Dɛn Na Ɛreba Wiase Yi So?
ƐDA ADI pefee wɔ nnipa a wɔwɔ adwene no nyinaa ho sɛ biribi nye koraa wɔ wiase yi ho. Bere a nnipa a wɔwɔ baabiara pɛ sɛ wonya asetra mu anigye no, nneɛma pii nso na mprempren yi ɛhaw wɔn anigye a wobenya.
Sɛ nhwɛso no, asetra mu reyɛ den bere nyinaa efisɛ nneɛma bo kɔ soro bere biara. Afei nso, awudi, mmusua mu mpaapaemu, ohia, basabasayɛ wɔ ɔman mu, akodi ne ɔhaw ahorow hyɛ adesamma abusua no so.
Bere a asetra mu nhyɛso horow kɔ so dɔɔso no, nnipa pii na wɔka sɛ afei de wonhu ɔkwan a wɔbɛfa so afi saa ɔhaw yi mu. Na eyi ara ne nea Yesu Kristo ka siei a ɛfa yɛn nnɛ da yi ho bere a ɔkae sɛ, “na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so.”—Luka 21:25.
Afei nso, afe 1979 mfiase mu pɛɛ na wɔde biribi foforo a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye bɛkaa saa ‘amanaman ahoyeraw’ no ho. Eyi ne bere a edi kan wɔ amanaman ntam Komunism abakɔsɛm mu a amanaman a wɔyɛ Komunistfo atwa wɔn ho ne wɔn ho ako.
“THE RED BROTHERHOOD AT WAR” (onuayɛ kɔkɔɔ no wɔ akodi mu) ne asɛmti a epuei wɔ New York Times atesɛm krataa no mu. Atesɛm krataa no kae sɛ:
“Wɔreto ‘The Internationale’ (amanaman ntam Komunist biakoyɛ) nnwom no wɔ Asia akodi ahorow no nyinaa mu dapɛn yi, wɔ bere a wɔde wɔn mmabarima no sie Komunist agyanom anidaso no.
“Bere bi bae a na Komunistfo . . . tee nka sɛ wɔyɛ anuanom a wontumi ne wɔn ho wɔn ho nko . . . onuayɛ kɔkɔɔ no gye dii sɛ amanaman ntam akodi a ebetumi aba ara—a wɔ nokwarem no ‘ɛsɛ sɛ ɛba’—ne nea ebefi atɔe aman a wɔne wɔn ho wɔn ho nhyia mu aba no.”
Nanso nitan a ɛwɔ Komunist aman no mu no akɔ anim wɔ mfirihyia aduonu a atwam yi mu. Awiei no, eyi paee bɛdan akodi ankasa wɔ 1979 mfiase mu bere a Komunist Vietnam kɔtoaa Komunist Kambodia. China kogyinaa Kambodia akyi na ɔno nso kɔtoaa Vietnam a ɔno nso Soviet Union a, ɛyɛ Rusia nso gyina n’akyi no. Eyi maa ɔhaw kɛse bɛdaa China ne Soviet Union ntam. Akodi no wosow wiase mu no nyinaa. Times nsɛmma nhoma no kae kae sɛ:
“Akodi a ɛtrɛwee saa dapɛn yi awiei fi Kambodia kɔɔ China ne Vietnam ahye so ne afei nso ntɔkwaw a ɛbɛdaa China ne Soviet Rusia ntam no de adanse a edi mu ma afei sɛ nnipa nsusuwii biara nni hɔ a ɛbɛma nnipa ade wɔn ho afi abusua ne ɔman mu ntawtawdi ho, anaasɛ nhyɛso ne ɔman ho dɔ ho. Amanaman Nkabom a entumi nyɛ hwee no gu so hwɛ ara, na nniso horow a asɛm yɛ wɔn abufuw na wonni mfaso biara wɔ mu no de wɔn ho mae na wɔpɛe sɛ wɔde wiase mu no nyinaa hyɛn akodi mu. Ɔman ho dɔ a enye no adi nkonim bio wɔ adesamma abusua no mu.
Enti, sɛnea amammui mu adwene horow no te no, Komunism nso akyerɛ sɛ ɛrentumi mfa nokware asomdwoe ne biakoyɛ mmmrɛ adesamma nyinaa. Sɛnea Times no de asɛm no baa awiei no: “Amanaman tra ase sɛnea aman atra ase atwam wɔ tete hɔ no ara, denam mmaratofo mmara so.”
So nhyɛso horow ne nsɛm a esisi wɔ wiase no mu wɔ w’asetra bere mu no abu w’abaw mu anaa? Saa na ayɛ nnipa pii. Nanso sɛ yegyina Bible nkɔmhyɛ so susuw eyi ho a, saa nsɛm a esisi yi de nkuranhyɛ ne nidaso kɛse ma daakye ma yɛn.
Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Efisɛ saa nsɛm a esisi yi nyinaa ka bom yɛ “sɛnkyerɛnne” kɛse a ɛfa bere a Yesu kaa ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu no ho. Saa “sɛnkyerɛnne” yi hyɛ yɛn bere yi agyirae sɛ ɛyɛ soronko wɔ adesamma abakɔsɛm mu, efisɛ ɛno ne nea etwa to a ebehu saa amanehunu ahorow yi.—Mat. 24:3.
Yesu kae sɛ wiase nsɛm a wɔntee bi da na bere yi de befi ase. Ɔkae sɛ: “Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” Afei nso ɔka kaa nneɛma afoforo ho sɛ “na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba.”—Mat. 24:7; Luka 21:10, 11.
Saa nsɛm a ɛka bom ba a ɛmmaa saa da wɔ abakɔsɛm mu no fii ase wɔ adesamma wiase nyinaa ko mu, Wiase Nyinaa Ko I. Ekunkum asraafo 9,000,000 ne nnipa a wɔnyɛ asraafo 5,000,000. Sɛnea ɛde atirimɔden kunkum nnipa fae no maa German sraani bi kyerɛwee wɔ osuro mu sɛ: “Saa awɔ ntoatoaso yi nni daakye, na ebi nso mfata no.” Nea ɔka no bɛn nokware no kyɛn sɛnea na osusuw.
Nea ɛkaa ɔko no ho bae ntɛm ara ne nsɛm bi a esisii a ɛmaa nkɔmhyɛ baa mu. Ɔyaredɔm bi a ekum nnipa, Spanish influensa kunkum nnipa bɛboro 20,000,000. Asasewosow a ɛyɛ hu sisii wɔ mmeae ahorow te sɛ Italia, China ne Japan na ekunkum nnipa mpem ɔhaha bebree. Nokwarem no, nsɛm a esisii a ɛfa Wiase Nyinaa Ko I ho no yɛ “‘awokoyaw mfiase” ampa, sɛnea Yesu kae no.—Mat. 24:8.
Wobetumi ahu biribi a ɛkae yɛn saa “mfiase’” no de besi mprempren. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔ 1979 mu no, Belgian asraafo a wɔde mfiri bi a etumi hu nneɛma horow a ɛhyehyɛ fam tutu—tutuu ɔtopae ahorow a ampaapae a efi Wiase Nyinaa Ko I mu no—da biara da a ne dodow yɛ nkaribo 2240 wɔ saa ɔman no nkutoo mu!
Nanso Wiase Nyinaa Ko II de ɔsɛe a ɛkyɛn so bae. Ekunkum nnipa ɔpepem 55! Wɔde akode ahorow a ɛyɛ hu ne akwan horow a wɔde ko so dii dwuma.
Wobetumi ahu ɔko yi ho nkae nnɛ wɔ Pearl Habour (hyɛn gyinabea) a ɛwɔ Hawaii no. Ɛhɔ na wohu nkaedum bi a wɔde asi po so akohyɛn Arizona a emufo bɛboro nnipa 1,000 hyɛ mu a wɔawuwu no so no. Ɛyɛ adanse a ɛyɛ hu a ɛkyerɛ sɛnea onipa tumi sɛe ade, nanso ontumi nnya ne haw no ano aduru.
Awudi, mmara so a wonni ne su horow a nniso horow yi no adi bere a wɔne wɔn ho wɔn ho di wɔ nsɛm mu no, anya nkɛntɛnso wɔ adesamma so. Na nea afi mu aba ne sɛ, awudi, basabasayɛ ne nneɛma horow a enye atrɛw, na eyi maa New York Post atesɛm krataa no kae sɛ:
“Wɔ nokwarem no, ɔhaw ahyɛ asetra mu ma, adan mogyahwiegu a ɛyɛ hu, ma enti egye yafunu a wɔde dade ayɛ ansa na obi atumi akenkan da biara da nsɛm a epue wɔ atesɛm nkrataa mu no. Woyi amanehunu yi adi kyerɛ wɔ TV so.
“Nea wosusuw wɔ ho ne sɛ, bere bɛn na eyi nyinaa bɛba awiei—awudi yi, nsɛmmɔnedi yi, apirapira yi, wɔn a wodi wɔn awu yi, nnipa a wokum wɔn kwa gye bɛyɛ Amerika sika dɔlla abien pɛ ne dɔn anaa wɔkye a wɔde bɔ nsa yi? . . .
“Wɔafrɛ awudi ne basabasayɛ wɔ afe 1970 mfe no mu wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ ‘ɔkra no akisikuru.’ . . . Obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔpanyin a obetumi akae biribi a aba pɛn a ɛte sɛ eyi.”
Yiw, yɛde yɛn aniwa ahu bere a emu yɛ den a Yesu kaa ho asɛm siei wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ “amanaman ho bɛyeraw wɔn wɔ asase so” no. Nanso, so eyi kyerɛ sɛ ɔkwan bi nni hɔ a wɔbɛfa mu afi?
Ɛnkyerɛ saa, efisɛ bere a Yesu de ne nkɔmhyɛ a ɛfa “na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so” no ho rema no, nsɛm a ɔde dii eyi akyi ni: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28) Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ti so hwɛ ɔsoro’ wɔ nkuranhyɛ ne anidaso mu wɔ bere a ɔhaw horow pii atwa yɛn ho ahyia sɛɛ?