Bible No Ne Wo Daakye
DƐN nti na Bible no Kyerɛwfo, Yehowa Nyankopɔn, tumi ka daakye nsɛm wɔ nokwarem nanso onipa ntumi nyɛ saa? Nneɛma abien ntia. Yehowa wɔ tumi a enni ano. Nimdeɛ a ɔwɔ no nso nni ano. Onipa nni bi saa.
Yehowa ka kyerɛɛ Abram (Abraham bɛyɛ mfirihyia 4,000 nia sɛ: “Mene Nyankopɔn, Tweaduampɔn, nantew m’anim, na yɛ pɛ. Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse ara.” Bere a Abraham adi mfe 99 na ne yere Sara a ɔyɛ obonin no adi mfe 89 no, Yehowa ka too hɔ sɛ Abraham bɛyɛ “aman pii” agya. (Genesis 17:1-4) Sɛ́ ade nyinaa so tumfoɔ—nea ne tumi nni ano—no, Yehowa de ne tumi dii akwanside biara a na ebetumi asiw bɔ a wahyɛ Abraham no kwan no so na ɛmaa saa agyapanyin no tumi woo Isak. Akyiri yi Abraham bɛyɛɛ Israelfo no ne afoforo pii agya ampa.—Genesis 21:1-3; 25:1-4.
Yehowa nim biribiara nso, ɔyɛ onyansafo sen obiara—ne nimdeɛ nni ano. Otumi hu biribiara a ɔpɛ sɛ ohu. Wɔaka wɔ ne ho sɛ: “Na enni abɔde biara a ɛnna adi n’anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.”—Hebrifo 4:13.
Onyankopɔn tumi ne ne nimdeɛ a enni ano no mma nea ɔka nni huammɔ. Ɔka nea ɛbɛba daakye ho asɛm to hɔ wɔ nokwarem bere nyinaa. Enti otumi ka sɛ: “Sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, ebegyina.” (Yesaia 14:24) Ma yɛnhwehwɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow pii a abam no kakraa bi mu.
Nkɔmhyɛ Ahorow a Ɛbaa Mu Kan No
Bere bi na Babilon yɛ ɔman ketewa a ɛhyɛ Asiria Ahemman no ase. Ɛrebedu afeha a ɛtɔ so ason A.Y.B. mu no na kurow no abɛyɛ Babilon Ahemman no ahenkurow kɛse a ɛte sɛ nea wontumi nni so. Nanso na dɛn na ɛbɛba no so? “Na Babel. . . bɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no. Obi rentra mu da biara da, na obi renkɔtra hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu.” Saa na Onyankopɔn Asɛm no ka too hɔ bɛyɛ mfirihyia 100 ansa na Babilon rebɛyɛ wiase tumi a ɛyɛ den, ne bɛyɛ mfirihyia 200 ansa na ɛrehwe ase wɔ Media ne Persiafo nsam no. Obiara nni hɔ nnɛ a obetumi agye saa asɛm no mmamu ho kyim. Wɔ mfehaha pii mu no, Babilon kurow no yɛɛ abo akuw ara nko. Babilon nni hɔ bio koraa.—Yesaia 13: 19, 20.
Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no na Yerusalem na asɔredan fɛfɛ bi a wɔasi ama Yehowa som no si. Nanso Bible no kyerɛw Yesu Kristo asɛm a ɛfa Yerusalem ne awo ntoatoaso a wɔtee n’asɛm no ho yi too hɔ: “Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo betwa wo ho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara, na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so.” (Luka 19: 43, 44) Yesu kaa eyi wɔ 33 Y.B. mu, nanso ɛyɛ 66 Y.B. mu ansa na Roma asraafo retu aba Yerusalem so. Ɛwom sɛ na ɛte sɛ nea Romafo no adi nkonim de, nanso nea ɛyɛ nwonwa no wɔsan wɔn akyi. Nanso wɔ 70 Y.B. mu no, Roma asraafo san bɛkaa kurow no a na saa bere no nnipa a wɔrebedi Twam afahyɛ abɛhyɛ mu ma no hyeem bio na wogyee ho ban hyiae. Asram anum bi akyi no, wɔsɛee Yerusalem pasaa, na wobuu akontaa sɛ emufo 1,100,000 wuwui.
Nkɔmhyɛ Ahorow A Ɛrebam Mprempren
So wobɛpɛ sɛ wuhu Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu nnɛ ho nhwɛso ahorow? Wiɛ, Yesu kaa nsɛm bi a ebesisi a ɛbɛhyɛ bere bi a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” no agyirae ho asɛm too hɔ. (2 Timoteo 3:1) Nkɔmhyɛ ahorow yi ka bom yɛ “sɛnkyerɛnne”—mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 24:3) Yesu nkɔmhyɛ yi mmamu ho adanse ada adi kɛse fi 1914, Nokwarem no, wo ankasa woahu ne mmamu no. “Sɛnkyerɛnne no” afã atitiriw kakraa bi na edidi so no.
Asase No Daakye—So Ɛbɛyɛ Nea Wowɔ Hɔ?
Dɛn na ɛda yɛn anim? Nkɔmhyɛ afoforo wɔ Bible no mu a ɛsɛ sɛ ɛno nso bam. Nea ɛka ho ne nea ɛfa asase a wɔbɛpopa bɔne afi so na ama trenee ahyerɛn wɔ so ho no. So w’ani gye daakye a ɛte saa ho? So wugye di sɛ Yehowa wɔ nyansa ne tumi a ɔde bɛma nneɛma ayɛ yiye wɔ okyinsoromma yi so? Sɛ saa a, ɛnde wobɛpɛ sɛ wususuw nea Bible no ka wɔ asase no daakye ho no ho.
Ma Eyi Nyɛ Wo Daakye
Ansa na eyi bɛyɛ wo daakye no, ɛsɛ sɛ woyɛ biribi mprempren. Ɛrenkyɛ, ansa na nkɔmhyɛ ahorow a yɛaka ho asɛm no bɛbam koraa no, Yehowa ‘bɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Bible no tu fo wɔ Sefania 2:3 sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no.” Enti fa wo bere di dwuma nyansam mprempren na ama woanya Bible no ne nkɔmhyɛ ahorow mu ntease a edi mũ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nea ɛho bɛba wo ne w’adɔfo mfaso. Yehowa Adansefo asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛboa wo ma woanya daakye a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no ho nimdeɛ pii.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka Yehowa ho asɛm sɛ “Tweaduampɔn” anaasɛ “Ade Nyinaa so Tumfoɔ” (‘Shad·dai’) mpɛn 48 a mpɛn 7 a wɔka ne ho asɛm sɛ “Onyankopɔn Tweaduampɔn” (’El Shad·daiʹ) no ka ho, na wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no epue mpɛn 10 sɛ “Ade Nyinaa so Tumfoɔ” (Pan·to·kraʹtor) .
[Adaka/Mfoni wɔ kratafa 5]
“Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7) Wiase Ko I fii ase wɔ 1914 mu, na wobu akontaa sɛ awiei koraa no, nnipa a wɔwɔ wiase no ɔha biara mu 93 de wɔn ho hyeem. Ɛnnɛ, asraafo a wɔwɔ wiase no dodow yɛ 106,000,000, anaasɛ wɔkyekyem a, ɔsraani biako biara wɔ hɔ ma nnipa 43. Amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Biribiara nni kan abakɔsɛm mu a wobetumi de atoto akode a wɔaboaboa ano nnɛ wɔ wiase no ho, a adesamma a ehunahuna wɔn no ka ho.”—World Military and Social Expenditures 1985.
[Asɛm Fibea]
U.S. Army photo
“Na ɔkɔm . . . bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Ɛdefa aduankɔm ho no, bagua bi a ɛhwehwɛ adesamma nsɛm mu amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wɔ Afrika aduankɔm kɛse a etwa to a esii wɔ 1970 mfe no mfiase hɔ no mu no, na yesusuw sɛ ɔkɔm ne aduan pa a wonnya nni yɛ tebea a Afrikafo ɔpepem aduɔwɔtwe wom bere nyinaa. Mprempren wɔn dodow adu ɔpepem 100.”
[Asɛm Fibea]
FAO photo/B. Imevbore
“Asasewosow kɛse bɛba.” (Luka 21:11) Eyi ada adi sɛ ɛyɛ nokware fi 1914. Sɛ nhwɛso no, Kanto asasewosow a esii wɔ Japan no kunkum nnipa 142,800 wɔ 1923 mu. Nnipa bɛyɛ 60,000 wuwui wɔ asase a ɛwosowee wɔ Quetta, Pakistan, wɔ 1935 mu no mu. Asasewosow kunkum nnipa 66,700 wɔ Northern Peru wɔ 1970 mu. Na wɔ 1976 mu no, nnipa bɛyɛ 800,000 wuwui wɔ Tangshan asasewosow no mu wɔ China.
“Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Wɔ 1985 mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro 590,000,000 kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ nsase ne nsupɔw 205 so. Wɔyɛɛ ofie Bible adesua 2,379,000 na wɔde Bible ne nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu 350,000,000 maa anigyefo.
[Adaka/Mfoni wɔ kratafa 6]
“Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Onyankopɔn soro Ahenni no bɛma wɔanya nea wobegyina so agyae akodeyɛ koraa wɔ asase so. Asomdwoe bedi hene!
“Asafo [Yehowa] bɛtow aman nyinaa pon . . . sradeduan, ns̃a a akyɛ, srade ne hon.” (Yesaia 25:6) Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ne ne nhyira ase no, asase bɛsow aba pii. Ɔkɔm nni hɔ bio!
“Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa] bɛpopa ani nyinaa so nusu.” “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 25:8; 33:24, NW) Ɔyare biara nni hɔ a Onyankopɔn rentumi nsa. Wabɔ ne tirim mpo sɛ obenyan awufo. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛma adɔfo a wɔanyan wɔn akwaaba!