. (Yesaia 55:8-13) Afei, yɛwɔ adanse a ɛda adi pefee sɛ nhyira horow di bɔne fafiri akyi ba, na Yehowa de wɔn a wonu wɔn ho bɔne firi wɔn pii wɔ tete nhwɛso ne nnɛyi nsusuwso no mu.

4. Yehowa nkoa binom suro dɛn?

4 Enti Yehowa nnɛyi nkoa betumi anya ne fafiri mu ahotoso. Nanso, wɔn mu binom di wɔn kan bɔne ahorow ho awerɛhow, na ɛkame ayɛ sɛ bɔne ho nkate bunkam wɔn so. Wommu wɔn ho sɛ wɔfata sɛ wɔtra honhom mu paradise no mu. Nokwarem no, ebinom suro sɛ wɔayɛ bɔne a wɔmfa mfiri, na Yehowa remfa wɔn bɔne mfiri wɔn da. So ebetumi aba saa?

Bɔne Ahorow Bi Wɔ Hɔ a Wɔmfa Mfiri

5. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔmfa bɔne ahorow bi mfiri?

5 Bɔne ahorow bi wɔ hɔ a wɔmfa mfiri. Yesu Kristo kae sɛ: “Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa befiri nnipa, na honhom ho abususɛm de, wɔremfa mfiri nnipa.” (Mateo 12:31) Enti, wɔremfa abususɛm a etia Onyankopɔn honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no mfiri. Ɔsomafo Paulo kaa bɔne a ɛte sɛɛ ho asɛm bere a ɔkyerɛw sɛ: “Entumi mma sɛ wɔn a wɔanya hann pɛn, . . . na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔbɔ no ahohora kyerɛ.”​—Hebrifo 6:4-6.

6. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia bɔne bi yɛ nea wɔde firi anaasɛ wɔmfa mfiri?

6 Onyankopɔn nkutoo na onim sɛ ebia obi ayɛ bɔne a wɔmfa mfiri. Nanso, Paulo ma yehu asɛm yi ho biribi bere a ɔkyerɛw eyi no: “Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu.” (Hebrifo 10:26, 27) Obi a ɔboapa yɛ bɔne no hyɛ da yɛ ade, anaasɛ “ɔsen ne kɔn, na ɔtaa yɛ mpi yiye.” (Webster’s New Collegiate Dictionary) Wɔremfa obi a ɔboapa de mpiyɛ kɔ so yɛ bɔne bere a ohu nokware no akyi no bɔne mfiri no. Enti ɛnyɛ bɔne no ankasa ne ade titiriw, na mmom koma no tebea, sɛnea ɔboapa yɛɛ bɔne no na ɛkyerɛ sɛ ebia wɔde bɔne no befiri anaasɛ wɔmfa mfiri no. Ɔkwan foforo so no, sɛ Kristoni a wayɛ bɔne haw yiye wɔ ne bɔne no ho a, ɛno betumi akyerɛ dɛn? Ebia sɛnea wahaw kɛse no kyerɛ sɛ, nokwarem no, ɔnyɛɛ bɔne a wɔmfa mfiri.

Ná Wɔn Bɔne Nyɛ Nea Wɔde Firi

7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔn a wɔsɔre tiaa Yesu wɔ nyamesom mu no mu binom yɛɛ bɔne a wɔmfa mfiri?

7 Yudafo nyamesom akannifo bi a wɔsɔre tiaa Yesu no boapa yɛɛ bɔne, ma enti na bɔne no yɛ nea wɔremfa mfiri wɔn. Ɛwom sɛ wohui sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no nam Yesu so yɛ adwuma, bere a ɔyɛɛ papa ne anwonwade ahorow no de, nanso saa asɔfo no kae sɛ Beelsebul, anaa Satan Ɔbonsam na ɔde ne tumi no maa no. Wɔyɛɛ bɔne bere a na wonim pefee sɛ na Onyankopɔn honhom na ɛyɛ adwuma no. Enti wɔyɛɛ bɔne a wɔmfa mfiri, efisɛ Yesu kae sɛ: “Na nea ɔbɛkasa atia honhom kronkron de, wɔremfa mfiri no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.”​—Mateo 12:22-32.

8. Dɛn nti na Yuda Isakariot bɔne yɛ nea wɔmfa mfiri?

8 Ná Yuda Iskariot bɔne no nso yɛ nea wɔmfa mfiri. Nea efii ne nyaatwom ne nokware a wanni no mu bae ne sɛ, ɔhyɛɛ da yii Yesu mae. Sɛ nhwɛso no, bere a Yuda hui sɛ Maria de ngo a ne bo yɛ den resra Yesu no, obisae sɛ: “Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo?” Ɔsomafo Yohane ka kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.” Yuda yii Yesu mae de gyee nnwetɛbona 30 wɔ ɛno akyi pɛɛ. (Yohane 12:1-6; Mateo 26:6-16) Ampa, Yuda nuu ne ho, na okum ne ho. (Mateo 27:1-5) Nanso wɔamfa ne bɔne amfiri no, efisɛ ne pɛsɛmenkominya ade a ɔkɔɔ so boapa yɛe ne ne nkontomposɛm no kyerɛe sɛ wayɛ bɔne atia honhom kronkron no. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yesu frɛɛ Yuda sɛ “ɔyera ba”!​—Yohane 17:12; Marko 3:29; 14:21.

Wɔde Wɔn Bɔne Firii Wɔn

9. Dɛn nti na Onyankopɔn de Dawid bɔne ahorow a ɔyɛe​—wɔ Batse-ba ho no firii no?

9 Bɔne ahorow a wɔboapa yɛ ne wɔn a Onyankopɔn de wɔn bɔne firii wɔn mfomso no bɔ abira koraa. Fa Israel Hene Dawid sɛ nhwɛso. Ɔne Betse-ba, Uria yere sɛee aware, na akyiri yi ɔmaa Yoab yɛ maa wokum Uria wɔ ɔsa mu. (2 Samuel 11:1-27) Dɛn nti na Onyankopɔn huu Dawid mmɔbɔ? Ɛyɛ Ahenni apam no titiriw nti, nanso na Dawid ankasa mmɔborohunu ne ne nokware ahonu nso ka ho bi.​—1 Samuel 24:4-7; 2 Samuel 7:12; 12:13.

10. Ɛwom sɛ Petro yɛɛ bɔne a anibere wom de, nanso dɛn nti na Onyankopɔn de firii no?

10 Susuw ɔsomafo Petro nso ho. Ɔnam Yesu a ɔpaa no toatoaa so no so yɛɛ bɔne a anibere wom. Dɛn nti na Onyankopɔn de Petro bɔne firii no? Na Petro nte sɛ Yuda Iskariot, na na wadi nokware wɔ Onyankopɔn ne Kristo som mu. Bɔne a ɔsomafo yi yɛe no fi ɔhonam mmerɛwyɛ, na onuu ne ho ankasa na ‘osui pii.’​—Mateo 26:69-75.

11. Wobɛkyerɛ “ahonu” ase dɛn, na sɛ obi anu ne ho ampa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

11 Nhwɛso ahorow a yɛaka ho asɛm yi kyerɛ sɛ onipa a ɔyɛ bɔne a anibere wom mpo betumi anya Yehowa Nyankopɔn fafiri. Nanso su bɛn na ehia na wɔde obi bɔne afiri no? Sɛ Onyankopɔn de befiri Kristoni a wayɛ bɔne a, nokware ahonu ho hia. Sɛ́ obi benu ne ho kyerɛ sɛ “ɔbɛtwe ne ho afi bɔne ho, esiane ne kan bɔne ahorow ho yaw a odi nti,” anaasɛ “obedi yaw wɔ nea wayɛ anaa wanyɛ ho.” (Webster’s Third New International Dictionary) Obi a wanu ne ho nokwarem no bedi yaw wɔ ahohorabɔ, awerɛhow, anaa ɔhaw ahorow biara a ne bɔne no ama aba Yehowa din ne n’ahyehyɛde so no ho. Ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho bɛsow aba a ɛfata, na wayɛ nnwuma a ɛfata ahonu. (Mateo 3:8; Asomafo no Nnwuma 26:20) Sɛ nhwɛso no, sɛ wadi obi amim a, ɔbɛyɛ nneɛma a ntease wom de ahyɛ nea wama wahwere no ananmu. (Luka 19:8) Kristoni a wanu ne ho saa no wɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso pa ahorow a ɛbɛma wanya ahotoso sɛ Yehowa de befiri no pii. Eyinom ne dɛn?

Nneɛma a Ɛbɛma Obi Anya Onyankopɔn Fafiri Mu Ahotoso

12. Dɛn na Dwom 25:11 gyina so kyerɛ sɛ obi a wanu ne ho betumi abɔ mpae abisa fafiri?

12 Ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho betumi de Yehowa din abɔ mpae ahotoso mu de abisa bɔne fafiri. Dawid srɛe sɛ: “[Yehowa], wo din nti fa me bɔne firi me, na ɛdɔɔso pii.” (Dwom 25:11) Ɛsɛ sɛ mpaebɔ a ɛte sɛɛ, ne ahohorabɔ biara a ɔdebɔneyɛfo no ama aba Onyankopɔn din so ho ahonu siw no kwan na wanyɛ bɔne a anibere wom daakye.

13. Dɛn na mpaebɔ yɛ wɔ bɔne a Onyankopɔn de firi no mu?

13 Yehowa Nyankopɔn bua ne nkoa a wɔyɛ bɔne nanso wonu wɔn ho no mpaebɔ a efi komam no. Sɛ nhwɛso no, Yehowa tiee Dawid a ofi ne komam bɔɔ mpae, bere a ohuu sɛnea bɔne a ɔne Batse-ba yɛe no sõ no. Nokwarem no, Dawid nsɛm a ɔkae wɔ Dwom 51 no da sɛnea nnebɔneyɛfo pii a wɔsrɛ fafiri te nka no adi. Ɔsrɛe sɛ: “Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato. Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.”​—Dwom 51:1, 2, 17.

14. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de wɔn a wɔkyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi bɔne firi wɔn?

14 Onyankopɔn de firi wɔn a wɔkyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ mu gyidi no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔno mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, ɛne mfomso fafiri no.” (Efesofo 1:7) Ɔsomafo Yohane kyerɛw biribi a ɛkyerɛ saa ara sɛ: “Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.”​—1 Yohane 2:1, 2.

15. Sɛ ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho no bɛkɔ so anya Onyankopɔn mmɔborohunu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

15 Yehowa mmɔborohunu ma ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho no nya biribi a obegyina so anya ahotoso sɛ wobetumi de ne bɔne afiri no. Nehemia kae sɛ: “Na wone fafiri Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, woyɛ abufuw mu nyaa, na w’adɔe dɔɔso.” (Nehemia 9:17; fa toto Exodus 34:6, 7 ho.) Nokwarem no, sɛ wɔbɛkɔ so ayi ɔsoro mmɔborohunu adi akyerɛ ɔdebɔneyɛfo no a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden di Onyankopɔn mmara so. Sɛnea odwontofo no kae no, “ma wo mmɔborohunu mmra me so, na minnya nkwa, na wo mmara ne m’anika. Wo mmɔborohunu dɔɔso, [Yehowa], ma minnya nkwa, sɛ w’atemmude te.”​—Dwom 119:77,156.

16. Awerɛkyekye bɛn na yenya fi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa dwen yɛn bɔne tebea ho no mu?

16 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn bɔne tebea nti Yehowa dwen yɛn ho no nso ma ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho no nya awerɛkyekye ne nea obegyina so de ahotoso abɔ mpae sɛ Onyankopɔn de befiri no. (Dwom 51:5; Romafo 5:12) Odwontofo Dawid de awerɛhyem a ɛma awerɛkyekye mae bere a ɔkaa eyi no: “[Yehowa Nyankopɔn] nsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe sõ, wɔn a wosuro no so ne no. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:10-14) Yiw, yɛn soro Agya no mmɔborohunu ne n’ayamhyehye so sen ɔdesani ɔwofo de.

17. Ɔkwan bɛn so na obi kan nokwaredi som ma Onyankopɔn no betumi aka bɔne fafiri?

17 Ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho betumi abɔ mpae abisa fafiri a ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa remmu n’ani ngu ne kan nokwaredi som so. Na ɛnyɛ Nehemia bɔne na ɔresrɛ ho fafiri, nanso ɔkae sɛ: “Kae me, me Nyankopɔn, ma ensi yiye.” (Nehemia 13:31) Kristoni a wanu ne ho betumi anya awerɛkyekye afi nsɛm yi mu: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.”​—Hebrifo 6:10.

Mmoa a Efi Mpanyimfo Hɔ

18. Sɛ Kristoni bi bɔne ama ɔyare wɔ honhom mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

18 Na sɛ Kristoni te nka sɛ ɔmfata sɛ ɔkɔ so tra honhom mu paradise no mu anaasɛ ontumi mmmɔ mpae efisɛ ne bɔne ama ɔyare wɔ honhom mu nso ɛ? Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa] din mu. Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na [Yehowa] bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no.” Yiw, asafo no mu mpanyimfo betumi ne wɔn yɔnko gyidini a wanu ne ho abɔ mpae wɔ ɔkwan a etu mpɔn so, na wɔabɔ mpae nso ama no, a wɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛsan anya honhom mu akwahosan pa.​—Yakobo 5:14-16.

19. Sɛ wɔatu obi a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wɔde ne bɔne afiri no ma wɔasan agye no?

19 Sɛ asenni boayikuw bi tu ɔbɔnefo bi a wankyerɛ ahonu mpo a, ɛno nkyerɛ ankasa sɛ wayɛ bɔne a wɔmfa mfiri. Nanso, sɛ wɔde befiri no na wɔasan agye no a, ɛsɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara ahorow so, na ɔsow aba a ɛfata adwensakra, na obisa mpanyimfo no ma wɔsan gye no. Bere a wotuu aguaman bi fii tete Korinto asafo no mu akyi no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Anim a mo mu bebree no aka saa onipa no dɔɔ no so, enti afei momfa mfiri na monkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no. Enti mitu mo fo sɛ munyi ɔdɔ adi nkyerɛ no.”​—2 Korintofo 2:6-8; 1 Korintofo 5:1-13.

Onyankopɔn Ma Ahoɔden

20, 21. Dɛn na ebetumi aboa obi a ɔredwen sɛ ebia wayɛ bɔne a wɔmfa mfiri no?

20 Sɛ nneɛma te sɛ apɔwmuden a wunni anaasɛ haw a woahaw no ma wudwennwene sɛ woayɛ bɔne a wɔmfa mfiri a, ahomegye ne nna a ɛfata betumi aboa wo. Nanso, ne titiriw no, ɛsɛ sɛ wokae Petro nsɛm yi: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.” Na mma Satan mmmu w’abam da, efisɛ Petro ka kaa ho sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo Bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu. Na ɔdom nyinaa Nyankopɔn, . . . ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma no ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso.”​—1 Petro 5:6-10.

21 Enti sɛ woanu wo ho nanso wusuro sɛ woayɛ bɔne a wɔmfa mfiri a, kae sɛ Onyankopɔn akwan ye nyansa, ɛteɛ, na ɔdɔ wom. Enti, bɔ no mpae wɔ gyidi mu. Kɔ so di honhom fam aduan a ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma no. (Mateo 24:45-47) Wo ne wo mfɛfo gyidifo mmɔ, na yɛ Kristofo som adwuma no bi daa. Eyi bɛhyɛ wo gyidi den, na ama woade wo ho afi ehu biara a aka wo sɛ ebia Onyankopɔn mfaa wo bɔne mfirii wo no ho.

22. Dɛn na edi hɔ a yebesusuw ho?

22 Honhom mu paradise no mufo betumi anya awerɛkyekye bere a wonim sɛ Yehowa de firi pii no. Nanso, wohyia sɔhwɛ ahorow wɔ wɔn asetra mu nnɛ. Ebia wɔredi awerɛhow esiane sɛ wɔn dɔfo bi awu anaa wɔn adamfo bi a wɔdɔ no yare denneennen nti. Sɛnea yebehu no, Yehowa boa ne nkurɔfo wɔ eyi ne tebea afoforo mu, na ɔnam ne honhom kronkron no so kyerɛ wɔn kwan.

Wubebua Dɛn?

◻ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ‘de firi pii’?

◻ Bɔne bɛn na wɔmfa mfiri?

◻ Tebea horow bɛn mu na wɔde obi bɔne firi no?

◻ Dɛn nti na nnebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho betumi anya Onyankopɔn fafiri mu ahotoso?

◻ Mmoa bɛn no ɛwɔ hɔ ma nnebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho no?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So wunim nea enti a wɔde Dawid ne Petro bɔne firii wɔn nanso wɔamfa Yuda Iskariot de amfiri no no?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Mmoa a asafo mu mpanyimfo de bɛma no betumi ayɛ pii de aboa Kristoni wɔ honhom mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena