Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf ti 3 kr. 25-34
  • “Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ofi Bere Tenten Ada Ahobrɛase Adi
  • Sɛnea Yesu Brɛɛ Ne Ho Ase Sɛ Onipa
  • Ɔkyerɛkyerɛɛ N’akyidifo Sɛ Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase
  • Wubesuasua Yesu Nhwɛso No Anaa?
  • Yesu Ahobrɛase Yɛ Nhwɛsode Ma Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nya Ahobrɛase Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wohyɛ Ahobrɛase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ahobrɛase Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
“Bra Bedi M’akyi”
cf ti 3 kr. 25-34

TI 3

“Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”

Yesu te afurum ba so, ɛnna nkurɔfo kurakura berɛw gyinagyina kwankyɛn, na wɔrebɔ gye ne so. Ebinom nso de wɔn ntaade nguguso ne berɛw sesɛw kwan no mu.

“Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn”

1-3. Sɛn na Yesu wuraa Yerusalem? Nea Yesu yɛe no, ɛyɛɛ ebinom a na wɔka nnipadɔm a wɔrehwɛ Yesu kwan no ho no nwanwa. Adɛn ntia?

NÁ YERUSALEM ayɛ bagyabagya. Ná onipa titiriw bi reba kurow no mu! Nkurɔfo pue fii kurow no mu kogyinagyinaa kwan ho. Ná wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbegye ɔbarima yi fɛw so, efisɛ na ebinom rekeka sɛ ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni, na ɔno na ɔfata sɛ odi Israel so. Ná wɔn mu pii kurakura berɛw de rebekyia no, na ebinom nso de wɔn ntaade nguguso asesɛw kwan mu, na na afoforo nso atwitwa nnua mmaa de agugu kwan no mu. (Mateo 21:7, 8; Yohane 12:12, 13) Ɛbɛyɛ sɛ na nnipa pii ntumi nhu sɛnea obewura kurow no mu.

2 Ebia na ebinom rehwɛ kwan sɛ obewura kurow no mu te sɛ ɔbirɛmpɔn bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔnim nnipa atitiriw bi a wɔwuraa kurow no mu saa. Sɛ nhwɛso no, bere a Dawid ba Absalom sii ne ho hene no, ɔmaa mmarima 50 tuu mmirika dii ne teaseɛnam anim. (2 Samuel 15:1, 10) Roma sodifo Julius Caesar mpo de, ɔma wɔyɛɛ biribi a ɛsen saa koraa. Bere bi a odii nkonim na ɔresan akɔ Roma ahemman no nhyiambea kɛse no, na asono 40 soso nkanea didi ne benkum ne ne nifa so! Nanso saa da yi de, na Yerusalemfo retwɛn onipa titiriw bi a ɔsen saa koraa. Ebia na ɛnyɛ nnipadɔm no nyinaa na wɔnim sɛ ɔbarima a ɔreba no ne Mesia no, nanso sɛ wonim oo, sɛ wɔnnim oo, ɔno na na ɔyɛ Mesia no, onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn. Enti bere a onipa a ɔbɛyɛ Ɔhene daakye yi wuraa kurow no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ nnipa pii nwanwa.

3 Bere a Yesu wuraa kurow no mu no, na ɔnte teaseɛnam mu. Ná ammirikatufo biara nni n’anim, na na apɔnkɔ mpo nni n’anim na kampɛsɛ asono abedi ne nkyɛnmu. Mmom, wannya aboa biara so antena sɛ afurum. Afurum nso de, nneɛma na na wɔtaa de wɔn soa.a Ná ɔnhyehyɛɛ ne ho kɔsɔɔ, saa ara nso na na wɔmfaa nneɛma aboɔden nhyehyɛɛ aboa no. Nneɛma a wɔde too aboa no so ma ɔtenaa so no nso a, na ɛnyɛ aboa nhoma a ne bo yɛ den. Mmom, ntama bi na na Yesu akyidifo a wɔbɛn no paa no de asɛw aboa no so. Adɛn nti na Yesu faa ɔkwan a ɛba fam sei so wuraa Yerusalem bere a mmarima bi a wɔba fam koraa sen no mpo yɛɛ wɔn ade kuntann maa nnipa bɔ gyee wɔn so?

4. Sɛnea Mesia Ahenni no so Hene no bewura Yerusalem no, dɛn na Bible ka faa ho?

4 Ná Yesu rema nkɔmhyɛ yi aba mu: “Ma w’ani nnye paa. O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose. Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni, na ɔde nkwagye reba, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔte afurum so.” (Sakaria 9:9) Nkɔmhyɛ yi ma yehu sɛ, na da bi bɛba a Mesia a Onyankopɔn asra no no beyi ne ho adi akyerɛ Yerusalemfo sɛ Ɔhene a Onyankopɔn apaw no. Afei nso, sɛnea obewura kurow no mu de ayi ne ho adi, ne aboa a ɔbɛtena ne so no, na ɛbɛma yɛahu suban kamakama bi wɔ ne ho. Saa suban no ne ahobrɛase.

5. Adɛn nti na Yesu ahobrɛase no ka yɛn koma paa, na adɛn nti na ehia paa sɛ yesuasua Yesu ahobrɛase no?

5 Yesu suban pii a ɛtwe yɛn bɛn no no, ahobrɛase ka ho. Sɛ yedwinnwen Yesu ahobrɛase no ho a, ɛka yɛn koma paa. Yehui wɔ Ti 2 sɛ Yesu nko ara ne “ɔkwan no, ne nokware no, ne nkwa no.” (Yohane 14:6) Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa ɔpepepem pii a wɔatena asaase so no, Onyankopɔn Ba no ne obi a ne ho hia paa. Nanso Yesu anyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔma ne ho so, ɔyɛ ahantan anaasɛ obu ne ho dodo, sɛnea nnipa a wɔnyɛ pɛ taa yɛ no. Sɛ yebetumi akɔ so ayɛ Kristo akyidifo a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa na yɛanyɛ ahantan. (Yakobo 4:6) Kae sɛ Yehowa kyi ahantanfo. Enti ehia paa sɛ yesuasua Yesu ahobrɛase no.

Ofi Bere Tenten Ada Ahobrɛase Adi

6. Dɛn ne ahobrɛase, na Yehowa yɛɛ dɛn hui sɛ Mesia no bɛda ahobrɛase adi?

6 Yɛka sɛ obi wɔ ahobrɛase a, ɛkyerɛ sɛ ofi ne koma mu dwo, na ɔnyɛ ahantan anaa dwae. Ahobrɛase yɛ suban a efi ase wɔ onipa koma mu, na ɛda adi wɔ ne kasa, ne nneyɛe, ne sɛnea ɔyɛ nkurɔfo no mu. Yehowa yɛɛ dɛn hui sɛ Mesia no bɛda ahobrɛase adi? Ná Yehowa nim sɛ, sɛnea ɔno ankasa brɛ ne ho ase paa no, ne Ba no asuasua. (Yohane 10:15) Afei nso, na ne Ba no ada ahobrɛase adi dedaw ama wahu. Ɔkwan bɛn so?

7-9. (a) Bere a Mikael ne Satan redi anobaabae no, dɛn na Mikael yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ ahobrɛase? (b) Dɛn na Kristofo betumi ayɛ de asuasua Mikael ahobrɛase no?

7 Yuda nhoma no ma yɛn wei ho nhwɛso. Ɛka sɛ: “Bere a ɔbɔfo panyin Mikael ne Ɔbonsam redi akameakame ne anobaabae wɔ Mose amu ho no, wamfa ne pɛ ankasa antia no ammu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: “Yehowa nka w’anim.’” (Yuda 9) Ná Yesu yɛ ɔbɔfo panyin anaa Yehowa soro abɔfodɔm no so panyin, na ansa na Yesu reba asaase so no, na wɔfrɛ no Mikael, na bere a ɔkɔɔ soro no nso, saa ara na wɔfrɛɛ no.b (1 Tesalonikafo 4:16) Nanso, hyɛ sɛnea Mikael yɛɛ n’ade bere a na ɔne Satan redi anobaabae no nsow.

8 Yuda nhoma no nkyerɛ nea na Satan pɛ sɛ ɔde Mose amu no yɛ, nanso yebetumi aka sɛ na Ɔbonsam wɔ adwemmɔne bi. Ebia na ɔpɛ sɛ nnipa de ɔbarima nokwafo no amu fi abosonsom ase. Ɛwom sɛ Mikael amma Satan kwan amma wanyɛ adebɔne a na wabɔ ho pɔ no, nanso wanyɛ ade antra so. Nea Satan yɛe no, na ɛfata sɛ Mikael twiw n’anim, nanso bere a na ɔne Satan redi anobaabae no, na wɔmfaa “atemmu nyinaa” nhyɛɛ Mikael nsa. Enti, ohui sɛ Yehowa Nyankopɔn nko ara na ɔfata sɛ obu saa atɛn no. (Yohane 5:22) Esiane sɛ Mikael yɛ ɔbɔfo panyin nti, na ɔwɔ tumi kɛse paa. Nanso ofi ahobrɛase mu gyaw asɛm no maa Yehowa, na wanyɛ biribi a onni hokwan sɛ ɔyɛ. N’ahobrɛase nti, na onim baabi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ade kodu, na wantra hye.

9 Biribi nti na Onyankopɔn maa Yuda kyerɛw saa asɛm no. Awerɛhosɛm ne sɛ, na Kristofo binom a wɔwɔ Yuda bere so mmrɛ wɔn ho ase. Wɔn ahomaso nti, ‘nneɛma a wɔnte ase nyinaa, na wɔka ho asɛmmɔne.’ (Yuda 10) Yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho, enti ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ ahantan. Sɛ wɔyɛ biribi wɔ Kristofo asafo no mu, te sɛ ebia asafo mu mpanyimfo si gyinae bi, na yɛnte ase a, sɛn na yɛyɛ yɛn ade? Sɛ yɛkeka gyinaesi no ho nsɛm bere a yennim nea ɛma wɔsii saa gyinae no a, wohwɛ a yebetumi aka sɛ yɛwɔ ahobrɛase anaa? Momma yensuasua Mikael anaa Yesu. Nneɛma a Onyankopɔn mmaa yɛn kwan sɛ yemmu ho atɛn no, momma yennyae ɛho atemmu no mma Yehowa.

10, 11. (a) Sɛnea Onyankopɔn Ba no penee so baa asaase so no, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ ɔbrɛ ne ho ase? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu ahobrɛase no?

10 Onyankopɔn Ba no san daa ahobrɛase adi bere a ɔpenee so sɛ ɔbɛba asaase so no. Wo de, susuw nea ogyaw hɔ ansa na ɔreba asaase so no ho hwɛ. Ná ɔyɛ ɔbɔfo panyin. Afei nso, na ɔyɛ “Asɛm no,” kyerɛ sɛ, Yehowa ankasa Kasamafo. (Yohane 1:1-3) Yehowa “tenabea kronkron a ɛwɔ anuonyam,” anaa ɔsoro na na Yesu te. (Yesaia 63:15) Nanso, “[Yesu penee] so maa biribiara fii ne nsa, na ɔfaa akoa tebea bɛyɛɛ onipa.” (Filipifo 2:7) Susuw adwuma a na ɔrebɛyɛ wɔ asaase so no ho hwɛ! Wɔde ne nkwa bɛhyɛɛ Yudani bea bi a na ɔyɛ ɔbaabun yam, na ɔhyɛɛ hɔ abosome nkron kosii sɛ wɔwoo no sɛ onipa ba. Wɔwoo no too kapentani hiani bi abusua mu. Ahyɛase no, na ɔyɛ akokoaa a ontumi nyɛ hwee, ɛnna ɔbɛyɛɛ abarimaa, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ aberante. Ɛwom sɛ na bɔne nni ne ho de, nanso ne mmerantebere mu nyinaa ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ n’awofo a na bɔne wɔ wɔn ho no ase. (Luka 2:40, 51, 52) Saa ahobrɛase wei de, ɛyɛ adutwam!

11 Yɛn nso ɛ? Yebetumi asuasua Yesu ahobrɛase no na yɛayɛ nnwuma bi a nkurɔfo adwene yɛ wɔn sɛ ɛba fam no anaa? Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔama yɛn adwuma sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, nanso sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo na wɔbu yɛn animtiaa, wɔdi yɛn ho fɛw, anaa wɔtan yɛn ani a, ebetumi ama yɛate nka sɛ saa adwuma yi ba fam. (Mateo 28:19, 20) Nanso sɛ yemia yɛn ani yɛ adwuma yi a, yebetumi aboa ama nkurɔfo anya nkwa. Sɛ amma saa mpo a, ɛbɛma yɛasua ahobrɛase yiye, na yɛadi yɛn Wura, Yesu Kristo anammɔn akyi.

Sɛnea Yesu Brɛɛ Ne Ho Ase Sɛ Onipa

12-14. (a) Bere a nkurɔfo kamfoo Yesu no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase? (b) Sɛn na Yesu ne afoforo dii a ɛma yehu sɛ na ɔwɔ ahobrɛase? (d) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu ahobrɛase no nyɛ nnipa ani so kɛkɛ?

12 Efi bere a Yesu fii ne som adwuma ase wɔ asaase so kosi bere a owiei no, ɔdaa ahobrɛase adi bere nyinaa. Bere a nkurɔfo hyɛɛ no anuonyam no, ɔde ayeyi ne anuonyam no nyinaa maa n’Agya. Ɛno kyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase. Nsɛm a aba wom a Yesu kae, tumi a ɔde yɛɛ anwanwade, ne sɛnea na ɔyɛ nipa pa nti, na nkurɔfo taa hyɛ no anuonyam. Nanso emu biara nni hɔ a Yesu gyee ho anuonyam fae. Mmom ɔde ne nyinaa maa Yehowa.—Marko 10:17, 18; Yohane 7:15, 16.

13 Sɛnea na Yesu ne nkurɔfo di no ma yehu sɛ na ɔwɔ ahobrɛase. Nokwasɛm ne sɛ, ɔmaa obiara hui sɛ, wamma asaase so sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsom afoforo. (Mateo 20:28) Sɛ ɔne nkurɔfo redi a, na wuhu sɛ odwo, na ɔte wɔn ase nso. Wei ma yehu sɛ na ɔwɔ ahobrɛase. Bere a n’akyidifo dii no huammɔ no, wamfa abufuw antwiw wɔn anim. Mmom onyaa wɔn ho abotare boaa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ Yehowa apɛde. (Mateo 26:39-41) Ɛtɔ da a, na Yesu pɛ sɛ ɔkɔhyɛ baabi a atew ne ho na ɛhɔ yɛ komm na ɔhome, nanso wobɛhwɛ no, na nnipadɔm aba ne nkyɛn. Ɛba saa a, na Yesu mpam wɔn. Mmom, ne brɛ nyinaa akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn “nneɛma pii.” (Marko 6:30-34) Bere a ɔbea bi a ɔnyɛ Israelni kɔɔ so srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne babea yare no, mfiase no, na Yesu mpɛ sɛ ɔyɛ n’abisade no ma no. Nanso ne bo amfuw amma wankeka bi ankyerɛ ɔbea no. Mmom gyidi kɛse a ɔbea no daa no adi nti, ɔyɛɛ n’abisade no maa no. Yebesusuw ho wɔ Ti 14.—Mateo 15:22-28.

14 Nneɛma pii a Yesu yɛe ma ɛdaa adi sɛ, asɛm a na wadi kan aka afa ne ho yi yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “Midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu.” (Mateo 11:29) Ná n’ahobrɛase no nyɛ nnipa ani so de, anaa suban pa a ɔwɔ kɛkɛ. Ná efi ne koma mu tɔnn. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ na ehia Yesu paa sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ n’akyidifo ama wɔabrɛ wɔn ho ase!

Ɔkyerɛkyerɛɛ N’akyidifo Sɛ Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase

15, 16. Suban bɛn na Yesu kaa sɛ wiase atumfo wɔ, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ soronko fi nea ɔpɛ sɛ n’akyidifo nya no ho?

15 Ná ɛyɛ den ma Yesu asomafo no sɛ wɔbesua ahobrɛase. Wei nti, na ɛsɛ sɛ Yesu kyerɛ wɔn ahobrɛase mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, bere bi Yakobo ne Yohane maa wɔn maame ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Yesu fi ahobrɛase mu buae sɛ: “Me nifa ne me benkum so tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.” Asomafo du a aka no “bo fuw” Yakobo ne Yohane. (Mateo 20:20-24) Dɛn na Yesu yɛe?

16 Ɔtenee wɔn adwene, nanso wanyɛ no abufuw so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munim sɛ amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfo so sɛ awuranom, na atitiriw no de wɔn tumi hyɛ wɔn so. Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.” (Mateo 20:25-27) Ɛbɛyɛ sɛ na asomafo no ahu sɛnea “amanaman no ahemfo” no yɛ ahantan, wɔpɛ anuonyam, na wɔyɛ pɛsɛmenkominya no. Yesu yɛɛ biribi de kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔsuasua saa wiase atumfo a wɔfa akwan biara so pere tumidi no. Ná ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Asomafo no tee asɛm no ase anaa?

17-19. (a) Anadwo a Yesu rebewu no, ahobrɛase ho asuade bɛn na ɔkyerɛɛ n’asomafo no a wɔn werɛ amfi da? (b) Bere a na Yesu yɛ onipa no, ahobrɛase ho nhwɛso kɛse bɛn na ɔyɛe?

17 Ná ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn. Wei nyɛ bere a edi kan anaa bere a etwa to a Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase. Bere bi a wɔgyee nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho akyinnye no, Yesu faa abofra kumaa bi gyinaa wɔn mfinimfini, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ sɛ mmofra, efisɛ mmofra ntaa nyɛ ahantan ne anuonyampɛ, na wɔmpere dibea sɛnea mpanyimfo taa yɛ no. (Mateo 18:1-4) Nanso anadwo a Yesu rebewu no, ohui sɛ ɛda so ara yɛ den ma n’asomafo no sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase. Enti ɔmaa wɔn asuade bi a na wɔn werɛ remfi da. Ɔfaa mpopaho de bɔɔ ne mu, na ɔyɛɛ adwuma bi a na ɛba fam koraa, biribi a na nkoa a wɔwɔ hɔ saa bere no na wɔtaa yɛ ma ahɔho a wɔaba fie. Yesu hohoroo n’asomafo no biara nan ho. Ɔhohoroe ara hohoroo Yuda a na ɔrebeyi no ama no mpo nan ho!—Yohane 13:1-11.

18 Yesu boaa wɔn ma wɔhuu nea ahobrɛase kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “magyaw mo nhwɛso” no. (Yohane 13:15) Afei de, wɔtee asɛm no ase anaa? Awerɛhosɛm ne sɛ, saa da no ara anadwo wɔsan gyee nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu no ho akyinnye! (Luka 22:24-27) Ne nyinaa mu no, Yesu kɔɔ so ara nyaa wɔn ho abotare, na ofi ahobrɛase mu kyerɛkyerɛɛ wɔn. Afei ɔmaa wɔn asuade a ehia sen biara: “Ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, asɛndua so wu mu mpo.” (Filipifo 2:8) Bere a wɔbuu atɛnkyea kaa sɛ Yesu yɛ ɔdebɔneyɛfo ne busuyɛfo no, ɔpenee so wuu animguase wu. Onyankopɔn Ba no nam ne wu no so ma ɛdaa adi sɛ n’ahobrɛase di mu. Yehowa abɔde nyinaa mu no, Yesu nko ara na wada ahobrɛase a edi mu adi efi ahyɛase kosi awiei.

19 Ɛbɛyɛ sɛ ahobrɛase ho asuade a etwa to a Yesu de mae yi na ɛkaa n’asomafo anokwafo no koma paa. Bible ma yehu sɛ mfe pii akyi no, mmarima yi de ahobrɛase yɛɛ wɔn adwuma. Yɛn nso ɛ?

Wubesuasua Yesu Nhwɛso No Anaa?

20. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yefi koma mu brɛ yɛn ho ase?

20 Paul tuu yɛn mu biara fo sɛ: “Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ no bi ntena mo mu.” (Filipifo 2:5) Ɛho hia sɛ yefi koma mu brɛ yɛn ho ase sɛnea Yesu yɛe no. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase komam? Ade baako a ɛbɛboa yɛn ne asɛm a Paul kae yi: “Mommfa mansotwe anaa ahomaso nnyɛ biribiara; mmom mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filipifo 2:3) Enti adwene a yɛwɔ wɔ afoforo ho no na ɛbɛboa ama yɛahu sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ampa anaa. Ehia sɛ yebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn, na wɔn ho hia sen yɛn. Wode saa afotu no bɛyɛ adwuma anaa?

21, 22. (a) Adɛn nti na ehia sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo brɛ wɔn ho ase? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma afoforo?

21 Yesu wu akyi mfe pii no, na ɔsomafo Petro da so ara kae hia a ahobrɛase ho hia no. Petro kyerɛkyerɛɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo sɛ, wɔmfi ahobrɛase mu nni wɔn asɛde ho dwuma, na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ Yehowa nguankuw no so. (1 Petro 5:2, 3) Sɛ obi wɔ hokwan bi wɔ asafo no mu a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahantan. Mmom, bere a hokwan a obi wɔ redɔɔso no, ɛno mmom na ɛsɛ sɛ ɛma ofi ne koma mu brɛ ne ho ase kɛse. (Luka 12:48) Nanso wei nkyerɛ sɛ ahwɛfo nko ara na ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Mmom, ɛsɛ sɛ Kristoni biara brɛ ne ho ase.

22 Ɛwom sɛ na Petro mpɛ sɛ Yesu bɛhohoro ne nan ho de, nanso nea Yesu yɛɛ no saa anadwo no, ne werɛ amfi da! (Yohane 13:6-10) Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: “Obiara mmrɛ ne ho ase mma ne yɔnko.” (1 Petro 5:5) Ase hɔ asɛm no ka sɛ, obiara “mfa ahobrɛase mmɔ n’asen,” na ebetumi akyerɛ sɛnea akoa de ntama bɔ ne mu bere a ɔrebɛyɛ adwuma bi a ɛba fam no. Wei betumi ama yɛakae bere a Yesu de mpopaho bɔɔ ne mu ansa na ɔrebu nkotodwe ahohoro n’asomafo no nan ho no. Sɛ yesuasua Yesu nhwɛso no a, adwuma biara a wɔde bɛma yɛn wɔ Onyankopɔn som mu no, yɛrenka da sɛ ɛmfata yɛn; mmom yɛbɛyɛ. Sɛ yɛde ntama bɔ yɛn asen a nkurɔfo hu, na saa ara ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ yefi koma mu brɛ yɛn ho ase.

23, 24. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛrenyɛ ahantan? (b) Adwene a ɛntene a ebinom wɔ wɔ ahobrɛase ho bɛn na ti a edi hɔ no bɛboa ama yɛayi afi yɛn tirim?

23 Ahantan te sɛ awuduru. Etumi sɛe ade paa. Sɛ obi wɔ ɔdom akyɛde kamakama paa mpo na sɛ ɔyɛ ahantan a, ɔnsɛ hwee wɔ Onyankopɔn ani so. Nanso sɛ obi nnim hwee na sɛ ɔbrɛ ne ho ase a, Yehowa tumi de no yɛ adwuma paa. Sɛ yɛbɔ mmɔden di Kristo anammɔn akyi na yɛda suban pa yi adi da biara da a, mfaso a yebenya de, kɛntɛn mã. Petro kyerɛwee sɛ: “Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Otumfo Nyankopɔn ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu.” (1 Petro 5:6) Akyinnye biara nni ho sɛ, esiane sɛ Yesu brɛɛ ne ho ase koraa nti, Yehowa maa no so. Sɛ wobrɛ wo ho ase a, saa ara na yɛn Nyankopɔn no ani begye ho sɛ obehyira wo.

24 Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ebinom susuw sɛ ɔyɛ mmerɛw. Yesu nhwɛso no ma yehu sɛ adwene a ɛte saa no ntene, efisɛ na onipa biara nni hɔ a ɔbrɛ ne ho ase te sɛ ɔno, nanso na ɔwɔ akokoduru sen obiara. Ɛno na yɛbɛka ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.

a Bere a nhwehwɛmu nhoma bi reka nea esii yi ho asɛm no, ɛkyerɛɛ mu sɛ, mfurum “yɛ mmoa a wɔba fam.” Ɛka kaa ho sɛ: “Wɔn ho nyɛ hare, wɔn aso yɛ den, ahiafo na wɔtaa de wɔn yɛ adwuma, na wɔn ho nso nyɛ fɛ.”

b Sɛ wopɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Mikael ne Yesu a, hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?” Ɛwɔ “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” afã hɔ wɔ Yehowa Adansefo wɛbsaet, jw.org so.

Wobɛyɛ Dɛn Adi Yesu Akyi?

  • Sɛ ɛyɛ wo sɛ fa nea woatumi ayɛ hoahoa wo ho a, sɛn na Yesu nhwɛso no betumi aboa wo?—Mateo 12:15-19; Marko 7:35-37.

  • Ɔkwan bɛn so na wubetumi asuasua Yesu bere a woreyɛ adwuma bi a ɛba fam ama wo nuanom Kristofo no?—Yohane 21:1-13.

  • Sɛ wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wunya dibea na wudi yiye wɔ wiase yi mu a, ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no betumi aboa wo?—Yohane 6:14, 15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena