Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 10/8 kr. 21-23
  • Nuklea Ɔsɛe Da—So Bible Hyɛ H

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nuklea Ɔsɛe Da—So Bible Hyɛ H
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible Kyerɛ
  • Ɔsɛe a Efi Onyankopɔn Anaasɛ Nnipa Hɔ?
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Afi Onyankopɔn Adeyɛ No Mu?
  • Henanom Na Wobenya Nkwa Wɔ Wiase Yi Awiei No Mu?
    Nyan!—1987
  • So Onipa Bɛsɛe N’ankasa Ho Ne Asase No?
    Nyan!—1981
  • Wiase Bi a Wɔsɛee No
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 10/8 kr. 21-23

Nuklea Ɔsɛe Da​—So Bible Hyɛ Ho Nkɔm?

DABIDA! Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible se, Onyankopɔn de “asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da,” ne sɛ, “Na asase de, etim hɔ daa.”​—Dw. 104:5; Ɔsɛnk. 1:4. Hwɛ Dwom 119:90 nso.

Wɔn a wɔtwe adwene kɔ Mateo 24:3 ne 2 Petro 3:7 so no bɛka sɛ, ‘Na so Bible no nka “wiase awiei” ho asɛm, na so ɛnka sɛ wɔde “ogya” bɛsɛe asase no?’ Yesu kaa nea eyi bɛkyerɛ no ho asɛm wɔ eti koro no ara a ɛkaa “wiase awiei” ho asɛm no mu. Ɔde “wiase awiei” no bata san a ɔbɛsan aba no ho, na ose: “Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba nso bɛyɛ na [nkurɔfo no] anhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”​—Mat. 24:37, 39.

Nea Bible Kyerɛ

Enti, sɛnea Bible kyerɛ no, “wiase awiei” de bere bi a ɛte sɛ nna a edii wiase nyinaa nsuyiri a ɛbaa Noa nna no mu no anim no bɛba awiei. Dɛn na wɔsɛee no bere a saa bere no baa awiei no? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Onyankopɔn] de nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase no so.”​—2 Pet. 2:5.

Yiw, woyii nneɛma nhyehyɛe bɔne fii hɔ bere a nsuyiri bɛfaa saa “amumɔyɛfo wiase” no kɔe no. Nanso ɛda adi sɛ wɔansɛe asase no ankasa. Yɛda so ara te so. Enti yɛn bere so no “nneɛma nhyehyɛ” bɔne no na Onyakopɔn de bɛba awiei denam “amumɔyɛfo” a ɔbɛsɛe wɔn no so.

Na nkyekyem a ɛka sɛ “asase. . . . bɛhyew no nso ɛ”? (2 Pet. 3:10) So “asase” a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no kyerɛ asase no ankasa bere nyinaa anaa? Dabi. Sɛ nhwɛso no ɛka sɛ: “Na asase nyinaa yɛ ano koro ne kasa koro,” ne, “Asase nyinaa, monto dwom mma Awurade.” (Gen. 11:1; Dw. 96:1) Henanom na ‘wɔkasa’ na ‘wɔto nnwom? So ɛnyɛ nnipa?

Enti sɛ Bible no ka “asase” a wɔbɛsɛe no ho asɛm a, na ɛreka nnipa bɔne asafo a wɔbɛsɛe wɔn. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Petro ma saa asɛm titiriw yi mu da hɔ pefee no nsow: “Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.” Enti “nnipa amumɔyɛfo,” a amammui tumidifo a wodi wɔn so te sɛ “ɔsoro” no ka ho, no na wobehyia “ɔsɛe.”​—2 Pet. 3:7.

Ɔsɛe a Efi Onyankopɔn Anaasɛ Nnipa Hɔ?

Noa bere so nsuyiri a wɔasi so dua sɛ abakɔsɛm mu nokwasɛma no amma mpofirim ara kwa. Na ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ so na ɛnam bae. Ɛyɛ ade a Onyankopɔn ankasa de bae. Afei nso, ɔsɛe no ansɛe obiara kɛkɛ. Wɔansɛe nnipa pa ne abɔnefo nyinaa.

Nanso dɛn nti na Onyankopɔn maa Nsuyiri no bae? Tebea horow a ɛyɛ hu bɛn na nsuyiri no yi fii hɔ? Dɛn nti na wogyee Noa ne n’abusua? Saa nsemmisa ahorow yi ho mmuae yɛ nea yɛn ani gye ho kɛse, esiane sɛ yɛabɛn bere a Onyankopɔn bɛka ne ho bio nti.

Woyi Basabasayɛ Wiase Bi Fi Hɔ

Sɛnea Bible kyerɛ no, “na anuɔden ahyɛ” saa wiase no mu “ma.” (Gen. 6:11) Kyerɛwtohɔ no nkyerɛkyerɛ sɛnea na anuɔden no te anaa akode a wɔde dii dwuma no. Nanso wɔn a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no mu bi ne Tubal-kain, a “ɔyɛ kɔbere ne dade [a wɔde twa ade] nyinaa atomfo agya.”​—Gen. 4:22.

Nsɛm a na tete Yudafo ka no kyerɛ sɛ ɔyɛɛ akode ahorow. Rabi Rashi ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔmaa adwuma a na Kain [ne tete agya anuɔdenfo no] yɛ no nyaa nkɔso denam akode ahorow a ɔyɛ maa awudifo no so.” Abakɔsɛm Kyerɛwfo Josephus nso daa adwene a ɛte saa ara adi wɔ Tubal-kain ho, sɛ na ɔyɛ obi a ɔwɔ ahoɔden kyɛn nnipa, na oyii ne ho adi sɛ obi a ne ho akokwaw wɔ akodi mu.”

Akyinnye biara nni ho sɛ akode a ɛyɛ nnade a wɔkɔɔ so yɛe na wɔde dii dwuma no de pii kaa anuɔden tebea a na ɛwɔ hɔ no ho. Eduu bere a na nsuyiri no reba no, Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.” (Gen. 6:12) Nanso Onyankopɔn yii nnipa ntɔkwapɛfo a na “wɔresɛe” asase no fii hɔ. Nanso bere koro no mu no ɔbɔɔ wɔn a wotie no no ho ban. Ɔboaa Noa ne n’abusua ma wonyaa nkwa na wɔkɔɔ so som no wɔ asase a ɛso atew no so. Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ?

Yɛbɛyɛ Dɛn Afi Onyankopɔn Adeyɛ No Mu?

Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bedi dwuma bio wɔ yɛn bere so denam ka a ɛka sɛ “ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase” no so. (Adi. 11:18) Nanso, Bible hyɛ bɔ sɛ “Awurade hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.” (Dw. 145:20) Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no befi mu.

Nanso sɛ́ “wobɛdɔ Onyankopɔn” no kyerɛ dɛn? So ka a wobɛka ara kwa no dɔɔso? Bible ma mmuae sɛ, “Na eyi ne Onyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” (1 Yoh. 5:8) Yiw, wɔn a wotie Onyankopɔn, te sɛ Noa benya nkwa akɔ asase a ɛso tew so.

Na asase bɛn ara na eyi bɛyɛ sɛɛ yi! Na Onyankopɔn abufuw mu “gya” ayi wɔn a wɔbɛsɛe dwoodwoo asetra a ɛwɔ hɔ saa bere no nyinaa afi hɔ. (Sef. 3:8) Wɔn a wobefi mu aka no benya ɔdɔ ankasa ama Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho. So w’ani rennye sɛ wobɛtra wiase bi a obiara bɛyɛ adamfo pa mu anaa? Sɛ anka wɔbɛsɛe asase mmom no, wobenya adwuma a ɛma onipa koma tɔ ne yam a ɛyɛ sie a wobesiesie mmeae horow a onipa asɛe no no mu anigye. Wɔn ani begye sɛ asase mu no nyinaa adan paradise, sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim fii ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no so.​—Gen. 1:28; 2:18-25.

Eyi akyi no Bible kyerɛ sɛ ɔyare ne owu befi hɔ, ma nnipa anya tebea horow a ɛte sɛɛ mu anigye de akosi daa. Ɛyɛ nokware sɛ, “wiase no retwam,” efisɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn asɛe no, nanso ‘wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no bɛtra hɔ daa.’​—1 Yoh. 2:17; Adi.21:3, 4; 2 Pet. 3:13.

Nhyira horow a ɛte sɛɛ abɛn yiye, titiriw bere a yehu sɛnea yɛn awo ntoatoaso yi nkutoo mu na onipa atumi anya tumi a ɔde bɛsɛe asase mũ no nyinaa, na ɔrebɔ mmɔden ayɛ saa no nso no. Sɛnea ɛbɛyɛ na wasiw asase mũ no a wɔbɛsɛe no kwan no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ade ntɛm. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo, wɔ osetie mu, na wɔaka nneɛma horow a ɛyɛ anigye a ɛfa saa anidaso a ɛma awerɛkyekye yi ho no ho asɛm akyerɛ wo.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya nyansahu mu adanse a ɛfa eyi ho no, hwɛ ti a ese “Was There an Earth-Wide Flood” a ɛwɔ nhoma Is the Bible Really the Word of God? a Ɔwɛn Aban Asafo yɛe mu no mu.

[Kratafa 21 mfoni]

“Wiase awiei” kyerɛ nneɛma nhyehyɛe bi awiei, ɛnyɛ yɛn asase yi awiei

[Kratafa 22 mfoni]

Wɔn a wobefi mu aka no benya asase a wɔbɛdan ani ayɛ no paradise no mu kyɛfa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena