Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 52 kr. 128-kr. 129 nky. 7
  • Ɔde Paanoo ne Mpataa Kakraa Bi Maa Mpempem Dii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔde Paanoo ne Mpataa Kakraa Bi Maa Mpempem Dii
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yesu Ma Nnipa Pii Aduan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔmaa Nnipa Pii Paanoo na Ɔbɔɔ Asuafo no Kɔkɔ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Abodoo ne Mmɔkaw No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 52 kr. 128-kr. 129 nky. 7
Yesu abubu paanoo nnum ne mpataa mmienu mu de ama n’asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma nkurɔfo

TI 52

Ɔde Paanoo ne Mpataa Kakraa Bi Maa Mpempem Dii

MATEO 14:13-21 MARKO 6:30-44 LUKA 9:10-17 YOHANE 6:1-13

  • YESU MAA MMARIMA 5,000 ADUANE

Bere a asomafo 12 no kɔkaa asɛm no wɔ Galilea mpɔtam hɔ no, wɔn ani gyei paa. Enti wɔbɛkaa “deɛ wɔayɛ na wɔakyerɛkyerɛ nyinaa” ho asɛm kyerɛɛ Yesu. Ná wɔabrɛ, na wɔannya bere mpo annidi, efisɛ na nkurɔfo redi hɔ akɔneaba. Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.”​—Marko 6:​30, 31.

Wɔkɔforoo korow wɔ Kapernaum mpɔtam hɔ baabi de wɔn ani kyerɛɛ Yordan Asubɔnten no nifa so, na wɔtwaam Betsaida kɔɔ baabi a atew ne ho. Nanso wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn, na ebinom nso tee ho asɛm. Enti wɔtuu mmirika faa mpoano kɔhyiaa wɔn. Yesu ne n’asuafo no duu hɔ no, na nkurɔfo no wɔ hɔ dada.

Yesu sii asase so a ɔhuu nnipakuw no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔgu hɔ te sɛ nnwan a wɔnni hwɛfo. Enti “ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii” faa Ahenni no ho. (Marko 6:​34) Afei “ɔsaa wɔn a wɔhia ayaresa no yareɛ.” (Luka 9:​11) Ɛrekɔ anwummere no, asuafo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɛha ate ne ho na afei adeɛ resa; gya nnipa no kwan na ama wɔatumi akɔ nkuraa no ase akɔtɔ biribi adi.”​—Mateo 14:15.

Yesu kaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ: momma wɔn biribi nni.” (Mateo 14:​16) Ná Yesu nim nea ɔrebɛyɛ, nanso ɔhyɛɛ da bisaa Filipo sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adie?” Ná Filipo fi Betsaida, na ɛhɔ baabi nso na na wɔwɔ. Ɛno nti na Filipo na ɔbisaa no saa asɛm no. Ná mmarima 5,000 na wɔwɔ hɔ, enti wɔbɛyɛ dɛn atɔ paanoo ama wɔn nyinaa adi? Sɛ yɛde mmaa ne nkwadaa ka ho deɛ a, ɛnde na nnipa no dodow rekeka kɔ mpem du. Enti Filipo yii Yesu ano sɛ: “Paanoo denare [saa bere no, na ɔpaani dakoro akatua yɛ denare baako] ahanu rensõ sɛ obiara bɛnya kakraa bi mpo.”​—Yohane 6:​5-7.

Yesu ne abofra a ɔwɔ paanoo nnum ne mpataa mmienu no rekasa

Ɛbɛyɛ sɛ na Andrea pɛ sɛ ɔka biribi ma Yesu hu sɛ ɛnyɛ ade a wɔbɛtumi ama nnipa dodow no nyinaa aduane adi. Ɔkaa sɛ: “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu. Nanso yei bɛyɛ nnipa bebrebe yi dɛn?”​—Yohane 6:9.

Saa bere no, na aka kakra ama afe 32 Twam afahyɛ no adu so. Ná ɛyɛ osutɔbere, na na sare mono afifi bepɔ no so kama. Yesu maa n’asuafo no ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔnkyekyɛ wɔn mu aduonum aduonum ne ɔha ɔha na wɔntenatena ase. Afei Yesu faa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔdaa Onyankopɔn ase. Ɔbubuu paanoo no mu, na ɔkyekyɛɛ mpataa no nso mu. Yesu wiei no, ɔde maa n’asuafo no ma wɔkyekyɛ maa nkurɔfo no. Anwonwasɛm! Obiara nyaa bi di mee.

Wɔdidi wiei no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommoaboa deɛ aka aseɛ no ano na biribiara ansɛe kwa.” (Yohane 6:​12) Bere a wɔboaboaa ano no, wɔnyaa paanoo nkɛntɛn 12!

  • Adɛn nti na na Yesu pɛ sɛ n’asomafo no kɔhyɛ baabi kakra?

  • Ɛhe na Yesu ne n’asuafo no kɔe? Dɛn na ɛsii wɔ hɔ?

  • Dɛn na Yesu asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ? Dɛn na Yesu yɛ maa nkurɔfo no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena