Nea Bible Wɔ Ka
So Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi Ne Basabasayɛ Afi Hɔ Da Bi?
SƐ YEBETUMI ahu nea wɔde beyi nsɛmmɔnedi afi hɔ a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yehu nea ɛde eyi ba nso. Bible no yi nea ɛde ba no adi. Nsɛmmɔnedi yɛ nea wɔfrɛ no bɔne no ho nsɛnkyerɛnne. Na eyi nso ne nea Onyankopɔn ba a na ɔwɔ soro a ɔyɛ otuatewfo na adaadaa onipa ma ɔtew Ɔbɔadeɛ no mmara anim atua no de bae. Enti efi bere a wɔtow atua a edi kan no wɔ Eden turo no mu reba yi, adesamma adan ayarefo, wɔ nipadua mu, abrabɔ mu ne honhom mu, wɔ wɔn mmɔdenbɔ wɔ mfiridwuma ho nimdeɛ mu no nyinaa akyi.
Nanso dɛn nti na nsɛmmɔnedi abu afa so nnɛ saa? Biribi a esii wɔ Noa nna mu, bɛyɛ sɛ mfirihyia 4,400 a atwam no ma yehu asɛm no mu. Ɔtraa ase wɔ bere bi a na nsɛmmɔnedi ayɛ mu ma mu nti ɛmaa ɛho behiae sɛ wɔbɔ saa nokwasɛm yi din. Genesis amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ adesamma Bɔfo no “hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so” na ɛka kyerɛɛ yɛn sɛ “na anuɔden ahyɛ asase so ma.” (Gen. 6:5, 11) Ebinom bɛka sɛ, hwɛ sɛnea eyi te sɛ yɛn nnɛ da yi.
Yiw, ɛte sɛ yɛn nnɛ da yi pɛpɛɛpɛ. Wɔ nokwarem no, Yesu twee adwene baa sɛnea Noa nna no bɛyɛ te sɛ bere a waba wɔ daakye a aniwa ntumi nhu no wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei mu pɛpɛɛpɛ no so, sɛ: “Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mat. 24:37) Ɔkaa asɛm faa ‘amumuyɛ a ɛrebɛdɔɔso’ a ɛbɛma ‘dodow no ara dɔ ano adwo’ ho asɛm wɔ saa nkɔmhyɛ no ara mu wɔ ne nkyekyem 12. Saa amumɔyɛ a ɛredɔɔso yi—wubetumi afrɛ no nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ sɛ wopɛ a—yɛ nea wohu no titiriw wɔ saa mmere horow abien yi mu, nea edii Nsuyiri no anim ne afei nea ɛwɔ “bere a onipa Ba no aba” no mu. So ebetumi aba sɛ atirimpɔw biako na ɛwɔ nsɛm yi nyinaa mu? Bible no kyerɛ sɛ saa na ɛte.
Dɛn Nti na Adɔɔso Mpofirim Nnɛ?
Genesis ti 6 ka kyerɛ yɛn sɛ ansa na Nsuyiri no reba no, Onyankopɔn mma a wonhu wɔn, abɔfo, fii wɔn trabea a ɛfata a ɛwɔ soro no, faa adesamma nipadua na wobɛwaree mmea wɔ asase so. Wɔwoo nnipa a wɔyɛ abɔfo fa ne nnipa fa, wɔn asefo na wɔfrɛ wɔn Nefilim, a titiriw no ɛkyerɛ “abran,” anaasɛ “wɔn a wɔhwe afoforo ase.” Esiane sɛ asase so a wɔbae no ne Onyankopɔn atirimpɔw nhyia nti, worentumi nhwɛ kwan sɛ papa ‘befi mu aba, na amma saa nso. Nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so, a ɛne din Nefilim hyia no yɛ nea efii mu bae. Yiw, Onyankopɔn soro mma asoɔdenfo a wɔwɔ asase so no titiriw na nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛkɔɔ anim ansa na Nsuyiri nna no reba no fi wɔn. So biribi a ɛte saa ara aba wɔ yɛn nnɛ da yi mu anaa? Yiw.
Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, “onipa ba no ba” a wɔde too Noa nna no ho no befi ase wɔ “amanaman mmere,” bere a wɔahyɛ da atwa ato hɔ a, emu no Onyankopɔn bɛma kwan ama nnipa a wonni gyidi asɔ adesamma nniso ahwɛ de adi wɔn ankasa ho awu no awiei mu. (Luka 21:24; afei nso hwɛ Ɔsɛnkafo 8:9.) Saa bere yi awiei, bere a onipa adi huammɔ a wantumi anni n’ankasa ho so wɔ nkonimdi mu no, Onyankopɔn de ne ho bɛhyɛ mu na wahyehyɛ n’ankasa Ne nniso no asi hɔ a Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no ne emu sodifo. Bible mu akontaabu ne Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu ne afe 1914 Y.B. hyia de hyɛ afe yi agyirae sɛ bere a saa asɛm yi sii anaa ɛbaa mu.
Yɛkenkan fa nea esii a yɛanhu no ho wɔ Adiyisɛm 12:9-12: “Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na n’ahoɔden ayɛ Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo. Eyi nti mo soro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”
Bere a watwɛn wiase sodi wɔ n’Agya nifa bɛyɛ sɛ mfirihyia 1,900 no, afei de wɔde tumi ahyɛ Kristo nsa sɛ ɔnsɔre ntia Satan. Na ɔsɔre tiaa no denam tow a ɔtow ɔbonsam ne n’adaemone no fii ɔsoro a wonhu hɔ no beguu asase yi so no so, Efi saa bere yi rekɔ no, ɛwom sɛ wonhu ɔbonsam de, nanso wɔatwa nea otumi yɛ wɔ asase no ano hye.
Noa nna mu abɔfo no fi wɔn pɛ mu gyaw ɔsoro baa asase yi so; ɔbonsam ne n’adaemone no nni nea wɔbɛpaw wɔ saa asɛm yi mu, wɔ awiei bere yi mu. Nea wɔyɛɛ wɔn ara ne sɛ wotuu wɔn! Noa nna mu abɔfo no tumi faa adesamma nipadua hyɛe wɔ asase so de nyaa emu anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so: ɔbonsam ne n’adaemone no ntumi nyɛ saa wɔ saa bere yi mu. Ɛnde so ɛyɛ nwonwa sɛ wɔn abasamtu, abufuw, ne suro a wosuro atemmu a ɛreba no aka wɔn ama wɔrenya nnipa ne ahyehyɛde ahorow so nkɛntɛnso ma wɔadi nsɛmmɔne ayɛ basabasa wɔ ɔkwan a ɛso kyɛn Noa nna mu de no koraa so? Hwɛ sɛnea nsɛm yi yɛ nokware fa: “Asase ne ɛpo nnue!”
Nanso Kristo nkɔmhyɛ a emu twe no ba awiei pɔtee wɔ bere a yɛkenkan nea ɛte sɛ ɛno a wɔaka ho asɛm wɔ Luka 21:25-28 (sɛnea The New English Bible no kenkan no) : “Na nsɛnkyerɛnne bɛba wɔ owia, ɔsram ne nsoromma mu. Amanaman begyina hɔ kwa a wontumi nyɛ biribiara wɔ asase so, na wontumi nhu ɔkwan a wɔbɛfa so, wɔ ɛpo a ɛrehuru na ɛyɛ hoo no nti; ade bɛtɔ nnipa so wɔ nneɛma nyinaa a wosusuw ho a ɛreba wiase no ho hu nti; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden. Ɛno na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse nam mununkum so reba. Sɛ eyinom nyinaa fi ase ba a, munnyina hɔ na momma mo ti so, efisɛ mo gye abɛn.”
Hwɛ sɛnea Yesu bɔhyɛ sɛ tebea horow a ama ade atɔ amanaman no so wɔ osuro ho a wosusuw nti no yɛ nkuranhyɛ kɛse mmom, efisɛ ɛkyerɛ ankasa sɛ mmere pa nam kwan so reba, gye a wobegye yɛn afi saa nneɛma yi mu no abɛn! Tow a wɔtow Satan ne n’adaemone no guu asase yi so no yɛ adeyɛ a edi kan wɔ gye a Bible no kyerɛ sɛ wobegye yɛn koraa akɔ nneɛma nhyehyɛe foforo mu wɔ “saa awɔ ntoatoaso yi” mu no mfiase.—Mat. 24:34.
De bɛkɔ akosi sɛ saa ogye ho bɔhyɛ no bɛbam, na afei Satan bere no kɔ so yɛ tiaa koraa no, yebetumi anya anidaso sɛ nnɛ bere mu nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛrekɔ so no bɛtwe nnipa pii ahyɛ wɔn ase. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi to wo.
Fa wo nsɛm ne adeyɛ so kyerɛ sɛ wɔsɔre tia amumɔyɛ ne asoɔden biara a wɔyɛ de tia Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara so. Afei sɛ́, wowɔ gyidi a edi mu wɔ ne nhyehyɛe a wayɛ ama nkwa denam Yesu Kristo so no mu. Eyi bɛma Onyankopɔn anya nea obegyina so ama wo daa nkwa ho kwan wɔ wiase a nsɛmmɔnedi nnim a ɛrenkyɛ wɔbɛhyehyɛ asi hɔ no mu. Ansa na eyi rebɛba no, fa wo ho hyɛ Bible mu nnyinasosɛm a ɛteɛ no sua mu na di ho dwuma na wode abɔ wo ho ban sɛnea wubetumi.
Ɛrenkyɛ na nnɛ bere mu nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ no to atwa. Nea ɛwɔ eyi akyi ne Onyankopɔn trenee nneɛma nhyehyɛ foforo a dwoodwoo asetra bɛtra mu no. So wobɛpɛ sɛ wusua pii fa eyi ho? Bisa Yehowa Adansefo a, wɔwɔ mpɔtam a wote no anaasɛ kyerɛw kɔma wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma yi. Yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe ama obi a ne ho akokwa aba wo nkyɛn kwa a ɔrennye wo hwee.