Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/15 kr. 30-31
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Awoda A Wodi—Ɛyɛɛ Dɛn Na Efii Ase?
    Nyan!—1982
  • Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Awoda?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • So Apontow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/15 kr. 30-31

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Yehowa Adansefo pii kae wɔn ayeforohyia, afe afe. Awodadi nso yɛ biribi a obi de kae da a wɔwoo no. Ɛnde dɛn nti na wɔkae ayeforohyia nanso wonni awoda?

Sɛ yɛde asɛm no bɛto ne kwan mu a, ɛho nhia ankasa sɛ Kristoni kae emu biara. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ nneɛma abien no nyinaa yɛ pɛ, anaasɛ ɛsɛ sɛ Kristofo bu biako no (ayeforohyia da a wɔkae) sɛ ɛne awodadi yɛ ade koro.

Sɛnea yɛakyerɛ no, yebetumi aka sɛ abien no nyinaa yɛ nkaeda efisɛ “nkaeda” yɛ ‘da a ɛhyɛ biribi agyirae a esi afe afe.’ Ebetumi ayɛ adeyɛ biara ho nkaeda—da a wunyaa kar akwanhyia bi, da a bosome kyeree owia, da a wo ne w’abusua koguaree nsu, ne nea ɛkeka ho. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ “nkaeda” nyinaa na Kristofo bu no sɛ da titiriw anaa wɔto ho pon de hyɛ ho fã. Ɛsɛ sɛ obi susuw dekode a esii ho na wahu nea ɛfata sɛ ɔyɛ.

Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn hyɛɛ da maa Israelfo no ahyɛde sɛ wɔnhyɛ da a ne bɔfo betwaam wɔ Israelfo no afie wɔ Misraim ne akwantu a edii akyi bae wɔ 1513 A.Y.B. no ho fã afe afe. (Exodus 12:14) Bere a akyiri yi, Yudafo, a na Yesu nso ka ho, dii saa asɛm no nkaeda no, wɔyɛ de tiee Nyankopɔn akwankyerɛ, a wɔamfa aponto ne nneɛma kyekyɛ anka ho. Afei nso na Yudafo no bu asɔrefie no a wɔsan hyiraa so no sɛ afahyɛ titiriw. Ɛwom, wɔamfa ahyɛde amma wɔ Bible mu sɛ wonni saa nkaedi titiriw yi de, nanso Yohane 10:22, 23 ma yehu sɛ Yesu ankasa antia adeyɛ no. Nea etwa to no, Kristofo wɔ nhyiam titiriw bi a wɔyɛ de kae Yesu wu. Nokwasɛm ne sɛ, wɔyɛ eyi de di ahyɛde bi a yehu no pefee wɔ Onyankopɔn Asɛm mu so.—Luka 22:19, 20.

Na ayeforohyia da a wɔkae nso ɛ? Wɔ aman bi so no, ɛnyɛ nã sɛ wubehu ɔbarima ne ne yere sɛ wɔrekae da a wɔbɛyɛɛ awarefo, ade a Onyankopɔn na ahyehyɛ. (Genesis 2:18-24; Mateo 19:4-6) Yenim sɛ Bible no nka aware ho asɛmmɔne. Yesu kɔɔ ayeforohyia bi ase, na ɔboa maa ase yɛɛ anigye nso.—Yohane 2:1-11.

Enti ɛrenyɛ nwonwa sɛ awarefo bi begye bere akae wɔn ayeforohyia da de asusuw anigye a saa da no yɛ ne wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛma aware no ayɛ anigye no ho. Sɛ́ wɔn nkutoo behyia adwennwen saa anigye da yi ho sɛ awarefo anaa wɔbɛto nsa afrɛ abusuafo anaa wɔn nnamfo a wɔbɛn wɔn no kakra abɛka wɔn ho no yɛ wɔn ankasa asɛm. Ɛnsɛ sɛ wɔma adeyɛ no bɛyɛ hokwan kɛkɛ a wɔde to pon kɛse. Nnyinasosɛm ahorow a Kristofo de di dwuma da biara wɔ wɔn asetram no na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ wɔn kwan saa da no. Enti sɛ́ obi bɛkae n’ayeforohyia da anaa ɔnkae no yɛ n’ankasa asɛm.—Romafo 13:13, 14.

Na ɛdefa awoda a wɔhyɛ da hyɛ ho fã ho nso ɛ? So yɛwɔ biribi wɔ Bible mu a ɛka nkaeda a ɛte saa ho asɛm anaa?

Wiɛ, afeha yi mfiase mu hɔ no, na Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, di wɔn awoda. Na wɔn mu pii kura nhoma ketewa bi a wɔfrɛ no Daily Heavenly Manna. Ná Bible asɛm ma da biara da wom, na na Kristofo pii de wɔn mfɛfo Bible Asuafo mfonini nketenkete tetare nkratafa a na wɔn awoda wɔ no. Afei nso February 15, 1909, Engiresi Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Jacksonville, Florida, U.S.A., ase no, nkurɔfo dii Onua Russell a saa bere no na ɔyɛ Asafo no titrani anim kɔɔ asɛnka agua no so. Adɛn ntia? Wɔkɔmaa no nnaka bi a ankaa, aborɔbɛ ne akutu wom sɛ n’awoda akyɛde bere a na ɔnhwɛ kwan. Ɛno ma yehu sɛnea na tebea no te wɔ bere bi a atwam no. Bere a yɛreka saa nna no ho asɛm no, kae sɛ saa bere no ná Bible Asuafo no hyɛ December 25 nso ho fã sɛ Yesu awoda. Ná wɔtaa yɛ Buronya anwummeduan mpo wɔ Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ.

Nanso, efi saa bere no, Onyankopɔn nkurɔfo anya honhom mu nkɔso wɔ akwan pii so. Wɔ 1920 mfe no mu no, nokware no ho hann hyerɛn kɛse ma wobehuu nea edidi so yi:

Wɔanwo Yesu December 25, ɛda a efi abosonsom mu. Bible no ma yɛn ahyɛde sɛ yɛnkae Yesu wuda, ɛnyɛ n’awoda anaa obi foforo biara awoda. Saa a yɛbɛyɛ no ne Ɔsɛnkafo 7:1 hyia, na ɛfoa nokwasɛm no so sɛ sɛnea ɔnokwafo bi bra bewie no ho hia sen n’awoda. Bible no nni kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛ nokware somfo bi dii n’awoda. Ekura kyerɛwtohɔ a ɛfa abosonsomfo a wodii wɔn awoda ho, na ɛka atirimɔdensɛm a wodii no saa nna no ho asɛm. Momma yɛnhwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ saa awodadi ahorow no ase.

Nea edi kan ne Farao a ɔtraa ase wɔ Yosef bere so no awoda. (Genesis 40:20-23) Ɛdefa eyi ho no, awoda ho asɛm a ɛwɔ Hastings Encyclopædia of Religion and Ethics mu no nnianim asɛm ka sɛ: “Awoda a wɔkae ho nhyehyɛe no gyina mmerebu so, na emu nneyɛe no bata nyamesom nnyinasosɛm ahorow bi ho.” Akyiri yi, nhoma no fa tete Misraim nneɛma ho nhwehwɛmufo Sir J. Gardner Wilkinson asɛm bi a ɔkyerɛwee ka sɛ: “Ná ɛda ne dɔn mpo a wɔwo Misrini biara hia no paa; na ebetumi aba sɛ sɛnea na ɛkɔ so wɔ Persia no, na obiara de ahosɛpɛw kɛse di n’awoda, to nsa frɛ ne nnamfo de asetram anikade nyinaa gye wɔn ani, ma aduan nso bu so kɛse.”

Awodadi foforo a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu ne Herode de no, na ɛhɔ na wotwaa Osuboni Yohane ti. (Mateo 14:6-10) The International Standard Bible Encyclopedia (1979 de no) de nkyerɛkyerɛmu yi ma sɛ: “Helafo a wɔtraa ase ansa na Hela Ahemman no resɔre no dii anyame ne nnipa atitiriw awoda. Wɔde Hela asɛmfua genéthlia na egyinaa hɔ maa afahyɛ ahorow yi, ɛna wɔde genésia gyinaa hɔ maa afahyɛ a wɔde kae otitiriw bi a wawu awoda. Wɔ 2 Macc[abees] 6:7 no, wɔka Antiochus IV genéthlia a na wɔyɛ no ɔsram biara no ho asɛm sɛ saa bere no na wɔhyɛ Yudafo no ma ‘wonya afɔrebɔ ahorow no mu kyɛfa.’ . . . Bere a Herode dii n’awoda no, Helafo amammerɛ akyi na na ɔredi; adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na wodi awoda wɔ Israel ansa na Hela Ahemman no resɔre.”

Ampa, ɛnnɛ nokware Kristofo nhaw wɔn ho nhwehwɛ baabi a adeyɛ anaa afahyɛ biara fi ne sɛnea ebia ɛbata tete nyamesom ho, nanso wommu wɔn ani ngu adanse pefee a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so. Emu bi ne sɛ abosonsomfo awodadi nkutoo na ɛwɔ Bible kyerɛwtohɔ mu, na wodii atirimɔdensɛm wɔ ase. Enti, ɛda adi pefee sɛ Kyerɛwnsɛm no nka awodadi ho asɛmpa, na Kristofo komapafo mmu wɔn ani ngu saa nokwasɛm no so.

Ne saa nti, bere a sɛ Kristofo pɛ a wobetumi akae wɔn ayeforohyia no, ntease pa bi wɔ hɔ a enti Kristofo a wɔn ho akokwaw nni wɔn awoda.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena