Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 5/1 kr. 8-9
  • Yesu De Ahobrɛase ho Asuade Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu De Ahobrɛase ho Asuade Ma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahobrɛase Ho Asuade Kɛse
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yehowa Som Ho Mmɔdenbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Hwan Ne Onipa Ba No?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 5/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yesu De Ahobrɛase ho Asuade Ma

BERE a Yesu asa abarimaa bi a ahonhommɔne wɔ no so yare wɔ ɔmansin a ɛbɛn Kaesarea a ɛwɔ Filipi akyi no, na ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ fie wɔ Kapernaum. Nanso, na ɔpɛ sɛ ɔne n’asuafo no nkutoo kɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so asiesie wɔn ama ne wu ne wɔn asɛyɛde ahorow wɔ ne wu akyi. Ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ: “Wɔrebeyi onipa ba no akɔhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no, obenyan.”

Ɛwom sɛ na Yesu adi kan aka eyi ho asɛm, na asomafo baasa huu n’ahoyi no ankasa a wɔkaa ne “kɔ” ho asɛm wom no de, nanso na n’akyidifo nte asɛm no ase ara. Ɛwom sɛ wɔn mu biara ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛpow sɛ wobekum Yesu sɛnea Petro yɛe no de, nanso na wosuro sɛ wobebisa ho asɛm bio.

Awiei koraa no, wɔba Kapernaum a ayɛ te sɛ fie wɔ Yesu ɔsom adwuma no mu no. Ɛyɛ Petro ne asomafo no afoforo bi kurom. Mmarima a wogyigye asɔrefi tow no baa Petro nkyɛn wɔ hɔ. Esiane sɛ ebia na wɔpɛ sɛ wɔma Yesu yɛ amanne bi a wogye tom nti, wobisa sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfo nyi drakma abien [asɔrefi] tow no anaa?”

Petro bua sɛ: “Yiw.”

Na Yesu a ebia obeduu fie hɔ nkyɛɛ ahe biara no nim nea asi no. Enti ansa na Petro bɛka asɛm no mpo no, Yesu bisa sɛ: “Simon, wudwen ho dɛn? Hefo nkyɛn na asase so ahene gyigye amanne anaa ɔtow? Wɔn mma anaa ananafo nkyɛn?” Petro bua sɛ: “Ananafo nkyɛn.” Yesu ka sɛ: “Ɛnde na mma no de wɔn ho.” Esiane sɛ Yesu Agya ne amansan no Hene, Onii a wɔsom no wɔ asɔrefi hɔ no nti, ɛnyɛ nea mmara hwehwɛ fi Onyankopɔn Ba no nkyɛn sɛ ontua asɔrefi tow. Yesu ka sɛ: “Nanso nea ɛbɛyɛ na yɛanto wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona [drakma anan] wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.”

Bere a asuafo no hyiam, ebia wɔ Petro fie wɔ bere a wɔasan akɔ Kapernaum no, wobisa sɛ: “Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu?” Yesu nim nea ɛma wobisa saa asɛm no esiane sɛ na onim nea na ɛrekɔ so wɔ wɔn mu bere a na wɔrefi Kaesarea a ɛwɔ Filipi asan aba a wɔredi n’akyi no nti. Enti obisa sɛ: “Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no?” Esiane sɛ asuafo no ani awu nti, wɔyɛ komm efisɛ na wɔregye nea ɔyɛ kɛse ho akyinnye.

Wɔ bɛyɛ mfe abiɛsa a Yesu de akyerɛkyerɛ wɔn akyi no, so ɛnyɛ nwonwa sɛ asuafo no gye akyinnye? Wiɛ, ɛda nkɛntɛnso a emu yɛ den a pɛ a adesamma nyɛ ne wɔn kan nyamesom wɔ no adi. Yudafo nyamesom a wɔtetee asuafo no wom no sii dibea so dua wɔ biribiara mu, Bio nso, ebia Petro tee nka sɛ ɔkorɔn sen wɔn esiane Yesu bɔhyɛ a ɛne sɛ wɔde Ahenni no “nsafe” bɛma no nti. Ebia na Yakobo ne Yohane nso kura nsusuwii a ɛte saa ara esiane sɛ wohuu Yesu ahoyi no nti. Sɛnea asɛm no te biara no, Yesu yɛ ɔyɛkyerɛ bi a ɛka koma de bɔ mmɔden sɛ obesiesie wɔn su ahorow no. Ɔfrɛ abofra bi, ɔde no gyina wɔn mfinimfini, ɔso no mu na ɔka sɛ: “Moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofraa yi no, ɔno ara ne ɔkɛse ɔsoro ahenni no mu. Na obiara a obegye abofraa a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me.”

Hwɛ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a ɔfaa so teɛɛ n’asuafo no so! Yesu bo amfuw wɔn na wamfrɛ wɔn ahantanfo, adifudepɛfo, anaasɛ aniberefo. Dabi, mmom no ɔyɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɔnam so de nteɛso ma no ho mfatoho denam mmofra a wɔbrɛ wɔn ho ase, wɔnyɛ aniberefo na mpɛn pii wonsusuw dibea ho no so. Enti Yesu kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ n’asuafo no nya su horow koro no ara a mmofra a wɔbrɛ wɔn ho ase no da no adi no bi. Sɛnea Yesu de ba awiei no: “Nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.” Mateo 17:22-27; 18:1-5; Marko 9:30-37; Luka 9:43-48.

◆ Bere a wɔsan baa Kapernaum no, nkyerɛkyerɛ bɛn na Yesu tĩ mu, na wogye wɔ ɔkwan bɛn so?

◆ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yesu tua asɔrefi tow no, nanso dɛn nti na otuae?

◆ Dɛn na ebia ɛmaa asuafo no gyee akyinnye, na ɔkwan bɛn so na Yesu teɛɛ wɔn so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena