Harmagedon Bɔ Kwan Ma Nhyehyɛe Foforo!
BERE a ɛda adi sɛ nuklea ɔsɛe bɛma ehu aka obi no, ɛnsɛ sɛ Harmagedon ko no ma ɛba saa. Tie Bible mu asɛm a ɛfa ho no wɔ ɔkwan a, ɛteɛ so na ebetumi akyerɛ nhyɛase foforo koraa ama wo wɔ asetra mu.
Sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ akwan horow so wɔ nuklea ɔsɛe ho hu no ho no, saa ara na wɔyɛ wo Harmagedon ho. Ebinom bɔ mmɔden sɛ wobesiw ɛmo, afoforo bu wɔn ani gu so, na nnipakuw kakraa bi a wogye di sɛ ɛyɛ nea wɔrentumi nyɛ ho hwee no hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho. Wobɛyɛ w’ade dɛn wɔ ho?
Wɔrentumi Nsiw Harmagedon Ano
Esiane sɛ Harmagedon kyerɛ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” nti, obiara rentumi nsiw ano. (Adiyisɛm 16:14) Nanso ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ wogye kyim sɛ ɛnyɛ ade a ebetumi aba da, na wɔsɔre tia wɔn a. wɔde ho kɔkɔbɔ ma no. Wɔnam saa yɛ so yɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔtaa Kristofo wɔ afeha a edi kan no mu a wodii Yerusalem ɔsɛe a na ɛreba ho kɔkɔbɔ a wɔde mae no ho fɛw no. Nanso bere a wɔsɛee kurow no wɔ 70 Y.B. mu no, ebia saa fɛwdifo no mu binom kaee kɔkɔbɔ a onyansafo Gamaliel dii kan de maa wɔn no sɛ: “Munyi mo ho mfi [Kristofo] yi ho, . . . na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn mpo na ɛreko.”—Asomafo no Nnwuma 5:34-39.
Wɔn a wɔka ‘wɔn a wɔne Onyankopɔn na ɛreko’ no ho nnɛ ne nyamesom asɔfo a wonnye Harmagedon ankasa ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ntom no. Woma nkurɔfo gye di sɛ Harmagedon yɛ nuklea ɔsɛe a nnipa na. ɛde bɛba a amammuisɛm mu nhyehyɛe horow ne asomdwoe akuw horow betumi asiw ano. Jonathan Schell da eyi adi wo ne nhoma a, wɔfrɛ no The Fate of the Earth no mu, na ɔkyerɛw sɛ: “Mfomso a nyamesom adi ɛ anibere wom kɛse ne ka a Kristofo a wɔyɛ katee no binom ka sɛ nuklea ɔsɛe a yɛka sɛ yebegyae mu ma aba no ne Harmagedon a Onyankopɔn ka sɛ ɔde bɛba wɔ Bible mu no.” Afei ɔka asɛm no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ “ɔsɛe a nuklea akodi de bɛba no renyɛ Atemmuda a emu na Onyankopɔn sɛe wiase no . . . [na mmom] ɛbɛyɛ sɛe a nnipa sɛe adesamma a ntease nnim no ɛyɛ nea ɛnteɛ koraa.”
Enti asɔfo a wɔde nneɛma abien yi frafra no rebu wɔn ani agu ɔsɛe kɛse a Harmagedon de bɛba no so. Ɛdenam hyɛ a wɔde wɔn ho hyɛ akuw ahorow mu sɛ wode resiw “nuklea Harmagedon,” sɛnea wodi mfomso frɛ no no, ano so no, wɔrebɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛkora nneɛma nhyehyɛe bɔne a Onyankopɔn abɔ ne tirim, wo ntease pa mu, sɛ ɔbɛsɛe no no so. Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobesiw Harmagedon ano no yɛ nea nyansa nnim, na ɛrenkosi baabiara nso.
Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ York no kaa asɛm bi a ɛte saa ara nnansa yi. ɔreka gyinabea a eye a ɛsɛ sɛ Church of England nya wɔ nuklea akode ho nsɛm no mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Saa asɛm no fa wiase no awiei ne ɔkwan pa a yebetumi afa so atwentwɛn ase ho.” Nanso dɛn nti na Kristofo bɛpɛ sɛ wɔtwentwɛn “wiase awiei” a Bible ka ho asɛm no ase? Dɛn nti na wɔbɛpɛ sɛ wɔbɔ mpae na wɔamfa Harmagedon a Onyankopɔn hu sɛ ɛho hia no amma wiase no so?
Mmu W’ani Ngu Harmagedon So
Nea. asiane wom saa ara nso ne mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wobebu wɔn ani agu Bible asɛm a ɛka wo Harmagedon ho no so no. Eyi no sɛnea nnipa pii a na wɔwɔ Noa nna no mu yɛɛ wɔn ade wɔ asɛm a na ɛfa Nsuyiri no ho no ho.’Wɔ n’asase so som adwuma no mu no, Yesu kaa eyi ho asɛm sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba no bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi -Nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”—Mateo 24:37-39.
Saa nnipa a wɔtraa ase wɔ nna a edi Nsuyiri no anim mu a wɔanhu no buu wɔn ani guu Noa asɛm a ɛfa Nsuyiri no ho no so. Nanso bere a nsuyiri no bae no, wɔantumi ammu wɔn ani angu ɔsɛe a ɛde bae no so. Saa ara na ɛbɛyɛ wɔn a nnɛ wobu wɔn ani gu kɔkɔbɔ a Bible no de ma wɔ Harmagedon ho so no. Bere a ‘mpofirim ɔsɛe’ ba “wɔn so sɛ awoko [no] . . . wɔrennya ɔkwan nguan.”—1 Tesalonikafo 5:3; fa toto 2 Petro 3:3-10 ho.
Sɛ wode toto ho a, nnipa kakraa bi a wɔhwehwɛ sɛ wobedi Onyankopɔn akwankyerɛ horow a ɛma wotwa Harmagedon no akyi no mmu saa ɔko no sɛ ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma ehu ka wɔn. Esiane sɛ wɔwɔ Yehowa ahobammɔ mu gyidi nti, wobu no sɛ ɛyɛ hokwan ma nhyɛase foforo. So wo nso wobɛpɛ sɛ woyɛ eyi? Yɛsrɛ wo kɔ so kenkan.
[Kratafa 25 mfoni]
Afeha a edi kan fɛwdifo no ontumi onsiw wɔn ankasa ɔsɛe ano.
[Kratafa 25 mfoni]
Noa nna no mu fɛwdifo no ontumi onguan Nsuyiri no